Ahinime 2025 amansan nhyiamu Memeneda Anɔpa Som Memeneda Anɔpa SomMemeneda anɔpa Som wɔ Amansan Afe-fa Nhyiamu a ɛtɔ so 195 wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ase, wɔ Ahinime 4–5, 2025. Henry B. EyringAmansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnye to mu.Elder Eyring de Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Amansan Sodifoɔ, Mpɔtam Aduɔson, ne Amansan Asomfoɔ kyerɛ sɛ wɔnye wɔn nto mu. Gary E. StevensonNhyira Ne ApatafoɔElder Stevenson kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnni Agyenkwa no afotuo no so na yɛnyɛ asomdwoeɛ foɔ—wɔ yɛn akoma mu, wɔ fie, ne yɛn mpɔtam. Tracy Y. BrowningFa Wo Akoma to Yesu Kristo So: Akyɛdeɛ Kronkron ma Primary NnwomSister Browning kyerɛkyerɛ sɛ nnwom bɛtumi adi Agyenkwa no ho adanseɛ na akyerɛkyerɛ asɛmpa no mu nokorɛ ahodoɔ a ɛho hia a ɛbɛtumi atena yɛn mu nkwa nna nyinaa. Ronald M. BarcellosAwurade Hwɛ Akoma muElder Barcellos to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn akoma mma Awurade berɛ a yɛasi nketee sɛ yɛbɛdi N’akyi. Brik V. EyreHunu Onipasu a Woyɛ AnkasaElder Eyre kyɛ akwan mmienu a yɛbɛfa so ate deɛ ɛkyerɛ sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn ba no ase yie. Dieter F. UchtdorfFa W’akoma Nyinaa Yɛ Wo KyɛfaElder Uchtdorf kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma ma akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no nyini sɛdeɛ ɛbɛtumi ahyira yɛn ne afoforɔ. Kelly R. JohnsonYɛne Onyankopɔn NkamomElder Johnson to nsa frɛ yɛn sɛ yɛne Onyankopɔn nka mmom ɛnam Yesu Kristo Mpata no so. Dallin H. OaksYesu Kristo Asɛmpa a Ɛgyina Abusua soTitenani Oaks kyerɛkyerɛ sɛnti a abusua ho hia pa ara wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu na ɔkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛbɛtumi ahyɛ yɛn mmusua den no mu. Dallin H. OaksNnianimTitenani Oaks da Amansan Nhyiamu yi adi, a ɛkɔɔso wɔ Titenani Russell M. Nelson wuo akyi berɛ tiaa bi no, na ɛno nti ɛyɛ sononko nanso ɔbɛkɔ so sɛnea wɔayɛ ho nhyehyɛeɛ no. Memeneda Awia Som Memeneda Awia SomMemeneda awia som wɔ Amansan Afe-fa Nhyiamu a ɛtɔ so 195 wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ase, wɔ Ahinime 4–5, 2025. Ronald A. RasbandAbusua Dawurubɔ—Onyankopɔn NsɛmElder Rasband kyɛ nnyinasosɛm firi dawurubɔ wɔ abusua so no na ɔkyerɛkyerɛ sɛ saa nwoma no wɔ ahyɛaseɛ kronkron nti ɛwɔ sɛ wɔde obuo hwɛ so te sɛ nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Chad H WebbSɛdeɛ Obiara Bɛnya NkɔsoɔOnuabarima Webb kyerɛkyerɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi ama Sunsum Kronkron no akyerɛkyerɛ yɛn asɛmpa nokorɛ. Jeremy R. JaggiAkra Ahobrɛasefoɔ Koto wɔ Afɔremmukyia hoElder Jaggi kyerɛkyerɛ sɛ yɛbɛnya nhyira berɛ a yɛdi apam a yɛne Onyankopɔn yɛ no so wɔ afɔremmukyia kronkron ho. Kevin G. BrownƐnni awieeɛ Adansedie Akyɛdeɛ noElder Brown kyɛ nokorɛ mmiɛnsa a ɛka yɛn adansedie ho asɛm na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛfa na yɛagye adie. Gerrit W. GongObiara Nyɛ AnkonamElder Gong kyerɛkyerɛ sɛ Awurade to nsa frɛ yɛn nyinaa sɛ yɛmmra Ne nkyɛn na yɛne yɛn ho yɛn ho nyɛ baako wɔ N’Asɔre mu. Michael CzieslaNneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ Kristo muElder Cziesla kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛ so a, ɛde anigyeɛ bɛbrɛ yɛn, ama yɛn akwankyerɛ wɔ yɛn frɛ mu, abua asetena mu nsɛmmisa a ɛyɛ den paa no bi, na ama yɛanya ahoɔden. Quentin L. CookAwurade Reyɛ N’adwuma Ntɛm soElder Cook kyerɛkyerɛ sɛ berɛ a Awurade reyɛ N’adwuma ntɛm so no, Asɔre asafomma wɔ asɛdeɛ kronkron sɛ wɔgye asafomma foforɔ ne wɔn a wɔresan aba no to mu ma wɔn akwaaba. Ɔma afotuo fa saa afoforɔ ne asafomma a wɔresan aba no ho. Memeneda Anwummerɛ Som Memeneda Anwummerɛ SomMemeneda anwummerɛ aom wɔ Amansan Afe-fa Nhyiamu a ɛtɔ so 195 wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ase, wɔ Ahinime 4–5, 2025. Patrick KearonYesu Kristo ne W’ahyɛaseɛ FoforɔElder Kearon di adanseɛ sɛ Yesu Kristo de mfitiaseɛ foforɔ ma yɛn—dodoɔ a yɛhia—berɛ a bɔne, mmerɛyɛ, anaa akwansideɛ ahodoɔ ahyɛ yɛn so. J. Anette DennisRehyɛ Yɛn ho, Yɛn ho NkuranOnuabaa Dennis kyerɛkyerɛ sɛ yɛwɔ apam asodie sɛ yɛdɔ yɛn ho, yɛn ho na yɛpere koroyɛ. Steven C. Barlow“Wodɔ Me?”Elder Barlow ka akwan nan a yɛbɛtumi akyerɛ yɛn dɔ ama Onyankopɔn, deɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛahunu Ne dɔ ma yɛn. William K. JacksonRekae Nnwankuo noElder Jackson kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si som a yɛde ma ankorankoro wɔ yɛn som mu wɔ Asɔre no mu, di nnyinasosɛm a ɛfa akontabuo ne akonta ho akyi. Neil L. AndersenYesu Kristo Mpata ho DɔElder Andersen kyerɛkyerɛ Yesu Kristo tumi ho asɛm sɛ ɔde bɔne fafiri bɛba ama wɔn a wɔayɛ bɔne na wɔasa wɔn yareɛ wɔn a afoforɔ bɔne apirapira wɔn no. Kwasiada Anɔpa Som Kwasiada Anɔpa SomKwasiada Anɔpa Som wɔ Amansan Afe-fa Nhyiamu a ɛtɔ so 195 wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ase, wɔ Ahinime 4–5, 2025. Jeffrey R. HollandNa Seesei Mehunu AdeɛTitenani Holland kyerɛkyerɛ sɛ sɛdeɛ Awurade de dɔteɛ saa onifurani bi yareɛ no, Ɔtaa de nneɛma a ɛnyɛ den anaa wɔnsusu hyira na ɔkyerɛkyerɛ yɛn. Ulisses SoaresDeɛ Wɔde Nnepa Mu Ahohyɛsoɔ Asiesie NoElder Soares kyerɛkyerɛ sɛ ahosodie ma Kristo su afoforɔ hyia na ɛhyɛ mu den. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yenni Agyenkwa no nhwɛso akyi na yɛmma saa suban pa yi nyɛ yɛn suban fa. Peter M. JohnsonTumi a ɛwɔ Ɔsom a Wɔde ma Obi no muElder Johnson kyerɛkyerɛ sɛ sɛ yɛsom wɔn akwan a ɛde kɔ Awurade fie a, yɛboa yɛn ho, yɛn ho bɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ mapa. D. Todd ChristoffersonHwɛ Onyankopɔn na TenaseElder Christofferson kyerɛkyerɛ sɛ rehwɛ Onyankopɔn de nhyira ba, a yiedie ne Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ka ho. Andrea Munoz SpannausOnyankopɔn NkɔmhyɛfoɔOnuabaa Spannaus kyerɛkyerɛ sɛdeɛ mmabunu bɛtumi anya adanseɛ afa Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ a wɔteaseɛ ho. Henry B. EyringWɔakyerɛ Me, Ahyɛ No Den Wɔ Kristo MuElder Eyring kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛn nsɛnnennen betumi ahyɛ yɛn den sɛ yɛde yɛn ho to Agyenkwa no so na yɛdane kɔ Ne nkyɛn. Kwasiada Awia Som Kwasiada Awia SomKwasiada Awia Som wɔ Amansan Afe-fa Nhyiamu a ɛtɔ so 195 wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ase, wɔ Ahinime 4–5, 2025. David A. BednarWɔyɛ Wɔn Ho AtɛmmuafoɔElder Bednar kyerɛkyerɛ sɛnea Atɛmmuo Da no bɛtumi ayɛ da a ɛyɛ anigyeɛ, animuonyam mu, sen sɛ yɛbɛsuro anaasɛ yɛnsuro. B. Corey CuvelierEdin a Wɔde Frɛ MoElder Cuvelier kyɛ deɛ yɛde Kristo din to yɛn ho so no ase kyerɛ. Matthew S. HollandMpo Wo Ankasa MmɔborɔhunuElder Holland kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnni Yona nhwɛsoɔ no akyiri na yɛmfrɛ Kristo mmɔborɔhunu nkuranhyɛ sononko no mmra yɛn asetena mu. Carlos A. GodoyAnisɔ Akoma ne Sereɛ AnimEder Godoy kyerɛkyerɛ sɛdeɛ Ahotefoɔ a wɔwɔ Afrika wɔ anigyeɛ ne anisɔ wɔ Agyenkwa no mu berɛ a ɛmu yɛ den. Dale G. RenlundYɛrefa Yesu Kristo din ato yɛn soElder Renlund kyerɛkyerɛ sɛ sɛ yɛfa Kristo din to yɛn so a, yɛbɛtumi abɛyɛ sɛ Ɔno. John D. AmosNsɛmpa Aduane NoElder Amos kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛbɛtumi anya anigyeɛ berɛ a yɛreyɛ pii a ɛto nsa frɛ Yesu Kristo ba yɛn abrabɔ mu. Ozani FariasMormon Nwoma no—Agyapadeɛ a Wɔnntumi Nsusuo wɔ Yɛn Akwantuo yi muElder Farias de adwenkyerɛ mmiɛnsa a ɛbɛtumi aboa ama yɛn nsakraeɛ a ɛkɔ Yesu Kristo mu akɔ akyiri ɛnam Mormon Nwoma no a yɛbɛsua so.