Rehyɛ Yɛn ho, Yɛn ho Nkuran
Awurade no nko ara na ɔnim yɛn ankorankoro sintɔ ne yɛn tumi, na ɛno nti, ɛyɛ Ɔno nko ara na ɔfata sɛ ɔbu yɛn nnwuma ho atɛn.
Nnansa yi mekenkanee suahunu bi ho asɛm a ɛkaa m’akoma yie. Ɛsii wɔ USA Masters Track and Field National Championship—mpanimfoɔ akansie bi.
Akansifoɔ no mu baako Orville Rogers a na ɔka 1,500-meter akansie no ho no na wadi mfeɛ ɔha. Ɔtwerɛfoɔ no twerɛ:
“Berɛ a wɔtoo tuo a wɔde hyɛ aseɛ no, mmirikatufoɔ no firii aseɛ no, Orville kaa ɛtoɔ hɔ , faako a ɔkaa hɔ wɔ mmirikatuo no nyinaa mu, twee ne nan ase brɛoo. [Berɛ] a deɛ ɔtwa toɔ ka Orville ho wieeɛ no na Orville da so ara wɔ kwan no mmienu ne fa twa. Ɛkame ayɛ sɛ bɛhwɛadefoɔ 3,000 tenaa ase komm hwɛɛ sɛdeɛ ɔno nko ara de nkakrankakra twaa kwan no ho hyiaeɛ—dinn, ne awerɛhoɔ mu.
“[Nanso] berɛ a ɛkaa anammɔntuo baako no, ɛdɔm no sɔre gyinaa wɔn nan so hyɛɛ no nkuran na wɔbɔgyee ne so. Berɛ a ɔwieeɛ wɔ ahoma no ho no, ɛdɔm no bɔgyee no so. Bɛhwɛadefoɔ mpem, mpen mmɔgyesoɔ ne nkuranhyɛ no nti Orville de n’ahoɔden nyinaa hyɛɛ mu. Ɛdɔm no de anigyeɛ yɛɛ dede berɛ a ɔwiee koraa no na akansifoɔ no yɛɛ no atuu. Ahobrɛeseɛ ne anisɔ mu Orville nyamm ɛdɔm no na ɔne ne nnamfonom afoforɔ firii hɔ kɔeɛ.”
Na yei ne Orville mmirikatuo a ɛtɔ so num wɔ akansie no mu, ne dwumadie afoforɔ nso a waweɛ. Ebia ebinom yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛbu Orville fɔ, na wɔsusu sɛ anka ɛnsɛ sɛ osi akan mpo wɔ ne mfeɛ a ɔwɔ mu no—na ɔnka saa dwumadie ho no ɛfiri sɛ ɔmaa ne dwumadie nkaeɛ no yɛɛ tenten maa obiara.
Nanso ɛwom sɛ berɛ nyinaa owie twaa toɔ deɛ, nanso Orville bubuu wiase twerɛtohɔ num saa da no. Obiara a na ɔrehwɛ no mmirikatuo no anye anni sɛ ɛbɛba no saa, nanso na bɛhwɛadefoɔ anaa akansifoɔ no biara nyɛ atemmuafoɔ. Orville ammu mmara biara so, na mpanimfoɔ no ango mmara no mu. Ɔtuu mmirika korɔ no ara na na odii ahwehwɛdeɛ korɔ no ara so sɛdeɛ akansifoɔ afoforɔ no nyinaa yɛeɛ no. Nanso ne haw anoɔden wɔ saa—asɛm yi mu no, yɛ mfeɛ a wadi ne honam fam ahoɔden a ɔnnie no—na wɔhwɛɛ so de no too mfeɛ 100 ne akyire gyinabea. Na wɔ saa kuo no mu, ɔbubuu wiase twerɛtohɔ num mu.
Sɛdeɛ Orville de akokoɔduro kɛseɛ si saa kwan no so berɛ biara no, saa ara na yɛn nuammaa ne yɛn anuammarima binom nso de wɔn nan si asetena mu dabiara da, a wɔnnim sɛ ebia wɔbɛbu wɔn atɛn wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so mpo sɛ wɔreyɛ deɛ wɔbɛtumi biara atia ɔhaw ahoroɔ a ɛyɛ hu a wɔde bɛdi Agyenkwa no akyi na wɔadi wɔn apam no nni.
Ɛmfa ho ne baabi a yɛte wɔ wiase mu, ɛmfa ho ne yɛn mfeɛ, ɛyɛ ade titire a nnipa hia sɛ yɛn nyinaa bɛte nka sɛ yɛka ho, yɛbɛte nka sɛ wɔhwehwɛ yɛn na wɔhia yɛn na yɛn abrabɔ wɔ botaeɛ ne nteaseɛ, ɛmfa ho ne yɛn tebea anaa sintɔ..
Wɔ mmirikatuo no a ɛtwa toɔ no, nnipadɔm no maa Orville nkuranhyɛ kɛseɛ, maa no ahoɔden a ɔde bɛkɔ soɔ. Na ɛmfa ho sɛ ɔtwaa toɔ wieeɛ. Ɛyɛ akansifoɔ no ne ɛdɔm no deɛ, na ɛboro agokansie so. Akwan bebree so no, na yei yɛ Agyenkwa no dɔ a ɛreyɛ adwuma no nhwɛsoɔ fɛɛfɛ baako. Berɛ a Orville wieeɛ no, wɔn nyinaa dii ahurisie bomm.
Te sɛ Masters Championship no, yɛn ward, brankyese, ne mmusua bɛtumi ayɛ anoboaboa mmeaeɛ a yɛhyɛ yɛn ho, yɛn ho nkuran wɔ—apam akuo a Kristo dɔ no boa yɛn ho, yɛn ho—boa yɛn ho yɛn ho ma yɛdi ɔhaw biara a yɛhyia so, na yɛma yɛn ho, yɛn ho ahoɔden ne nkuranhyɛ a yɛmmu yɛn ho, yɛn ho atɛn. Yɛ hia yɛn ho, yɛn ho. Ɔsoro ahoɔden firi koroyɛ mu na ɛba, na ɛno nti na Satan ani abere sɛ ɔtete yɛn ntam no.
Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn mu binom no, asɔre korɔ tumi yɛ den wɔ mmerɛ bi mu. Ɛbɛtumi ayɛ sɛ obi wɔ haw wɔ gyedie nsɛmmisa ho anaa obi wɔ asetena mu dadwen anaa adwenemhaw. Ebɛtumi ayɛ obi a ɔfiri ɔman foforɔ so, abusuakuo, anaa obi a ɔwɔ asetena mu osuahunu ahoroɔ anaa akwan a ɔfa so hunu nneɛma a wɔbɛdwene sɛ wɔnsɛ sɛ mfata. Ɛbɛtumi mpo ayɛ awofoɔ a wɔnnna na wɔn atenka ho aka wɔ nkwadaa ne mmofra nkumaa anaa obi a ɔyɛ sigyani a ɔwɔ asafokuo a awarefoɔ ne mmusua dɔɔso wɔ mu ho. Ebɛtumi ayɛ obi a ɔrepɛ akokoɔduro asan de aba wɔ mfeɛ pii a ɔgyaeɛ akyi anaa obi a ɔwɔ atenka sɛ ɛyɛ yaw sɛ wɔmfata na wɔrenka ho da.
Titenani Russell M. Nelson aka sɛ: “Sɛ awarefoɔ a wɔwɔ wo ward gyae awareɛ, anaa ɔsɛmpakani babunu bi sane ba fie ntɛm, anaa babunu kumaa bi nnye n’adansedie nni a, wɔnhia w’atɛmmuo. Wɔhia sɛ wɔbɛte Yesu Kristo dɔ mapa no nka wɔ [yɛn] nsɛm ne nneyɛɛ mu.”
Yɛn suahunu wɔ asɔre mu kyerɛ sɛ yɛde ayɔnkofa a ɛho hia bɛma Awurade ne yɛn ho, yɛn ho a ɛhia yɛn honhom ne atenka yiedie. Deɛ yɛnya wɔ apam ahoroɔ a yɛne Onyankopɔn yɛ mu, a ɛhyɛ aseɛ firi asubɔ mu, yɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho na yɛahwɛ yɛn ho, yɛn ho so sɛ Onyankopɔn abusuafoɔ, Kristo honam mu abusuafoɔ, ɛnyɛ sɛ wobɛhwɛ adaka bi a nneɛma a yɛyi bi kɔyɛ kɛkɛ.
Kristosu dɔ ne nhwɛsoɔ wɔ soro na ɛkorɔn. Kristo dɔ kann no ne ɔdɔ mapa no. Sɛdeɛ President Nelson aka no, “Ɔdɔ mapa na ɛpia yɛn ma yɛsoa yɛn ho, yɛn ho nnesoa’’ [Mosiah 18:8] sene sɛ yɛsoa nnesoa gu yɛn ho, yɛn ho so.”
Agyenkwa no kaa sɛ, “Ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ,sɛ mo adodɔ mo ho, mo ho a.” Na Titenani Nelson de bi kaa ho: “Ɔdɔ mapa yɛ su kɛseɛ wɔ Yesu Kristo akyidifoɔ mu. “Agyenkwa no nkransɛm no mu da hɔ pefee: N’ asuafoɔ nokwafoɔ no si, pagya, hyɛ nkuran, korɔkorɔ, na wɔkanyan. Sɛdeɛ yɛkasa fa afoforɔ ho no hia pa ara.”
Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ fa yei ho yɛ tiawa. Wɔabɔ no mua wɔ Golden Rule no mu: Yɛ ma afoforɔ sɛdeɛ wopɛ sɛ wɔyɛ ma woɔ no. Fa wo ho sɛ saa nipa no na yɛ no wɔ ɔkwan a wo bɛpɛ sɛ ɔyɛ woɔ sɛ anka wowɔ wɔn tebea mu a.
Kristosu nteteɛ a yɛde ma afoforɔ kɔ boro yɛn mmusua ne asɔremma so. Ɛfa yɛn nuanom a wɔka ɛsom afoforɔ ho anaa wɔnka ɛsom biara ho koraa. Ɛfa yɛn nuanom a wɔfiri aman afoforɔ so ne amammerɛ so ɛna wɔn a wɔwɔ atenka ma amanyɔkuo afoforɔ nso. Yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn abusua no mu bi, na Ɔdɔ Ne mma nyinaa. Ne pɛ ne sɛ Ne mma bɛdɔ No afei nso wɔn ho, wɔn ho.
Na Agyenkwa no abrabɔ yɛ nhwɛsoɔ ma, anoboaboa, ne mpagya, mpo wɔn a ɔman abu wɔn atɛn na wɔapo wɔn ne sɛ wɔn ho nteɛ. Ne deɛ no yɛ nhwɛsoɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛnni soɔ. Yɛwɔ ha sɛ yɛbɛnya su ahoroɔ a ɛte sɛ Kristo na awieeɛ koraa no yɛabɛyɛ sɛ yɛn Agyenkwa no. Ne deɛ no nyɛ asɛmpa bi ho cheklist; ɛyɛ asɛmpa ma deɛ ɛrebɛyɛ—rebɛyɛ sɛ deɛ Ɔno teɛ na yɛdɔ te sɛ deɛ Ɔdɔ no. Ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ Sion nkorɔfoɔ.
Berɛ a na mewɔ mfeɛ 20 mu no, mefaa adwenemhaw kɛseɛ mu, na saa berɛ no, na ɛte sɛdeɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ayera mpofirim. Mentumi nkyerɛkyerɛ atenka no mu yie gye sɛ mɛka sɛ metee nka sɛ mayera koraa. Efiri berɛ a na meyɛ abɔfra ketewa no, na menim berɛ nyinaa sɛ m’Agya a ɔwɔ Soro no wɔ hɔ na mɛtumi ne No akasa. Nanso saa berɛ no, na menkae bio sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ. Na mennyaa saa suahunu yi bi da wɔ mabrabɔ mu, na ɛyɛɛ me sɛ me fapem nyinaa redwiri.
Ne saa nti, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛkɔ asɔre. Mekɔɔ hɔ, nanso ne ɛfa bi ne sɛ na me suro sɛ wɔbɛfrɛ me sɛ “ɔkwadwofoɔ” anaa “boturobodwoni bi,” ne suro sɛ mɛyɛ obi adwuma a wɔde no ama me. Deɛ na mehia ankasa wɔ saa berɛ no mu ne sɛ mɛte ɔdɔ kann nka, nteaseɛ, ne mmoa nka afiri wɔn a wɔatwa me ho ahyia no, na ɛnyɛ atɛmmuo.
Nsusuiɛ ahoroɔ bi a na me suro sɛ nkurɔfoɔ bɛyɛ afa me ho, yɛ deɛ me ankasa ayɛ afa afoforɔ ho berɛ a na wɔmma asɔre ntɛmntɛm. Saa ankasa suahunu yea no kyerɛkyerɛɛ me adesua ahoroɔ bi a ɛsom bo fa deɛ nti wɔahyɛ yɛn sɛ mma yɛmmu yɛn ho, yɛn ho atɛn wɔ kwan a ɛntene so.
Enti yɛwɔ wɔn a wɔrehunu amane wɔ kommyɛ mu wɔ yɛn mu a wɔsuro sɛ afoforɔ bɛhunu wɔn aperedie a ahinta esiane sɛ wɔnnim deɛ wɔde bɛyɛ wɔn no nti?
Gye sɛ Awurade nko ara na ɔnim sɛdeɛ ɔnim ɔhaw dodoɔ ankasa a ɛda yɛn mu biara so wɔ yɛn asetena mu akwantuo mu—nnesoa, nsɛmmɛdie, ne akwansideɛ ahoroɔ a yɛhyia a mpɛn pii no afoforɔ ntumi nhunu. Gye sɛ Ɔno nko ara na ɔte abrabɔ mu akuro a ɛsakra ne ahodwiri a yɛn mu binom ahyia wɔ mmerɛ bi a atwam a ɛda so ara haw yɛn nnɛ mmerɛ yi mu.
Mpɛn pii no, yɛn mpo yɛbu yɛn ho atɛn wɔ atirimmuɔden so, susu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ akyiri sene saa wɔ kwan no so. Awurade no nko ara na ɔnim yɛn ankorankoro sintɔ ne yɛn tumi, na ɛno nti, ɛyɛ Ɔno nko ara na ɔfata sɛ ɔbu yɛn nnwuma ho atɛn.
Anuanom, momma yɛnyɛ te sɛ saa bɛhwɛadefoɔ a wɔwɔ abasɛm no mu na yɛnhyɛ yɛn ho, yɛn ho nkuran wɔ yɛn akwantuo a ɛfa asuafoɔyɛ ho ɛmfa ho ne yɛn tebea biara! Ɛno nhia sɛ yɛbɛsɛe mmara no anaa yɛbɛbrɛ susudua no ase. Ɛyɛ mmaransɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu no ankasa—sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. Na yɛn Agyenkwa bua see wɔn sɛ, “Sɛ moyɛ maa nketewa yi mu baako no, moyɛ maa me,” sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne. Wasane nso aka akyerɛ yɛn, “Sɛ monyɛ koro a monyɛ me dea.”
Mmerɛ bi bɛba wɔ yɛn abrabɔ mu a yɛbɛyɛ wɔn a wɔhia mmoa ne nkuranhyɛ. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu seesei nyɛ saa berɛ biara mma yɛn ho, yɛn ho. Berɛ a yɛreyɛ saa no, yɛbɛnya nkabom kɛseɛ na yɛayɛ mmoa ama Agyenkwa no ayɛ n’adwuma kronkron a ɛma ayaresa na asakyera yɛn mu biara.
Mo mu biara a ebia ɔbɛte nka sɛ woaka akyiri koraa wɔ saa asetena akwantuo yi mu, owuo akwantuo yi mu no, mesrɛ, kɔ so. Agyenkwa no nko ara na ɔbɛtumi abu baabi a ɛsɛ sɛ wowɔ wɔ saa berɛ yi mu no ho atɛn koraa, na Ɔwɔ ayamhyehyeɛ na ɔyɛ pɛpɛ. Ɔyɛ Ɔtɛmmuafoɔ Kunini wɔ nnipa nyinaa abrabɔ mu na ɔno nko ara ne obi a ɔte ahokyerɛ ano den a ɛyɛ a wode retu mmirika anaa de nam anaa redi ho akɔneaba no ase yie. Ɔbɛsusu wo sintɔ, wo tumi, w’abrabɔ mu suahunu, ne nnesoa a ahinta a ɛso woɔ, ne w’ akoma mu akɔnnɔdeɛ. Ebia worebubu wiase sɛnkyerɛnneɛ twerɛtohɔ ahoroɔ nso ankasa. Mesrɛ mma w’aba mu mmu. Mesrɛ kɔso! Yɛsrɛ tena hɔ! Wo ka ho! Awurade hia wo, na yɛ hia wo!
Baabiara a wote wɔ wiase mu no, ɛmfa ho sɛdeɛ ɛwɔ akyirikyiri fa, yɛsrɛ wo berɛ nyinaa kae sɛ w’Agya a ɔwɔ Soro ne w’Agyenkwa no nim wo yie na wɔdɔ wo pɛpɛɛpɛ . Wɔn werɛ mfirii wo da Wɔpɛ sɛ wɔde wo ba fie.
Ma w’ani nkɔ Agyenkwa no so Ɔyɛ wo dade teaa no. Ɛnyae No. Medi adanseɛ sɛ Ɔte ase na wo bɛtumi agye No adi. Me nso medi adanseɛ sɛ Ɔrebɔ wo kyidɔm.
Momma yɛn nyinaa nni Agyenkwa no akyi na yɛmmɔ ɔfoforɔ kyidɔm yɛ me mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.