Mpo Wo Ankasa Mmɔborɔhunu
Wowɔ ho kwan mprempren kɔ ɔsoro mmoa ne ayaresa mu ɛmfa ho ne nnipa mfomsoɔ.
Sukuu kyerɛkyerɛni bi kyerɛkyerɛɛ dakoro bi sɛ bonsu—mpo sɛ ɔso—rentumi mmene nipa ɛfiri sɛ bonsu menemu yɛ ketewa. Abaayewa bi tiaa mu, “Nanso bonsu menee Yona.” Ɔkyerɛkyerɛni no buaeɛ, “Ɛrentumi ɛnyɛ hɔ.” Anntumi annane ne tiri, abaayewa no kaa sɛ, “Ɛyɛ, Sɛ meduru ɔsoro hɔ a, mɛbisa no.” Ɔkyerɛkyerɛni no yii ahi, “Ɛbia na Yona yɛ ɔbɔnefoɔ na wankɔ ɔsoro?” Abaayewa no buaeɛ, “Ɛnneɛ wobɛtumi abisa no.”
Yɛresere, nanso ɛnni sɛ yɛhwere tumi a Yona abasɛm no de ma obiara a ɔde “ahobrɛaseɛ hwehwɛ anigyeɛ,” ne titire wɔn a wɔredi aperepereɛ.
Onyankopɔn hyɛɛ Yona sɛ “Kɔ Ninewe” kɔka nsakyeraeɛ to dwa. Nanso na Ninewe yɛ tete Israel tamfo tirimuɔdenfoɔ—ɛnti Yona kaa ne ho de n’ani kyerɛɛ kwan a ɛne hɔ bɔ abira pɛpɛɛpɛ so, faa kodoɔ, kɔɔ Tarsis. Berɛ a ɔnam po no so refiri ne frɛ ho no, ɛhyɛn butuo ahum bi sɔreeɛ. Ɔnim nokorɛ mu sɛ n’asoɔden na ɛde asɛm no aba nti, Yona maa kwan sɛ wɔnto no mfiri ɛhyɛn no mu. Yei dwodwoo po no abufuhyeɛ ano, deɛ ɛgyee ne hyɛn hokafoɔ no nkwa.
Anwanwa kwan so, Yona firii owuo mu berɛ a “apataa kɛseɛ” a Awurade “asiesie” menee no. Nanso ɔdwodwoo ne ho wɔ porɔeɛ ne esum a wɔnnye nni mu nansa, kɔsii sɛ awieeɛ no wɔfee no too asase a awoɔ so. Afei ɔgyee ne frɛ kɔɔ Ninewe. Nanso, berɛ a kuropɔn no sakyeraae na wɔansɛe no, Yona kyirii ahummɔborɔ a wɔkyerɛɛ n’atanfoɔ no. Onyankopɔn de aboterɛ kyerɛkyerɛ Yona sɛ Ɔdɔ na ɔhwehwɛ sɛ ɔgye Ne mma nyinaa nkwa.
Ɔsunti boroo baako wɔ n’asɛdeɛ mu no, Yona maa adanseɛ a ɛmu da hɔ kann sɛ wɔ ɛwuo tebea yi mu, “yɛn nyinaa ahwe ase.” Yɛntaa nni adanseɛ mfa Ahweaseɛ no ho. Nanso yɛwɔ nkyerɛkyerɛ mu nteaseɛ ne honhom mu adanseɛ fa deɛ enti yɛn mu biara a ɔdi aperepereɛ wɔ ahonim, honam, ne tebea nsɛm denden mu sɛ, ɛyɛ nhyira kɛseɛ. Wɔ asase so ha, nwura tantan fu, mpo nkasɛɛ a ahoɔden wɔ mu bu, na ne nyinaa “atɔ sini wɔ Onyankopɔn animuonyam mu.” Nanso saa ewuo tebea yi—a ɛyɛ deɛ Adam ne Hawa yiiɛ awieeɛ no—yɛ adeɛ titire ma botaeɛ ankasa nti a yɛte ase: “sɛ [yɛ] bɛtumi anya anigyeɛ”! Sɛdeɛ yɛn awofoɔ a wɔdi kan suaeɛ no, sɛ wobɛka awerɛhoɔ ahwɛ na wate yea nka wɔ wiase a ahwe aseɛ mu nko ara na wobɛtumi mpo ahunu, kampɛsɛyɛbɛnya mu nokorɛ anigyeɛ.
Adansedie fa Ahweaseɛ no ho mma bɔne ho anoyie anaa mma aniha kwan wɔ asetena mu asɛdeɛ ho, a berɛ nyinaa ɛfrɛ nsiyɛ, ɔbrapa ne asodie. Nanso ɛwɔ sɛ abasatuom yɛtea mu, sɛ nneɛma kɔ bɔne anaa yɛhunu ahonim mu mfomsoɔ wɔ busuani, adamfoɔ anaa ɔkannifoɔ bi mu a. Mpɛn pii no nneɛma bi te sei ka yɛn ma yɛfa akyinnyeɛ kasatia anaa abofuo ma ɛwia yɛn gyedie. Nanso adanseɛ a aseɛ atim bɛtumi aboa yɛn ama yɛasɛ Onyankopɔn kɛse sɛdeɛ Yona kaa ho asɛm no, ɛne sɛ, “mmɔborɔhunu, ne bo kyɛre fu, na ɔyɛ ayamyɛ kɛseɛ” ma obiara—a yɛn ankasa ka ho—wɔ yɛn ɛnwie pɛyɛ tebea a yɛntumi nkwati yi mu.
Mpo deɛ ɛso kyɛn sɛ wɔda Ahweaseɛ no sunsuansoɔ adi no, Yona abasɛm no kyerɛ yɛn kwan kɛseɛ a ɛde kɔ Ne hɔ, ɔno a ɔbɛtumi agye yɛn afiri saa sunsuansoɔ no mu. Yona ho a ɔde bɔɔ afɔdeɛ gyee ne hyɛn mufoɔ no yɛ Kristosu ampa. Na mprɛnsa a wɔhyɛɛ Yesu sɛ ɔma nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ mfa Ne kronkronyɛ ho no, Ɔka akokoɔduro so sɛ “wɔmma nsɛnkyerɛnneɛ biara mmom Yonas [Yona],” ho nsɛnkyerɛnneɛ nko ara, de too dwa sɛ sɛdeɛ Yona tenaa “adekyeɛ nnansa ne anadwo nnansa wɔ bonsu yam no; saa ara na onipa Ba no bɛda adekyeɛ nnansa ne anadwo nnansa wɔ asase yam.” Sɛ ahyɛnsodeɛ ma Agyenkwa no wuo afɔrebɔ ne animuonyam Wusɔreɛ no, Yona bɛtumi adi dɛm. Nanso yei nso na ɛma no yɛ n’ankasa adansedie ne Yesu Kristo ahofama ho, deɛ ɔde maa wɔ bonsu yam, sɛdeɛ ɛkanyan na ɛyɛ awerɛhoɔ.
Yona su no yɛ onipa papa a ɔwɔ asiane mu, deɛ ɔno ankasa de aba ne so. Ɛma ɔhoteni no, sɛ ahonu suban, asɛm, anaa gyinaeɛsie nam atoyerɛnkyɛm so ba, ɛmfa ho ne adwene papa ne nsiyɛ ho mmɔdemmɔ dodoɔ ma teneneeyɛ, ɛbɛtumi ayɛ amanehunu titire na agya wo atenka sɛ wɔapo wo. Nanso sɛdeɛ asɛm no teɛ anaa mmusuo a ɛda yɛn anim no kɔduru biara, berɛ nyinaa bea wɔhɔ ma anidasoɔ, ayaresa, ne anigyeɛ. Tie Yona:
“Mesu frɛɛ Awurade ɛnam m’ahohiahia nti; firii asamando yam na mesuui.
“Ɛfiri sɛ wato me ato bunu mu, wɔ po no mfimfini;
“[Na] mekaa sɛ, wato me atwene afiri w’anim; nanso mede m’ani bɛkyerɛ wo fie kronkron no bio.
“Nsuo no atwa me ho ahyia, mpo afa me kra: bunu mu ato me mu ahyia, nwura no akyekyere me tiri ho ahyia.
“Mesiane kɔhyɛɛ mmepɔ no ase; nanso wode me nkwa afiri porɔeɛ mu aba.
“Berɛ a me kra tɔɔ baha Mekaee Awurade: na me mpaebɔ siane kɔɔ wo fie kronkron no mu.
“Wɔn a wɔhyɛ atorɔ ahuhudeɛ nso po wɔn ankasa mmɔborɔhunu.
“Nanso mede nnaaseɛ nne bɛbɔ afɔdeɛ ama wo; Mɛ tua aboadeɛ a mahyɛ no. Nkwagyeɛ firi Awurade.”
Mpo sɛ ɛyɛ mfeɛ bebree a atwam, mɛtumi aka baabi pɔtee a na meteɛ, ne nka pɔtee a na meteɛ berɛ a, na mewɔ m’ankasa asamando bunu mu, a mehunuu saa twerɛsɛm yi. Ɛma obiara a ɛnnɛ ɔte nka sɛdeɛ metee saa berɛ no—sɛ wɔatwa wo atwene, remem wɔ subunu mu, de po nwura akyekyere wo tiri ho na po mmepɔ mu asorɔkye bɔ twa wo ho hyia—me nkotosrɛ, nam Yona nkuranhyɛ so, yɛ mpo woankasa mmɔborɔhunu Wowɔ kwan mprempren kɔ ɔsoro mmoa ne ayaresa mu ɛmfa ho ne nnipa ho mfomsoɔ. Saa ahummɔborɔ suro nkuranhyɛ yi firi na afa Yesu Kristo mu aba. Ɛnam sɛ Ɔnim na Ɔdɔ wo wɔ pɛpɛyɛ mu nti, Ɔde ma wo sɛ wo “ankasa,” wo dea, ɛkyerɛ sɛ ɛfata wo wɔ pɛpɛyɛ mu, deɛ wɔahyehyɛ sɛ ɛbɛgye mo ankorankoro ayayadeɛ ne mo yea titire mu ayaresa. Ɛnti, ɛma ɔsoro ne woankasa nti, nnane wo akyiri mma saa adeɛ yi. Gye to mu. Hyɛ aseɛ po sɛ wobɛtie “atorɔ ahuhudeɛ” a ɛfiri ɔtanfoɔ no, deɛ ɔbɛdaadaa wo ama woadwene sɛ wonya ahotɔ firi wo honhom mu asodie a wodwane firi ho no. Ɛsi ananmu no, ma Yona a wasakyera no nni w’anim. Su frɛ Onyankopɔn. Dane wo ho ma tɛmpol. Bata w’apam ho. Fa afɔrebɔ ne nnaaseɛ som Awurade, N’Asɔre, ne afoforɔ.
Woreyɛ yeinom de Onyankopɔn apam kɔ ho dɔ sononko ba ma wo—deɛ Hebri Twerɛ Kronkron frɛ no hesed. Wobɛhunu na wate Onyankopɔn nokorɛ tumi, ɔmmerɛ, ɛnni ano, ne “ahummɔborɔ” nka, deɛ ɛbɛtumi ama wo “anya tumi akɔ ɔgyeɛ mu” afiri bɔne biara anaa hwammɔdie biara mu. Ahoyera a ɛmu yɛ den na ɛba ntɛm bɛtumi adi kan ama w’anisoadehunu ayɛ kusuu Nanso berɛ a wokɔ so “tua saa [wo] aboadeɛ no,” anisoadehunu bi a ɛte saa no bɛhyerɛn hyɛnn ayɛ hyɛnn wɔ wo kra mu. Na ɛka saa anisoadehunu yi ho no, worenhunu anidasoɔ ne ayaresa nko ara, mmom, ahodwiri mu, wobɛhunu anigyeɛ, mpo wɔ wo sɔhwɛ a ɛmu yɛ den mu. Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ yɛn yie pa ara sɛ “Berɛ a yɛn abrabɔ mu botaeɛ si Nyankopɔn ne nkwagyeɛ nhyehyɛɛ so … ne Yesu Kristo ne N’asɛmpa no, yɛbɛtumi ate anigyeɛ nka ɛmfa ho ne deɛ ɛrekɔ so—anaa ɛnkɔ so—wɔ yɛn bra mu. Anigyeɛ firi na ɛnam Ɔno nti.”
Sɛ asiane a ɛmu dɔ te sɛ Yona deɛ no da yɛn anim, anaa yɛn wiase yi a ɛnnwie pɛyɛ mu dabiara nsɛm denden no a, ɔfrɛ no yɛ adekorɔ: Mpo woankasa mmɔborɔhunu. Hwɛ Yona ho sɛnkyerɛnneɛ, Kristo a ɔte ase, Ɔno a ɔsɔre firii Ne nansa bomena mu a wadi biribiaraso nkonim—ama wo. Dane kɔ Ne hɔ. Gye No di. Som No. Sere. Ɛfiri sɛ Ɔno nko ara Ne mu, na yɛhunu Ahweaseɛ no mu anigyeɛ ayaresa mua, ayaresa a yɛn nyinaa hia no anibere so na yɛhwehwɛ no ahobrɛaseɛ mu. Medi adanseɛ sɛ yei yɛ nokorɛ. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.