Amansan Nhyiamu
Awurade Hwɛ Akoma mu
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


10:41

Awurade Hwɛ Akoma mu

Saa Abasɛm yi kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn hia sɛ Ne botaeɛ bɛbam na waboa yɛn ama yɛabɛyɛ deɛ Ɔpɛ sɛ yɛn mu biara dane yɛn akoma nyinaa ma No.

Berɛ a wɔhyɛɛ odiyifoɔ Samuel sɛ wɔmpaw Israel hene foforɔ mfi Yese mma mu no, berɛ a ɔhwɛɛ Yisai ba panyin, Eliab no, ɔde anigye teaam sɛ, “Ampa ara, nea Yehowa asra no no wɔ n’anim.” Nanso na ɛnnyɛ Eliab na Awurade ayi. Awurade ka kyerɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ ne ho hwɛbea, anaa ne nipadua tentenyɛ; na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, nanso Awurade deɛ ɔhwɛ akoma mu.”

Ɛbia na ɛwɔm sɛ Dawid nni ahoɔden anaa nimdeɛ te sɛ onuammarima nom, na n’akoma yɛ den wɔ Awurade anim. Na ɔde n’akoma nyinaa dɔ Onyankopɔn na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ sotie ma No. Na ɔwɔ gyidie mapa wɔ Onyankopɔn dɔ, tumi, ne nhyira bɔhyɛ mu, sɛdeɛ ɔkyerɛɛ berɛ a ɔde akokoɔduro ne Awurade mmoa ne Goliat ko dii ne so nkonim.

Saa Abasɛm yi kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn hia sɛ Ne botaeɛ bɛbam na waboa yɛn ama yɛabɛyɛ deɛ Ɔpɛ sɛ yɛn mu biara dane yɛn akoma nyinaa ma No. Ɔhyɛɛ mmaranimfoɔ bi sɛ, “Fa wo koma nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.” Ɛkɔ ma Nkɔmhyɛni Joseph Smith, Ɔkaa sɛ, “Hwɛ, Awurade hwehwɛ akoma ne adwene a ayɛ krado.” Na Nephifoɔ no, Agyenkwa a wanyane no no trɛɛ saa nsato yi mu: “Na afɔreɛ a mobɛbɔ ama me ne akoma a abubuo ne honhom a ayɛ mmerɛ.”

Dɛn nti na ɛte saa? Agyenkwa no akyerɛ sɛ sɛ yɛn akoma dane kɔ Ne nkyɛn esiane Ne mpata afɔrebɔ a, wɔbɛtumi ahyira yɛn ahoɔden ne adom akyɛdeɛ a yɛhia de adi abrabɔ mu akwansideɛ so, asi nsɔhwɛ ho kwan, agye akwankyerɛ ne nteaseɛ, na yɛanya anigyeɛ ne asomdwoeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. “Na nneɛma nketewa mu na akɛseɛ firi ba.” Waka sɛ Ɔbɛtumi “ama deɛ ɛyɛ mrɛ ayɛ den” na Ɔde deɛ yɛhia biara de adi nkunim wɔ asase so abrabɔ mu na ama yɛanya ɛniiawieɛ nkwa. “Na nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, Ɔkaa sɛ, “na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.”

Megye di sɛ yei ka sɛnti a Yesu Kristo taa tenetenee Scribefoɔ ne Pharisiifoɔ no wɔ N’asase so som mu. Ɛwom sɛ na wɔdi Ne mmara so yie, nanso botaeɛ a ɛwɔ akyi no nyɛ papa. Ɔteaa wɔn, kaa sɛ, “Ɔman yi de wɔn ano bɛn me, na wɔde wɔn anofafa di me anuonyam, nanso wɔn koma firi me ho kɔ akyiri.”

Yei yɛ ahobraseɛ nkaɛ ma N’akyidifoɔ nyinaa sɛ ɛnyɛ deɛ yɛyɛ kɛkɛ—yɛn kasa ne nneyɛɛ—nanso sɛnti a yɛyɛ deɛ Yesu Kristo aka sɛ yɛnyɛ—yɛapɛdeɛ ne botaeɛ. Ɔkaa sɛ, “Na Me, Awurade no, bɛbu nnipa nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, sɛdeɛ wɔn akoma mu akɔnnɔ teɛ.” Yɛn Soro Agya mpɛsɛ Ne mma bɛyɛ osetie na yɛasom kɛkɛ. Ɔpɛ sɛ yɛde akoma pa na ɛyɛ saa nneɛma, ɛsian sɛ yɛde yɛn akoma nyinaa dɔ no. Ɔpɛ sɛ yɛyɛ te sɛ Ɔno.

Sesei, sɛ yɛn akoma ho honhom mu apomuden yɛ ahiadeɛ ma Agyenkwa no—deɛ Ɔhwehwɛ wɔ ɔkyidini mapa hɔ—sɛn na yɛbɛtumi ahwehwɛ yɛn akoma mu na yɛn ahunu sɛ ɛyɛ wɔ Awurade anim?

Ɛnkyɛeɛ, berɛ a me ne me yere firii asɛmpatrɛ adwuma wɔ Portugal baaɛ, yɛyɛɛ apomuden nhwehwɛ pii de hwɛɛ yɛahoɔden. Saa nhwehwɛmu no bi fa akoma ahoɔden ho—tesɛ mogya mu nhwehwɛ mu, echocardiogram, ne ateetee nhwehwɛ mu. Megyidi sɛ Agyenkwa no nso de honhom nhwenhwɛ mu akwanya ama a yɛbɛtumi de ahwehwɛ akoma mu. Ma me nkyɛ kakra bi ma mo.

Wobɛsɔ Woakoma ahwɛ wɔ Honhom mu

Ɛdikan, yɛn botaeɛ, Ahiadeɛ, ne Apɛdeɛ

“Baabi a w’adanmudeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.” Yesu kyerɛɛ. Adanmudeɛ yɛ bibibi a ɛsom boɔ, biribi a yɛnya ho berɛ ne mmɔdemmɔ. Baabi a yɛyi sɛ yɛde yɛn mmerɛ ne yɛn adwene kɔ, ne deɛ ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ nneɛma a yɛyɛ no kasa fa yɛn akoma ho paa. Agyenkwa no bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛwom sɛ wafrɛ dodoɔ, nanso wayi ketewa bi “Ɛfiri sɛ wɔn akoma di wiase yi mu nneɛma akyi dodo, na wɔn anigye sɛ wɔhyɛ nnipa animuonyam.” Mede Awurade adi kan wɔ m’abrabɔ mu? M’ani yɛ baako adeɛ nyinaa mu wɔ N’animuonyam ho?

Ɛtɔ so Mmienu, yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so.

Wɔ twerɛsɛm no nyina ara mu no, Awurade na Ne nkɔnhyɛfoɔ de ahantan ne asoɔden abata akoma a ɛyɛ den a obi wɔ ho. Nephi see ne nuanom sɛ: “Adɛn nti na monni Awurade mmaransɛm so? Ɛyɛɛ dɛn nti na ɛnam mo akomaden nti morebɛsɛe yi?” Ahoteɛfoɔ no wɔ Missouri, Awurade bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, “Nanso deɛ ɔnyɛ biribiara kɔsi sɛ wɔhyɛ no no, na ɔde annye-annie akoma bɛgye mmarasɛm, na ɔdi so wɔ akwadworɔ mu no, ɔno ara yɛ deɛ wɔabu no fɔ.” Ɛwom sɛ Agyenkwa no nhwehwɛ pɛyɛ wɔ kwan a yɛbɛdi Ne mmaransɛm no so, Ɔsrɛ sɛ yɛpɛ na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn koma nyinaa bedi so

Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, yɛn nsiyɛ wɔ twerɛsɛm no sua ne adiyisɛm a yɛhwehwɛ mu.

Awurade tuu Oliver Cowdery fo sɛ “kora nsɛm yi so wɔ wo akomam.” Wɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa nsiyɛ nhwehwɛ twerɛsɛm no mu na, ɛnam Honhom Kronkron no tumi so, hwehwɛ sɛ yɛbɛnya nteaseɛ ne adansedie wɔ asɛmpa no nokorɛ a ɛwɔ yɛn akoma mu.

Nkɔmhyɛni Abinadi kasa tiaa Ɔhene bɔnefoɔ no asɔfo sɛ wɔanyɛ saa, na ɔkaa sɛ, “Mo amfa mo koma anhyɛ nteaseɛ mu, enti mo anyɛ anyansafoɔ.” So mefiri akomam rebɔ mmɔden sɛ mɛsua twerɛsɛm no da biara na mede me koma bɛdi dwuma de ate aseɛ nam mpaebɔ so?

Ɛtɔ so nan, yɛn nsusuiɛ ne nsɛm

Agyenkwa no kyerɛɛ sɛ “adwene bɔne firi akoma mu” na afei “deɛ ahyɛ akoma mu abu so na ano ka” Yɛn nsusuiɛ ne yɛn nsɛm su yɛ adepa a ɛkyerɛ sɛ yɛn koma mu te. So meredwene bɔne pii fa afoforɔ nneyɛɛ anaa botaeɛ, anaa mpo fa me ankasa ho? So mepɛ ntɛm bu atɛn anaa bu afoforɔ fɔ anaa? Mehwehwɛ anoyie ahodoɔ bi anaa sɛnti a mayɛ mfomsoɔ binom? Na me nsɛm nsoɛɛ? Ɛhyɛ wɔn a wɔbɛn me nkuran ne nkanyan? Anaa ɛtaa de sakasakayɛ anaa mentemehoase?

Berɛ a wɔyɛɛ me nipadua mu nhwehwɛmu wiei no, me duruyɛfoɔ ka kyerɛɛ me sɛ, ne nyinaa mu no, me koma wɔ apɔmuden —nanso na nneɛma kakraa bi a ɛha adwene wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ medi ho dwuma mprempren, ansa na ayɛ anibresɛm. Afei Ɔkyerɛ nsakraeɛ ahodoɔ bi wɔ abrabɔ mu. Saa ara nso na berɛ a woreyɛ wo koma ho honhom mu nhwehwɛmu yi na wo hunu sɛ sɛnkyerɛnne bɔne bi afiri aseɛ reba mu no, yɛsrɛ wo mmɔ hu! Agyenkwa no de honhom mu nnuro a ɛyɛ tatahwe ama sɛ ɛmmoa wo nsa yadeɛ. Wahyɛbɔ sɛ Ɔbɛma wo akoma foforɔ! Wei yɛ nneyɛɛ bi a ɛbɛtumi ama wakoma honhom mu apomudene:

Wobɛtu Mpɔn wɔ WoAkoma Honhom Ahoɔden mu

Ɛdikan, hyɛ wo ne Kristo Abusuabɔ mu den

Berɛ a yɛgye berɛ nyini dabiara abɛn Kristo no, yakoma sesa. Twerɛsɛm no mu adesua dabiara, a mpaebɔ a ɛfi akomam ne mmuadadie a wodi daa ka ho no bɛma wo dɔ a wowɔ ma Agyenkwa no ayɛ kɛseɛ na ahyɛ wo gyidie ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsakra na wode w’akoma ama Onyankopɔn wɔ ahobrɛase mu no mu den Dwene Nephi nhwɛsoɔ ho: “Na me su frɛɛ Awurade; na hwɛ ɔbaa me nkyɛn, na ɔbɛbubuu m’akoma na megyee nsɛm a m’agya kaeɛ no nyinaa diiɛ.”

Berɛ a yɛkɔso nam nneyɛɛ ne apɛdeɛ papa so hyɛ yɛn gyidie aba den no, yɛbɛnya akoma mu ahoteɛ korɔ tesɛ Nifaefoɔ no: “Nanso wɔtaa kyenee kɔm na wɔbɔɔ mpaeɛ, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ den wɔ wɔn ahobrɛaseɛ mu, na wɔkɔɔ so gyinaa pintinn wɔ Kristo gyedie mu, de anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ hyɛɛ wɔn akra ma, aane, mpo de kɔɔ wɔn akoma mu teɛ mu, ahoteɛ ɛba esiane wɔn akoma a wɔde ma Onyankopɔn nti.”

Ɛtɔ so mmienu, Yɛrema Yɛ ne N’apɛdeɛ ayɛ pɛ

Agyenkwa no kyerɛɛ sɛ, “Sɛ wodɔ me a, di mahyɛdeɛ so.⁠” Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛn nkyerɛ ɔdɔ berɛ a yɛ ne No reyɛ na yɛakora apam Berɛ a yɛbɔ mmɔden dabiara sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm so, yɛfi yɛn koma mu sakra firi yɛn bɔne ho, na yɛkɔ so de Ne din to yɛn so na yɛde yɛn pɛ ne Ne pɛ ahyia ano, wɔbɛtumi de Honhom Kronkron no fekubɔ a ɛkɔ so daa no ahyira yɛn.

Nephi dii adanseɛ: “Menim sɛ, sɛ mo yi mo akoma mu nyina ara di Ɔba no akyiri na sɛ moremfa n’abraba ne naadaa nkɔ Onyankopɔn anim, na mmom sɛ mo de adwenpa, sakyera firi mo bɔne ho na moadi adanseɛ akyerɛ Agya no sɛ mo pɛ sɛ mofa Kristo din to mo so, wɔ asubɔ mu—aane, sɛ mobɛdi mo Awurade ne mo Agyenkwa no akyi akɔ asubɔ mu … , ɛhɔ na mo bɛnya Honhom Kronkron no.” Sunsum Kronkron no bɛboa wo ma wahunu Awurade apɛdeɛ na wayi deɛ ɛyɛ

Ɛtwa toɔ, fa Wakoma nyinaa Som Awurade ne Afoforɔ

Agyenkwa no to nsa frɛ obiara sɛ “fa wakoma nyinaa som no.” Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛyɛ adeɛ biara a Awurade aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ—te sɛ mmaransɛm a yɛbɛdi so, sakrament no a yɛbɛdi, asom wɔ temple, na yɛasom afoforɔ —a yɛwɔ akoma pa ne adwene ankasa mu a, ɔsom ne ɔsom adeyɛ biara bɛyɛ honhom mu suahunu a tumi wom a ɛhyɛ yɛn gyidie ne adansedie mu den na ɛde anigyeɛ ne ɔdɔ ma yɛn akoma ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa.

Nkɔmhyɛni Alma asɛmmisa no gu so yɛ adwuma: “Honhom mu wɔawo mo foforɔ wɔ Onyankopɔn mu? Na moanya ne su wɔ mo anim anaa? Moanya saa nsesaeɛ kɛseɛ yi wɔ mo akoma mu anaa?”

Anuanom mmarima ne mmaa, me to nsa frɛ sɛ obiara mfa nakoma nyinaa mma Agyenkwa no nɛ. Yɛmma som adwuma biara nyɛ nokorɛ mu ne tirimpɔ mu. Fa wiase akwansideɛ nyinaa to nkyɛn na bɔ mmɔden nya berɛ pa ma Awurade no dabiara wɔ wabrabɔ mu. Sakra na fa wakoma nyinaa san kɔ Ne nkyɛn bio, na Ɔde bɛkyɛ wo na Ɔde Ne dɔ abasa no atwa wo ho ahyia. Monnhwehwɛ wiase yi mu nneɛma na mmom monhwehwɛ sɛ mo ani bɛyɛ baako wɔ Nanimuonyame ho na pre pɛ deɛ ɛkyɛn saa. Ɔnim mo nsusuiɛ ne mo akoma mu akɔnnɔ, na mmerɛ a moba Ne nkyɛn no, Ɔde ahoɔden, ahotosoɔ, asomdwoeɛ, ne anigyeɛ bɛhyira mo wɔ saa abrabɔ yi mu ne beaeɛ wɔ Ne soro ahemman mu daapem nyinaa.

Menim sɛ Yesu Kristo te ase. Ɔno ne yɛn Gyefoɔ. Na Ɔde N’akoma nyinaa dɔ me ne wo. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.