Fa W’akoma Nyinaa Yɛ Wo Kyɛfa
Nya Agyenkwa no mu gyedie na fa w’akoma nyinaa yɛ wo kyɛfa, wɔ boasetɔ ne nsiyɛ mu.
Merekɔ Europe afe a ɛtwaam mu no, mekɔsraa beaeɛ dada a na meyɛ adwuma, Lufthansa German Airlines wɔ Frankfurt Wiemhyɛn gyinabea.
Sɛdeɛ ɔbɛtete ne wiemhyɛn akafoɔ no, wɔdi dwuma akɛseɛ wɔ wiemhyɛn ho a ɛbɛtumi asiesie daa ne putupru wiemhyɛn akwantuo tebea biara. Wɔ me mfeɛ pii sɛ wiemhyɛn captain mu no, na ɛsɛ sɛ medi nkonim wɔ wiemhyɛnka sɔhwɛ mu abosome nsia biara na makɔso akura me tumi krataa sɛ wiemhyɛnkafoɔ. Mekae saa mmerɛ a na ɛmu yɛ den na ɛyɛ dadwene ne ayamhyehyeɛ, ɛne anigyeɛ a na menya sɛ matumi adi nkonim wɔ sɔhwɛ no mu no yie. Na meyɛ abɔfra saa berɛ no na na m’ani gye akansie no ho.
Wɔ me nsrahwɛ no mu no, Lufthansa mpanimfoɔ no mu baako bisaa sɛ mɛpɛ sɛ mɛsan asɔ ahwɛ na matu B747 simulator no bio anaa.
Meredwene asɛmmisa no ho yie no, metee nne bi—a ɛte sɛ m’ankasa deɛ a ɛyɛ nwanwa—sɛ, “Aane, m’ani bɛgye ho pa ara.”
Mekaa saa ara pɛ, nsɛm pii baa m’adwene mu. Metuu 747 akyɛ pa ara. Saa berɛ no na meyɛ abranteɛ ne captain a na mewɔ akokoɔduro. Afei, na mewɔ din pa a ɛsɛ sɛ mebɔ ho ban sɛ kane wiemhyɛnkafoɔ panin. Mɛgu m’anim ase wɔ adwumayɛfoɔ yi anim anaa?
Nanso na aka akyi dodo sɛ mɛsan m’akyi, enti metenaa captain akonnwa no mu, de me nsa too deɛ yɛde tu a menim dada na medɔ no so, na metee anigyeɛ a ɛwɔ wiemhyɛnka mu nka bio berɛ a wiemhyɛn kɛseɛ no de hoo faa ne kwan no so na ɛtu kɔɔ wiem.
Mede anigyeɛ ka sɛ wiemhyɛnka no kɔɔ yie, wiemhyɛn no ho anka, ɛna me din nso saa ara.
Ɛno mpo no, na suahunu no yɛ ahobrɛaseɛ ma me. Mewɔ me mmeranteberɛ mu no, ɛkame ayɛ sɛ na wiemhyɛnka abɛyɛ me su a ɛtɔ so mmienu. Afei, nneɛma a ɛnyɛ den no gyee m’adwene nyinaa.
Asuafoyɛ Hia Ahohyɛsoɔ
Me suahunu wɔ wiemhyɛn simulator afidie no mu no yɛ nkaebɔ a ɛho hia sɛ sɛ obi bɛtumi ayɛ biribi yie—sɛ ɛyɛ wiemhyɛnka, nhyɛmmaka, nneɛma dua, anaa nimdeɛ a—ɛhia ahohyɛsoɔ na ɔbɛtaa ayɛ.
Wobɛtumi de mfeɛ pii asua biribi anaa ama adomakyɛdeɛ anyini. Wobɛtumi ayɛ adwumaden ara ma abɛyɛ su a ɛtɔ mmienu ama wo. Nanso sɛ wodwene sɛ ɛno kyerɛ sɛ wobɛtumi agyae neyɛ ne adesua a, nkakrankakra wobɛhwere nimdeɛ ne tumi a wonyaa no berɛ bi no wɔ aboɔden so.
Yei fa nimdeɛ te sɛ woresua kasa, worebɔ nnwom adwinnadeɛ, ne woretu wiemhyɛn ho. Ɛsan fa Kristo suani a wobɛyɛ ho.
Ne tiawa mu no, suaniyɛ hia ahohyɛsoɔ.
Ɛnyɛ adeɛ a wɔyɛ no biarabiara, na ɛnsi ara kɛkɛ.
Yesu Kristo mu gyedie yɛ akyɛdeɛ, nanso ne gyeɛ yɛ boapayɔ adeyie a ɛhia yɛn “tumi, adwene ne ahoɔden” nyinaa ahofama. Ɛyɛ da biara adeyɛ. Dɔnhwere biara. Ɛhia adesua ne ahofama ho gyinaeɛsie a ɛkɔ so daa. Yɛn gyedie, yɛn nokorɛdie ma Agyenkwa no mu yɛ den berɛ a sɔretia a yɛhyia wɔ asetena yi mu no sɔ yɛn hwɛ. Ɛgyina ɛfiri sɛ yɛkɔ so tete no, yɛkɔ so de di dwuma ahoɔden so, na yɛmpa aba da.
Kwan foforɔ so no, sɛ yɛantumi amfa gyedie ne ne tumi a ɛtwe adwene anyɛ adwuma a, yɛbɛgye akyinnyeɛ wɔ nneɛma a berɛ bi na yɛbu no kronkron ho—yɛn gyedie wɔ nneɛma a berɛ bi na yɛnim sɛ ɛyɛ nokorɛ no so te.
Nsɔhwɛ ahodoɔ a na anka ɛrentumi nnaadaa yɛn no hyɛ aseɛ yɛ sɛ deɛ ɛnyɛ hu na ɛbɛyɛ akɔnnɔ kɛse.
Nnora adanseɛ gya no bɛtumi aka yɛn ho hye asi hɔ ara. Ɛhia daa nteteeɛ a akɔ so adɛre ahyerɛn.
Wɔ Apam Foforɔ mu no, Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ abɛbusɛm bi a ɛfa owura bi a ɔmaa n’asomfoɔ mu biara adwuma kronkron—sika dodoɔ a wɔfrɛ no talɛnte ho. Asomfoɔ a wɔde nsiyɛ de talɛnte no yɛɛ adwuma no maa ɛyɛɛ kɛse. Akoa a ɔde ne talɛnte no sieeɛ no hweree no awieeɛ no.
Asuadeɛ no? Onyankopɔn ma yɛn akyɛdeɛ ahodoɔ—nimdeɛ, tumi, akwanya—na Ɔpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma na yɛma ɛyɛ kɛseɛ sɛdeɛ ɛbɛtumi ahyira yɛn na ahyira Ne mma afoforɔ. Ɛno nsi berɛ a yɛde saa akyɛdeɛ no to pata so te sɛ abasobɔdeɛ a yɛtaa hwɛ ma yɛn ani gye. Yɛn akyɛdeɛ no yɛ kɛseɛ na ɛdɔɔso berɛ a yɛde yɛ adwuma nko ara.
Wowɔ Akyɛdeɛ
Ebia wobɛka sɛ: “Nanso Elder Uchtdorf, menni akyɛdeɛ anaa talɛnte biara—anyɛ koraa no, ebiara nni hɔ a ɛsom bo saa.” Ebia wohwɛ afoforɔ a wɔn akyɛdeɛ no da adi na ɛyɛ fɛ, a sɛ wode toto wo deɛ ho a ɛyɛ wo sɛ wonsɛ hwee. Wobɛtumi asusu sɛ wɔ honhom mu asetena no mu, wɔ akyɛdeɛ kɛseɛ ne talɛnte a woyi dodoɔ a wopɛ da no, ayɛ sɛ deɛ na ɛwɔ wo prɛte so no sua dodo—titire sɛ wode toto afoforɔ mprɛte a na wɔahyehyɛ no ma na ɛrebu so no ho a.
Ou, sɛdeɛ menyaeɛ a anka mɛtumi ayɛ wo atuu na maboa ma woate nokorɛ kɛseɛ yi ase sɛ: Woyɛ hann nipa a wɔahyira wo, Onyankopɔn a ɔnni awieeɛ bi honhom mu ba! Na wowɔ tumi bi a ɛboro w’ahoɔden a wode bɛsusu ho so wɔ wo mu.
Sɛdeɛ kasadwumfoɔ ahodoɔ aka no, woba asase so “a wowɔ ɔsoro abusuabɔ bi”!
W’ahyɛaseɛ abasɛm firi soro, na wo nkrabea nso saa ara. Wogyaa ɔsoro baa ha, nanso ɔsoro nnyaa wo da!
Wonyɛ adehunu bi kɛkɛ.
Wowɔ akyɛdeɛ!
Onyankopɔn aka wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu sɛ:
“Akyɛdeɛ pii wɔ hɔ, na wɔnam Onyankopɔn honhom so de akyɛdeɛ ma [onipa] biara.
“Wɔma ebinom baako, na wɔma ebinom foforɔ, [na] obiara nam so atumi anya mfasoɔ.”
Yɛn akyɛdeɛ no bi wɔ twerɛnsɛm mu. Bebree nte saa.
Sɛdeɛ nkɔmhyɛni kɛseɛ Moroni kaeɛ no, “Mpo Onyankopɔn akyɛdeɛ no, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso; na ɛfiri Onyankopɔn korɔ no ara hɔ.” Wɔbɛtumi ada wɔn ho adi wɔ “akwan ahodoɔ so; nanso ɛyɛ Onyankopɔn korɔ no ara na ɔyɛ ne nyinaa.”
Ɛbɛtumi ayɛ nokorɛ sɛ yɛn honhom mu akyɛdeɛ ahodoɔ no nyɛ deɛ ɛyɛ fɛ mmerɛ nyinaa, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛho nhia kɛse. Me ne mo nkyɛ honhom mu akyɛdeɛ ahodoɔ bi a mahunu wɔ asɔremma mu wɔ wiase nyinaa? Dwene ho sɛ ebia wɔde akyɛdeɛ baako anaa deɛ ɛboro saa ahyira wo, te sɛ:
-
Worekyerɛ ayamhyehyeɛ.
-
Worehunu nnipa a wɔbu ani gu wɔn so.
-
Worehwehwɛ sɛnti a ɛwɔ sɛ w’ani gye.
-
Woreyɛ ɔpatafoɔ.
-
Worehyɛ anwanwadeɛ nketenkete nso.
-
Worekamfo firi akoma mu.
-
Woderekyɛ
-
Woresakyera
-
Woregyina
-
Worekyerɛkyerɛ nneɛma mu tiawa.
-
Wo ne mmɔfra redi nkutaho.
-
Woreboa Asɔre akannifoɔ
Ebia worenhunu sɛ wɔreda saa akyɛdeɛ yi adi wɔ Ward Talɛnte Yɛkyerɛ akansie mu. Nanso mewɔ anidasoɔ sɛ wobɛtumi ahunu sɛdeɛ ɛsom bo ma Awurade adwuma ne sɛdeɛ ebia wonam w’akyɛde so aka, ahyira, anaa mpo agye Onyankopɔn mma no mu baako nkwa. Kae sɛ: “Ɛnam nneɛma nketenkete ne deɛ ɛnyɛ den so na nneɛma akɛseɛ ba.”
Yɛ Wo Kyɛfa Ketewa no
Me nuanom mmarima ne mmaa, adɔfoɔ, mebɔ mpaeɛ sɛ Honhom no bɛboa ama moahunu akyɛdeɛ ne talɛnte ahodoɔ a Onyankopɔn de ama mo. Afei, momma yɛn, te sɛ nkoa anokwafoɔ wɔ Awurade abɛbusɛm no mu no, mma ɛnnɔɔso na ɛnyɛ kɛse.
Da no bɛba a yɛbɛgyina yɛn Soro Agya a ɔwɔ ayamhyehyeɛ no anim abu yɛn adwuma ho akonta. Ɔbɛpɛ sɛ Ɔhunu deɛ yɛde akyɛdeɛ ahodoɔ a Ɔde maa yɛn no yɛeɛ—titire, sɛdeɛ yɛde hyiraa Ne mma. Ɔnim deɛ yɛteɛ ankasa, deɛ wɔayɛ yɛn sɛ yɛbɛyɛ, enti deɛ Ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no so.
Nanso Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛhuri kɛseɛ, akokoɔduro so, anaa aboro nnipa deɛ so aduru hɔ. Wɔ wiase a Ɔbɔeɛ mu no, onyini yɛ nkakrankakra na boasetɔ—nanso ɛkɔ so daa na ɛnnyae.
Kae sɛ ɛyɛ Yesu Kristo na wayɛ deɛ ɛboro nnipa deɛ so dada berɛ a Ɔdii owuo ne bɔne so nkonim no.
Yɛn kyɛfa ne sɛ yɛbɛdi Kristo akyi. Ɛyɛ yɛn kyɛfa sɛ yɛbɛdane afiri bɔne ho, akɔ Agyenkwa no nkyɛn, na yɛanante Ne kwan mu, bɔkɔɔ. Sɛ yɛyɛ yei, wɔ nsiyɛ ne nokorɛdie mu a, awieeɛ no yɛto sintɔ ne mfomsoɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn no gu na nkakrankakra wɔsiesie yɛn, kɔsi da a ɛwie pɛyɛ no a yɛbɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu no.
Yɛbɛtumi aduru nhyira no ho. Bɔhyɛ ahodoɔ no wɔ hɔ. Ɛpono no abue kakrakaa. Yɛn na yɛbɛyi sɛ yɛbɛwura mu na yɛahyɛ aseɛ.
Ahyɛaseɛ no bɛtumi ayɛ ketewa. Nanso ƐYƐ.
Sɛ gyedie yɛ mmerɛ a, fa Kristo Yesu mu anidasoɔ ne Ne tumi a ɔde te ho no hyɛ aseɛ.
Yɛn Agya ka sɛ mma yɛnkɔ gyedie ne asuafoɔyɛ haw yi mu sɛ nsrahwɛfoɔ kɛkɛ na mmom sɛ agyedifoɔ a yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu gya Babilon na wɔde wɔn akoma, adwene, ne wɔn anammɔn si Sion so.
Yenim sɛ yɛn mmɔdemmɔ nko ara rentumi mma yɛnkɔ ɔsoro. Nanso wɔbɛtumi ama yɛayɛ anokwafoɔ ama Yesu Kristo, Ɔno bɛtumi ama yɛakɔ ɔsoro.
Esiane yɛn Agyenkwa dɔfoɔ no nti, biribiara nni hɔ a yɛfrɛ no nkoguo tebea. Sɛ yɛde yɛn anidasoɔ ne yɛn gyidie hyɛ Ne mu a, yɛn nkonimdie bɛba. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ yɛbɛnya N’ahoɔden, Ne tumi, N’adom a ɛdɔɔso no. Bɔkɔɔ, nkakrankakra, yɛbɛbɛn saa da kɛseɛ a ɛwie pɛyɛ no berɛ a yɛne No ne yɛn adɔfoɔ bɛtena daapem anuonyam mu.
Sɛ yɛbɛduru hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn kyɛfa nnɛ ne da biara. Yɛda ase wɔ anammɔn a yɛtuu no nnora no ho, nanso yɛnnyae wɔ hɔ. Yɛnim sɛ yɛda so wɔ kwan tenten twa, nanso yɛmma ɛno mmu yɛn aba mu.
Ɛno ne onipa ko a yɛyɛ no mu ade titire—sɛ Kristo akyidifoɔ.
Mehyira na mehyɛ Asɔreba biara, ne obiara a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛka ho nkuran sɛ nya Agyenkwa no mu gyedie na fa w’akoma nyinaa yɛ wo kyɛfa wɔ boasetɔ ne nsiyɛ mu—na w’anigyeɛ bɛtumi ahyɛ ma, na da bi, wobɛnya deɛ Agya no wɔ nyinaa. Yei na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.