Amansan Nhyiamu
Deɛ Wɔde Nnepa Mu Ahohyɛsoɔ Asiesie No
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


15:8

Deɛ Wɔde Nnepa Mu Ahohyɛsoɔ Asiesie No

Meto nsa frɛ yɛn nyinaa anibere so sɛ yɛmfa Kristo su pa a ɛne ahosodie nsiesie yɛn adwene ne yɛn koma.

Wɔ Kotonimma bosome 2021 berɛ a na ɔrekɔ nsrahwɛ wɔ nsiesie adwuma a na ɛrekɔ so wɔ Salt Lake Tɛmpol no, ɛyɛɛ Titenani Russell M. Nelson nwanwa sɛdeɛ adikanfoɔ no a wɔnam akadeɛ nketenkete ne gyedie a ɛnhinhim so sii saa kronkron dan kɛseɛ a agyina bɛsi nnɛ yi. Mmom, ɔhunu sɛdeɛ mmerɛ a atwam no, susuan adidi ahyɛaseɛ fapem no aseɛ ne adanseɛ adwuma no kyerɛɛ pefee hia a na ɛhia sɛ wɔhyɛ ɛdan no ahoɔden no mu kena.

Titenani Nelson wɔ Salt Lake Temple no akyi

Afei yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ no kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, sɛdeɛ na ɛhia sɛ wɔde nhyehyɛeɛ gu akwan mu a ɛbɛma tɛmpol no fapem no anya ahoɔden na atumi agyina nsunsansoɔ a ɛnam abɔdeɛ so ba ano no, saa ara nso na ɛhia sɛ yɛfa nhyehyɛeɛ soronko so—ebia nhyhyɛeɛ a yɛnyɛɛ bi da so—de hyɛ yɛn ara yɛn honhom mu ahoɔden a ɛwɔ Yesu Kristo mu no den. Ɔgyaa yɛn nsɛmmisa mmienu a ɛmu dɔ sɛ yɛn ara nwedwene ho “Wo fapem gyina hɔ pintinn anaa? Na ahoɔden bɛn na w’adansedie ne wo nteaseɛ fa asɛmpa no ho hia?”

Yesu Kristo asɛmpa no ma yɛn akwan a ɔsoro honhom kaa yɛn na ɛtu mpɔn a yɛde bɛsi honhom mu ɔsɛeɛ a ɛwɔ yɛn kra mu no ano, de tumi hyɛ yɛn fapem mu den na ɛboa yɛn ma yɛkwati nsonsonoeɛ a ɛwɔ yɛn gyidie mu na yɛnnyina pintinn wɔ yɛn adansedie ne yɛn nteaseɛ a yɛwɔ wɔ asɛmpa no mu nokorɛ kronkron no nyinaa mu. Nyinasoɔ pɔtee baako a ɛhohia a ɛbɛma yɛanya saa botaeɛ yi no, wɔhu no wɔ Apam Ne Nkyerɛkyerɛ fa a ɛtɔ so 12, a ɛyɛ adiyie bi a wɔnam nkɔmhyɛni Joseph Smith so de maa Joseph Knight, a na ɛyɛ ɔteneneeni bi a ɔfirii akoma pa mu hwehwɛɛ sɛ ɔbɛte Awurade pɛ ase a ɛnyɛ nsakraeɛ a ɛpue adi ara kwa nti na mmom sɛdeɛ ɔbɛtumi agyina pintinn wɔ n’akyidie mu—pintinn sɛ ɔsoro fadum.” Awurade aka sɛ:

“Hwɛ, mekasa kyerɛ wo, ne wɔn nyina ara a wɔn wɔ ɔpɛ nso sɛ wɔde saa adwuma yi bɛpue adi na aseɛ atim;

“Na obiara ntumi mmoa wɔ saa adwuma yi mu gye sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔdɔ hyɛ no ma, ɔnya gyedie, anidasoɔ, ne ɔdɔ mapa, ɔkyerɛ anidahɔ ade nyina ara mu, ma biribiara a wɔde bɛhyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so.”

Agyenkwa no akwankyerɛ a wɔatwerɛ wɔ saa adiyie kronkron yi mu no kae yɛn sɛ, ahohyɛsoɔ yɛ yɛn ahoɔden kɛseɛ a ɛhia ma fapem pintinn wɔ Yesu Kristo mu. Ɛyɛ nnepa mu baako a yɛrentumi nnyi mfiri mu, a ɛnni hɔ ma wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛsom nko ara, na mmom obiara a ɔne Awurade ayɛ apam kronkron na ɔgyetom sɛ ɔbɛdi n’akyi wɔ nokorɛ mu. Ahohyɛsoɔ boa ma Kristosu afoforɔ a wabobɔ din wɔ wɔ saa adiyie yi mu nya ahoɔden, ahobrɛaseɛ, gyedie, anidasoɔ, ɔdɔ mapa ne ɔdɔ kann a ɛnam ne mu. Afei nso ahohyɛsoɔ su yɛ ɔkwan pa a yɛnam so bɔ yɛn kra ho ban firi nneɛma nketenkete binom a ɛnam ewiase nhyɛsoɔ so ba a ɛbɛtumi ahodwo yɛn fapem wɔ Yesu Kristo mu no.

Wɔ nnepa a ɛsiesie nokorɛ Kristo akyidifoɔ mu no, deɛ ɛda adi sononko koraa yɛ Yɛ Agyenkwa no ara nipasu, honhom mu aba a ɛsombo a ɛwɔ hɔ ma obiara a ɔgyae ne ho ma ɔsoro nhyɛsoɔ. Ɛyɛ adepa a ɛde asomdwoeɛ ma akoma na ɛtenetene apɛdeɛ ne adwene wɔ nyansa ne ɔdwoɔ mu. Wɔ twerɛnsɛm mu no, ahohyɛsoɔ gyina hɔ ma adeɛ a ɛhia wɔ yɛn honhom akwantuo kankɔ mu, a ɛde yɛn kɔ abotrɛ, nyamesu ne mmɔbrɔhunu mu, berɛ a ɛresɔne yɛn atenka, yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛɛ so.

Kristo akyidifoɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔnante saa Kristosu nnepa yi so no bɛyɛ kɛse wɔ ahobrɛaseɛ mu, na ɔdɔ hyɛ wɔn ma. Ɔdwoɔ ne asomdwoeɛ da adi wɔn mu na wɔkɔ nkan wɔ wɔn abufuo berɛ mu, wɔnya abotrɛ, wɔsosɔ afoforɔ so wɔ obuo ne anidie mu, mpo wɔ berɛ a ahohiahia hunahuna wɔn kɛse mu. Wɔpere sɛ wɔnni atumisɛm na mmom wɔde honhom mu nyansa a ɔdwoɔ ne honhom kronkron nhyɛsoɔ di kan. Saa kwan yi so no, honhom mu susuan ntumi wɔn bebree ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Paul kyerɛkyerɛɛ aseɛ no, wɔnim sɛ wɔtumi adeɛ nyinaa yɛ ɛnam Kristo a ɔhyɛ wɔn den no mu mpo wɔ nsɔhwɛ mmerɛ mu a anka ɛbɛtumi ahinhim wɔn adansedie a ɛwɔ ne mu no.

Wɔ ne nwoma a ɔtwerɛ kɔmaa Titus mu no, Paul maa honhom mu afotuo a ɛfata wɔn a wɔpɛ sɛ wɔgyina Agyenkwa no anan mu na wɔde gyedie ne ahofama yɛ w’apɛdeɛ. Ɔkaa sɛ, ɛsɛ wɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, wɔtene na wɔn ho te—suban a ɛda ahohyɛsoɔ nhyɛsoɔ adi pefee.

Na mmom, Paul bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ahopɛfoɔ, abufufafoɔ, [ne] pupopupo.” Suban a ɛtete saa no ne Agyenkwa no adwene bɔ abira na ɛhinta honhom mu nyini. Wɔ honhom mu no, “nyɛ ɔhopɛfoɔ” ne gyina hɔ ma obi a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adeɛ bi wɔ ahomasoɔ ne dwɛɛ mu; “nyɛ abufafoɔ” yɛ obi a ɔhyɛ ne ho so na ɔmma nipasu tebea mma no nsi abotrɛ na asɛm ntutu no; na “ɔnyɛ pupopupo” no gyina hɔ ma obi a ɔmpɛ apereapereɛ, ntɔkwa ne kasa mu atɛmdidie, honam mu ne adwene mu. Berɛ a yɛpere sɛ yɛsesa yɛn suban wɔ gyedie ne ahobrɛaseɛ mu no, yɛbɛtumi agyina pintinn wɔ N’adom botantim no mu na yɛabɛyɛ adwinneɛ turodoo a wasiesie wɔ Ne nsa kronkron no mu.

Hannah ne Samuel

Meredwendwene hia a ɛhia sɛ yɛsua nnepa a ɛwɔ ahohyɛsoɔ mu no, ɛkae me Hannah a na ɔyɛ nkɔmhyɛni Samuel maame—ɔbaa a na ɔwɔ gyedie sononko a mpo wɔ ne nsɔhwɛ akɛseɛ akyiri no, too ayɛyinwom maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Monnkasa ahantan kasa bebree saa; momma asɛm denden mmfiri mo anomu, na Awurade ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.” Ne nnwom sen mpaebɔ—ɛyɛ deɛ ɛkɔ ma ɔnoara sɛ yɛde ahobrɛaseɛ, ahohyɛsoɔ, ne susudua to deɛ yɛyɔ biara ho. Hannah kae yɛn sɛ ɛnyɛ atumisɛm anaa ahomasoɔ kasa mu na yɛdekyerɛ nokorɛ honhom mu ahoɔden, na mmom, wɔ suban a ɛmu dɔ a ɛnam Awurade nyansa so.

Baabiara, ewiase pagya nneyɛɛ a ɛfiri ntɔkwapɛ, abotrɛ a yɛnnie mu, na wɔtaa gye saa suban yi tom ɛnam daadaa abrabɔ mu ahokyerɛ mu, na wɔhwehwɛ nnyetom ne dingyeɛ. Sɛ yɛyi yɛn ani firi nnepa a ɛwɔ ahohyɛsoɔ mu na yɛde ɔdwoɔ ne susudua nhyɛsoɔ a Honhom Kronkron no de ma yɛn wɔ nneyɛɛ ne kasa mu a, yɛpre tɔ ɔtamfo no fidie mu so ntɛm a ɛno nso ma yɛkeka nsɛm bi na na yɛfa suban bi a yɛbɛ nu yɛn ho yie, sɛ ɛyɛ y’asetena mu, abusua mu anaa mpo yɛn nyamedwuma nkutahodie mu. Yesu Kristo nsɛmpa no kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa saa adepa yi ntu anammɔn titire wɔ akwansideɛ mmerɛ mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ saa mmerɛ yi mu pɔtee na ankorankorɛ suban turodoo no da adi. Sɛdeɛ berɛ bi Martin Luther King Jr kaa sɛ, “Ɔbarima susudua turodoo, nnyɛ baabi a ɔgyina wɔ ahotɔ ne ateyie mmerɛ mu na mmom baabi a ɔgyina wɔ akwansideɛ ne sakasaka mmerɛ mu.”

Sɛ apam nkurɔfoɔ no, wɔafrɛ yɛn sɛ yɛmmɔ bra a ɛde yɛn akoma nya nhini a ɛgyina pintinn wɔ apam kronkron a yɛne Awurade ayɛ, na yɛde ahwɛyie bɛdi ɔsa a ɔnam ne nhwɛsoɔ pa so atwa ama yɛn no so. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ , wei ne me nkyerɛkyerɛ, na obiara a ɔsi ne dan wɔ yei so no si no wɔ me botan so, na asamando pono renni wɔn so nkunim.”

Agyenkwa no

Mommma mo akoma nntutu, nso mommma mo mmɔ hu

Wɔ Agyenkwa no asaase so ahennie mu no nnepa a ɛwɔ ahohyɛsoɔ mu no daa adi wɔ Ne suban ahodoɔ biara mu. Ɔnam Ne nhwɛsoɔ pa so kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, “yɛnnya abotrɛ wɔ amanehunu mu, nsopa wɔn a wɔsopa.” Sɛdeɛ ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ ma yɛma yɛn bo mfu ɛnam ntawantawa ne apereapereɛ nti, Ɔpaee mu kaa sɛ, “Monsakyera, na mo nyɛ sɛ akwadaa ketewa.” Ɔsan nso kyerɛkyerɛɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔde n’akoma nyina ara ba ne hɔ no ɛsɛ sɛ wɔsiesie wɔne wɔn a wɔwɔ ntawantawa no ntam. Ɔde ahohyɛsoɔ su ne ahummɔbrɔ akoma na ma yɛn awerɛhyɛm sɛ, wɔyɛ yɛn ayakayakadeɛ, wɔne yɛn anni no yie, wamfa anidie amma yɛn anaa wɔyi yɛn totwene a, N’ayamhyɛ remfiri yɛn so da na ɔrennyi N’asomdwoeɛ apam no mfiri yɛn abrabɔ mu

Mfeɛ kakra bi a atwam no me ne me yere nyaa ho kwan kronkron bi sɛ me ne asafomma agyedifoɔ bi nom hyia wɔ Mexico ahenkuro mu. Na wɔn mu bebree nam wɔn ankasa anaa wɔn adɔfoɔ binom so afa nsɔhwɛ bi a ɛnam yɛ den a na ɛbi yɛ nnɔmmum fa, abusua asehyeɛ ne atoyerɛnkyɛm a ɛte akoma ahodoɔ mu.

Sɛ yɛhwɛ anim a na yɛnnhunu abufuo, yeadie anaa ɔpɛ bi sɛ wɔtɔ werɛ. Mmom yɛhunuu ahobraseɛ dinn. Ɛwom sɛ na wɔn anim kyerɛ awerɛhoɔ a ɛrekyerɛ sɛ wɔde akoma pa rehwehwɛ ntotoeɛ awerekyekyerɛ bi. Ɛwom sɛ na wɔn akoma nam ɔbrɛ mu aboto nanso saa Ahotefoɔ yi pem kɔɔ anim wɔ Yesu Kristo gyedie mu, na wɔfaa sɛ wɔremma wɔn amaneɛ mmɛyɛ sintɔ wɔ wɔn gyedie mu anaa ɛmfa ahinhimahinhim biara mma wɔn adansedie a wɔwɔ fa n’asɛmpa no ho.

Saa nhyiamu kronkron no baa awieeɛ no yɛkyeakyeaa obiara. Nkyea biara, atuu biara bɛyɛɛ adansedie dinn sɛ, sɛ Awurade boa yɛn a yɛbɛtumi afa sɛ yɛde ahohyɛsoɔ bɛgyina ɔbra mu akwansideɛ biara a ɛtwintwan yɛn anan mu. Wɔn koomyɛ nhwɛsoɔ no gyinaa hɔ maa ɔdwoɔ fri sɛ ade nyinaa mu no, yɛnante Awurade anammɔn so wɔ ahohyɛsoɔ mu. Yɛnyaa atenka te sɛ deɛ na yɛgyina abɔfoɔ anim.

Yesu Kristo, ɔno a ɔyɛ kɛse sen wɔn nyinaa no, ɔhunuu amane maa yɛn kɔpem sɛ mogya firii ne honam ani tokuro biara mu baaeɛ, nanso wamma abufuo anhuru N’akoma, anaa mpo ntɔkwapɛ, kasatia anaa kasafii biara amfiri nano wɔ saa amanehunu a ɛte sei no mu. Ɔnam ahohyɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ ne ɔdwoɔ a ɛnni sɛsoɔ so, Wannwene ɔno nko ara ho na mmom Onyankopɔn ba biara—dada nnɛ yi ne daakye. Ɔsomafoɔ Peter dii Kristo suban nwanwasoɔ ho adanseɛ berɛ a ɔpaee mu kaa sɛ; “Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, na wanhunahuna, na ɔde hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.” Mpo wɔ berɛ a na ɔgyina Ne yea kɛseɛ mfinimfini mu no, Agyenkwa no daa ahohyɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ a ɛfiri soro adi. Ɔpaee mu kaa sɛ “Nanso, animuonyam nka Agya no, na me nomee na mewiee m’ahoboaboa biara maa adasamma.”

Menuanom marimma ne mmaa, mede anibrɛso to nsa frɛ mo wɔ akoma pa mu sɛ yɛmfa Kristosu nnepa a ɛwɔ ahohyɛsoɔ mu no sɛ nhyɛsoɔ a yɛde ma Titenani dɔfoɔ Russell M. Nelson, wɔ ne nkɔmhyɛ nkra a ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛfa akwan sononko so de ma yɛn honhom mu fapem a ɛwɔ Yesu Kristo mu no yɛ den no. Berɛ a yɛde gyedie ne nkoden nwene ahohyɛsoɔ wɔ yɛn nneyɛɛ ne yɛn nsɛm mu no, Medi adanseɛ sɛ yɛbɛma yɛn bra anya ahoɔden na agyina pintinn wɔ yɛn Gyefoɔ no fapem no so.

Medi m’adanseɛ anibereɛ so sɛ, sɛ yɛhwehwɛ ahohyɛsoɔ akyire kwan a ɛbɛma yɛn kra ho afi na ate yɛn akoma ho wɔ Agyenkwa no anim na ɛde yɛn bɛbɛn No na ɛde anisoɔ ne asomdwoeɛ bɛsusu yɛn ama saa animuonyam da no.yɛbɛhyia No wɔ Ne mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu. Me ne mo kyɛ saa kronkron nsɛm yi wɔ yɛn Agyenkwa Yesu Kristo din mu, amen.