Mormon Nwoma no—Agyapadeɛ a Wɔnntumi Nsusuo wɔ Yɛn Akwantuo yi mu
Berɛ a yɛsua Kristo nsɛm wɔ Mormon Nwoma no mu no, Honhom no bɛboa yɛn ama yɛate daa nokorɛ ahodoɔ ase.
So wobɛtumi akae berɛ tiawa bi a obi maa wo akyɛdeɛ bi a ɛsesaa w’abrabɔ? Ahinime yi yɛ mfeɛ 40 firi berɛ a menyaa akyɛdeɛ kɛseɛ no mu baako a ɛkyɛn so wɔ m’asetena mu. Berɛ a na mewɔ ntoasoɔ sukuu mu no, mehunuu sɛ yɛn mfɛfoɔ asukuufoɔ no mu baako wɔ hann bi a ɛyɛ sononko wɔ mmabunu afoforɔ dodoɔ no ara ho. M’ani gyee ho sɛ na mɛka ne ho. Da koro bi ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no asɔreba. Afei ɔde akyɛdeɛ bi maa me: Mormon Nwoma no bi. Ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkenkan nkratafa kakra bi na me ne me nnamfo baanu a wɔbɛtumi abua me nsɛmmisa no. Na saa nnamfoɔ no ne asɛmpatrɛfoɔ no.
Berɛ a me ne asɛmpatrɛfoɔ no hyiaeɛ no, wɔkyerɛɛ me Kristo nkyerɛkyerɛ no na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menni nkɔmhyɛni Moroni nkratoɔ no akyi: “Na sɛ mo nsa ka saa nneɛma yi a, metu mo fo sɛ mommisa Onyankopɔn, Agya a Ɔnniawieeɛ no, wɔ Kristo din mu, sɛ saa nneɛma yi nnyɛ nokorɛ a; na sɛ mode akoma kann, ne adwene pa, na monya gyedie wɔ Kristo mu a, ɔnam Sunsum Kronkron no tumi so bɛda nokorɛ a ɛwɔ mu no adi akyerɛ mo” (Moroni 10:4).
Mekenkanee Mormon Nwoma no nkratafa pii na mebɔɔ mpaeɛ. Ɛwom sɛ na mennya nnyaa nneɛma a asɛmpatrɛfoɔ no rekyerɛkyerɛ me no nyinaa ho nteaseɛ a emu dɔ deɛ, nanso metee nka wɔ m’akoma mu sɛ nea merekenkan no yɛ na ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Me nsa kaa Moroni bɔhyɛ no ho adanseɛ: “Na ɛnam Sunsum Kronkron tumi no so, mobɛhunu nokorɛ a ɛwɔ nneɛma nyinaa mu” (Moroni 10:5).
Berɛ a wɔbɔɔ me asu kɔɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu akyire yi no, nnamfoɔ bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma magye adi sɛ masi gyinaeɛ a ɛntene. Berɛ biara a mehyiaa nsɛm denden a ɛte saa no, menyaa si so dua ɛnam atwerɛsɛm no a mesuaeɛ na mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛkɔ so adi apam ahodoɔ a me ne Onyankopɔn akɔ no so. Ɛfiri saa berɛ no, Mormon Nwoma no ayɛ me yɔnko na abɛyɛ ademudeɛ a ɛnni ano wɔ mewuo tebea akwantuo yi mu.
Mormon Nwoma no nyɛ nwoma bi kɛkɛ. Ɛyɛ Yesu Kristo ho adanseɛ foforɔ, a tete adiyifoɔ pii nam nkɔmhyɛ ne adiyie honhom so na ɛtwerɛeɛ.
Abasɛm titire kɛseɛ pa ara a wɔatwerɛ wɔ Mormon Nwoma no mu no ne Awurade Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɔde maa Nephifoɔ wɔ Ne Wusɔreɛ akyi no. Mormon Nwoma no “da asɛmpa no ne nkyerɛkyerɛ no adi, ɛda nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no adi, na ɛka deɛ ɛsɛ sɛ nnipa yɛ a ɔnam so bɛnya asomdwoeɛ wɔ saa asetena yi mu na wanya nkwagyeɛ a ɛnni awieɛ wɔ asetena a ɛreba no mu” (Mormon Nwoma no nnianimu).
Mormon Nwoma: Yesu Kristo Apam Foforɔ a Edi Kan no, wɔtintimii wɔ kuro ketewa bi mu wɔ New York mantam mu wɔ Ɔbɛnem 1830 mu. Na Kɔmhyɛni Joseph Smith adi mfeɛ 23 berɛ a ɔwiee nwoma no nkyerɛaseɛ no wɔ 1829 mu. Ɛkame ayɛ sɛ ɔkyerɛɛ nwoma no nyinaa ase a annuru nnafua 75 na nwoma no tintim no gyee bɛyɛ abosome nson.
Ɛnnɛ, bɛyɛ asɛmpatrɛfoɔ a wɔde wɔn berɛ nyinaa yɛ adwuma 80,000 wɔ aman bɛboro 150 so resom sɛ atuwohoakyɛfoɔ, na wɔde wɔn abrabɔ redi adanseɛ sɛ Mormon Nwoma yɛ nokorɛ na ɛdi Yesu Kristo ho adanseɛ.
Wɔ amantam nhyiamu a ɛtwa toɔ a wɔyɛɛ maa asɛmpatrɛ atitenafoɔ foforɔ wɔ saa afe yi bosome Ayɛwohomumɔ da no, Titenani Russell M. Nelson, kyɛɛ ne Mormon Nwoma ho adansedie a tumi wom: “Mormon Nwoma yɛ Onyankopɔn asɛm. Ɛkyerɛkyerɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu na ɛkyerɛkyerɛ Agyenkwa no Mpata ho nsɛm pii mu sen nwoma foforɔ biara.”
Mepɛ sɛ mede adwenkyerɛ mmiɛnsa a ɛbɛtumi aboa ama yɛn nsakraeɛ a ɛkɔ Yesu Kristo mu akɔ akyiri ɛnam Mormon Nwoma no adesua so:
1. Fa Nsiyɛ na yɛ Pɛpɛɛpɛ wɔ wo Daadaa Adesua mu
Tesɛ Alma ne Mosiah mma mmarima no, ɛsɛ sɛ yɛ “[hwehwɛ] twerɛnsɛm no mu yie, na ama [yɛn] ahunu Onyankopɔn asɛm” na yɛanya ahoɔden wɔ nokorɛ no mu (Alma 17:2).
Berɛ a na meresom sɛ akannifoɔ wɔ Georgia Atlanta Asɛmpatrɛ Dwumadie mu no, yɛhyɛɛ asɛmpatrɛni biara sɛ wɔnsua Mormon Nwoma no bɛyɛ sima 30 dabiara. Saa ahofama no maa yɛn gyedie yɛɛ kɛse na ɛboaa yɛn ma yɛhwehwɛɛ anwanwadeɛ na yɛhwɛɛ kwan.
Ɛbɛtumi aba sɛ berɛ a yɛbɛwie asɛmpatrɛ adwuma akyire yi no, yɛrennya berɛ dodoɔ korɔ mfa nsua twerɛsɛm no da biara, nanso mehyɛ bɔ sɛ, sɛ wode nokorɛ dwennwene ho sɛ wobɛkan Mormon Nwoma no da biara da abɔ mpaeɛ a, wobɛnya honhom mu ahoɔden ne ahotɔ kɛseɛ wɔ Awurade ne Ne bɔhyɛ mu.
2. Ma W’adesua no Nyɛ nea Nteaseɛ Wom Kɛse Ɛnam Kristo Nsɛm a Wobɛdi so no
Nephi kyerɛɛ sɛ “Mo nnidi wɔ Kristo nsɛm mu; na hwɛ, Kristo nsɛm no bɛka nneɛma no nyinaa akyerɛ mo, deɛ ɛsɛ sɛ mo yɛ” (2 Nephi 32:3).
Sɛ wobɛdi no kyerɛ sɛ ɛnyɛ akenkan ara kwa—ɛkyerɛ sɛ wobɛma wo ho ayɛ dɛ, wobɛdwendwen ho, na wode adi dwuma. Berɛ a woresua Mormon Nwoma no, susu akwan a wobɛfa so ama wo twerɛsɛm no ayɛ nea nteaseɛ wom kɛse. Sɛ nhwɛsoɔ no:
-
Fa adesua aboadeɛ a ɛwɔ Gospel Library app.
-
Hyɛ daa nokorɛ ahodoɔ a ɛboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ase na ɛma yɛn ne yɛn Soro Agya no yɛ apam na yɛkɔ so yɛ no nso.
-
Twe adwene si kasasini atitire so na twerɛ wo nsusuiiɛ ahodoɔ no na ama woakora nea woasua wɔ w’adesua no mu.
Mormon Nwoma no wɔ tumi a ɛbɛma yɛabua yɛn akra nsɛmmisa. Ɛwɔ sɛ “yɛde twerɛnsɛm nyinaa toto yɛn ho, na ama ayɛ yɛn mfasoɔ ne adesua” (1 Nephi 19:23).
Berɛ a yɛredi Kristo nsɛm no, wɔbɛbue adiyisɛm pono ama na wɔakyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu tebea ahodoɔ mu na yɛabɛn no.
3. Di Wo Adanseɛ a ɛfa Nokorɛ a Mormon Nwoma no yɛ ho
Sɛnea Lehi pɛɛ sɛ ɔne n’abusua kyɛ nkwa dua no aba no (hwɛ 1 Nephi 8:12), sɛ yɛnya Mormon Nwoma no ho adanseɛ a, yɛnya ɔpɛ sɛ yɛbɛkyɛ anigyeɛ a ɛfiri Yesu Kristo asɛmpa no a yɛnim no mu.
Yɛn asɛmpatrɛfoɔ no mu baako, Onuabaa Benson, a ɔne yɛn rekɔ nhyiamu yi, kaa nea ɔpɛ sɛ ɔboa ne nuabarima kumaa no ho asɛm kyerɛɛ me. Saa berɛ no, na ɔresiesie ne ho sɛ ɔbɛkɔ kɔlege, na na ɔnye ne ho nni sɛ ɔbɛsom asɛmpatrɛ adwuma bi. M’ani gyee ho sɛ mɛto nsa afrɛ Onuabaa Benson sɛ ɔnkenkan Mormon Nwoma no wɔ n’asɛmpatrɛ adwuma no bosome nnan a ɛdi kan no mu, ɔnhyɛ twerɛnsɛm a n’ani gye ho nso, na afei ɔmfa nkɔma ne nuabarima no.
Onuabaa Benson de Mormon Nwoma no bi a wɔahyɛ no nnso na ɔtoo nsa frɛɛ ne nuabarima sɛ ɔnkenkan emu nsɛm anadwo biara. Akyire yi ɔne me kyɛɛ asɛm sɛ: “Ansa na m’asɛmpatrɛ adwuma no reba no, na me nuabarima no nnim sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom berɛ nyinaa asɛmpatrɛ adwuma. Nkakrankakra, berɛ kɔɔ so, berɛ a ɔkenkan Mormon Nwoma no, ɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ wɔ n’asetena mu na ɔfirii aseɛ susuu ho sɛ ɔbɛsom asɛmpatrɛ adwuma.”
Nnawɔtwe mmienu ansa na Onuabaa Benson rewie n’asɛmpatrɛ adwuma no, ne nuabarima nso nsa kaa n’asɛmpatrɛ adwuma frɛ. Mprempren ɔresom wɔ Mexico Tuxtla Gutiérrez Asɛmpatrɛ Adwuma mu. Ɛnam Mormon Nwoma no so, Elder Benson baa n’asetena mu a honhom mu nteaseɛ, a ɛmaa ɔsom Awurade na ɔwɔ ahotosoɔ sɛ nneɛma bɛkɔ yie. Na saa agyinasie no yɛ anwanwadeɛ—a Kristo nsɛm no tumi nyaa so nkɛntɛnsoɔ.
Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, mehyɛ mo nyinaa nkuran sɛ monhyɛ Mormon Nwoma no ho adesua no mu kena. Berɛ a yɛsua Kristo nsɛm a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no, Honhom no bɛboa yɛn ama yɛate daa nokorɛ ahodoɔ ase na yɛakyɛ yɛn adansedie no ɔhyew so akyerɛ afoforɔ a Awurade asiesie wɔn no sɛ wɔbɛte Ne nkrasɛm no. Awurade kaa sɛ, “Na wɔn a mayi wɔn no te me nne na wɔnnyɛ wɔn akoma den” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 29:7). Medi adanseɛ sɛ wɔn a wɔde gyidie bisa Onyankopɔn no bɛnya Mormon Nwoma no nokorɛ ne ne nyamesu ho adanseɛ ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so. Yei na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.