Hunu Onipasu a Woyɛ Ankasa
Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ wɔ yɛn suaniyɛ kwan so no, sɛ yɛte nnipasu a yɛyɛ ase yie a yɛn abrabɔ bɛsesa koraa afiri ahyɛaseɛ no.
Mfeɛ bebree a atwam, yɛn babaa nyaa suahunu kɛseɛ bi berɛ a na ɔwɔ mission. Wama me ho kwan sɛ menkyɛ deɛ ɔtwerɛ brɛɛ yɛn saa naawɔtwe no mu bi.
“Ɛnora, asɔreba bi a wasan aba frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra ntɛm so. Yɛkɔduruu hɔ no, yɛhunuu sɛ na ɔda fam a ɔresu denneennen. Yɛhunuu wɔ nisuo no mu sɛ na wahwere n’adwuma, wɔrebɛtu no afiri bea a na ɔteɛ na wasan abɛda abɔnten so bio.
Yɛn babaa no toaa so sɛ: “Mehyɛɛ aseɛ ahoɔhare so hwehwɛɛ twerɛnsɛm mu bɔɔ mmɔden sɛ mɛhunu biribi—biribiara a ɛbɛboa no. Megue so rehwehwɛ nkyekyɛmu bi a ɛfata no, medwenee sɛ, Deɛn na mereyɛ yi? Nyɛ yei na anka Kristo bɛyɛ. Yei nnyɛ ɔhaw a mɛtumi asɔ ano, nanso yei yɛ Onyankopɔn ba a ɔhia me mmoa. Enti metoo twerɛsɛm no mu, buu nkotodwe wɔ ne nkyɛn na mesɔɔ ne mu berɛ a na yɛresu bɔ mu, kɔsii sɛ ɔyɛɛ krado sɛ ɔbɛsɔre na wagyina nsɔhwɛ yi ano.”
Ɔbaa yi werɛ kyekyeeɛ akyire no, afei yɛn babaa no bɔɔ mmɔden de twerɛnsɛm no boaa no sɛdeɛ ɔbɛte aseɛ sɛ ɔsom bo yie wɔ Onyankopɔn anim na wɔakyerɛkyerɛ no nokorɛ fapem pa ara baako a ɛfa yɛn asetena ho—sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ yɛn, Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehyeɛ a ɛwie pɛyɛ ma yɛn berɛ a yɛhunu amaneɛ na ɔyɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn berɛ a yɛsan sɔre.
Nteaseɛ wɔ mu yie sɛ nkyerɛkyerɛ nnyinasoɔ a ɛdi kan a yɛn asɛmpatrɛfoɔ kyerɛkyerɛ ne sɛ Onyankopɔn yɛn Soro Agya dɔfoɔ. Nokorɛ biara ɛdi soɔ gyina nnipasu a yɛyɛ ankasa nteaseɛ fapem so.
Onuabaa H. Porter, Primary Amansan Titenani, kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ wonim na wote sɛdeɛ wɔdɔ wo yie sɛ Onyankopɔn ba ase a, ɛsesa biribiara. Ɛsesa ɔkwan a wonam so nya atenka fa wo ara wo ho berɛ a woayɛ mfomsoɔ. Ɛsesa sɛdeɛ wote nka berɛ a nneɛma a ɛmu yɛ den sie. Ɛsesa wo nsusuiɛ fa Onyankopɔn mmaransɛm ho. Ɛsesa wo nsusuiɛ fa afoforɔ ho ne w’ahoɔden a ɛma wotumi de nsakraeɛ ba.”
Wɔkyerɛkyerɛ saa nsakraeɛ yi mu berɛ a yɛkenkan suahunu a Mose nyaaeɛ berɛ a ɔne Onyankopɔn kasaa anim-ne-anim. Wɔ saa nkutahodie no mu no, Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ Mose mpɛn pii fa ne soro abusuabɔ ho, sɛ “Mose, woyɛ me babarima.” Onyankopɔn kyerɛɛ mu sɛ na Mose yɛ Ne Ba a Wɔwoo no Koro no nsɛsoɔ. Mose bɛtee onipasu a na ɔyɛ ase pefee, sɛ na ɔwɔ adwuma bi yɛ, na na ɔwɔ Soro Agya dɔfoɔ bi.
Saa suahunu yi akyi no, Ɔsɛefoɔ no baeɛ bɛsɔɔ no hwɛeɛ na ntɛm ara, ɔbɔɔ ne din sɛ “Mose, onipa ba.” Yei yɛ akodeɛ a yɛnim na ɛyɛ hu wɔ ɔsɛefoɔ no akodeɛ nyinaa mu. Berɛ a yɛn Soro Agya firi ɔdɔ mu kae yɛn daa sɛ yɛyɛ Ne mma no, ɔsɛefoɔ no bɛbɔ mmɔden berɛ biara sɛ ɔde yɛn mmerɛyɛ na ɛbɛfrɛ yɛn. Nanso na Mose adi kan ahunu sɛ ɔkyɛ “onipa ba.” Ɔsee Satan sɛ: “Wo ne hwan? Na hwɛ, meyɛ Onyankopɔn ba.” Saa ara nso na berɛ a honam mu akwansideɛ ba yɛn so anaa berɛ a yɛte nka sɛ obi rebɔ mmɔden de yɛn mmerɛyɛ afrɛ yɛn no yɛhia sɛ yɛgyina den wɔ nnipasu a yɛyɛ ankasa ho nimdeɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nnyetom firi soro na ɛnyɛ nkyɛn baabi ara. Na sɛ yɛyɛ a, yɛn nso bɛtumi aka no akokoɔduro so sɛ, “meyɛ Onyankopɔn ba.”
Wɔ amansan som ma mmabunu bi mu no, Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Enti wo ne hwan? Deɛ ɛdi kan koraa, woyɛ Onyankopɔn ba, apam ba, ne Yesu Kristo akyidini. Berɛ a wogye saa nokwasɛm yi, yɛn Soro Agya bɛboa wo ama woaduru wo botaeɛ titire sɛ wobɛtena N’anim kronkron daa no ho.”
Ɛnhyia kɛkɛ sɛ wɔ twerɛsɛm a ebia wɔtaa ti mu pa ara mu no, Onyankopɔn kae yɛn yɛne No abusuabɔ. Wɔ din ahodoɔ a yɛbɛtumi de ahunu No wɔ sakramɛnte mpaebɔ no mu no, Ɔse yɛmfrɛ no “Onyankopɔn, Ɔnniawieeɛ Agya.”
Sɛ yɛbɛhunu nnipasu a ɛyɛ ankasa a, yɛbɛgye adi kɛse sɛ yɛn Soro Agya dɔfoɔ ayɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛma yɛasan ne No akɔtena bio. Elder Patrick Kearon kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Yɛn Agya nhyehyɛeɛ fɛɛfɛ, mpo ne nhyehyɛɛ ‘nwanwasoɔ’ no, wɔahyehyɛ sɛ ɛde wo ba fie, na nyɛ sɛ ɛpam wo. Onyankopɔn di w’akyi a Ɔnnyae.” Dwene ho sima kakraa bi—yɛn Agya dɔfoɔ a ɔwɔ tumi nyinaa no “di w’akyi a Ɔnnyae.”
Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ wɔ yɛn suaniyɛ kwan so no, sɛ yɛte nnipasu a yɛyɛ ase yie a yɛn abrabɔ bɛsesa koraa afiri ahyɛaseɛ no. Ma mensusu akwan mmienu a yɛbɛtumi afa so ama saa nteaseɛ yi mu adɔ.
Mpaebɔ a, Ɛdi kan.
Agyenkwa no rehyɛ N’asase so som adwuma ase no, wɔde no kɔɔ ɛsrɛ so sɛdeɛ “ɔbɛ wɔ Onyankopɔn nkyɛn.” Ebia ɛsɛ sɛ yɛsesa firi mpaeɛ a yɛbue ano ka no kɛkɛ ho kɔ yɛrenya mmerɛ a ɛsɔ ani na yɛne Onyankopɔn adi nkutaho na “yɛawɔ Ne nkyɛn” da biara.
Mahunu sɛ me mpaebɔ mu yɛ duru berɛ a menya sima kakra siesie me ho sɛ me ne m’Agya bɛkasa. Twerɛnsɛm kyerɛ yɛn sɛ yei yɛ kwan a ɛyɛ adwuma. Sɛ ɛyɛ Joseph Smith; Nephi, Helaman ba no; anaa Enos, wɔn nyinaa wɔ nnweneho ne nkaakaeɛ bi ansa na wɔne Onyankopɔn nkutahodie a watwerɛ ato hɔ no rekɔ so. Enos kaa sɛ ɛkɔm dee nekra berɛ a n’agya nsɛm no wuraa n’akoma mu. Nhwɛsoɔ yi mu biara kyerɛkyerɛ yɛn hia a ɛhia sɛ yɛsiesie yɛn ho wɔ honhom mu ma berɛ a “yɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn” da biara.
Agyenkwa no ka kyerɛɛ Nephifoɔ no sɛ .”Sɛ worebɔ mpaeɛ a, wura wo kokoam, na sɛ wo to pono mu a, bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya.”
Sɛ ɛyɛ kokoam anaa pie mu, nnyinsosɛm no ne sɛ wobɛpɛ baabi a ɛbɛka wo nkoaa na woabɔ mpaeɛ, na ama wo kra ayɛ komm, na woate “ɛnne ketewa brɛoo” no nkanyan. Yɛbɛtumi asiesie yɛn ho berɛ a yɛ dwennwene nneɛma a yɛn ani sɔ ne nsɛmmisa anaa ɔhaw ahodoɔ a yɛpɛ sɛ yɛde ba yɛn Agya anim ho. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛnnya mpaebɔ a yɛakyerre agu yɛn tirim, na mmom sɛ yɛne yɛn Agya bɛkasa abue yɛn ano, sɛ ɛbɛtumi a.
Mehunu sɛ wɔ yɛn abrabɔ mu basabasayɛ mu, berɛ a yɛne mmɔfra nketewa redi agorɔ anaa yɛrepɛ ntɛm akɔ nhyiamu ahodoɔ no, ebia yɛrennya kokoam ne nnweneho komm ahosiesie—nanso saa ahiasɛm mpaeɛ a yɛbɔ no komm ntɛmtɛm so no ho bɛtumi aba mfasoɔ berɛ a yɛadi kan abɔ mmɔden sɛ “yɛbɛwɔ Onyankopɔn nkyɛn” wɔ da no mu.
Ebia, ebinom bɛwɔ hɔ a wɔbɔɔ mpaeɛ akyɛre anaa afoforɔ nso a wɔnnyaa atenka sɛ wɔte wɔn mpaebɔ. Mehyɛ wo bɔ sɛ wo Soro Agya nim wo, ɔdɔ wo, na ɔpɛ sɛ ɔte wo nka. Ɔpɛ sɛ ɔne wo kasa. Ɔpɛ sɛ wokae nipasu a wo yɛ.
Titenani Jeffrey R. Holland kyerɛkyerɛɛ nansa yi ara sɛ, “Mpaeɛ dodoɔ biara a worebɔ no, bɔ bi ka ho. Mpaeɛ den biara a worebɔ no, bɔ no den bi ka ho.”
Yɛrema yɛn mpaebɔ wɔ anibere so ayɛ kɛse na ataa akɔso akyi no, yɛresua Mormon Nwoma No daa daa na yɛresomm wɔ tɛmpol bɛboa asiesie yɛn adwene ama adiyie. Sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛne yɛn Soro Agya nkutahodie kɔ nkan a, Ɔbɛhyira yɛn ama yɛanya atenka a ɛmu dɔ sɛ yɛyɛ Ne mma.
Deɛ ɛtɔ so mmienu, Bɛhunu sɛ Yesu ne Kristo no.
Ɔsoro Agya dɔ a ɔwɔ ma yɛn sɛ Ne mma a ɛda adi kɛse pa ara ne nokorɛ sɛ Ɔsomaa ne Ba, a ɔyɛ yɛn ara Agyenkwa sɛ Ɔmmɛboa yɛn ma yɛmmra fie. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛbɛhu No.
Berɛ a na meresom sɛ stake president mfeɛ bi a atwam no, mede onuabarima bi a na ɔrekɔsom sɛ tɛmpol adwumayɛni ho nkamfoɔ krataa kɔeɛ. Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛdeɛ ɔbɛtumi ayɛ tɛmpol dwumayɛni nwanwasoɔ wieeɛ no, manhwɛ na mekɔmiaa “ɛnnye nto mu” na ɛde kɔɔɛ. Mebɔɔ mmɔden biara sɛ mɛtwe nkrasɛm no asan a anyɛ yie no, mefrɛɛ tɛmpol president kaa sɛ, “mayɛ mfomsoɔ kɛseɛ bi.” Ntɛmtɛmso no Tɛmpol president a na ɔyɛ onipa papa yi kaa sɛ “President Eyre, biribiara nni hɔ a woayɛ a yɛrentumi mfa nkyɛ na awieeɛ no yɛnsiesie.” Nokorɛ kɛseɛ bɛn ni. Ampara, Yesu Kristo wɔ “tumi sɛ ɔgye nkwa.”
Afe 2019 mu no, nsakraeɛ kɛseɛ bi baa tɛmpol nkamfoɔ nsɛmmisa no mu. Kane no, na asɛmmisa baako ne sɛ wowɔ adansedie wɔ Yesu Kristo asɛdeɛ ho sɛ yɛn Agyenkwa ne Dimafoɔ. Seesei ɛbisa sɛ wowɔ Ne ho adansedie sɛ wo Agyenkwa ne Gyefoɔ anaa. Yesu Kristo Mpata no nyɛ adwuma mma ebinom nkoaa; ɛyɛ adwuma ma me ne wo. Ɔyɛ m’Agyenkwa. Ɔyɛ w’Agyenkwa. Ankorankoro. Ɛnam Ɔno nkoaa so na me ne wo bɛtumi asan akɔ yɛn Agya nkyɛn.
Enti, anuanom mmarima ne mmaa, momma yɛnhwehwɛ No. Momma yɛnsua Ɔne Agya no ne yɛn mu biara abusuabɔ. Momma yɛnhunu ɔdɔ gyeɛ nnwom a ɛnam yɛn Dimafoɔ so ba yɛn mu biara hɔ berɛ a yɛsakra no. Sɛ yɛbɛhunu “ɔno a ɔwɔ tumi de gye nkwa no” a, yɛbɛba abɛte aseɛ sɛ yɛn, sɛ Onyankopɔn mma no, yɛ N’anigyeɛ, deɛ ɛhia pa ara a ɛsi N’ani so, na ampa ara yɛn mu biara fata nkwagyeɛ.
Medi adanseɛ sɛ yɛwɔ Soro Agya dɔfoɔ. Berɛ a yɛnam mpaebɔ kɛseɛ ne ankasa adiyie so bɛhunu daapem nokorɛ yi na yɛba Yesu Kristo nkyɛn no, yɛbɛtumi aka no akokoɔduro so seesei ne berɛ biara sɛ “Meyɛ Onyankopɔn ba.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.