Yɛne Onyankopɔn Nkamom
Yɛne Onyankopɔn nkabom a ɛnam Yesu Kristo Mpata so no de gyidie a ɛnhinhim ba.
Berɛ a mesua twerɛnsɛm no, mehyia nsɛmfua a ɛtwetwe m’adwene ankasa, titiriw esiane sɛ ɛwɔ nkyerɛaseɛ titire ɛnam suahunu ahodoɔ a manya wɔ m’asetena mu nti. Medii dwuma sɛ sikasɛm nkontabuo mu nhwehwɛmu. Saa akyigyina no, asɛmfua nkabom no atwe m’adwene berɛ a mekenkan twerɛnsɛm no. Na m’adwuma ne sɛ mɛtoto sika dodoɔ a wɔbɔɔ ho amanneɛ no ne sikasɛm ho twerɛtohɔ ahodoɔ a ɛnam akontabuo, ne nhwehwɛmu ho nimdeɛ a mede bɛdi dwuma no yie. Ɔkwan foforɔ so no, na me botaeɛ ne sɛ mɛma sikasɛm ho amanneɛbɔ ahodoɔ ne sikasɛm ho nkrataa a ɛwɔ hɔ no ahyia na ama wɔahwɛ ahu sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ nokorɛ. Mebɔɔ mmɔden kɛse sɛ mɛsiesie nea ɛbɔ abira, na na ɛtaa ba sɛ wɔde berɛ titiriw bi hyiraa so sɛ wɔbɛsiesie abirabɔ nketenkete paa mpo.
Ɔsomafoɔ Paulo de adesrɛ too Korintofoɔ no sɛ “wɔne Onyankopɔn nka mmom.” Sɛ yɛne Onyankopɔn bɛka abom no kyerɛ sɛ yɛne No bɛba abɛyɛ baako, anaasɛ yɛbɛsan ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den a na abubuo esiane yɛn bɔne anaa yɛn nneyɛeɛ nti. Ne tiawa no, yɛne Onyankopɔn aka abom no kyerɛ sɛ yɛde yɛn pɛ ne yɛn nneyɛeɛ bɔ Ne pɛ mu anaa, sɛnea yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛeɛ no, ma Onyankopɔn nni anim wɔ yɛn asetena mu.
Sɛnea wɔkyerɛkyerɛ wɔ twerɛnsɛm no mu no, yɛwɔ fahodie sɛ yɛbɛyɛ nneɛma ama yɛn ho, “sɛ yɛbɛfa owuo a ɛtena hɔ daa anaa daa nkwa kwan.” Nanso sɛ yɛanyɛ ahwɛyie a, fahodie a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma ama yɛn ho yi bɛtumi ama yɛahwere yɛn pɛ a ɛne Onyankopɔn apɛdeɛ hyia.
Nkɔmhyɛni Yakob kyerɛkyerɛɛ sɛ sɛ yɛhu sɛ yɛne Onyankopɔn ntam nnwo a, ɔkwan baako pɛ a yɛbɛtumi afa so anya nkabom ne sɛ “yɛne [Onyankopɔn] bɛka abom ɛnam Kristo mpata no so.” Ɛsɛ sɛ yehu sɛ nkabom gyina mmɔborɔhunu so, a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo adom mu mpata no ma nkabom yɛ yie.
Berɛ a woredwene w’ankasa w’asetena ho no, susu berɛ bi a wonyaa atenka sɛ wo ne Ɔsoro Agya no ntam kwan ware esiane sɛ woatwe wo ho afiri Ne ho. Ma yɛnfa no sɛ, ebia wo mmɔ mpaeɛ yie nkyerɛ No anaasɛ wo nni Ne mmaransɛm so. Sɛnea yɛfaa sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afiri Onyankopɔn ho no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛfa sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka abom. Awurade sii yɛn asɛdeɛ so dua berɛ a Ɔkaa sɛ, “Montwe mmɛn me na mɛtwe abɛn mo; momfa nsiyɛ nhwehwɛ me na mobɛhunu me; mommisa, na mo nsa bɛka; mommɔ mu, na ɛbɛbue ama mo.”
Ɔkwan bɛn so na Agyenkwa no boa yɛn ma yɛsan de abusuabɔ a ɛho hia yi ba na yɛkabom? Me fam no, meyɛ nkɔsoɔ kɛseɛ wɔ m’akwantuo no mu sɛ mene Onyankopɔn bɛka abom berɛ a medi Titenani Nelson afutuo so dabiara da no. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, nkabom kyerɛ sɛ wɔbɛsan de abusuabɔ a asɛe aba, titiriw Onyankopɔn ne adasamma ntam, ɛnam bɔne akwansideɛ a wobɛyi afiri hɔ no so.
Nkabom akɛseɛ a yɛkenkan ho asɛm wɔ twerɛnsɛm no mu no mu baako ne Enos deɛ no. Biribi a na ɛwɔ n’asetena mu no ne Onyankopɔn nhyia. Ɔyɛɛ nhwɛsoɔ sɛ ɔde ne ho too Yesu Kristo mpata so sɛ ɔne Onyankopɔn bɛka abom. Ɔkyerɛkyerɛɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsakra, n’ahobrɛaseɛ, nea ɔde n’adwene asi so, ne ne bo a wasi no mu. Wɔsii ɔne Onyankopɔn nkabom no ho ntam no so dua berɛ a ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ, “Enos, wɔde wo bɔne akyɛ wo, na ɔbɛhyira wo.” Enos hunuu nkɛntɛnsoɔ a adwensakra ne nkabom nyaaeɛ wɔ ne so berɛ a ɔkaa sɛ, “Na me, Anos,menim sɛ Onyankopɔn ntumi nni atorɔ; ɛno nti wɔpepaa me mfomsoɔ.”
Ɛnyɛ ahotɔ a wonya firi afɔbuo atenka nko mu na ɛma nkabom ba, na mmom asomdwoeɛ a ɛwɔ yɛn mu ne afoforɔ nso mu. Ɛsa abusuabɔ mu yareɛ, ɛdwo akoma, na ɛhyɛ yɛn asuafoyɛ mu den, na ɛde ahotosoɔ a ɛkɔ anim ba Onyankopɔn anim. Nea ɛde anidasoɔ ne ahotosoɔ kɛseɛ brɛ me ne nkabom aba foforɔ bi a Enos kaa ho asɛm berɛ a ɔkaa sɛ, “Na me,Enos, metee saa nsɛm yi akyire yi no, me gyedie hyɛɛ aseɛ sɛ ɛregyina pintinn wɔ Awurade mu.”
Berɛ a na meyɛ abarimaa no, na me maame nana wɔ cherry turo kɛseɛ bi. Menyaa akwanya yɛɛ adwuma wɔ nnuaba turo no mu, na ne fa kɛseɛ no ara wɔ awɔ berɛ mu wɔ berɛ a yɛtete cherries no mu. Sɛ aberanteɛ kumaa no, adwuma a na meyɛ ara ne sɛ na wɔde bokiti hyɛ me nsa na maforo dua akɔtete cherries no.
Cherries a wɔtete no sesae kɛse berɛ a me nana tɔɔ afidie bi a wɔfrɛ no cherry shaker. Saa afidie yi sɔ dua no soro na ɛwoso no, na ɛma cherries no aduaba no tete gu nɛɛte a wɔde boaboa cherries no ano no so. Mehunuu sɛ sɛ shaker no hyɛ aseɛ woso dua no a, cherries no nyinaa tete firi dua no so wɔ sima kakraa bi mu. Me san hunuu sɛ mfa ho sɛ wɔwoso dua no sima 10 anaa miiti baako mpo a, cherries no bi rentete ngu. Ampa ara ɔnhimhim.
Sɛ wo woso cherries firi dua bi so a, ɛbɛtumi ayɛ yie esiane sɛ ethylene a ɛfiri mu ba no nti. Saa hormone yi ma nkwammoaa a ɛwɔ cherry no ntini ne dua no ntam no yɛ mmerɛ. Enti, ɛnyɛ den koraa sɛ cherry a abere no dua twe ne ho firi dua no ho esiane abusuabɔ a ayɛ mmerɛ no nti.
Wɔ twerɛnsɛm mu no, yɛsua sɛ Jesse dutan no yɛ kasakoa ma Messiah no, Yesu Kristo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛfiri Yesse, Ɔhene Dawid Agya abusua mu no. Sɛdeɛ ethylene ma cherry dua a abere no yɛ mmerɛ no, asoɔden, adwene mu naayɛ, ne ehu bɛtumi ama abusuabɔ a ɛda yɛne Yesse Dua no anaa Yesu Kristo ntam no ayɛ mmerɛ, na atumi awoso yɛn na yɛate yɛn ho afiri Ne ho ntɛmntɛm. Ɛmfa ho sɛ yɛdi nokorɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie wɔ abusuabɔ a ɛda yɛne Yesu Kristo ntam no ho.
Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, wɔde kɔkɔbɔ ma anokwafoɔ mpo sɛ: “Nanso ɛbɛtumi aba sɛ onipa bɛtumi afiri adom mu ahwe ase na wafiri Onyankopɔn a ɔte ase no mu.” Awurade toa so sɛ, “Yea, mpo ma wɔn a wɔate wɔn ho no nso ntie.” Nea ɛbɛyɛ na yɛnhwe ase no, Awurade tu fo sɛ, “Enti ma asɔre no ntie na wɔn mmɔ mpaeɛ berɛ nyinaa, anyɛ saa a, wɔbɛkɔ sɔhwɛ mu.”
Obi bɛtumi de tebea a ɛyɛ mmerɛ sɛ wɔbɛhinhim no ne nea twerɛnsɛm no ka ho asɛm sɛ ɛberee ma ɔsɛeɛ a deɛ ɛfiri mu ba no yɛ pɛ. Wɔbɛtumi de kasasin no nso adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛtrɛ so de akyerɛ tebea a ɛporɔ, kɛtɛasehyɛ, anaasɛ ɛrehwe ase a ɛma biribi a ɛyɛ mmerɛ sɛ ɛbɛbubu anaasɛ asɛe.
Deɛn na saa abereɛ yi gyina hɔ ma? Enti ɛkyerɛ sɛ yɛbɛtumi aduru baabi a yɛntumi nsakra? Dabi, mesusu sɛ ɛkyerɛ sɛ yɛbɛtumi aduru berɛ bi mu wɔ baabi a yɛmpɛ sɛ yɛsakra. Ano aduro a ɛbɛma yɛabere ama ɔsɛe ne sɛ yɛbɛyɛ saa nneɛma a ɛbɛhyɛ yɛne Yesu Kristo ntam abusuabɔ mu den. Sɛnea yɛaka no, adwensakra maa Enos nyaa gyedie a ɛnhinhim. Ahoɔden wɔ adwensakra mu—daa, ntɛm, na dabiara da adwensakra. Sɛnea Titenani Nelson akyerɛkyerɛ yɛn no, “Biribiara nni hɔ a ɛma fawohodie, ɛma animuonyam, anaa ɛho hia kɛse ma yɛn ankorankoro nkɔsoɔ sene sɛ yɛde yɛn adwene si adwensakra so daa, da biara da.”
Adwensakra akyi no, nkɔmhyɛni Yakob kyerɛkyerɛɛ sɛ sɛ obi nim Onyankopɔn nsa wɔ yɛn abrabɔ mu, ɔhwehwɛ na yɛagye adiyisɛm, na yɛretie Onyankopɔn berɛ a ɔkasa nyinaa boa yɛn ma yɛnnhinhim. Jacob nso kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛno nti, yɛhwehwɛ nkɔmhyɛfoɔ no mu, na yɛwɔ yikyerɛ bebree ne nkɔmhyɛ honhom; na saa adanseɛ a yɛnya yi nyinaa ma yɛn anidasoɔ, na yɛn gyidie nnhinhim.” Yɛretie na yɛadi nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ nsɛm so no bɛtumi de anidasoɔ, ahotosoɔ ne ahoɔden ahyɛ yɛn ma, na mma yɛn gyidie nnhinhim.
Masua sɛ ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛka abom no ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛnu yɛn ho akɔ abom. Adwensakra ne nhyira ahodoɔ a ɛwɔ Yesu Kristo Mpata no de gyidie a ɛnhinhim na ɛba. Gyidie a ɛnhinhim de ɔpɛ a ɛne sɛ yɛne Nyankopɔn bɛbom daa. Yei yɛ ntwaaho, anaasɛ nkɔbɛsie, nhyehyɛeɛ.
Anuanom mmarima ne mmaa, meto nsa frɛ mo sɛ mo ne Onyankopɔn bɛka abom ɛnam Yesu Kristo Mpata no so. Medi adanseɛ sɛ apam a yɛyɛ na yɛdi so no ma yɛn abusuabɔ a yɛne Agyenkwa no wɔ no yɛ den, na ɛnam so kwati sɛ yɛbɛbere ama ɔsɛeɛ. Medi adanseɛ sɛ saa nkabom a yɛne Onyankopɔn wɔ yi ɛnam Yesu Kristo Mpata so no de gyidie a ɛnhinhim ba.
Menim sɛ Ɔsoro Agya dɔ yɛn, na ɔsomaa Ne Ba a ɔdɔ no, Yesu Kristo, sɛ ɔnyɛ yɛn Agyenkwa, Ɔgyefoɔ, ne Ɔpatafoɔ Kɛseɛ no. Medi Yesu Kristo ho adanseɛ na meyɛ saa wɔ Yesu Kristo din mu, Amen.