Rekae Nnwankuo no
Nyinasosɛm fa akenkan ne nseseɛ ho no yɛ adwuma. Ɛyɛ Awurade kwan no.
Kristo ne Odwanhwɛfoɔ pa no. Nnwan no mu biara som bo ma No. Ɔyɛɛ nnwanhwɛ ho nhwɛso na ɔnam asɛm ne nneyɛɛ so kyerɛkyerɛɛ yɛn odwanhwɛfoɔ pa su ahodoɔ, a ɛka ho sɛ wobɛhunu wo dwan din, wobɛdɔ wɔn, wobɛhu wɔn a wɔayera, wobɛma wɔn aduane, na awiei koraa no, wobɛsan de wɔn akɔ fie bio. Ɔhwehwɛ sɛ yɛnyɛ saa ara sɛ N’asuafoɔ.
Yɛbɛtumi asua pii afa som wɔ Awurade kwan so afiri tete nkɔmhyɛni—ne odwanhwɛfoɔ pa—Moroni hɔ. Ɔtenaase wɔ berɛ a ɛmu yɛ den, na tetefon, kɔmputa ne abɛɛfo intanet nni hɔ. Nanso Ɔbɔɔ mmɔden hwɛɛ nnwankuo no so. Ɔyɛɛ no sɛn? Yɛhunu ne kwan no wɔ Moroni 6. Ɛhɔ na yɛkenkan sɛ “wɔakan asɔremma no aka Kristo asafo no ho” na wɔgyee wɔn din, ama wɔakai wɔn na wɔde Onyankopɔn asɛm ama wɔn adi ayɛ frɔmfrɔm, ama wɔn afa kwan pa no so. … Na asɔremma no taa hyia mu yɛ akɔmkyene na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔne wɔn ho wɔn ho di nkɔmmɔ fa wɔn akra yiedie ho.” (Moroni 6:4–5; nsisoɔ ka ho).
Moroni deɛ, na ne nyinaa fa nnipa ho—din! Ɔde nkyerɛkyerɛ “akenkan ne nseseɛ” na ɛyɛ adwuma sɛdeɛ wɔbɛkae obiara Wɔhyɛɛ obiara a ɔperee anaa ɔkyinkyin no nso, maa Ahotefoɔ no kwan ma wɔsusuu wɔn yiedie ho wɔ agyinatukuo mu. Te sɛ odwanhwɛfoɔ a ɔgyaa aduɔkron nkron no (ahobammɔ ne ahokora, megye di) na odii nea ɔyerae no akyi no (hwɛ Luka 15:4–7), wɔasrɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ yɛn nnwankuo no yie saa ara —sɛ yɛnhyɛ no nsow na yɛnkae na yɛnkɔyɛ saa ara.
Sɛ asɛmpatrɛ adwuma panyin wɔ India, mekae sɛ mebisaa abranteɛ branch president bi fa ne nhyehyɛɛ ma afe a yɛrebɛsi mu no: “mmarima dodoɔ sɛn na wobɛsiesie ma wɔn agye Melkisedek Asɔfodie no?” Nanoyie ntɛmpa ara yɛ “nson!”
Mebisaa me ho sɛ ɛhe na ɔfi bɔɔ ne tirim nyaa saa nɔma pɔtee no! Ansa na mɛyi ano, ɔyii krataa bi a wɔatwerɛ nɔma biako kosi nson wɔ nkyɛnkyɛn. Ntrɛmu nnum a ɛdi kan no wɔ din wɔ so—nnipa ankasa a ɔne ne mpanyinfoɔ kuo rebɛto nsa afrɛ wɔn na wɔahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnya asɔfodie nhyira wɔ wɔn abrabɔ mu. Nokorɛ no, na ɛwɔsɛ sɛ mebisa ntwerɛdeɛ nsia ne nson a hwee nni mu no ho asɛm. Ɔkaa sɛ, “Oo, Titenani,” ɔwosoo ne tiri wɔ tema mu, “ampa ara sɛ anyɛ yie koraa no yɛbɛbɔ mmarima mmienu asu wɔ afe no mu deɛ ɛdi kan a wɔbɛtumi anya asɔfodie wɔ afe no awieeɛ.” Saa ɔkannifo sononko yi tee nnyinasosɛm a ɛfa akontaabu ne nseseɛ ho ase.
Kristo ahyehyɛ N’Asɔre no wɔ ɔkwan bi so a ɛsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ yɛn werɛ bɛfi ɔkra bi, efisɛ emu biara dɔ no. Ankorankorɔ biara a ɔwɔ ward bi mu, a mfeɛ a wadi anaa sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa mfa ho, wɔ ahwɛfoɔ pii—nnwanhwɛfoɔ—a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn, nkaeɛ Sɛ nhwɛsoɔ no, aberanteɛ bi de bishop adwuma, anuanom a wɔsom, mmabun afotufoɔ a wɔanyinyin, seminary akyerɛkyerɛfoɔ, quorum titenani, na afei ebinom—a wɔn nyinaa som sɛ ahobammɔ asau, de hama akyekyere wɔn ho denneennen wɔ saa mmabunu no ase sɛ wɔbɛkyere no sɛ ɔhwe ase a, ama ne yiedie. Sɛ wɔde asau biako pɛ si hɔ yie mpo a, saa aberanteɛ no bɛyɛ nea ahobammɔ wom, wɔbɛhyɛ no nso, na wɔakae no. Nanso, mpɛn pii no yɛnnhunuasau biara. Nkurɔfoɔ kyinkyini kɔ nsuyiri no mu daa—na obiara nhunu. Sɛn na yɛbɛtumi ada ayɛ nnwanhwɛfoɔ papa? Yɛbɛtumi asua sɛdeɛ yɛ kan ne nseseɛ.
Asɔre no ma yɛn amanebɔ ne akadeɛ a yɛdebɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ—de akae. Bosome miɛnsa amaneɛbɔ yɛ nhwɛsoɔ kɛseɛ. Ɛma yɛtumi kan na yɛbu asɔreba biara ho akontaa mpɛn pii na yɛhyɛ wɔn a wɔyera anaa wɔhia yɛn mmoa ne yɛn dɔ nso. Adeyɛ ne nsɛmmisa a wɔahyehyɛ no kyerɛ wɔn a wɔhia yɛn adwene seesei ara, sɛdeɛ temple recommend ho amanneɛbɔ teɛ ne deɛ ɛkeka ho. Saa akadeɛ a wɔde kan nneɛma ne nseseɛ yi twe yɛn adwene si nnipa so. Whan na ɔhia ɔfrɛ, asɔfodie tumi nya anaa mmoa sɛ wɔde obusuani bi din bɛkɔ tɛmpol? Whan na yɛbɛtumi aboa asiesie no ama asɛmpatrɛ adwuma? Whan na wayera bosome yi mu? Saa akadeɛ yi boa ma nnipa.
Menim abusua bi a wɔfiri Amɛrika a wɔgyee adwuma wɔ Afrika. kwasiada a ɛdikan no wɔwuraa asɔre baako a na ɛwɔ ɔman no mu, na wɔgyee wɔn anigyeɛ so. Anɔpa no nkɔ awieɛ no, na wɔafrɛ papa no yerɛ sɛ Relief Society titenani na ɔno nso sɛ Young Men panyin! Ɔbisaa branch president a asɛ waberɛ no sɛ mmeranteɛ dodoɔ sɛn na wɔwɔ. Saa awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi kan kannifoɔ nokwafoɔ yi de ne nsa kyerɛɛ sakrament asaso no akyi na ɔkaa sɛ, “Saa mmienu no a wɔwɔ hɔ ara.” Na ɔbarima no adwenem yɛ no naa ma ɛfata, enti ɔde baa dwumadibea bi a wɔakyerɛ wɔn din kɔɔ fie, na ɔhyɛɛ no nso ntɛm ara sɛ mmeranteɛ 20 na wɔwɔ din no mu ankasa. Ɔsan kɔɔ branch president no nkyɛn kɔsrɛɛ sɛ ɔmma wɔn mmeranteɛ baanu a wɔyɛ nnam a wɔka kasa mienu ma wɔnsom sɛ n’afotufoɔ na afei ɔne wɔn ne mmarima baanu no tenaa ase hwɛɛ din ahodoɔ no mu.
Afei saa mmabunu a wɔyɛ nsiyɛfoɔ no kɔɔ adwuma. Wɔ bosome kakraa a ɛdi hɔ no mu no, wohunuu barima biara a wɔatwerɛ ne din. Wɔbobɔɔ saa nnwan a wɔayera no din, wɔn atipɛnfo san gyee wɔn fɛ so na wɔmaa wɔn aduane wɔ honhom ne honam fam! Wɔ afe biako mu no, Kwasiada biara no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, na mmeranteɛ 21 na wɔba. Yɛda Onyankopɔn ase wɔ mmeranteɛ a wɔkan na wobu akontaa no ho.
Me yɔnkopa bi, suapɔn suani, de n’abusua kɔɔ kuro kɛseɛ bi mu wɔ Amerika sɛ ɔkɔtoa n’adesua so. Wɔfrɛɛ no ntɛm so sɛ elders quorum titenani. Na ne yam hyehye no kakra wɔ ɔne stake president nhyiam a ɛdikan no ho, na wasi nkitee sɛ ɔbɛyɛ a hoboa akɔ. Ɔkakyerɛ stake president no sɛ ɔwɔ botaeɛ miɛnsa ma afe a ɛreba no: (1) ɔha nkyɛm 90 wɔ som mu, (2) asɛmpa nkyerɛkyerɛ pa nnawɔtwe biara, ne (3)quorum dwumadie a wɔahyehyɛ no yie bosome biara.
Ɔresere kyerɛɛ m’adamfo no, saa stake president onyansafoɔ yi bisaa sɛ, “So wobɛtumi abɔ quorum no muni bi a ɔnyɛ nnam pii din a wobɛtumi aboa ama ɔne n’abusua akɔ temple afe yi?” Ɛfuu m’adamfo no mu. Ɛno maa m’adamfo no ho dwiriw no. “Twerɛ ɛno to hɔ,” stake president ka kyerɛɛ no Afei saa ɔkannifoɔ a ɔwɔ suahunu yi bisaa asɛm korɔ no ara mprɛnsa bio—na nsɛmmisa no baa awieeɛ. Saa aberanteɛ yi firii saa nsɛmmisa no mu berɛ a wasua n’asuadeɛ akɛseɛ no mu baako wɔ akannie ne ɔsom ho. Ɔde nhyehyɛe, adesua, ne dwumadi ahodoɔ kɔɔ nsɛmmisa no mu. Ɔde din ahodoɔ na epieɛ! Akyire no saa din nnan no bɛyɛɛ ne som adwuma ne ne quorum no mu adeɛ titiri.
Sɛ asɛmpatrɛ adwuma panyin no, mesraa branch baako Kwasiada anɔpa bi. Mehunuui sɛ titenani no kɔɔ so yi krataa krataa bi fi ne kotokuo mu na twerɛ so. Meyɛɛ adwene sɛ mɛbisa no ho asɛm sɛ yɛbɔ mpaeɛ wie a. Berɛ a nhyiam no baa awieiɛ no, ansa na mɛbisa krataa no ho asɛm no, branch asɛmpatrɛ kannifoɔ no tuu mmirika kɔɔ asɛnka pono no so, faako a wɔde krataa no maa no. Medii ɔkannifoɔ a n’ani agye yi akyi ntɛm ara kɔɔ ne dapɛn asɛmpatrɛfoɔ ntamgyina nhyiam no ase. Ansa na wɔrehyɛ aseɛ no, ɔyii krata no fii ne kotokuo mu. Na asɔremma a na wɔayera wɔ sakrament nhyiamu ase no din ahyɛ mu ma. Wɔ simma kakraa bi mu no, na agyinatukuo no muni biara ayi din baako anaa mienu, na wɔahyɛ bɔ sɛ ɔbɛkɔ akɔsra wɔn saa da no ara de ahwɛ ahu sɛ wɔn ho Yɛ na wama wɔahu sɛ wɔafe wɔn. Afei yei ne akenkan ne nseseɛ.
Mekae mantam bi, a ɛfi tɛmpol a ɛbɛn hɔ no so de wimhyɛn tu kwan nnɔnhwere pii, baabi a sɛ wobɛwɔ tɛmpol nkamfoɔ krata yɛ adeɛ titiri, a ɛmfa ho nokwasɛm sɛ ɛda adi sɛ wɔremfa nni dwuma da no. Kwasiada a ɛdi kan wɔ bosome biara mu no, akannifoɔ de wɔn akontabuo nnwinnadeɛ di dwuma de bu wɔn asɔremma a wɔde wɔn ama wɔn no ho akontaa. Sɛ wɔhunu sɛ ɛnkyɛ na nkamfoɔ krata bi atwam a, na twerɛtwerɛni panyin no ayɛ nhyehyɛe ma wɔabisabisa wɔn nsɛm foforɔ. Wɔtuu nkurɔfoɔ a wɔn recommends a atwam no fo, afei wɔhwehwɛɛ sɛ wɔbɛboa wɔn ama wɔasan akɔ apam kwan no so. Mebisaa sɛ asɔremma a wɔakɔ tɛmpol dodoɔ sɛn na wɔwɔ recommend a ɛyɛ adwuma. Mmuaɛ no yɛ anwanwasoɔ ɔha nkyɛm 98.6. Berɛ a wɔbisaa wɔn baanum a wɔn recommend atwam no ho asɛm no, akannifoɔ no tumi de wɔn din hunuu wɔn na wɔkaa mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛsan anya wɔn ho asɛm kyerɛɛ me!
Mfeɛ kakraa bi ni, m’abusua san tu kɔɔ United States. Yɛn ani gyeeɛ sɛ yɛkɔɔ Asɔre wɔ ha wɔ mfeɛ 26 a ɛyɛ nwonwa akyi wɔ akuo nketewa a atew ne ho mu. Wɔfrɛɛ me sɛ ward asɛmpatrɛfoɔ. Na yɛwɔ ward asɛmpatrɛ kannifoɔ kɛseɛ na na yɛreyɛ nneɛma a ɛyɛ anigyeɛ na yɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔn ho yɛ anika. Mebisaa sɛ mɛkɔ ward agyinatukuo nhyiamu bi akɔhwɛ na manya wɔn mmoa wɔ nnamfo a yɛne wɔn reyɛ adwuma no ho. Ɛyɛɛ me nwanwa berɛ a deɛ wɔkaa ho asɛm nyinaa yɛ dwumadie a ɛreba so wɔ ward no mu. Mekɔɔ ward asɛmpatrɛ kannifoɔ no nkyɛn wɔ ɛno akyi na mekakyerɛɛ sɛ wannya hokwan ansan ankɔbɔ yɛn nkurɔfoɔ ho amanneɛ. Ne Mmuae? “O, mennya kwan mmɔ amanneɛ da.”
Mede ɛno totoo agyinatukuo bi a wɔyɛe wɔ Lahore, Pakistan, a mekɔɔ bi nnapɛn kakraa bi ho. Saa kuo ketewa yi bom tenaa pon ketewaa bi ho, na deɛ wɔkaa ho asɛm ara ne nnipa. Edin Ɔkannifoɔ biara bɔɔ wɔn fiehwɛ adwuma ne ankorankorɔ ne mmusua a ɛhyɛ wɔnsa ho amanneɛ. Obiara nyaa hokwan de ne nsusuiɛ kaa akwan pa a wɔbɛtumi afa so ahyira wɔn a wɔredwene no ho. Wɔyɛɛ nhyehyɛɛ na wɔde dwumadie ahodoɔ mae. Asuadeɛ nwonwasoɔ bɛn ni wɔ akontaabu ne nseseɛ mu wɔ din mu firi yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi kan anuanom mmarima ne mmaa hɔ.
Wɔ Yesu Kristo Asɔre mu no, nkɔmhyɛfoɔ a wɔatwa mu ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ hɔ, ne nhwɛsoɔ a yɛn Agyenkwa de asi hɔ—sɛdeɛ yɛbɛsom. Yɛfa din, yɛkae, na yɛtu fo wɔ akra yiedie ho. Akannifoɔ a wɔyɛ yei nhyehyɛeɛ mu nsɛm nsa da wɔ wɔn agyinatukuo nhyiamu! Nyinasosɛm fa akenkan ne nseseɛ ho no yɛ adwuma. Ɛyɛ Awurade kwan no. Yɛbɛtumi ayɛ no yei. Ɛkɔ ma Onyankopɔn, a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa na ɔdi adeɛ nyinaa so, saa adwuma—Ne adwuma ne animuonyam—yɛ ankasa adeɛ ma no. Na saa ara na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ma yɛn, sɛ nnwinnadeɛ wɔ Ne nsam wɔ Ne nkwagyeɛ ne mpagya adwuma a ɛyɛ nwanwa no mu. Anwanwadeɛ bɛba wɔ nnipa ankasa abrabɔ mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.