Amansan Nhyiamu
Na Seesei Mehunu Adeɛ
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


17:23

Na Seesei Mehunu Adeɛ

Mormon Nwoma no nsunsuansoɔ wɔ m’abrabɔ mu no yɛ nwanwa te sɛ ntasuo ne dɔteɛ a wɔde kaa onifurani no ani no.

Yɛn nyinaa de ɔdɔ kann ti Titenani Oaks animuonyamhyɛ a ɔmaa wɔ Titenani Russell M. Nelson wuo ho no mu. Na yɛde ɔdɔ ne awerɛhoɔ kɛseɛ saa ara gye awerɛhosɛm a ɛsii wɔ Michigan nnansa yi ara ne ɛkame ayɛ sɛ da biara da wɔ wiase nyinaa no tom. Yɛde ɔdɔ ne gyedie gye saa nneɛma yi tom wɔ Awurade Yesu Kristo mu.

Ɛwɔ Yohane ti nkron sɛ na Yesu ne N’asuafoɔ retwam wɔ ɔsrɛsrɛfoɔ bi a n’ani afura firi awoɔ mu nkyɛn. Yei maa asuafoɔ no bisaa Yesu nyamesom ho nsɛm pii a ɛyɛ den a ɛfa baabi a ɔbarima yi sintɔ no firi ne sɛdeɛ ɛbɛkɔ ho. Owura no yɛɛ biribi a ɛyɛ mmerɛ koraa na ɛyɛ nwanwa yie de buaeɛ. Ɔtee ntasuo guu anwea no mu na ɔde dɔteɛ kakra fraeɛ. Afei ɔde yei kaa ɔbarima no ani, na ɔkyerɛɛ no ​sɛ ɔnkɔhohoro wɔ Siloam abura no mu. Ɔbarima a ɔnhunu adeɛ no yɛɛ setie maa yei nyinaa na “ɔpue [baeɛ] a ɔhunu adeɛ,” sɛdeɛ twerɛsɛm no ka. Hwɛ sɛdeɛ adanseɛ ho hia mmom kyɛne apɛdeɛ anaa akyinnyegyeɛ anaa adwemmɔne mpo a ɛne nokorɛ no bɔ abira.

Na wɔsuro sɛ saa anwanwadeɛ yi bɛba abɛka Yesu ho hu a na ɛda tumi a na wɔsusu sɛ wɔwɔ so dada ho nti, Agyenkwa no atamfo no hyiaa ɔbarima a wahunu adeɛ foforɔ no na wɔde abufuo kaa sɛ, “Yenim sɛ [Yesu] yɛ ɔdebɔneyɛni.” Ɔbarima no tiee kakra, na afei ɔkaa sɛ, “Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim: [na] adeɛ baako na [menim], sɛ, na m’ani afura, seesei mehunu adeɛ.”

Yesu maa anoyiyie yi nkyerɛaseɛ a ɛdi kan, berɛ a ɔka kyerɛɛ N’asuafoɔ no sɛ yei asi “sɛdeɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi.” Kae sɛ mprenu wɔ saa asɛm yi mu no, wɔfrɛɛ Agyenkwa no nneyɛɛ no sɛ “ɔresra” onifrani no ani ngo, nneyɛɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nhohoroho wie. Nkyerɛkyerɛmu yi a ɛfa “Onyankopɔn nnwuma [a] wɔreda no adi” ho no bɛtumi akyerɛ sɛ wɔreyi ayɛyɛdeɛ bi apue.

Nokorɛ foforɔ a ɛda adi wɔ ha yɛ nnwinnadeɛ a ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa Yɛfoɔ no de yɛɛ anwanwadeɛ yi: ntasuo ne dɔteɛ kakra! Saa nneɛma a wɔnsusu koraa yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛtumi afa kwan a Ɔpɛ biara so ahyira yɛn. Te sɛ Naaman a ɔrepo asubɔnten Jordan anaa Israel mma a na wɔmpɛ sɛ wɔhwɛ ɔwɔ no wɔ poma no so no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛpo yɛn gyeɛ no fibea ɛfiri sɛ ayɛ sɛ nneɛma ne nnwinnadeɛ a ɛrekyerɛ no mu da hɔ dodo.

Nanso yɛkae wɔ Mormon Nwoma no mu sɛ nneɛma bi mu da hɔ na ɛsom bo na ansa na wɔrewo Yesu no, na wɔbɛhyɛ ho nkɔm sɛ “[ɔrennya] esu anaa animuonyam; na berɛ a [ɛsɛ sɛ] yɛhunu no no, ahoɔfɛ biara nni hɔ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.” Hwɛ mpɛn dodoɔ a Onyankopɔn nam Relief Society titenani a wɔafrɛ no foforɔ na ne yam hyehye no yie anaa abarimaa a ɔnnim adeɛ a ɔwɔ afuo bi mu anaa asɛmpatrɛni foforɔ anaa akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu so asoma n’asɛm kɛseɛ no.

Enti sɛ yɛn mpaebɔ ho mmuaeɛ ba wɔ akwan a ɛmu da hɔ anaa ɛyɛ hwanyann so ɛ? So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛmia yɛn ani, akɔ so abɔ Kristo asɛmpa no bra ɛmfa ho ne ntasuo ne dɔteɛ dodoɔ a ɛfa? Ebia deɛ wɔreyɛ anaa deɛ enti a wɔreyɛ renna adi pefee mma yɛn berɛ biara, na ɛwɔ mu a, yɛn nyinaa bɛte nka kakra te sɛ onuabaa panin no a ɔkaa sɛ, “Awurade, na nhyira a ɛso nkataeɛ nso ɛ?” no.

Dwene nokorɛ foforɔ bi ho adanseɛ ho, yei fa asɔfodie kronkron no ho. Luka retwerɛ meridian Asɔre no nhyehyɛeɛ ato hɔ no, ne nsensaneeɛ a ɛdi kan no ka sɛ: “Afei ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bɔɔ mu, na ɔmaa wɔn tumi ne tumidie,” akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔamfa adansedie krataa a ɛyɛ ahomeka anaa amammerɛ anaa awoɔ mu panin so na ɛmaeɛ. Nyɛ nyamesom sukuu anaa asɔfodie nteteɛ bea bi na ɛde ma. Wɔnam nsa a wɔde gu soɔ a ɛfiri obi a wɔde tumidie nsa agu ne so wɔ kwan nnidisoɔ a ɛtoa so kɔsi ɔsoro tumidie fibea, Awurade Yesu Kristo so, nko ara na ɛma.

Na wɔ asɔre a ɛte mmɔborɔhunu akyɛdeɛ ase mu no, so ɛrenyɛ adanseɛ foforɔ a ɛyɛ nwanwa wɔ saa asɔre no nokorɛ ho sɛ yɛbɛhunu nhyira ne apam ahodoɔ yi sɛ ɛkɔ yɛn abusuafoɔ a wɔawuwu no hɔ, yɛn abusuafoɔ a wɔadi yɛn anim no? So ɛwɔ sɛ wɔtwe wɔn aso esiane sɛ wɔannya asɛmpa no ho kwan anaa wɔwoo wɔn wɔ berɛ anaa beaeɛ a na ayɛyɛdeɛ kronkron ne apam ahodoɔ nni hɔ mma wɔn nti? Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ wɔ Awurade afie kronkron a wɔatu asi hɔ a wɔreyɛ ɔgyeɛ mmɔborɔhunu anamusie adwuma awia ne anadwo ama saa awufoɔ yi, na wɔde ɔsom akwanya ne ayɛyɛdeɛ rema ateasefoɔ. Sɛdeɛ menim no, wonhunu Onyankopɔn nokorɛ, Ne dɔ a ɔwɔ ma ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa no ho adanseɛ pɔtee yi wɔ wiase baabiara—gye sɛ asɔre baako a ɛda nokorɛ adi wɔ yei pɔtee ho: Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ.

Me nokorɛ ho adanseɛ ankasa a ɛdi kan a mehyiaeɛ a ɛfa m’adehunu nkwanya ho no amfa dɔteɛ ngosra anaa Siloam abura so. Dabi, nokorɛ adeɛ a ɛde m’ayaresa firii Awurade hɔ baeɛ no baa sɛ nkratafa wɔ nwoma bi mu, aane, Mormon Nwoma no: Yesu Kristo ho adanseɛ foforɔ! Nsɛm a nwoma yi ka no, wɔn a wɔnnye nni no bi akasa atia na wɔapo, a abufuo no te sɛ deɛ wɔn a wɔka kyerɛɛ ɔbarima a wɔasa no yadeɛ no sɛ sɛ ɛrentumi nyɛ yie sɛ ɔbɛnya deɛ na ɔnim sɛ wanya no nitan teɛ.

Wɔaka akyerɛ me sɛ kwan a nwoma yi nam so baeɛ no rentumi nyɛ yie, wɔntumi nnye nni, ɛyɛ aniwu, na mpo ɛnyɛ kronkron. Afei, ɛno yɛ atɛnnidie a ɛfiri obi a ɛyɛ no sɛ ɔnim kwan a nwoma no nam so baeɛ, sɛdeɛ nkyerɛkyerɛmu baako pɛ a wɔde maeɛ wɔ saa akwan no ho ne sɛ, wɔkyerɛɛ aseɛ “nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so.” Ɛne no. Ɛno ara ne no. Sɛdeɛ ɛteɛ biara, Mormon Nwoma no nsunsuansoɔ wɔ m’abrabɔ mu no yɛ nwanwa te sɛ ntasuo ne dɔteɛ a wɔde kaa onifurani no ani no. Wɔ me fam no, ayɛ bammɔ poma ama me kra, adiyisɛm hann a ɛboro so na ɛhyɛn mu, kwan a ɛsɛ sɛ menante so no hann berɛ a sum mu nsuyire ba no. Na nokorɛ mu wɔayɛ, na nokorɛ mu wɔbɛyɛ.

Na mehwɛ sɛdeɛ ama mahunu m’Agyenkwa no dɔ ne ɔgyeɛ adom ma adasamma a, me ne mo kyɛ m’adansedie a ɛfata wɔ ha sɛdeɛ ɔbarima a wɔahyira no foforɔ no awofoɔ kaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtie wɔn ba no esiane sɛ “wanyini” no. Aane, me nso saa ara. Wɔsusuu sɛ na wanyini a ɛwɔ sɛ wɔfa no aniberesɛm. Wiɛ, me nso saa ara. Aka abosome mmienu na madi m’awoda a ɛtɔ so 85. Makɔ owuo ne nkwa nkwanta aba. Me ne ahemfo ne nkɔmhyɛfoɔ, atitenafoɔ ne asomafoɔ anante. Ne kɛseɛ pa ara, Onyankopɔn Honhom Kronkron no aboro me so mpɛn pii. Megye di sɛ ɛsɛ sɛ anyɛ koraa wɔsusu m’adansedie no ho kakra wɔ ha.

Afei anuanom mmarima ne mmaa, mede m’akoma nyinaa hunuu sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ yɛ Apam Foforɔ Asɔre no mmaeɛ bio ankasa—na bio—ɛfiri sɛ mantumi ampo saa mmaeɛ bio no ho adanseɛ no. Fiti saa suahunu ahodoɔ a ɛdi kan no so no, ɛyɛ me sɛ manya adanseɛ apem—mpem du?—afoforɔ sɛ deɛ maka ho asɛm nnɛ yi yɛ nokorɛ. Enti, m’ani agye seesei sɛ meka m’adamfo no ho wɔ Yerusalem mmɔnten so a mede me nne a afa no to dwom sɛ:

Adom a ɛyɛ nwanwa—sɛdeɛ nnyegyeɛ no yɛ dɛ—

A ɛgyee ɔwerɛhoni te sɛ me!

Berɛ bi na mayera, nanso seesei wɔahunu me,

Na m’ani afura, nanso seesei mehunu adeɛ.

Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Yohane 9:1–7.

  2. Hwɛ Yohane 9:13–25.

  3. Yohane 9:3.

  4. Hwɛ Yohane 9:6, 11.

  5. Yohane 9:3.

  6. Hwɛ 2 Ahemfo 5:1–15.

  7. Hwɛ Numeri 21:4–9; 1 Nephi 17:41; Alma 33:18–22.

  8. Yesaia 53:2.

  9. Luka 9:1.

  10. Omni 1:20; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:35.

  11. Yohane 9:23.

  12. Amazing Grace,” Nnwom—Ma Fie ne Asɔre, Asɛmpa Akoraeɛ.