Tumi a ɛwɔ Ɔsom a Wɔde ma Obi no mu
Sɛ yɛresom obi a, yɛto nsa frɛ obi sɛ ɔmmra Yesu Kristo nkyɛn na ɔnsom wɔ Awurade fie.
Anuanom mmaa ne mmarima, aseda nka mo wɔ mo som mu sɛ moba Yesu Kristo nkyɛn wɔ saa ahokyerɛ mmerɛ yi mu. Mo ho yɛ nwanwa; mo ho yɛ fɛ; mo mu biara yɛ Onyankopɔn ba. Ɛyɛ me mpaebɔ sɛ yɛbɛhunu Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ berɛ a yɛbɛyɛ, na yɛboa yɛn ho, yɛn ho ma yɛabɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ mapa na yɛate N’anigyeɛ nka berɛ a yɛsom wɔ Awurade fie.
Titenani Russell M. Nelson paee mu kaa sɛ: “Seesei ne berɛ ma me ne wo sɛ yɛbɛsiesie yɛn ho atwɛn yɛn Awurade ne Agyenkwa, Yesu Kristo, Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Seesei ne berɛ a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asuafoyɛ ho hia yɛn kɛse pa ara. Wɔ wiase a nneɛma a ɛtwetwe adwene a ɛyɛ hu ahyɛ ma mu no, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yei?
Ɔmaa mmuaeɛ sɛ: “Daa daa tɛmpol mu som bɛboa yɛn. Wɔ Awurade fie hɔ no, yɛtwe yɛn adwene si Yesu Kristo so. Yɛba bɛhunu No. Nokwafoɔ biara a ɔrehwehwɛ Yesu Kristo no, ɔbɛhunu No wɔ tɛmpol mu.”
Enti yɛbɛyɛ dɛn na yɛabɛyɛ na yɛaboa yɛn ho, yɛn ho abɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ mapa? Yɛsom obi. Yɛresom wɔ Agyenkwa no kwan so no fa mmɔborɔhunu, ayamyɛ, aboterɛ, ne ɔdɔ a atemmuo nka ho. Sɛ yɛresom obi a, yɛto nsa frɛ no sɛ ɔmmra Yesu Kristo nkyɛn na ɔmmɛsom wɔ Awurade fie na ɔnnya Ne gyeɛ tumi no. Nsɛm foforɔ mu no, yɛboa yɛn ho yɛn ho bɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ papa berɛ a yɛsom obi wɔ akwan a ɛkɔ Awurade fie so.
Yɛsua tumi a yɛde som obi wɔ ɔdɔ a atɛmmuo nka ho no firi Yesu Kristo hɔ. Wokae Samariani baa no wɔ abura no ho?. Ebia na saa ɔbaa yi hunuu ne ho sɛ ɔmfata, ɔyɛ ankonam, n’aba mu abu, na wɔnhunu no. Ebia ɔsusuu sɛ ɔnka ho. N’abrabɔ mu nyinaa no na waware mmarima num, na ɔbarima a na ɔne no teɛ no nyɛ ne kunu. Ebia ebinom abu no ntɛnkyea a wɔnnim n’abrabɔ mu tebea a ɔwɔ mu. Yei bɛtumi ayɛ deɛ nti a ɔno nko ara baa abura no ho awia berɛ no mu baako. Nanso, ɔyɛ wɔn a Yesu Kristo dii kan ka kyerɛɛ no sɛ Ɔne Messiah no mu baako. Ɔno deɛ, na saa ɔbaa no yɛ Onyankopɔn babaa.
Yesu Kristo ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ ɛnam Ne so obi bɛtumi anya daa nkwa berɛ a ɔrenom nkwa nsuo no. Ɔpaee mu kaa sɛ “Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no, sukɔm renne no; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ abura nsuo a ɛrefiri kɔ daa nkwa mu.”
Samariani baa no tee Agyenkwa no dɔ nka na ɔnyaa adansedie sɛ Ɔne Messiah no. Saa adansedie yi akyi no, ɔsan kɔɔ kuro no mu, na ɔtoo nsa frɛɛ afoforɔ sɛ wɔmmɛhwɛ, na bebree gyee Yesu dii sɛ “ampa ɔne Kristo no, wiase Agyenkwa no.” Kristo de ɔdɔ somm obi no, ɛno nti; afoforɔ bɛyɛɛ N’asuafoɔ mapa.
Yɛsua obi a yɛde ahummɔborɔ tumi som no no firi Yesu Kristo Asomafoɔ Petro ne Yohane hɔ. Wokae ɔbarima bi a wabubu firi n’awoɔ berɛ, a na ɔda tɛmpol pono ano daa srɛsrɛ sika no?. Ebia na saa ɔbarima yi hunuu ne ho sɛ ɔmfata, ɔyɛ akonam, n’aba mu abu, na wɔnhunu no. Ebia ɔsusuu sɛ ɔnka ho.
“Afei Petro kaa sɛ, Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ deɛ, menni bi; na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Wɔ Yesu Kristo Nazaretni din mu, sɔre na nante.”
Petro sɔɔ ɔbarima no nsa nifa, na ɔpagyaa no, na ɔbarima no nyaa ayaresa. Anwanwa dwuma no akyi hɔ ara, ɔbarima no ne Petro ne Yohane wuraa tɛmpol no mu, “nante, hurihuri, na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.” Petro ne Yohane somm obi no wɔ akwan a ɛde no kɔɔ Awurade fie, na ɔbarima no bɛyɛɛ Kristo suani mapa.
Me nnamfonom, mmerɛ bi aba m’abrabɔ mu a me nso mate nka sɛ me ho nni mfasoɔ, mayɛ ankonam, maba mu abu, na wɔnhunu me. Mate nka sɛdeɛ menka ho no. Wɔbɔɔ me asu hyɛɛ me den sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ba berɛ a na madi mfeɛ 19. Afe akyi, megyee ɔfrɛ too mu sɛ mɛsom sɛ asɛmpatrɛni mua, nanso na pii na ɛwɔ hɔ a mensua mfaa Asɔre no abakɔsɛm ho.
M’asɛmpatrɛ adwuma no mfitiaseɛ no, mesuaa sɛ mmerɛ bi baeɛ a Abibirem Tuntum asefoɔ no wɔamma wɔn kwan amma wɔannye Awurade fie som nhyira no nyinaa bi. Meresua yei deɛ ɛdi kan no de abufuo, basaayɛ, naayɛ, ne ehu atenka baeɛ. Saa atenka yi ano yɛɛ den ara maa me tumi a mede bɛhunu Sunsum Kronkron no yeraa berɛ kakra mu.
Me tiri yɛɛ yie, menyaa asɛmpatrɛni yɔnkoɔ bi, Kevin Vick, a ɔde ɔdɔ, aboterɛ, ne ayamyɛ somm me. Anadwo biara sɛ ɔhwɛ me naayɛ ne annyeanni yɛbea no a, ɔbɛka no tiawa akyerɛ aberanteɛ “Elder Johnson sɛ, “medɔ wo.” Nnawɔtwe mmienu akyi no, memaa me ho kwan tee Kevin dɔ no nka. Menyaa akokoɔduro bɔɔ mpaeɛ kyerɛ Ɔsoro Agya wɔ Yesu Kristo din mu. Berɛ a mebɔɔ mpaeɛ no, wɔtwee me kɔɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam, nkyɛmu 21–23, a ɛka sɛ:
Hwɛ, me ne Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no. Mene hann no a ɛhyerɛn wɔ esum mu no.”
“Twe w’adwene si anadwo no a wosu frɛɛ me wɔ w’akoma mu, sɛdeɛ wobɛtumi ahunu nokorɛ a ɛwɔ saa nneɛma yi ho.
“Manka asomdwoeɛ asɛm angu w’adwene mu fa asɛm no ho? Adanseɛ kɛseɛ bɛn na wobɛtumi anya sene deɛ ɛfiri Onyankopɔn?”
Sɛ mekenkan a, mekae. Mekaee da a medii mmuada na mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛhunu sɛ Mormon Nwoma no yɛ Onyankopɔn asɛm na Joseph Smith yɛ Mmaeɛ bio no Nkɔmhyɛni. Mekaee apam ahoroɔ a wɔyɛɛ wɔ Awurade fie a ɛde me bata Yesu Kristo ho wɔ ankasa ne adamfoɔ kwan a ɛte saa so. Metee Agyenkwa no dɔ, N’ahummɔborɔ, ne N’awerɛhyem sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no yɛ N’ahemman wɔ asase so na ɛho hia sɛ ɛsiesie yɛn ma ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Esiane sɛ mekaeɛ nti, mesan tumi hunuu Sunsum Kronkron no na metee aseɛ yie sɛ Yesu ne Kristo no na meyɛ ne suani.
Mmerɛ biwɔ hɔ a yɛbɛnya nsɛmmisa a yɛnni ho mmuaeɛ ne atenka sɛ yɛn ho nni mfasoɔ, yɛn aba mu abu, yɛyɛ kɔntɛkorɛ, na wɔhunu yɛn. Nanso, menuanom, ɛwɔ sɛ yɛde Yesu Kristo mu gyedie pere kɔ anim na yɛkae Ne nsɛm.
“Wɔ wiase mu mobɛhunu amane, na mmom momma mo bo ntɔ mo yam; Madi wiase so nkonim.”
Meyɛ ɔdanseni ma saa nokorɛ yi ne Agyenkwa no nhyira a ɔhyɛ ho bɔ no.
Enti, deɛn na yɛbɛtumi ayɛ de ahwɛ ahunu sɛ obi a yɛsom no no tu mpɔn? Kristo nkyerɛkyerɛ no sodie bɛboa yɛn. Kristo nkyerɛkyerɛ no sodie te sɛ deɛ Titenani Nelson kyerɛɛ mu no, bɛtumi de su pa kyinhyia a tumi wom aba, na ɛde honhom mu ahoɔden aba yɛn abrabɔ mu.
“Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo mmara a ɛkorɔn no so a Agyenkwa no ma yɛn so tra wiase a ahwe aseɛ yi na ɔde ɔdɔ mapa kɛseɛ, ahobrɛaseɛ, ɔpɛ, ayamyɛ, ahohyɛsoɔ, asomdwoe, ne ahomegyeɛ.”
“[Saa honhom mu] ahoɔden a ɛnam asetena mu ba firi Kristo nkyerɛkyerɛ mu no,” Elder Dale G. Renlund kyerɛkyerɛ mu, “Ɛmma yɛn soro su no nnane nkɔ yɛn ɛnniawieeɛ nkrabea mu nko ara na mmom ɛkanyan yɛn ma yɛboa [yɛsom] afoforɔ wɔ akwan a ɛfata so nso.” Elder Renlund kae yɛn sɛ “Agyenkwa no adwuma ne sɛ ɔbɛsa yareɛ [na ama yɛn ho afi]. Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛdɔ—yɛbɛdɔ na yɛasom wɔ kwan a ɛbɛma afoforɔ abɛn Yesu Kristo.”
Yɛn tumi a yɛde bɛdi Kristo nkyerɛkyerɛ so no mu bɛyɛ duru berɛ a yɛsua Mormon Nwoma no dabiara na yɛfa sakramɛnte nnawɔtwe biara. Titenani Nelson kaa sɛ Mormon Nwoma no “kyerɛkyerɛ Kristo nkyerɛkyerɛ [na] ɛma Yesu Kristo Mpata no wɔbɛhunu no wɔ baabiara.” Medɔ saa nwoma yi. Na yɛde mpaebɔ fa sakramɛnte no nnawɔtwe biara a, ɛbɛma yɛn nteaseɛ a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo ne Ne Mpata no mu ayɛ durun na ama yɛanya honhom mu foforɔyɛ, awerɛkyekyerɛ, ne Onyamesu tumi wɔ yɛn abrabɔ mu. Kae, “wɔ [asɔfodie] ayɛyɛdeɛ mu no, nyameyɛ tumi no da adi,” na saa tumi yi, a ɛfiri Yesu Kristo hɔ no, hyɛ yɛn pɛ ne yɛn ahoɔden a yɛde bɛsom obi no den.
Me Mormon Nwoma no sua ne sakramɛnte fa te m’abammuo atenka so, hyɛ me mmɔden a mede bɛsom obi wɔ Agyenkwa no kwan so no mu den, na ɛboa ma osuaniyɛ no yɛ m’asɛnhia kɛseɛ.
Me nnamfonom, mehyɛ bɔ sɛ berɛ a yɛdi Kristo nkyerɛkyerɛ so na yɛsom obi wɔ akwan a ɛde kɔ Awurade fie no, yɛbɛtumi apere akɔ yɛn anim wɔ Yesu Kristo gyedie mu mpo sɛ wɔmmuaa yɛn nsɛmmisa no ne atenka sɛ yɛn ho nni mfasoɔ, yɛyɛ ankonam, yɛn aba mu abu, ne sɛ wɔnhunu yɛn no a. Yɛbɛto nsa afrɛ obi sɛ ɔmmra Yesu Kristo nkyɛn na ɔmmɛsom wɔ Awurade fie na ɔnnya Ne gyeɛ tumi ne ɔdɔ no. Wɔ Awurade fie mu no, yɛbɛ “te [Agyenkwa no] mmɔborɔhunu nka. [Yɛ]bɛnya mmuaeɛ ama [yɛn ateetee nsɛmmisa akɛseɛ pa ara no. [Na yɛ] bɛte N’asɛmpa no ase yie.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.