Akra Ahobrɛasefoɔ Koto wɔ Afɔremmukyia ho
Sɛ yɛyɛ apam na yɛdi so a, yɛde yɛn ho bɔ Agyenkwa no, na yɛnya kwan kɛseɛ wɔ Ne mmɔborɔhunu, bammɔ, ahoteɛ, ayaresa, ne ahomegyeɛ mu.
Nnwontokuo, meda mo ase wɔ mo adansedie a ɛnam saa nwom foforɔ no so.
Adidikronkron nnwom foforɔ “Bread of Life, Living Water” no hyɛ me kra ma. Nsensaneeɛ baako wɔ nnwom no mu a ɛka sɛ, “Afei meba afɔrebukyea no anim, de m’akoma a abubuo ma No.”
Metee saa nsɛm no ase yie berɛ a yɛn abusua firii Newbury Park, California, kɔsomm wɔ Utah Ogden Mission wɔ 2015 akyi no ara. Wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔhwɛ Hill Air Force Base wɔ Layton, Utah. Na menkɔɔ asraafoɔ atenaeɛ da, ɛna na menhyiaa asraafoɔ sɔfo anaa mmarima ne mmaa a wɔyɛ adwuma de bɔ wɔn man ho ban no da.
Ɔsɔfo Harp, te sɛ asɔfo afoforɔ a wɔyɛ atuhoakyɛ ne wɔn a ɛyɛ wɔn adwuma a wɔsom wɔ afiase, ayaresabea, ne asraafoɔ mmeaeɛ ahodoɔ wɔ wiase nyinaa no, kanyann me hyɛɛ me nkuran. Na yɛn beaeɛ a ɛtwa toɔ wɔ asoɛeɛ hɔ yɛ kronkronbea hɔ. Mebisaa ɔsɔfo no sɛ ɔhwɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wodwennwene nneɛma ho, bɔ mpaeɛ, na wɔsom nyinaa anaa. Ɔkɔɔ asɔredan no anim ɔfasuo no ho na ɔtwee mmeamudua bi firii ntoma no akyi. Ɔkaa sɛ ɔde mmeamudua no yɛ Matemehofoɔ ne Romanfoɔ som. Mebisaa deɛ ɔde yɛ yɛn nuanom Yudafoɔ mmarima ne mmaa som, na ɔkɔɔ anim ɔfasuo no fa foforɔ kɔtwee Dawid Nsoromma bi.
Afei mebisae sɛ, “Deɛn na woyɛ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ som?” Ɔpiaa saa nsɛnkyerɛnneeɛ no firi hɔ na ɔde ne nsa tenee nnua afɔrebukyea kɛseɛ a ɛwɔ kronkronbea no mfinimfini no so. Ɔkaa sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ siesie na wɔhyira paanoo ne nsuo so wɔ afɔrebukyea no so. Mebisaa sɛ wɔyi afɔrebukyea kɛseɛ a ayɛ sɛ ɛtim hɔ no firi hɔ ansa na yɛn nuanom Yudafoɔ, Nkramofoɔ, Romanfoɔ, anaa Matemehofoɔ mmarima ne mmaa no asom anaa. Ɔkaa sɛ afɔrebukyea no ka hɔ, ɛfiri sɛ saa gyedie ahodoɔ no mu pii nso de afɔrebukyea no di dwuma wɔ kwan bi so.
Abraham sii afɔrebukyea, kyekyeree Isak, na ɔyɛɛ krado sɛ ɔde ne ba koro pɛ no bɛbɔ afɔdeɛ, nanso wɔmaa no gyaee, na ɔkaeɛ, sɛdeɛ Awurade aka no, “Me nie”! Mpɛn dodoɔ sɛn na MENE Ɔkɛseɛ no anaa Ne nkɔmhyɛfoɔ no mu baako atu ne ho ama sɛ, “Me nie”?
Wɔ Ne Bepɔ no so Asɛnka mu no, Agyenkwa no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmaa nka mmom ansa na yɛabɛn afɔrebukyea no. Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛ wɔnam Yesu Kristo mpata no so “ate yɛn ho” wɔ afɔrebukyea no so.
Nkɔmhyɛni Lehi “gyaa ne fie ne ne nneɛma a ɛsom bo. [Afei] ɔsii afɔrebukyea na ɔbɔɔ afɔdeɛ, na ɔde aseda maa Awurade.”
Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnsom Onyankopɔn Ba no wɔ afɔrebukyea so. Adɛn nti?
Yɛn awofoɔ a wɔdi kan, Adam ne Hawa, sii afɔrebukyea na wɔsomm wɔ so. Wɔpamoo wɔn firii Eden Turo no mu na wɔsomm “nna pii” akyi no, ɔbɔfoɔ bi kɔsraa wɔn na ɔbisaa asɛm bi a ɛka koma a wɔbɛtumi abisa yɛn mu biara sɛ: “Adɛn nti na wobɔ afɔdeɛ ma Awurade?”
Adam buaa sɛ, “Mennim.”
Ɔbɔfoɔ no mmuaeɛ a ɔmaa wɔ Adam ahobrɛaseɛ no ho no yɛ nwanwa: “Yei yɛ deɛ Agya no Woo no Koro afɔrebɔ no nsɛsoɔ. Ɛno nti, wobɛyɛ deɛ woyɛ nyinaa wɔ Ɔba no din mu, na woanu wo ho na woafrɛ Onyankopɔn wɔ Ɔba no din mu daa.”
Sakramɛnte pono ne tɛmpol afɔrebukyea yɛ Yesu Kristo afɔrebɔ ne Ne mpata a ɛnni ano no ho nsɛnkyerɛnneɛ.
Sɛ yɛyɛ na yɛdi yɛn apam so, gye adidikronkron ayɛyɛdeɛ no wɔ asɔre ne akyɛdeɛ kronkron ne nsɔano wɔ tɛmpol a, yɛde yɛn ho bɔ Agyenkwa no, nya kwan kɛseɛ wɔ ne mmɔborɔhunu, bammɔɔ, ahoteɛ, ayaresa, ne ahomegyeɛ ho.
Mmɔborɔhunu ne Bammɔ a Ɛnam Apam so
Sɛ abarimaa a wadi mfeɛ 15 no, mebisaa me papa sɛ mɛtumi akwati adidikronkro nhyiamu—Kwasida baako pɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu ama Amerika bɔɔlbɔ titire bi anaa. Ɔkaa sɛ manyini a mɛtumi ayi saa ɔpɛ no ama me ho na ɔkaa sɛ mennwene afotuo baako ho. Ɔkaa sɛ, “Sɛ woyi sɛ wobɛgyae adidikronkron baako a, ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛgyae bio.”
Sɛ Agyenkwa no ne nkabomfoɔ kɛseɛ no a, ɛnneɛ ɔtamfo no ne mpaapaemufoɔ no. Satan sɔ yɛn hwɛ sɛdeɛ yɛbɛte yɛn ho afiri yɛn mmeaeɛ a wɔahyira so a yɛsɔre ne Yesu Kristo ho banmɔ ho. Sɛ yɛsɔre Agyenkwa no a, yɛnya “tumi a yɛde bɛko atia wiase nneɛma.” Sɛ yɛnya berɛ ma yɛne No ayɔnkofa a, yɛwɔ bɔhyɛ sɛ “wɔbɛgye yɛn afiri Satan nsam.” “Afei, sɛ yɛdi yɛn apam so a, Ɔma yɛn Ne denhyɛ tumi.” O, sɛdeɛ m’ani sɔ nkutahodie a menam apam ahodoɔ a yɛyɛ wɔ afɔrebukyea kronkron so ne Agyenkwa no di ho.
Worete Agyenkwa no daapem Mpata no ase wɔ mmara akyi mmara, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ kwan so no ma honhom mu aduro a ɛsi ɔtamfo no nnaadaa kwan. Elder Jaggi kumaa a ɔwɔ Mexico, Zuster Jaggi a ɔwɔ Belgium, ne asɛmpatrɛfoɔ afoforɔ a wɔwɔ wiase nyinaa bɛtumi ahunu kɛse sɛ wɔn nnamfonom renya asubɔ ne Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no nhyira sɛ wɔn nnamfonom no kɔ adidikronkron nhyiamu wɔ nnawɔtwe a ɛdi kan a wɔne wɔn hyia no mu a.
Wɔbɛtumi asɔ abranteɛ anaa ababaa a ɔwɔ Tonga anaa Samoa ano kɛse wɔ Awurade fie, sɛ wɔasiesie wɔn ho na wɔagye wɔn akyɛdeɛ kronkron berɛ a wɔawie sukuu akyi pɛɛ a. Wɔ akyɛdeɛ kronkron no mu no, wɔka kyerɛ asɔremma sɛ wɔnni mmara nnum a tumi ne bammɔ ahyɛ mu ma so. Sɛ yɛne Awurade yɛ apam a, yɛne yɛn ho abusuabɔ ba. Yɛda yɛn nokorɛdie ne ɔdɔ adi kyerɛ No. Yɛn ahoɔden ne tumi nyini wɔ ɛbɔ biara a yɛhyɛ na yɛdi so mu.
Nnweneho ne Ahoteɛ
Sɛ yɛde ahobrɛaseɛ koto wɔ sɛnkyerɛnneɛ kwan so wɔ Awurade afɔrebukyea ho a, ɛyɛ akwanya ma nnweneho, “hwɛɛ [yɛn] akoma a ahantan ahyɛ ma no, [brɛɛ yɛ ho ase] wɔ Onyankopɔn anim.” Meyɛ ɔbabunu no, ansa na me ne me nnamfonom bɛpue no, na me maame taa ka sɛ, “Kae onipa ko a woyɛ, na woduru fie a ma menhunu.” Anadwo binom wɔ hɔ a, mamma no anhunu ɛfiri sɛ mannuru fie ntɛm koraa. Ɛyɛ me ya sɛ mahwere me ne Maame saa nsrahwɛ no.
Ɛnnɛ mehwɛ kwan sɛ me ne me Soro Agya bɛnya nkutahodie. Wɔ me daa daa ankasa sɔreɛ nhyehyɛeɛ mu no, mekoto wɔ mpaebɔ mu, wɔ me mpa ho anaa me ne abusua, na mefa no sɛ mekoto afɔrebukyea no ho, dwennwene na mehwehwɛ m’abrabɔ mu. Medwene adidikronkron no ho, mpo paanoo asinasini, a wɔabubu na wɔatete ama yɛn, a ɛmu biara yɛ yɛn Gyefoɔ no nipadua a abubu ho sɛnkyerɛnneɛ no. Ɛkae me Titenani Dallin H. Oaks nkyerɛkyerɛ sɛ “paanoo sini biara yɛ sononko, sɛdeɛ ankorankoro a wɔdi no yɛ sononko no.” Sɛ mekoto wɔ mpaebɔ mu a, medwene sɛdeɛ mɛtumi de me pɛ ama Onyankopɔn.
Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Adidikronkron ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔfrɛ kronkron a yɛkɔ so yɛ sɛ yɛbɛsakyera nokorɛ mu na yɛayɛ foforɔ wɔ honhom mu. Sakramɛnte fa no ankasa ntumi mpopa bɔne. Sɛ yɛsiesie yɛn ho na yɛde akoma a abubuo ne ɔdwoɔ honhom yɛ ayɛyɛdeɛ kronkron yi a, afei bɔhyɛ no ne sɛ mmerɛ nyinaa yɛbɛtumi anya Awurade honhom no aka yɛn ho. Na ɛnam Honhom Kronkron no tumi a ɛte yɛn ho sɛ yɛn daa hokafoɔ no nti mmerɛ nyinaa yɛbɛtumi anya yɛn bɔne ho fafiri.”
Sɛ me ne Amy hwɛ yɛn abrabɔ mu suahunu ahodoɔ yie a, yɛdi Yesu Kristo dɔ ne afɔrebɔ akyɛdeɛ a ɛwie pɛ yɛ no ho ahurisie. Yɛsan hunu sɛdeɛ wɔagyae asamando abufuo mu. Sɛn na yɛbɛtumi adi atemmuo, dadwene, adwenemu haw, kokoram, asikyire yareɛ, intanɛte so abɔnefoɔ, nnipa su a wɔwia, nyinsɛn a wɔhwere, ne abɔfra, onua, ne agya a wɔhwere wɔn no so? Ɛfiri sɛ Yesu faa ahopopoɔ kuruwa, abufuo kuruwa nwononwono no—maa me, maa m’abusua, maa yɛn nyinaa!
Gethsemane, ɛfiri Adam Abram hɔ, a ɛnam altusfineart.com © 2025 so
Saa “kuruwa nwononwono” a Ɔnomm wɔ Getsemane Turo mu ne N’amanehunu a ɛmu “yɛɛ den” wɔ asɛnnua no so wɔ Calvary no ma yɛtumi de wɔn a wɔyɛ den, ahomasoɔ, basabasa, abufuo, ne ahopopoɔ to Awurade afɔrebukyea so na “honhom kronkron no gyeɛ te wɔn ho,” mmerɛ nyinaa.
Onuabaa Patricia Holland kaa sɛ, “Me mpaebɔ a ɛmu dɔ ma me ne wo ɛnnɛ ne sɛ yɛde yɛn ho bɛma koraa, de yɛn ho ato Onyankopɔn bɔhyɛ ne asomdwoeɛ afɔrebukyea so ɛmfa ho baabi a yɛwɔ na ɛmfa ho deɛ yɛayɛ biara.”
Beaeɛ a Ayaresa ne Ahomegye wɔ
Sɛ yɛba afɔrebukyea no ho a, yɛrennye akatua; yɛresua Akyɛdeɛ Mafoɔ no ho adeɛ. Ayaresa firi saa adesua ne apam kyekyere no mu ba. Nephi kaa sɛ, “Ɔde ne dɔ ahyɛ me ma, mpo kɔsi sɛ me honam bɛwe.” Na yɛn Agyenkwa dɔfoɔ no frɛɛ sɛ, “Morensan mma me nkyɛn seesei, na monnu mo ho wɔ mo bɔne ho, na monsakyera, ama matumi asa mo yareɛ?”
Berɛ a na yɛn mma mmaa mpanimfoɔ baanu, Mackenzie ne Emma susua no, ayɛsɛm a na wɔpɛ pa ara mu baako yɛ The Chronicles of Narnia: The Lion, the Witch and the Wardrobe. Yɛn nyinaa bɛdɔɔ gyata Aslan. Anadwo baako a yɛkae pa ara berɛ a na yɛrekenkan nwoma no yɛ berɛ a gyata kɛseɛ no de ne nkwa too hɔ maa Edmund. Yɛkae ɛfiri sɛ awofoɔ ne mma mmaa suiɛ berɛ a White Witch kumm gyata no wɔ Ɛboɔ Pono no so. Yɛkae ɛfiri sɛ anidasoɔ kɔɔ so, ɛmfa ho awerɛhosɛm no, kɔsii sɛ deɛ ɛyɛ nwanwa siiɛ. Anigyeɛ nteateamu gyegyee wɔ saa dan ketewa no mu berɛ a wɔnyanee Aslan na ɔkaa sɛ, “Sɛ Bayifoɔ no nim afɔrebɔ nteaseɛ ankasa a, anka ɔbɛhunu sɛ sɛ obi a ɔfiri ne pɛ mu hunu amane, a wanyɛ bɔne biara wu wɔ ɔbɔnefoɔ ananmu a, Ɛboɔ Pono no bɛpaapae, na owuo ankasa bɛhyɛ aseɛ agye n’ahome.
Yesu Kristo sa apirakuro nyinaa. Yesu Kristo ma ɛyɛ yie sɛ yɛtena ase bio.
Wɔ ne Ahinime 2022 Amansan Nhyiamu kasa mu no, Titenani Russell M. Nelson kaa nsrahwɛ kuo bi a na wɔrebɛhwɛ tɛmpol anobue bi ho asɛm. Na abarimaa kumaa bi wɔ hɔ. Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ:
“Berɛ a nsrahwɛ kuo no wuraa akyɛdeɛ kronkron dan mu no, abarimaa no de ne nsa tenee afɔrebukyea no, beaeɛ a nkorɔfoɔ koto ne Onyankopɔn yɛ apam no, na ɔkaa sɛ, “O, ɛyɛ fɛ. Ɛha yɛ beaeɛ a nkorɔfoɔ home wɔ wɔn tɛmpol akwantuo mu.’
“Bɛyɛ sɛ na ɔnni adwene biara fa abusuabɔ a ɛwɔ apam a yɛne Onyankopɔn yɛ wɔ tɛmpol ne Agyenkwa no bɔhyɛ a ɛyɛ nwanwa no ntam ho:
“‘Mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.
“‘Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me; na mobɛnya ahome ama mo kra.
“‘Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare’ [Mateo 11:28–30; wɔasi so dua].”
“Onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto,” nanso Ɔfrɛɛ N’asuafoɔ no kɔɔ adidikronkron pono no ho sɛ wɔne No nkɔhome wɔ hɔ. Sɛ “akra ahobrɛasefoɔ koto wɔ fɔremmukyia ho” a, asomdwoeɛ yɛ kɛse. Yɛn Agyenkwa no atene ne nsa; wato Ne pono. Bra bɛsom Onyankopɔn Ba no wɔ N’afɔremukyea kronkron ho. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.