Amansan Nhyiamu
Wɔakyerɛ Me, Ahyɛ No Den Wɔ Kristo Mu
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


13:11

Wɔakyerɛ Me, Ahyɛ No Den Wɔ Kristo Mu

Berɛ a worefa mu no nyɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Awurade agyae wo. Na mmom, ɛyɛ adanseɛ sɛ Ɔdɔ wo yie sɛ ɔkyerɛ wo na ɔhyɛ wo den.

Me nuanom mmarimma ne mmaa, mete Awurade dɔ nka berɛ a yɛahyia yi. Ɛma me ahobraseɛ sɛ me ne mo kasa. Mebɔ mpaeɛ sɛ Honhom no bɛma mo ate deɛ Awurade pɛ sɛ moteɛ akyɛn nsɛm a mɛka no.

Na mewɔ kɔlɛgyi berɛ tenten bi a atwam no, mehwehwɛɛ sɛ mɛsua abɔdeɛ ho nimdeɛ ne nkontabuo. Mebuu me ho abomfiaa. Mehyɛɛ aseɛ nyaa atenka bi sɛ merebɔ mmɔden asua biribi a ɛboro me soɔ. Mpɛn dodoɔ a na mebu me ho abomfiaa no, na mete nka sɛ me mmɔdemmɔ ahoɔden so rete. M’abamubuo maa menyaa atenka bi sɛ me mmɔdemmɔ rentumi nso aba biara. Mehyɛɛ aseɛ dwenee sɛ mɛgyae na mayɛ biribi a ɛyɛ mmerɛ.

Metee nka sɛ mayɛ mmerɛ. Mebɔɔ mpaeɛ no, menyaa Awurade mu Awerɛhyem. Menyaa atenka sɛ ɔkasa kyerɛɛ m’adwene sɛ “Merekyerɛ wo, na meka wo ho nso.”

Saa berɛ no na mente saa nsɛm no ase. Nanso na menim deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ—mekɔɔ adwuma.

Mfeɛ a edi akyiri no mu, me dwenee ho na meyɛɛ ho adwuma maa metee saa nkuranhyɛ nsɛm nsɛm a ɛwɔ twerɛ mu ase: “Me tumi adeɛ nyinaa yɛ wɔ Kristo a ɔhyɛ me den no mu.”

Mesuaa sɛ na mebrɛ wɔ abɔdeɛ ho nimdeɛ mu nyinaa yɛ akyɛdeɛ a na ɛfiri Awurade. Na ɔrekyerɛ me sɛ, sɛ na mewɔ gyedie sɛ Ɔbɛwɔ hɔ aboa me a, Ne mmoa nti, na anka mɛtumi ayɛ nneɛma a na ayɛ sɛ ɛrentumi nyɛ yie. Na Awurade nam akyɛdeɛ yi so rekyerɛ me na wahyɛ me den.

Asɛmfua kyerɛ wɔ nkyerɛaseɛ bebree. Worekyerɛ biribi nkyerɛ sɛ woresɔ ahwɛ kɛkɛ. Ɛkyerɛ sɛ worema n’ahoɔden ayɛ kɛse. Worekyerɛ dadebena bi ahoɔden ne sɛ wode bɛhyɛ adesoa kɛseɛ ase. Wɔde ɔhyeɛ, mmuduro, ne nkammia ka ho kɔsi sɛ ne bɔsu ankasa bɛyɛ kɛse na ada adie. Dadebena no ahoɔden so nte berɛ a wɔkyerɛ. Nokorɛ mu, ɛbɛyɛ biribi a wɔbɛtumi anya mu ahotosoɔ, biribi a n’ahoɔden bɛtumi nnesoa akɛseɛ.

Awurade kyerɛ yɛn wɔ saa kwan no ara so de hyɛ yɛn den. Saa nkyerɛ no mma wɔ ahogono anaa ahotɔ mmerɛ mu. Ɛba wɔ mmerɛ a yɛte nka sɛ ɛretwe yɛn mu aboro yɛn ahoɔden so. Awurade kyerɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔso nyini na yɛmmerɛ wɔ yɛn mmɔdemmɔ mu, na yɛmpa aba na yɛbɛkɔ so ara abɔ yɛn ho mmɔden.

Sɛ yɛkɔso nya gyedie wɔ Yesu Kristo mu—mpo wɔ berɛ a nneɛma bɛtumi ayɛ sɛ deɛ ɛrenyɛ yie a—yɛbɛyɛ den wɔ honhom mu. Twerɛsɛm kronkron twerɛtohɔ no si saa nokorɛ yi so dua.

Nhwɛsoɔ bi ne sɛ wɔkyerɛɛ nkɔmhyɛni Moroni, hyɛɛ no den wɔ saa kwan yi so. Ɛkaa ɔno nkoaa wɔ ne mfeɛ a na ɛtwa toɔ mu. Ɔtwerɛɛ sɛ, na ɔnni yɔnkoɔ biara, na na wɔakum n’agya, na na wɔasɛe ne nkorɔfoɔ. Wɔn a na wɔrehwehwɛ ne nkwa no taataa no.

Ne nyinaa mu no, Moroni ampa aba. Na mmom, ɔdwinii n’adansedie wɔ Yesu Kristo ho guu mprɛte so maa nkorɔfoɔ a na wɔmmɛto no, a nkrɔfoɔ a na wɔpɛ sɛ wɔkum no asefoɔ ka ho. Ɔtwerɛ maa yɛn. Na ɔnim sɛ ebinom bɛdi ne nsɛm no ho fɛw. Na ɔnim sɛ ebinom bɛpo. Nanso ɔkɔɔ so twerɛeɛ.

Wɔ ne kyerɛ mu no, Moroni gyedie sesaeɛ na ɛhyɛɛ den. Ɛbɛyɛɛ krɔgyee kɛse. Ne nsɛm mu wɔ tumi a ɛkyerɛ obi a ɔgyinaa gyedie mu kɔsii awieeɛ. Yɛbɛtumi ate saa tumi no nka no bi berɛ a yɛkenkan n’adansedie:

“Afei me, Moroni, metwerɛ deɛ megye di sɛ ɛyɛ ma me; na metwerɛ ma me nuanom, Lamanfoɔ no; na mepɛ sɛ wɔhunu sɛ bɛyɛ sɛ mfinhyia ahanan aduonu ne akyire atwam fiti berɛ a wɔmaa Kristo mmaeɛ ho sɛnkyerɛnneɛ.

“Na mesɔ twerɛtohɔ ahodoɔ yi ano, berɛ a maka afotusɛm kakra akyerɛ mo awie.

“Hwɛ, mɛtu mo fo sɛ, berɛ a mobɛkenkan saa nneɛma yi, sɛ ɛyɛ nyansa wɔ Onyankopɔn mu sɛ mokenkan a, monkae sɛdeɛ Awurade ahummɔborɔ a ɔwɔ ma nnipa mma, fiti berɛ a ɔbɔɔ Adam mpo debɛsi berɛ a mo nsa bɛka saa nneɛma yi, na moadwennwene ho wɔ mo akoma mu.

“Na sɛ mo nsa ka saa nneɛma yi a, mɛtu mo fo sɛ mommisa Onyankopɔn, Ɔnniawieeɛ Agya no, wɔ Kristo din mu, sɛ saa nneɛma yi nyɛ nokorɛ a; na sɛ mode nokorɛ akoma, ne adwene pa, na mowɔ gyedie wɔ Kristo mu a, ɔnam Honhom Kronkron no tumi so bɛda ɛmu nokorɛ adi akyerɛ mo.

“Na ɛnam Honhom Kronkron no tumi so, mobɛtumi ahunu nneɛma nyinaa mu nokorɛ.”

Moroni adansedie yɛɛ den wɔ ankonamyɛ mu nanso ɛde hann hyerɛn de kyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa kwan ma wɔhwehwɛ yɛn Agya a ɔwɔ Soro ne Agyenkwa Yesu Kristo.

Mormon Nwoma no mu nkɔmhyɛni foforɔ, Jacob, nso wɔkyerɛɛ no, hyɛɛ den te sɛ abɔfra a ɔfaa ɔhaw ne awerɛhoɔ bebree mu. Nanso n’agya Lehi kyerɛkyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn bɛhyira no wɔ ne nsɔhwɛ no mu.

“Na hwɛ, woahunu amane ne awerɛhoɔ bebree wɔ wo mmɔfrabrɛ mu, ɛnam wo nuanom ahantan nti.

“Nanso, Yakob, m’abakan wɔ ɛserɛ yi so, wonim Onyankopɔn kɛseyɛ; na ɔbɛhyira w’amanehunu no so ma ayɛ wo mfasoɔ.

“Ɛno nti, wɔbɛhyira wo kra na wo ne wo nua Nephi bɛtena asomdweɛ mu; na wode wo nkwa nna nyinaa bɛsom wo Nyankopɔn. Ɛno nti, menim sɛ wɔagye wo, ɛnam wo Gyefoɔ no teneneeyɛ nti; na woahunu sɛ mmerɛ no wie duru a ɔde nkwagyeɛ bɛbrɛ nnipa.”

Nkɔmhyɛni Joseph Smith faa saa ɔkyerɛ ne denhyɛ yi mu berɛ a na ɔwɔ Liberty afiase. Ne yeadie no mu yɛɛ den no, Nkɔmhyɛni Joseph teaam sɛ

“O Onyankopɔn, na wowɔ hene?

“Ɛnkɔsi dabɛn na wobɛsi wo nsa ho kwan?”

Awurade hunuu ahoteɛ ho nsunsuansoɔ a sɛ Joseph gyina yie a na ɛbɛba wɔ n’amanehunu no mu berɛ a Ɔbuaa sɛ:

“Me ba, asomdwoeɛ nka wo kra; wo haw ne w’amanehunu no renkyɛre koraa;

“Na afei, sɛ wogyina ano yie a, Onyankopɔn bɛpagya wo; wobɛdi w’atamfo nyinaa so nkonim.”

Ɔkyerɛ ne denhyɛ ho nhwɛsoɔ kɛseɛ pa ara sii wɔ Agyenkwa no Mpata mu. Ɔfaa wiase bɔne too Ne ho so. Ɔsoaa yɛn yea ne yɛn awerɛhoɔ. Ɔnomm kuruwa nwononwono no ano. Ɔkyerɛɛ nokorɛdie wɔ berɛ biara mu.

Ɛnam N’animuonyam Mpata no nti, Yesu Kristo bɛtumi ahyɛ yɛn den wɔ yɛn nsɔhwɛ mmerɛ mu. Ɔnim sɛdeɛ ɔbɛboa yɛn ɛfiri sɛ Wafa ɔhaw a yɛbɛfa mu wɔ asetena yi mu nyinaa mu dada. “Ɔbɛfa ne nkorɔfoɔ yea ne nyarewa ato ne ho so na ama ɔnam honam mu ahunu sɛdeɛ ɔbɛsi aboa ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn mmerɛyɛ teɛ.”

The Savior in Gethsemane

Yɛsua sɛ, berɛ a na ɔwɔ Getsemane Turo mu no, Agyenkwa no bisaa Agya no sɛ anka nsɔhwɛ no bɛtumi asiane Ne ho akɔ a—nanso Ɔsan kaa sɛ sɛ ɛyɛ Agya no pɛ a, ɛnneɛ na Agyenkwa no bɛyɛ. Ɛsan kyerɛ sɛ, Agyenkwa no mpo adwene hinhimii na ɛyɛɛ naa, nanso na Ɔwɔ gyedie wɔ Ne Soro Agya mu.

Anuanom mmarima ne mmaa, ebia wo kyerɛ ne wo denhyɛ no renyɛ sɛ Moroni, Jacob anaa Nkɔmhyɛni Joseph Smith deɛ no. Nanso ɛbɛba. Ɛbɛtumi afa abusua asetena mu nsɔhwɛ so aba brɛɛo. Ɛbɛtumi afa yareɛ anaa hwammɔdie anaa awerɛhoɔdie anaa ankonamyɛ so.

Medi adanseɛ sɛ saa mmerɛ yi mu nkyerɛ sɛ Awurade apo wo. Na mmom ɛyɛ adanseɛ sɛ Ɔdɔ wo yie sɛ ɔkyerɛ wo na ɔhyɛ wo den. Ɔrehyɛ wo den sɛdeɛ wobɛtumi asoa daa nkwa muduro no.

Sɛ yɛkɔso di nokorɛ wɔ yɛn som mu a Awurade bɛte yɛn ho. Ɔbɛhyɛ yɛn den. Na da bi, yɛbɛhwɛ yɛn akyiri na yɛahunu saa nsɔhwɛ pɔtee no sɛ na ɛyɛ Ne dɔ ho adanseɛ. Yɛbɛhunu sɛ na ɔretene yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne No agyina wɔ animuonyam mu. Sɛdeɛ Awurade Somafoɔ Paulo kaa wɔ ɔno ara n’abrabɔ awieeɛ, “Ɔko pa no, mako mawie, mmirika no mawie tu, gyedie no makora.”

Medi adanseɛ sɛ Onyankopɔn nim wo. Ɔnim nsɔhwɛ a wohyia. Ɔka wo ho. Ɔrennyae wo. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. Ɔyɛ yɛn ahoɔden, yɛn Gyefoɔ, yɛn anidasoɔ. Sɛ yɛde yɛn ho to Ne so a ɔbɛma yɛn honhom tumi agyina nsɔhwɛ biara a wɔde bɛsoa yɛn. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.