Anisɔ Akoma ne Sereɛ Anim
Yɛn Ahotefoɔ a wɔwɔ Afrika no kɛseyɛ da adi mpo kɛse berɛ a wɔhyia abrabɔ mu akwansideɛ ne Asɔre a ɛrenyini ahiadeɛ.
Bɛboro afe kakra nie, wɔyii me firii me dwumadie mu wɔ Aduɔson no Titenafoɔ mu, nsakraeɛ a wɔde too dwa wɔ ha wɔ amansan nhyiamu ase. Esiane sɛ wɔbɔɔ me din bɛnee wɔn a wɔyɛ Amansan Sodifoɔ a wɔrebɛyɛ emeritus nti, nnipa pii susuu sɛ na me nso merewie me som berɛ. Nhyiamu no akyi no, menyaa aseda ne tiri nkwa nkrasɛm bebree maa m’abrabɔ fa a ɛdi hɔ. Ebinom mpo kaa sɛ wɔbɛtɔ me fie wɔ North Salt Lake. Na ɛyɛ anika sɛ mɛhunu sɛ wɔbɛkae me na mahunu nso sɛ yɛrenhyia ɔhaw wɔ yɛn fie tɔn mu berɛ a mawie. Nanso mennya nnuruu hɔ.
Me dwumadie foforɔ no de me ne Monica kɔɔ Afrika fɛfɛ, baabi a Asɔre no renyini. Ayɛ nhyira sɛ yɛbɛsom wɔ Ahotefoɔ anokwafoɔ a wɔwɔ Africa South Area no mu na yɛadi Awurade dɔ a ɔwɔ ma wɔn no ho adanseɛ. Ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ yɛbɛhunu awoɔ ntoatoasoɔ mmusua a wɔfiri mmusua ahodoɔ nyinaa mu, a Asɔremma dodoɔ a wɔadi nkonim na wɔasua adeɛ yie ka ho sɛ wɔde wɔn berɛ ne wɔn adom akyɛdeɛ resom afoforɔ.
Berɛ korɔ no ara mu no, esiane mantam no mu nnipa dodoɔ nti, nnipa pii a wɔnni sika pii rebɛka Asɔre no ho na wɔnam ntotosoɔ du nokorɛdie nhyira ne nwomasua hokwan ahodoɔ a Asɔre no de ma no so resakra wɔn asetena. Dwumadie te sɛ Succeed in School, EnglishConnect, BYU–Pathway, ne Perpetual Education Fund hyira nnipa bebree, titire awoɔ ntoatoasoɔ a wɔreba no.
Titenani James E. Faust kaa berɛ bi sɛ, “Wɔaka sɛ ɛnsɛ sɛ saa asɔre yi twetwe nnipa akɛseɛ na mmom mpɛn pii no ɛma nnipa hunu yɛ akɛseɛ.”
Yɛn Ahotefoɔ a wɔwɔ Afrika no kɛseyɛ da adi mpo kɛse berɛ a wɔhyia abrabɔ mu akwansideɛ ne Asɔre a ɛrenyini ahiadeɛ. Wɔde adwempa na ɛkɔ so mmerɛ nyinaa. Ɛkyerɛ afutuo a ɛfiri Titenani Russell M. Nelson hɔ:
“Anigyeɛ a yɛnya no nnyina yɛn asetena mu tebea so na mmom biribiara a ɛfa yɛn asetena mu botaeɛ so.
“Sɛ yɛn abrabɔ botaeɛ gyina Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛɛ ne Yesu Kristo ne N’asɛmpa no so a, yɛbɛtumi anya anigyeɛ ɛmfa ho deɛ ɛrekɔ so—anaa ɛnkɔ so—wɔ yɛn abrabɔ mu.
Wɔnya anigyeɛ wɔ wɔn haw nyinaa akyi. Wɔasua sɛ yɛne Agyenkwa no ntam abusuabɔ ma yɛtumi de anim sereɛ ne akoma a ɛyɛ anisɔ hyia ɔhaw ahodoɔ.
Ma menka suahunu a menyaa no Ahotefoɔ nokwafoɔ a wɔyɛ nnyinasosɛm yi nhwɛsoɔ hɔ, nni kan mfiri Mozambique.
Mozambique
Bosome kakra a atwam no, medii stake bi a na adi afe baako na ɛwɔ unit 10 dada nhyiamu bi anim. Nnipa bɛboro 2,000 hyɛɛ asɔredan ketewa no ne apata mmiɛnsa a na wɔde asi abɔnten no ma. Stake president no adi mfeɛ 31, ne yere adi mfeɛ 26, na wɔwɔ mma nkumaa mmienu. Ɔdi stake a ɛrenyini na ɛwɔ ɔhaw ahodoɔ yi anim a ɔnnwiinwii—anim a ɛyɛ sereɛ ne akoma a ɛyɛ anisɔ nko ara.
Me ne patriarch no nkɔmmɔdie mu no, mehunuu sɛ na ne yere yare denneennen, na na ɔbrɛ wɔ ne hwɛ mu. Yɛne stake president no kaa ho asɛm wieeɛ no, yɛmaa no asɔfodie nhyira. Mebisaa patriarch no sɛ sɛ ɔhwɛ a, patriarchal blessing dodoɔ sɛn na ɔtaa ma.
Ɔkaa sɛ: “nwɔtwe kɔ du.”
Mebisaa sɛ, “bosome biara?”
Ɔbuaa sɛ, “Nnawɔtwe biara!” Metuu no fo sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ pii saa wɔ nnawɔtwe awieeɛ biara.
Ɔkaa sɛ, “Elder Godoy, wɔkɔ so ba nnawɔtwe biara, a asɔremma afoforɔ ne mmabunu bebree ka ho.” Bio, wɔnnwiinwii—anisɔ akoma ne sereɛ anim nko ara.
Stake nhyiamu no Memeneda anwummerɛ som akyi, menam kwan so rekɔ baabi a na meda no, mehunuu sɛ nkorɔfoɔ retɔ aduane wɔ kwan no ho, a na adeɛ asa. Mebisaa me hyɛnkani no deɛ nti a wɔreyɛ saa berɛ a esum aba saa na wɔnyɛ no adekyeeɛ. Ɔbuaɛ sɛ na wɔreyɛ adwuma adekyeeɛ no sɛdeɛ wɔbɛnya sika de atɔ akyire yi.
Mekaa sɛ: “Ou, wɔreyɛ adwuma nnɛ de adidi ɔkyena.”
Nanso ɔtenee me sɛ: “Dabi, na wɔreyɛ adwuma awia no de adidi anadwo yi.” Na mewɔ anidasoɔ sɛ ebia yɛn asɔremma no wɔ tebea pa mu, nanso ɔsii so dua sɛ pii wɔ ɔhaw a ɛte saa mu wɔ ɔman no fa hɔ. Adeɛ kyee anɔpa, wɔ yɛn Kwasiada som no mu a na mahunu wɔn tebea foforɔ no, wɔn anim sereɛ ne wɔn anisɔ akoma no kaa me kɛseɛ mpo.
Zambia
Me ne stake president no nam kwan so rekɔ Kwasiada nhyiamu no, yɛhunuu awarefoɔ bi sɛ wɔne abɔdomaa ne mmɔfra nkumaa baanu nam kwan no so. Yɛgyinaeɛ faa wɔn. Wɔn ho dwirii wɔn na wɔn ani gyeeɛ. Mebisaa berɛ dodoɔ a wɔde bɛnante akɔduru asɔre no, agya no buaa sɛ ɛbɛtumi ayɛ simma 45 kɔ dɔnhwere baako, a ɛgyina mmɔfra no ahoɔhare so. Wɔtwa saa kwan yi kɔ ba Kwasiada biara, a na wɔnnwiinwii—anisɔ akoma ne sereɛ anim nko ara.
Malawi
Kwasiada bi ansa na stake nhyiamu bi reba so no, mekɔɔ branch mmienu a wɔsom wɔ aban sukuu dan mu. Adan no tebea a ɛwɔ fam ne nneɛma a ɛhia a na ebi mpo nni mu no maa me ho dwirii me. Berɛ a mehyiaa asɔremma kakraa bi wɔ hɔ no, na mayɛ krado sɛ mɛpa kyɛw wɔ wɔn nhyiamu dan no tebea a ɛnsɛ no ho, nanso na wɔn ani agye sɛ wɔwɔ baabi a ɛbɛn a wɔbɛhyia, na wɔakwati nanteɛ tenten a wɔtaa yɛ no. Bio, wɔannwiinwii—anisɔ akoma ne sereɛ anim nko ara.
Zimbabwe
Memeneda bi wɔ akannifoɔ nteteeɛ akyi no, stake president no de me kɔɔ Kwasiada som a na wɔreyɛ wɔ fie bi a wɔahan mu. Nnipa 240 na wɔbaaɛ. Afei bishop no de asɔremma afoforɔ 10 a wɔbɔɔ asu saa nnawɔtwe no kyerɛeɛ. Na asafomma no wɔ adan nketewa mmienu mu, ɛna na ebinom nso te dan no akyi rehwɛ nhyiamu no fa mpoma ne apono mu. Na anwiinwii biara nni mu—anisɔ akoma ne sereɛ anim nko ara.
Lesotho
Mekɔɔ ɔman ketewa fɛfɛ, a wɔsan frɛ no “bepɔ ahemman,” yi mu, kɔhwɛɛ Asɔre mansini bi a wɔresiesie wɔn ho abɛyɛ stake. Memeneda bi nhyiamu ahodoɔ akyi no, mekɔɔ Kwasiada som wɔ wɔn brankye baako a ɛwɔ fie bi a wɔahan mu. Na sakramɛnte dan no mu ayɛ ma, a na nkorɔfoɔ gyina pono no akyi na wɔresom. Meka kyerɛɛ branch president no sɛ wɔhia efie kɛseɛ. Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ n’asɔremma no mu fa pɛ no no. Na ɛfa a aka no bɛkɔ sakramɛnte nhyiamu a ɛtɔ so mmienu wɔ dɔnhwere a ɛtɔ so mmienu no akyi. Bio, wɔannwiinwii—anisɔ akoma ne sereɛ anim nko ara.
Mesan kɔɔ Lesotho akyire yi esiane kaa akwanhyia a ɛyɛ hu a yɛn mmabunu pii ka ho nti, sɛdeɛ Elder D. Todd Christofferson aka dada no. Berɛ a mekɔɔ mmusua ne akannifo no nkyɛn no, na merehwɛ kwan sɛ mɛhunu awerɛhoɔ tebea. Mmom, mehyiaa Ahotefoɔ a wɔyɛ den na wɔtumi gyina a na wɔnam tebea no mu wɔ kwan a ɛma denhyɛ na nkanyan so.
Mpho Anicia Nku a wadi mfeɛ 14, a na ɔka akwanhyia no ho wɔ mfonin yi mu no de n’ankasa nsɛm kyerɛɛ mu yie: “Fa wo ho to Yesu so na hwɛ No mmerɛ nyinaa, ɛfiri sɛ ne mu na wobɛnya asomdwoeɛ, na Ɔbɛboa wo wɔ ayaresa mu.”
Yeinom yɛ nhwɛsoɔ kakraa bi pɛ a yɛhunu wɔn suban pa ɛnam sɛ wɔde wɔn abrabɔ si Yesu Kristo asɛmpa no so nti. Wɔnim baabi a wɔbɛnya mmoa na anidasoɔ.
Agyenkwa no Ayaresa Tumi
Adɛn nti na Agyenkwa no bɛtumi aboa wɔn ne yɛn wɔ yɛn abrabɔ mu tebea biara mu? Yɛbɛhunu mmuaeɛ no wɔ twerɛnsɛm no mu:
“Na ɔbɛkɔ akɔte yea ne amanehunu ne ahohiahia ne nsɔhwɛ ahodoɔ nyinaa bi.
“Na ɔbɛfa wɔn mmerɛyɛ ato ne ho so, ama ahummɔborɔ ahyɛ ne nsono mu ma, ama wahunu sɛdeɛ aboa ne nkorɔfoɔ sɛdeɛ wɔn mmerɛyɛ teɛ.”
Sɛdeɛ Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛeɛ no, honam mu yea, ahoyera, anaa mmerɛyɛ biara nni hɔ a yɛnya a Agyenkwa no nnim. “Me ne wo wɔ mmerɛyɛ mu berɛ tiawa bi mu no, ebia yɛbɛka sɛ, ‘Obiara nte [deɛ merefa mu] ase.’ Daabi onipa biara nni hɔ a ɔnim. Nanso Onyankopɔn Ba no nim na ɔte aseɛ pa ara.” Adɛn nti? Ɛfiri sɛ “Ɔtee nka na ɔsoaa yɛn nnesoa ansa na yɛrefa mu.”
Mede m’adansedie a ɛfa Kristo nsɛm a ɛwɔ Mateo 11wie:
“Mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.
“Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me; ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase wɔ akoma mu, na mobɛnya ahomegyeɛ ama mo kra.
“Ɛfiri sɛ me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa mu yɛ hare.”
Te sɛ Ahotefoɔ a wɔwɔ Afrika no, menim sɛ saa bɔhyɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛyɛ nokorɛ wɔ hɔ, na ɛyɛ nokorɛ wɔ baabiara. Yei na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.