Amansan Nhyiamu
Awurade Reyɛ N’adwuma Ntɛm so
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


14:55

Awurade Reyɛ N’adwuma Ntɛm so

Sɛdeɛ Awurade reyɛ N’adwuma ntɛm so no, ɛwɔ sɛ yɛdɔ, ma nteteɛ, na yɛsom wɔn a wɔgye N’asɛmpa no.

Charles Dickens a wagye din hyɛɛ n’ayɛsɛm nwoma a ɛsom boɔ ase A Tale of Two Cities de hyɛɛ mu den sɛ “na ɛyɛ mmerɛ papa pa ara, na ɛyɛ mmerɛ bɔne pa ara.” Adwene mu no, yei yɛ nokorɛ wɔ yɛn da yi mu.

Yɛte berɛ a ɛyɛ basabasa mu a “asase no so nyinaa [yɛ] gyegyeegye.” Titenani Russell M. Nelson afotuo sɛ yɛnyɛ aptafoɔ, sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no, Elder Gary E. Stevenson asi so dua fɛfɛɛfɛ saa anɔpa yi. Yei yɛ ɔfa titire a ɛkanyan nkabom, asomdwoeɛ, ne ayaresa ma “mmerɛ bɔne pa ara no.”

Yɛsan nso te “mmerɛ papa pa ara mu,” deɛ ɛbɛyɛ me dua so sie. Awurade, wɔ nnianim ma Nkyerɛkyerɛ ne Apam ɔfa 1, de too dwa sɛ wɔbɛbɔ asɛmpa no mayɛ “dawuro … akɔ wiase ano nyinaa.” Nokorɛ mu Awurade reyɛ N’adwuma ntɛm so wɔ yɛn berɛ yi mu. Ɛwɔ sɛ yɛn nnaaseɛ mu dɔ ma saa ntɛm soɔ no, deɛ asi ne deɛ ɛgu so resi, ɛmmfa ho ne saa nsɛm denden mmerɛ yi. Yɛte ɛda bi mu a Awurade akyidifoɔ anya hokwan te Ne nne na wɔbue akoma ne adwene mu gye so. Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafomma, a wɔyɛ ahofama ma Agyenkwa ne Ne mmaransɛm no, rehunu botaeɛ ne wɔn ankasa asomdwoeɛ a ɛmu dɔ mu.

Berɛ ano berɛ ano wɔ Asɔre no abakɔsɛm mu no, nyini a ɛhohia awɔ hɔ ama wɔn a wɔawura apam kwan no so. Berɛ baako a ɛte saa sii 1837 ne 1850 ntam. Kane Asomafoɔ no binom wɔ Awurade Asɔre a asan aba no mu somm asɛmpatrɛ wɔ United Kingdom. Saa asɛmpatrɛ yi wiee mpem mpem a wɔbɛdɔmm Asɔre no, na ɛduruu 1850 mu no na Asɔre asafomma a wɔte United Kingdom dɔɔso kyɛn wɔn a wɔwɔ United States. Saa berɛ no, Awurade kyerɛɛ wɔn kwan sɛ wɔmmoa wɔn ano nkɔ Utah. Atukɔ kɛseɛ siiɛ, maa wɔboaa ɛbinom faa Daapem Atukɔ Dwetire bosea so.

Mepɛ amanneɛbɔ a ɛfa ɛdɔm a wɔasakra na wɔbɛduruu Salt Lake Valley firii England ne Wales wɔ 1852 mu. Titenafoɔ a Wɔdi Kan na wɔhyiaa saa ekuo yi wɔ Emigration Canyon ano, a Captain Pitt’s Band ɛka wɔn ho. Deseret News kaa wɔn ho asɛm sɛ “akwantufoɔ agorɔ kuo a [ɛka ho] yɛ anuanom mmaa ne nkwadaa, renante, honam ayɛ kɔkɔɔ, na ewiem nsesaeɛ adi wɔn nya, nanso wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn akoma yɛ hann te anigyeɛ nka, a ɛda adi pefee wɔ wɔn anigyeɛ ne ahurisie hwɛbea mu.”

Berɛ a “wɔtwaa mu Tɛmpol Bea hɔ no, mmarima, mmaa, ne nkwadaa mpem mpem, boaa wɔn ho ano, firii ahenkuro no afa ahodoɔ mu, bɛka bɔɔ mu maa akwaaba wɔ ahurisie ne animuonyam mu.” Titenani Brigham Young kasa kyerɛɛ wɔn: “Ma Israel Awurade Nyankopɔn nhyira mo. Yɛkɔɔ so bɔɔ mpaeɛ maa mo; mpaeɛ mpem mpem na yɛabɔ ama mo, daa ne daa, akyerɛ Ɔno a wahyɛ yɛn sɛ yɛmmoa Israel ano, mfa asɛmpa no ka so nnye nnipa mma, na yɛnsiesie wɔn mma Mesaia mmaeɛ no.”

Wɔ saa ahurisie berɛ titire yi honhom mu, ma me mma mo awerɛhyɛmu bio mmra Awurade Asɔre mu. afoforɔ a wɔasakra nyinaa ne wɔn a wɔresan aba: Yɛdɔ mo; yɛhia mo; Awurade hia mo. Yɛrenntumi mmfa agorɔ kuo a wɔbɔ nsra mma mo akwaaba, mmom yɛbɔ mpaeɛ sɛ ɔsoro nhyira bɛka mo mmɔdemmɔ ho de akɔ anim wɔ apam kwan no so, deɛ ɛde kɔ Onyankopɔn Agya ne Yesu Kristo hɔ wɔ sɛlɛstia ahemman no mu.

Wɔ yɛn da yi mu, adanseɛ wɔ hɔ pefee sɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu redɔɔso. Wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu, adwensakrafoɔ ne deɛ adwensakrafoɔ ka ho yɛbi adɔɔso anwanwa kwan so. Wɔ abosome 36 a atwam yi, ɛreyɛ akɔ 900,000 adwensakrafoɔ na abɛdɔm Asɔre no. Sɛ wɔka saa adwensakrafoɔ yi ne Asɔre asafomma nyinaa bom a wɔrekɔ bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu 5. Yɛtrɛ yɛn nsa mu de anisɔ a ɛmu dɔ ma asafomma afoforɔ akwaaba wɔ ɔkwan a wɔayi ho.

Saa adwensakrafoɔ 900,000 wɔ abosome 36 a atwam no boro Asɔre asafomma nyinaa so berɛ a ɔdii 110 afedie wɔ 1940, a na asafomma boro 860,000 bi pɛ. Na yei ne afe a wɔwoo me, Elder Jeffrey R. Holland, ne Elder Dieter F. Uchtdorf.

Na saa adwensakra anwanwafoɔ afoforɔ yi firi wiase afa nyinaa na ɛbaeɛ. Saa afe yi abosome nsia a ɛdi kan no mu, adwensakrafoɔ aforo aboro ɔha nkyɛmu 20 afa afe a atwam no so wɔ Europe, Abibiman mu, Asia, the Pacific ne Latin America. Wɔ Amerika Atifi, yɛahunu dodoɔ a ɛyɛ ɔha nkyɛmu 17. Awurade adwuma no toa so kɔ nkan wɔ ahoɔdenneɛ kwan so. Saa nɔma a ɛresɔre yi yɛ adansedie kann sɛ asɛmpa no reka akoma na ɛresesa abrabɔ baabiara.

Yɛn da yi mu, saa adwensakrafoɔ a wɔsomboɔ yi mmmoa wɔn ano wɔ mmoanobea bio. Ɛnam Asɔre asafomma gyedie ne nhyirasoɔ nti, nneɛma a wɔde di dwuma wɔ hɔ a ɛboa asafo ahodoɔ no—sɛ wɔresi asɔredan ne tɛmpol—ahodoɔ a atwa wiase ahyia no. Asɔfodie nsafoa a ɛka ho a ɛho hia ne nneɛma a wɔde yɛ adwuma a wɔde ma nti, ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ wɔ hɔ seesei wɔ wiase afa dodoɔ mu.

Ɛmfa ho ne baabi a yɛte, ɛhia sɛ nnɛ asafomma ma ɔpeha so mpem mpem asafomma afoforɔ akwaaba sɛdeɛ yɛyɛɛ Enyiresi ne Welsh Ahotefoɔ no a yɛaka wɔn ho asɛm afiri yɛn tete abakɔsɛm mu no. Mepɛɛ Elder Gerrit W. Gong kasa wɔ saa ɔfa yi mu baabi a ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ mma obiara nko ara nntena sɛ nkateɛ mu anaa honhom mu.

Yɛn asɛdeɛ kronkron ne sɛ yɛgye asafomma afoforɔ ne wɔn a wɔresan aba no to mu ma wɔn akwaaba. Sɛdeɛ Awurade reyɛ N’adwuma ntɛm so no, ɛwɔ sɛ yɛdɔ, ma nteteɛ, na yɛsom wɔn a wɔgye N’asɛmpa no. Yɛbɛtumi aboa asiesie Sion nkorɔfoɔ, baabi a yɛyɛ “akoma baako ne adwene baako, na [yɛte] teneneeyɛ mu.” Yɛ ne Awurade bɛyɛ baako no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ baako wɔ Awurade anim. Asafomma nyinaa, ɛmfa ho ne asubɔ da, kyɛ asodie sɛ yɛma afoforɔ akwaaba.

M’afotuo ma Asɔre asafomma ne sɛ yɛnyɛ saa nkorɔfoɔ a wɔsom boɔ, na wɔayi wɔn a wɔagye Yesu Kristo asɛmpa no, atuu.

Titenani Gordon B. Hinckley akyerɛkyerɛ sɛ deɛ wasakra foforɔ hia “adamfoɔ, asodie, nya nteteɛ de ‘Onyankopɔn asɛm papa no’ (Moroni 6:4).” Yɛbɛtumi aka nnamfoɔ no a wɔhyɛ saa afoforɔ a wɔasakra no nkuran sɛ wɔka ho na wɔnyɛ ahɔhoɔ kwa. Yɛbɛtumi aboa wɔn ama wɔate aseɛ sɛ wɔyɛ Yesu Kristo asuafoɔ a wɔbɛtumi asom afoforɔ na wɔagye ɔfrɛ sɛ wɔbɛsom. Ɛwɔ sɛ nsakraeɛfoɔ nkumaa susu ho sɛ wɔbɛsom asɛmpatrɛ mu. Ɛwɔ sɛ obiara bɔ tirim sɛ ɔbɛbɔ mmɔden abɔ bra te sɛ Kristo abrabɔ.

Dodoɔ no dɔm Asɔre no wɔ wɔn ankasa afɔrebɔ kɛseɛ mu a wɔhia wɔn yɔnkonom Ahotefoɔ no dɔ ne akyitaeɛ aniberɛ so.

Wɔn a wɔyɛ afoforɔ anaa wɔresan aba gyedie no mu, nsɛm denden binom wɔ hɔ a mobɛfa mu. Nya wo ho aboterɛ. Asɛmpatrɛfoɔ no akyerɛkyerɛ mo nkyerɛkyerɛ titire no, akyerɛ ahemman no apam ne ayɛyɛdeɛ mu, deɛ wɔayi asi hɔ wɔ twerɛnsɛm no mu ne Ka M’Asɛmpa

Woregye ayɛyɛdeɛ ne apam na wode mmaransɛm no abɔ bra yɛ adeɛ titire. Twe adwene kɔ apam a ɛhia ma mmasoɔ no so. Asɛmpa no tumi yɛ ma mmasoɔ no ba mu, deɛ ɛhia yɛ sɛ woyɛ na wokora apam kronkron a wo ne Onyankopɔn akɔ. Gye sɛ asubɔ, denhyɛ, ne Mɛlkisedek asɔfodie gyeɛ a wɔde ma mmarima, apam a yɛkɔ no wɔyɛ wɔ tɛmpol mu. Ɛma awufoɔ no, wɔyɛ saa ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ no mu biara wɔ tɛmpol mu nko ara. Ne saa nti, woresiesie wo ho ama tɛmpol no, ɛwɔ sɛ ɛyɛ mprenpren botaeɛ.

Ɛtɔ da a wobɛte nka sɛ ɛnnɔɔso ɛfa deɛ wonim ho. Asɛmpa ho nimdeɛ yɛ nhyira kɛseɛ a wɔnya nkakrankakra wɔ berɛ mu, mmom ɛnyɛ ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ. Asɛmpa no ɛnyɛ nimdeɛ ho sɔhwɛ. Nanso, sɛdeɛ Titenani Nelson ahyɛ bɔ no: “Berɛ a wode mpaebɔ resua Mormon Nwoma da biara, no, wobɛsi gyinaeɛ papa—da biara. Berɛ a wodwene deɛ wosua ho no, ɔsoro mpoma bɛbue, na wobɛnya mmuaeɛ ama woankasa nsɛmmisa ne akwankyerɛ ama woankasa asetena.”

Ɛka ho no, afe biara wɔ ntwareho mu no Asɔre nhyehyɛeɛ a yɛdi akyire wɔ Kwasiada nhyiamu ase ɛfa Apam Dada, Apam Foforɔ, Mormon Nwoma, ne Nkyerɛkyerɛ ne Apam no. Berɛ bi akyi no, wobɛnya awerɛhyɛmu kɛse berɛ a w’asɛmpa ho nimdeɛ renyini no. Daa ne daa twerɛnsɛm sua no bɛma wo nsakraeɛ mu adɔ akɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu na ɛbɛhyira w’asetena na wadi yie.

Woresua Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ kronkron no yɛ w’asetena nyinaa botaeɛ, wɔ nkyerɛkyerɛ mu nteaseɛ ne sɛ worebɔ Kristosu abrabɔ. Apam a ɛho hia ma fapem nhyehyɛeɛ a yɛka ho asɛm sɛ apam kwan. Titenani Nelson akyerɛkyerɛ saa nnyinasosɛm yi ahoɔden so. Asafomma nyinaa, ne titire afoforɔ ne wɔn a wɔresan aba, bɛnya nhyira berɛ a woresua na wɔregye to mu ne nkɔnhyɛsu nkransɛm fa apam ne apam kwan no ho.

Sɛ wosiesie botaeɛ sɛ wofata de gye apam a ɛho hia ma mmasoɔ no mu biara a, wobɛwɔ ɔkwan a ɛdi w’anim kɔ sɛlɛstia ahemman no mu so. Ɛwɔ sɛ yɛde yɛn adwene si tɛmpol ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ no so. Apam no mu dodoɔ wɔ hɔ ma yɛn mu biara. Ɛnni awieeɛ awareɛ yɛ apam no baako a ɛka ho ka wo ne wo yɔnko mmɔdemmɔ bom. Ɛsɛ sɛ yɛn botaeɛ yɛ sɛdeɛ yɛbɛhunu saa ɛnni awieeɛ yɔnkoɔ no.

Nanso, saa berɛ yi sɛ ɛnni awieɛ awareɛ rentumi mma a, mma wo aba mu mmu. Nkɔnhyɛfoɔ akyerɛkyerɛ sɛ wɔremmfa nhyira biara nnkame asafomma nokwafoɔ a wɔdi mmaransɛm so. Mormon Nwoma mu nkɔnhyɛni baako, Ɔhene Benjamin, kaa no fɛɛfɛ so sɛ: “Wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm so nya nhyira nneɛma nyinaa mu, na sɛ wɔ [yɛ] nokwafoɔ kɔsi awieeɛ a wɔbɛtumi ne Onyankopɔn akɔtena anigyeɛ mu wɔ tebea a ɛnni awieeɛ mu.”

Sɛ wonhunuu no dada a, wobɛhunu sɛ asafomma no nnwie pɛyɛ. Nkyerɛkyerɛ a wɔayi akyerɛ, da no adi kann sɛ, yɛbɛyɛ mfomsoɔ wɔ yɛn wiase ha asetena mu. Yɛte wiase a ahwe ase na ɛnwie pɛyɛ mu, ɛnyɛ sɛlɛstia wiase. Saa asetena yi yɛ sɔhwɛ berɛ, a yɛwɔ hokwan daadaa sɛ yɛsakyera na yɛsɔ yɛn ho hwɛ.

Yɛn nyinaa te nka sɛ yɛnni mu berɛ a yɛrepere sɛ yεbɛba abɛyɛ sɛ Yesu Kristo. Ne mpata no ma yɛn ho kwan dabiara sɛ yɛsakyera brɛ a yɛtɔ sini. Te sɛ Nephi, Mormon Nwoma mu nkɔnhyɛni foforɔ, kaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ [yɛn] pere kɔ nkan gyina pintinn wɔ Kristo mu, nya anidasoɔ a ɛhyerɛn na ɛwie pɛyɛ, ne Onyankopɔn ne nnipa nyinaa ho dɔ. Ɛno nti, sɛ mopere kɔ nkan, na modidi mee wɔ Kristo asɛm mu, na mo si apinee kɔsi awieeɛ a, hwɛ, sei na Agya no seɛ: Mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Berɛ a yɛredwene yɛn da yi mu nsɛm denden ho no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Agyenkwa no, N’asase so som adwuma mu, ɔtenaa bagyabagya ne basabasa berɛ mu. Na N’adwene nni da no mu amammuo nsɛm denden so; na ɛwɔ Ahotefoɔ no pɛpɛyɛ so.

Redi Agyenkwa no, Ne nkyerɛkyerɛ ne adekyerɛ akyi ɛnyɛɛ mmerɛ da wɔ wiase a berɛ nyinaa ɛwɔ ɔhaw mu. Na ɛnyɛ mmerɛ mma Agyenkwa no wɔ wiase a ɛdi adaneadane yi mu wɔ Ne ɛwuo asetena no mu, na ɛnyɛ mmerɛ mma yɛn kane akannifoɔ ne asafomma no, na ɛnyɛ mmerɛ mma yɛn. Yɛn tiri yɛ, nkɔmhyɛfoɔ a wɔte ase ma akwankyerɛ pɔtee a yɛhia ma yɛn da yi. Titenani Dallin H. Oaks bɛtoa saa honhom mu tumi apɛgyadeɛ yi so.

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo Asɔre nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ na ɛnni awieeɛ. Medi me nokorɛ adanseɛ a akyinnyeɛ nni ho sɛ Yesu Kristo te ase, na ɛnam Ne Mpata no nti, yɛbɛtumi ne No ayɛ baako. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Charles Dickens, Nkuropɔn Mmienu Ho Asɛm 1859), 1.

  2. Na Dickens asɛntitire no mu baako yɛ adwene ma ankorankoro nsakraeɛ wɔ amansan abufuo ho.

  3. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:26.

  4. Hwɛ Gary E. Stevenson, “Nhyira ne Apatafoɔ,” Liahona, Obubuo 2025, 6–9.

  5. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:23.

  6. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:73.

  7. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:23; hwɛ nso Yohane 14:27.

  8. Hwɛ Asomafoɔ 2:41.

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 112. Wɔnyaa saa adiyisɛm yi wɔ Kutawonsa 23, 1837, da no a wɔdii kan kaa asɛmpa no wɔ England wɔ saa asɛmpa berɛ yi mu. Dodoɔ fa saa asɛmpatrɛ yi ho, hwɛ James B. Allen, Ronald K. Esplin, ne David J. Whittaker, Mmarima a wɔwɔ Botaeɛ: Asomafoɔ Dummienu Kuo a wɔwɔ British Isles, 1837–1841 1992).

  10. Saa adwensakrafoɔ yi mu dodoɔ a wɔbaae no firii adwuma gyinapɛn mu. Charles Dickens hyɛɛ ɛbinom a na wɔresiesie wɔn ho atu kwan akɔ United States wɔ ɛhyɛn Amazonmu no nso. Ɔyɛɛ ahwɛyie wɔ deɛ ɛfata mu. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔ wɔn dibea mu, England nhwiren ne deɛ ɔte” (“The Uncommercial Traveller,” Afe no mu nyinaa, Kutawonsa 4, 1863, 446). San hwɛ 1 Korintofoɔ 1:26–28

  11. Hwɛ “Firi England abɛduru, nam ‘Perpetual Emigrating Fund,’” Deseret News, Ɛbɔ 18, 1852, 90.

  12. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:62, 70; san hwɛ 1 Korintofoɔ 15:40–42.

  13. Nkransɛm a Asafoba ne Statistical Recordfoɔ ne Asɛmpatrɛfoɔ Nkorabata de maeɛ.

  14. Nkransɛm a Asafoba ne Statistical Recordfoɔ ne Asɛmpatrɛfoɔ Nkorabata de maeɛ.

  15. Nkransɛm a Asafoba ne Statistical Recordfoɔ de maeɛ.

  16. Nkransɛm a Asafoba ne Statistical Recordfoɔ ne Asɛmpatrɛfoɔ Nkorabata de maeɛ.

  17. Bɛyɛ 1890 mu, Asɔre akannifoɔ hyɛɛ aseɛ hyɛɛ asafomma nkuran sɛ wɔntena wɔn ankasa man mu kyɛn sɛ wɔbɛboa wɔn ano wɔ Utah. Wɔtee stakes a ɛdi kan a ɛnni Atɔeɛ mmepɔ ntam wɔ 1920 mu, na stake a ɛdi kan a wɔteeɛ na ɛnni United States ne Canada yɛɛ New Zealand (hwɛ Brandon S. Plewe, ed., Mapping Mormonism: Asase mfonini ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ Abakɔsɛm [2014], 184–85).

  18. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:11–16.

  19. Hwɛ Gerrit W. Gong, “No One Sits Alone,” Liahona, Obubuo 2025, 40–43.

  20. Mose 7:18.

  21. Hwɛ Yohane 17:20–21; 1 Korintofoɔ 12:11–31.

  22. Gordon B. Hinckley, “Converts and Young Men,” Ensign, Kɔtɔnima 1997, 47.

  23. Hwɛ Yakobo 2:5; hwɛ nso Mateo 19:29; Romafoɔ 2:11; Efesofoɔ 2:19; Mosiah 18:8–9.

  24. Hwɛ Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a Yɛde Kyɛ Yesu Kristo Asɛmpa (2023), 17.

  25. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 14:7.

  26. Russell M. Nelson, “Mormon Nwoma no: Sɛn na Anka W’abrabɔ Bɛyɛ sɛ Ɛnni Hɔ a?,” Liahona, Obubuo 2017, 62–63; san hwɛ Spencer W. Kimball: “Berɛ a ɛyɛ sɛ ɔsoro aso biara rentie, na ɔsoro nne biara renkasa no, sɛ [yɛ] dɔ [yɛn ho yɛn ho] asukɔ wɔ twerɛnsɛm no mu a, ɔkwan no bɛyɛ hiahia na honhom mu ahoɔden no san ba” (Teachings of Presidents of the Church: Spencer W. Kimball [2006], 67).

  27. Hwɛ Yohane 5:39.

  28. Hwɛ, sɛ ɛbia, Russell M. Nelson, “Ma Onyankopɔn Nni so,” Liahona, Obubuo 2020, 92–95; “Honhom mu Nyini Tumi,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 97–100; “Di Wiase so na Nya Ahomegyeɛ,” Liahona, Obubuo 2022, 95–98.

  29. Mosiah 2:41.

  30. Hwɛ Alma 34:32.

  31. 2 Nephi 31:20.

  32. Hwɛ Efesofoɔ 4:11–15.

  33. Hwɛ Yohane 17:20–22.