Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Asɛmpa a Ɛgyina Abusua so
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


17:23

Yesu Kristo Asɛmpa a Ɛgyina Abusua so

Yɛn nkyerɛkyerɛ ne gyidie a ɛwɔ ɛnniawieeɛ abusua mu no hyɛ yɛn den na ɛka yɛn bom.

Menuanom adɔfoɔ, meda mo ase wɔ mpaeɛ a mobɔ ma me Mate wɔn nka.

I.

Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nkyerɛkyerɛ no fa abusua ho. Adeɛ a ɛhia ma yɛn nkyerɛkyerɛ fa abusua ho yɛ tɛmpol. Ayɛyɛdeɛ a yɛgye no wɔ hɔ no boa yɛn ma yɛsane kɔ yɛ Soro Agya anim sɛ mmusua.

Ɛrebɛsi Oforisuo 2025 amansan nhyiamu no, na Titenani Russell M. Nelson de tɛmpol afoforɔ a wɔrebɛsie 200 ato dwa. Na nani gye ho sɛ ɔde tɛmpol afoforɔ to dwa wɔ amansan nhyiamu awieeɛ, yɛn nyinaa anigye ne ho. Nanso, esiane sɛ seesei tɛmpol ahoroɔ no dɔɔso wɔ adansie nhyehyɛeɛ ne sie mfitaseɛ mu no nti, ɛho bɛhia sɛ yɛto yɛn bo ase wɔ tɛmpol afoforɔ a yɛde to dwa no ho. Ɛno nti, Asomafoɔ Dummienu Kuo no adwene mu no, yɛremfa tɛmpol afoforɔ biara nto dwa wɔ saa nhyiamu yi ase. Seesei yɛbɛkɔ yɛn anim ama Asɔremma a wɔwɔ wiase nyinaa tɛmpol ayɛyɛdeɛ, ne berɛ ne beaeɛ a yɛde tɛmpol afoforɔ sie ho nsɛm bɛto dwa.

Mekasa no fa a mede maa seesei ara no, wɔtwerɛɛ no wɔ yɛn dɔfoɔ Titenani Russell M. Nelson wuo no akyi. Deɛ seesei ɛdidi soɔ no wɔtwerɛ gye toom nnawɔtwe bebree dada, nanso ɛdaso ara gyina hɔ ma me nkyerɛkyerɛ a Awurade kanyan me no.

II.

Abusua dawubɔ, no a wɔde too dwa mfeɛ 30 pɛpɛɛpɛ a atwam no, ka sɛ, “Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua” na “ɛyɛ adetitire wɔ Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛeɛ ma Ne mma daa nkwa hyɛberɛ no mu.” Ɛsan nso pae mu ka “sɛ Onyankopɔn mmaransεm ma Ne mma sε wɔnnɔre na wɔnhyε asase so ma no gu so reyε adwuma.” Na “yεkɔ so pae mu ka sε Onyankopɔn ahyε mmara sε tumi kronkron a wɔde woɔ no, εsε sε εyε adwuma wɔ ɔbarima ne ɔbaa a waware mmara kwan so sε okunu ne ɔyere nko ara ntam.” Sɛdeɛ saa berɛ no Elder Russell M. Nelson kyerɛɛ Brigham Young University atiefoɔ no, abusua “ho hia yie wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no mu. Nokorɛ, nhyehyɛeɛ no botaeɛ bi ne sɛ ɛbɛpagya abusua.”

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no wɔtaa frɛ no abusua. Ɛyɛ saa! Yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa ne yɛn asetena botaeɛ no wɔkyerɛ mu wɔ abusua nsɛm mu. Yesu Kristo asɛmpa no yɛ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ ma Ne honhom mma mfasoɔ. Yɛbɛtumi aka ampa sɛ asɛmpa nhyehyɛeɛ no wɔdii kan kyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ ɛnniawieeɛ abusua agyinatukuo mu, wɔnam yɛn asetena mu mmusua so de di dwuma, na ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛpagya Onyankopɔn mma wɔ ɛnniawieeɛ mmusua mu.

III.

Ɛmfa ho ne saa nkyerɛkyerɛ no, sɔretia wɔ hɔ. Yɛreberɛ wɔ awareɛ ne abawoɔ so te a ɛreteɛ mu wɔ United States. Bɛyɛ mfeɛ ɔha nie afie dodoɔ a awarefoɔ di wɔn anim no so ate, na saa ara na awododoɔ nso akɔ fam. Awareɛ ne awododoɔ a yɛn Asɔremma no wɔ no yɛ papa deɛ, nanso ɛso ate koraa. Ɛyɛ asɛnhia sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ werɛ mfiri wɔn nteaseɛ wɔ awareɛ botaeɛ ne mma boɔ a wɔsom mu. Ɛno ne daakye a yɛrepere apɛ. “Mpagya yɛ abusua asɛm,” Titenani Nelson akyerɛ yɛn. “Gye sɛ Yesu Kristo asɛmpa no ayɛyɛdeɛ nko ara so na mmusua bɛtumi anya mpagya.”

Ɛnam abakɔsɛm nti nteaseɛ wɔ ɔman no mu awareɛ ne awoɔ a ɛrekɔ fam no mu, nanso ɛwɔ sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nnepa ne nneyɛeɛ tu mpɔn—na ɛnyɛ sɛ ɛdi—saa nkɔsoɔ no so.

Wɔ me mmeranteberɛ mu mfeɛ 80 a atwam no, na mete me nananom afuom wɔ beaeɛ bi a ɛkame ayɛ sɛ deɛ na ɛsi adekyeeɛ biara no hyɛ abusua no akwankyerɛ ase. Na tɛlɛfihyɛn anaa mfidie afoforɔ nni hɔ a ɛbɛtwe adwene afiri abusua dwumadie ahodoɔ so. Nanso, wɔ ɛnnɛ yi nkuro akɛseɛ mu no, asɔremma kakra bi na wɔyɛ dwumadie ahodoɔ a ɛgyina abusua so. Nkuro akɛseɛ mu asetena ne abɛɛfo akwantuo, anigyedeɛ a wɔahyehyɛ, ne nkutahodie a ɛkɔ so ntɛntɛm no ama ayɛ mmrɛ ama mmabunu sɛ wɔbɛyɛ wɔn afie sɛ deɛ wɔda sukuu, baabi a wɔda na wɔdidi berɛ ano na awofoɔ akwankyerɛ nnɔɔso wɔ wɔn dwumadie ahodoɔ mu.

Awofoɔ nkɛntɛnsoɔ nso aba fam esiane Asɔremma dodoɔ no ara kwan a wɔfa so nya deɛ wɔbɛdie nti. Wɔ mmerɛ a atwam no mu no, nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ baako a ɛkaa mmusua bɔɔ mu yɛ sɛdeɛ na wɔbɔ mmɔden kabom di botaeɛ botaeɛ baako akyi—te sɛ wɔretena serɛ so anaa wɔrepɛ deɛ wɔbɛdie. Na abusua yɛ kuo a ɛde sika ba. Ɛnnɛ yi, mmusua no bebree yɛ sikadie akuo, a ɛnhia abusua nhyehyɛeɛ ne baakoyɛ a ɛkorɔn.

IV.

Berɛ a awofoɔ nkɛntɛnsoɔ so reteɛ no, Nna ɛdi Akyire Ahotefoɔ da so ara wɔ Onyankopɔn asodie sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔyɛ ahoboa ma yɛn abusua nkrabea wɔ ɛnniawieeɛ mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:25). Ɛwɔ sɛ yɛn mu bebree yɛ yei berɛ a ɛnyɛ yɛn mmusua nyinaa na wɔyɛ atetesɛm. Awaregyaeɛ, owuo, ne ntetemu yɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ. Mehunuu no wɔ abusua a wɔtetee me wɔ mu mu.

Oaks abusua

M’agya wuu berɛ a na madi mfeɛ nson, ne saa nti ɔbaa kunafoɔ na ɔtetee me ne me nuabarima ne nuabaa kumaa. Wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu no, ɔpere kɔɔ n’anim. Na wayɛ ankonam na ahia no, nanso Awurade mmoa nti, ne nkyerɛkyerɛ kɛseɛ a ɛfa Asɔre a wɔasan de aba no nkyerɛkyerɛ ho no kyerɛɛ yɛn kwan. Sɛdeɛ ɔbɔɔ mpaeɛ hwehwɛɛ ɔsoro mmoa wɔ n’abayɛn mu, na wɔhyiraa no! Wɔtetee yɛn wɔ anigyeɛ fie a na yɛn agya a wawuo no wɔ hɔ mmerɛ nyinaa. Ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛwɔ agya na ɔwɔ okunu na yɛbɛyɛ abusua mmerɛ nyinaa esiane wɔn tɛmpol mu awareɛ nti. Na yɛn Agya no afiri hɔ berɛ tiawa bi mu ɛfiri sɛ na Awurade afrɛ no aba adwuma foforɔ bi mu.

Menim sɛ mmusua afoforɔ pii ani nnye saa, nanso ɛna biara a ɔnni ɔhokafoɔ bɛtumi akyerɛkyerɛ Ɔsoro Agya dɔ ne nhyira a ɛwɔ tɛmpol awareɛ mu awieeɛ no. Wo nso wobɛtumi ayɛ yei! Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ no ma obiara ahotosoɔ wɔ yei ho. Yɛn nyinaa ani sɔ tɛmpol awareɛ ne nhyira a ɛbɛba sɛ wɔbɛsɔ yɛn ano sɛ abusua a ɛnniaiweeɛ. Te sɛ me maame no, yɛdɔ sɛ yɛbɛfa Lehi bɔhyɛ a ɔde ma ne ba Yakob no aka sɛ Onyankopɔn “bɛte w’amanehunu ho ama wo mfasoɔ” (2 Nephi 2:2). Yei kɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ abusua biara, wɔawie anaa seesei wɔnnwieeɛ. Yɛyɛ abusua asɔre.

Yɛn nkyerɛkyerɛ ne gyidie a ɛwɔ ɛnniawieeɛ abusua mu no hyɛ yɛn den na ɛka yɛn bom. Me werɛ remfiri me maame nanabaa bɔhyɛ, berɛ a na yɛn nkwadaa te n’afuo a na ɛbɛn Payson, Utah mu. Ɔno na ɔkaa awerɛhosɛm no kyerɛɛ me sɛ m’agya awu wɔ akyirikyiri wɔ Denver, Colorado. Metuu mmirika kɔɔ pie mu na mekotoo mpa ho, suu denneennen. Granpa dii m’akyi kɔɔ na ɔkotoo me nkyɛn kaa sɛ, “Mɛyɛ w’agya.” Saa ɔdɔ bɔhyɛ no yɛ deɛ nananom bɛtumi ayɛ de ahyɛ ananmu berɛ a mmusua ahwere anaa wɔayera obusuani bi ho nhwɛsoɔ kɛseɛ.

Awofoɔ, asigyafoɔ anaa awarefoɔ—ne afoforɔ, te sɛ nananom, a wɔdi saa dwuma no ma mmɔfra no—yɛ akyerɛkyerɛfoɔ akukudam. Wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ adwuma pa ara yɛ nhwɛsoɔ. Abusua kuo yɛ beaeɛ a ɛyɛ papa a wɔbɛtumi akyerɛ na wɔasua ɛnniawieeɛ nnepa, te sɛ awareɛ ne mmɔfra ho mfasoɔ, abrabɔ botaeɛ, ne anigyeɛ fibea ankasa. Ɛsan nso yɛ beaeɛ a ɛyɛ pa ara a wɔbɛtumi asua abrabɔ mu asuadeɛ afoforɔ a ɛho hia, te sɛ ayamyɛ, bɔnefakyɛ, ahohyɛsoɔ, ne nwomasua ne adwumayɛ mu nokorɛdie ho mfasoɔ.

Nokwasɛm, Asɔremma bebree wɔ abusuafoɔ adɔfoɔ a wɔnnye asɛmpa nnepa ne akwanhwɛ ntom. Saa nkorɔfoɔ no hia yɛn dɔ ne aboterɛ. Wɔ yɛn ho yɛn ho ayɔnkofa mu no, ɛwɔ sɛ yɛkae sɛ pɛyɛ a yɛhwehwɛ no nwie wɔ asetena tebea a ɛyɛ ateetee yi mu. Nkyerɛkyerɛ kɛseɛ a ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:57–59 ma yɛn ahotosoɔ sɛ adwensakyera ne honhom mu nyini bɛtumi atoaso wɔ honhom wiase a ɛdi asetena akyi no mu. Deɛ ɛhia pa ara, berɛ a mmusua yɛ koro na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den no, ɛwɔ sɛ yɛn nyinaa kae sɛ bɔne ne sintɔ ahoroɔ a yɛn nyinaa fa mu wɔ asetena mu no wɔbɛtumi afa adwensakyera so de akyɛ esiane Yesu Kristo animuonyam ne ɔgyeɛ Mpata no nti.

V.

Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, ne yɛn nhwɛsofoɔ kɛseɛ pa ara. Sɛ yɛde yɛn abrabɔ toto Ne nkyerɛkyerɛ ne N’afɔrebɔ no ho a wɔbɛhyira yɛn. Kristo akyi die ne yɛn ho yɛn ho a yɛbɛsom yɛ pɛsɛmenkomenya ne me-nko-me-yam a ɛrekɔso seesei no ano aduro.

Awofoɔ nso wɔ asɛdeɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma nimdeɛ a wɔde di dwuma, sɛ wɔde asɛmpa nnyinasosɛm no to nkyɛn a. Abusua yɛ koro berɛ a wɔyɛ nneɛma a nteaseɛ wɔ mu bom. Abusua mfikyifuo boa abusua ayɔnkofa. Abusua suahunu a anigyeɛ wɔ mu hyɛ abusua ayɔnkofa mu den. Nsrabanyɛ, agodie ahoroɔ, ne anigyedeɛ afoforɔ ho hia yie wɔ mmusua nkabom mu. Ɛwɔ sɛ mmusua hyehyɛ abusua nhyiamu ahoroɔ de kae nananom, a ɛde kɔ tɛmpol mu.

Ɛwɔ sɛ awofoɔ kyerɛkyerɛ mmɔfra wɔ asetena mu nimdeɛ mu, a mfikyire ne fie adeyɛ ka ho. Kasasua ho wɔ mfasoɔ ma asɛmpatrɛ som ne abɛɛfo abrabɔ. Saa adesua yi akyerɛkyerɛfoɔ bɛtumi ayɛ awofoɔ anaa nananom, anaa abusua tɛtrɛtɛ no mu nkorɔfoɔ. Mmusua yɛ frɔmfrɔm berɛ a wɔsua adeɛ sɛ kuo na wɔtu fo bom wɔ nsɛm a ɛha abusua no ne ɛmufoɔ nyinaa ho.

Ebinom bɛka sɛ, “Nanso yɛnni adaagyeɛ mma saa nneɛma yi mu biara.” Sɛdeɛ wɔbɛnya berɛ ayɛ deɛ mfasoɔ wɔ so ankasa no, awofoɔ pii bɛhunu sɛ wɔbɛtumi ama wɔn abusua adi berɛ a wɔn nyinaa ma wɔn mfidie dum. Na awofoɔ, monkae, deɛ saa mmɔfra no hia sɛ anwummerɛ adidie yɛ berɛ a mobɛnya ama wɔn.

Nhyira akɛseɛ ba mmusua mu berɛ a wɔbom bɔ mpaeɛ, koto anadwo ne anɔpa de aseda ma wɔ nhyira ho na wɔbɔ mpaeɛ wɔ nsɛm a ɛha obiara ho. Wɔhyira mmusua nso berɛ a wɔsom bom wɔ Asɔre som mu ne som nkaeɛ no mu. Wɔnam abusua abasɛm so hyɛ abusua ayɔnkofa mu den, yɛ abusa amanneɛ, na wɔkyɛ suahunu kronkron. Titenani Spencer W. Kimball kaee yɛn sɛ “nkanyan abansɛm a ɛfiri yɛn ankasa abrabɔ ne yɛn nananom deɛ mu yɛ nkyerɛkyerɛ nnwinnadeɛ a tumi wom.” Wɔtaa yɛ nkanyan fibea papa pa ara a ɛma yɛn ne yɛn asefoɔ nya nkɔsoɔ.

Medi adanseɛ wɔ Awurade Yesu Kristo, a Ɔyɛ Onyankopɔn, yɛn Ɛnniawieeɛ Agya no Dɔ Ba Korɔ no ho. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnni apam kwan a ɛde kɔ ɔsoro abusua nkabom no akyi. Asɔfodie tumi nsɔano a, nsafoa a wɔde maa wɔ Kirtland Temple mu a ɛkyerɛɛ kwan no, de mmusua bom ba daa nkwa mu (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:13–16). Seesei wɔde redi dwuma wɔ Awurade tɛmpol ahoroɔ a ɛredɔɔso wɔ wiase afanan nyinaa mu. Yei yɛ kann. Momma yɛnka ho, mebɔ mpaeɛ, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. The Family: A Proclamation to the World,” Asɛmpa Akoraeɛ.

  2. Russell M. Nelson, “Faith and Families” (Brigham Young University fireside, Ɔgyefuo 6, 2005), 3, speeches.byu.edu.

  3. Russell M. Nelson, “Open the Heavens Through Temple and Family History Work,” Liahona, Ahinime 2017, 18.

  4. Spencer W. Kimball, “Therefore I Was Taught,Ensign, Ɔpɛpɔn 1982, 4.