Amansan Nhyiamu
Edin a Wɔde Frɛ Mo
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


11:1

Edin a Wɔde Frɛ Mo

Ɛkyerɛ sɛn, sɛ wɔde Kristo din bɛfrɛ mo?

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ sɛ Awurade rekasa akyerɛ yɛn tee a, adeɛ a ɛdi kan a ɔbɛhwɛ sɛ yɛbɛte aseɛ ne yɛn ankasa nipasu: Yɛyɛ Onyankopɔn mma, apam mma, ne Yesu Kristo asuafoɔ. Nkyerɛaseɛ foforɔ biara a wɔde bɛma no bɛbu yɛn aba mu koraa.

Me ara na mesuaa yei berɛ a m’abakan nyaa ne tɛlɛfon a ɛdi kan. Ɔde anigyeɛ hyɛɛ aseɛ twerɛɛ n’abusuafoɔ ne nnamfonom din kɔɔ ne tɛlɛfon no so. Dakoro bi mehunuu sɛ na ne maame refrɛ. Edin “Ɛna” puee wɔ ahwehwɛ no so. Na ɛyɛ kwan a nteaseɛ ne nidie wɔ mu—na, megye to mu, ɛyɛ obuo ho sɛnkyerɛnneɛ ma ɔwofoɔ pa wɔ yɛn fie. Nipasu nti, m’ani beree sɛ mɛhunu nneɛma pii. Edin bɛn na ɔde ama me?

Mehwehwɛɛ ne nkutahodie ahoroɔ no mu, na mesusuu sɛ sɛ Wendi yɛ “Ɛna” a, ɛwɔ sɛ meyɛ “Agya.” Ɛnni hɔ Mehwehwɛɛ “Dad.” Hwee nni hɔ. Me pɛ no danee dadwene kakra. “Ɔfrɛ me ‘Corey’ anaa?” Daabi. Wɔ mmɔdemmɔ a ɛtwa toɔ mu no, mesusuu sɛ, “Yɛyɛ bɔɔlbɔfoɔ—ebia ɔfrɛ me ‘Pelé.’” Adwennwene hunu. Awieeɛ no, m’ankasa mefrɛɛ ne nɔma, na nsɛmfua mmienu puee wɔ n’ahwehwɛ no so: “Ɛnyɛ Ɛna”!

Anuanom mmarima ne mmaa, edin bɛn na wɔde frɛ woɔ?

Yesu de din ahorɔ frɛɛ N’akyidifoɔ. Mma mmarima ne mma mmaa. Nkɔmhyɛfoɔ no mma. Nnwan. Nnamfoɔ. Wiase hann. Ahotefoɔ. Emu biara kura ɛnni awieeɛ nteaseɛ na ɛsi abusuabɔ a ɛda wɔne Agyenkwa no ntam so dua.

Nanso wɔ saa din ahoroɔ yi mu no, baako wɔ soro sene nkaeɛ no—Kristo din no. Wɔ Mormon Nwoma no mu, Ɔhene Benjamin kyerɛkyerɛɛ wɔ tumi so:

“Edin foforɔ biara nni hɔ a nkwagyeɛ firi mu ba; enti, mɛnya a anka momfa Kristo din no nto mo ho so.

“Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛyɛ saa no wɔbɛhunu no wɔ Onyankopɔn nsa nifa so, na ɔbɛhunu edin a wɔde bɛfrɛ no; na wɔde Kristo din bɛfrɛ no.”

Wɔn a wɔde Kristo din to wɔn ho so no bɛyɛ N’asuafoɔ ne adansefoɔ. Wɔ Asomafoɔ Nnwuma nwoma no mu no, yɛkenkan sɛ Yesu Kristo Wusɔreɛ akyi no, wɔhyɛɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm no na wɔnni adanseɛ sɛ obiara a ɔbɛgye Yesu adi, abɔ asu, na wagye Sunsum Kronkron no bɛnya bɔne fakyɛ. Wɔn a wɔgyee saa ayɛyɛdeɛ kronkron yi na wɔne Asɔre no hyia bɔɔ mu no, bɛyɛɛ asuafoɔ, na wɔfrɛɛ wɔn Akristofoɔ. Mormon Nwoma no nso kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristo mu agyidifoɔ no sɛ Akristofoɔ na apam nkorɔfoɔ sɛ “Kristo mma ne mma mmarima ne mmaa.”

Ɛkyerɛ sɛn, sɛ wɔde Kristo din bɛfrɛ mo? Asekyerɛ ne sɛ moreyɛ na moredi apam so, akae No berɛ biara, adi Ne mmaransɛm so, na moanya “ɔpɛ sɛ mobɛgyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ mmerɛ nyinaa ne nneɛma nyinaa mu.” Ɛkyerɛ sɛ mobɛgyina nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ akyi berɛ a wɔde Kristo nkrasɛm—ne ne nkyerɛkyerɛ, apam, ne ayɛyɛdeɛ—rekɔ wiase nyinaa. Ɛsane nso kyerɛ sɛ yɛresom afoforɔ de ayi wɔn afiri wɔn amanehunu mu, ayɛ hann, na yɛde Kristo mu anidasoɔ abrɛ nnipa nyinaa. Mmom, yei yɛ nkwanna nyinaa nhyehyɛeɛ. Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ “yei ne gyinabea bi a onipa biara ankɔ hɔ da wɔ berɛ tiaa bi mu.”

Esiane sɛ asuafoyɛ akwantuo no gye berɛ ne mmɔdemmɔ a wɔsi no “ɛha kakra, ɛhɔ kakra, ahyɛdeɛ akyi ahyɛdeɛ,” ɛnyɛ den sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ wiase abodin a wɔde ma yɛn no mu. Yeinom som boɔ berɛtia mu nko ara na ankasa ɛnnɔɔso mma wɔn ankasa . Ɔgyeɛ ne daa nkwa ho nneɛma “ba mu nam Messiah Kronkron no so.” Enti, woredi nkɔmhyɛfoɔ afotuo so de ama asuafoɔyɛ ayɛ ade titire no yɛ ne berɛ mu na nyansa wom, titire wɔ berɛ a ɛnne ne nkɛntɛnsoɔ ahoroɔ redi asie. Na yei yɛ adehia titire wɔ Ɔhene Benjamin afotuo mu berɛ a ɔkaa sɛ, “Mɛpɛ sɛ mokae sɛ mobɛkora [Kristo] din no atwerɛ no mo akoma mmerɛ nyinaa, sɛ mobɛte na moahunu ɛnne a wɔde bɛfrɛ mo, afei nso, edin a ɔde bɛfrɛ mo.”

Martin Gassner

Mahunu sɛ yei ne m’ankasa m’abusua. Wɔsesaa me nana-kansoa barima Martin Gassner afebɔɔ ɛfiri sɛ brankye prɛsidɛnte ɔhobrɛaseɛni bi gyee Agyenkwa no frɛ so. Wɔ Germany, afe 1909 mu, na nneɛma mu yɛ den, na sika ho ayɛ den Na Martin yɛ adwuma sɛ nnadeɛ sosɔni wɔ dorobɛn adwuma bi mu Ɔno ara anom tom, nakatua nna dodoɔ no kɔ wiee nsanom, sigrɛtenom, ne ntotɔntotɔ wɔ nsadwaase. Awieeɛ no ne yere bɔɔ no kɔkɔ sɛ wansesa a, ɔbɛgyae no.

Dakoro bi, Martin adwumayɛni hyiaa no sɛ ɔrekɔ nsadwaase hɔ a wamoamoa krataa bi hyɛ ne nsa mu. Ɔnyaa no wɔ abɔntene na ɔka kyerɛɛ Martin sɛ ɔkenkanee krataa a wɔato din Was wissen Sie von den Mormonen?,” anaa Deɛn na wonim fa Mormonfoɔ no ho? Megyedi sɛ saa abodin no asesa.

Na wɔatintim akyirikwan bi wɔ krataa no akyi, a wobɛtumi akyerɛ baabi pɔtee a asɔre no wɔ. Na ɛwɔ akyirikyiri kakra, nanso deɛ wɔkenkanee no kanyann wɔn na wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛfa ketekye saa Kwasiada no akɔyɛ nhwehwɛmu. Berɛ a wɔduruui no, wɔhunuu sɛ ɛnyɛ asɔre a na wɔrehwehwɛ ne no mmom na ɛyɛ ayiyɛbea bi. Ɛyɛɛ Martin naa—ɛfiri sɛ nokorɛ mu no, asɔre a ɛwɔ ayiyɛbea deɛ ayɛ sɛ deɛ ɛyɛ nnaadaa bi.

Nanso wɔ abansoro no so, wɔ asa bi a wɔahae mu, wɔhunuu Ahotefoɔ kuo ketewa bi. Ɔbarima bi too nsa frɛɛ wɔn wɔ adansedie nhyiamu ase. Martin tee Honhom no nka na n’ani gyee wɔ adanseɛ ntiantia, ne nokorɛ adanseɛ ahoroɔ no ho ara ma ɔdii n’adanseɛ. Na ɛhɔ, wɔ saa beaeɛ a na wɔnhwɛ kwan no, na ɔkaa sɛ ɔhunuu sɛ ɛbɛyɛ nokorɛ.

Akyire yi no ɔbarima no daa ne ho adi sɛ branch president na ɔbisaa sɛ wɔbɛsan aba bio. Martin kyerɛɛ mu sɛ ɔte akyirikyiri na ɔntumi ntu kwan nnawɔtwe biara. Branch president no kaa no tiawa sɛ, “Di m’akyi.”

Wɔnante traa afie kakra kɔɔ adwuma bi a ɛbɛn hɔ baabi a branch president no adamfo bi yɛ adwuma. Nkɔmmɔdie kakra akyi no, wɔmaa Martin ne n’adamfo no adwuma. Afei branch president no dii wɔn anim kɔɔ efie bi mu na ɔpɛɛ dabrɛ maa wɔn mmusua.

Yeinom nyinaa sii dɔnhwere mmienu ntam. Martin abusua tukɔɔ hɔ nnawɔtwe a ɛtoaa soɔ no. Wɔbɔɔ wɔn asu bosome nsia akyi. Ɔbarima a na wɔhunu no sɛ kohwini, kɔwensani no bɛgyee tintimman wɔ ne gyedie foforɔ no mu—maa kurom hɔ nkorɔfoɔ hyɛɛ aseɛ frɛɛ no edin a ebia na ɛho yɛ na, “ɔsɔfo no.”

Brankye prɛsedɛnte no deɛ, mentumi mmɔ ne din nkyerɛ mo—ne din ayera bɛsi ɛnnɛ. Nanso mefrɛ no osuani, ananmusini, Kristoni, Samariani papa, ne adamfoɔ. Ne nkɛntɛnsoɔ atenka da so ara di mu mfeɛ 116 akyi, na megyina ne suaniyɛ mmoa no so.

Gassnerfoɔ wɔ tɛmpol

“Kasa bi wɔ hɔ sɛ wobɛtumi akan nnuaba a ɛwɔ apple mu, nanso wontumi nkan apple dodoɔ a ɛfiri aduaba baako mu ba.” Aduaba a brankye prɛsedɛnte no duaeɛ no aso nnuaba a ɛnni ano. Na ɔnnim sɛ mfeɛ 48 akyi, Martin abusua awoɔ ntoatoasoɔ pii a wɔwɔ nkatanim afa no nyinaa wɔbɛsɔ wɔn ano wɔ Bern Switzerland Tɛmpol no mu.

Ebia nsɛnka akɛseɛ pa ara no yɛ deɛ yɛnte da na mmom yɛhunu no wɔ ahobrɛaseɛ nneyɛɛ ne nneɛma papa a nkorɔfo hunu a, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ te sɛ Yesu, nam reyɛ mu. Deɛ saa brankye prɛsedɛnte yamyɛfoɔ yi yɛeɛ no na ɛnka nneɛma a na wɔahyehyɛ ho. Na ɔredi asɛmpa no so sɛdeɛ wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Alma nwoma no mu sɛ: “Wɔampamo obiara a na ɛkɔm, anaa sukɔm de wɔn, anaa na wɔyareɛ, wɔne yɔn nyinaa dii no yie, mpanin ne nkwadaa, mmarima ne mmaa nyinaa.” Na, asɛm baako a ɛnsɛ sɛ yɛbu yɛn ani gu soɔ, wɔampamo obira “sɛ ɛyɛ asɔre no abɔntene anaa asɔre no mu.”

Wɔn a wɔfa Kristo din to wɔn ho so no hunu, sɛdeɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaeɛ no “Onipa a Onyankopɔn dɔ ahyɛ no ma ani nnye n’abusua nko ara nhyira ho, na mmom ɔnam wiase nyinaa, pere sɛ ɔbɛhyira nnipa nyinaa.”

Sei na Yesu tenaa aseɛ. Nokorɛ, Ɔyɛɛ pii a N’asuafoɔ no antumi antwerɛ ne nyinaa. Ɔsomafoɔ Yohane twerɛ too hɔ sɛ, “Nneɛma bebree nso wɔ hɔ a Yesu yɛeɛ, a, anka wɔretwerɛ ɛmu biara a, mesusu sɛ wiase nyinaa mpo rentumi nkora nnwoma a wɔbɛtwerɛ no.”

Momma yɛmmɔ mmɔden nni Kristo nhwɛsoɔ so, nyɛ papa na yɛmma asuafoɔyɛ nyɛ nkwanna nyinaa ahiadeɛ sɛdeɛ berɛ biara a yɛne afoforɔ bɛdi nkutaho no, wɔbɛtumi ate Onyankopɔn dɔ nka na wɔagye Sunsum Kronkron tumi no atom. Afei yɛbɛtumi aka me nana-nana barima ne mmarima ne mmaa afoforɔ mpempem a wɔaka, te sɛ osuani Andrew, sɛ “Yɛahunu Messias no.”

Awieeɛ no, ɛnyɛ wiase na ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn nipasu mu. Na mmom yɛn asuafoyɛ no nam ayɛyɛdeɛ a yɛnya, apam a yɛdi so, ne ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko berɛ a yɛyɛ papa. Sɛ Titenani Nelson kyerɛkyerɛeɛ no, ampa yɛyɛ Onyankopɔn apam mma, Yesu Kristo asuafoɔ.

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo te ase na wagye yɛn. Ɔno ne Deɛ ɔkaa sɛ, “Mabɔ wo din na mafrɛ woɔ; me na wowɔ me.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.