Nnianim
Afei yɛkɔ so yɛ afe-fa amansan nhyiam yi sɛdeɛ yɛayɛ ho nhyehyɛeɛ, ne akasafoɔ ne nnwom a Titenani Nelson de maeɛ wɔ abosome pii ahosiesie akyi no mu.
Me nuanom adɔfoɔ, yɛhyia berɛ a yɛredi yɛn Titenani dɔfoɔ Russell M. Nelson wuo ho awerɛhoɔ. Mekasa kyerɛ mo sɛ Dummienu Kuo no Titenani, dibea a moakɔ so agye me atom wɔ nhyiamu biara—ward, stake, ne amansan nhyiamu ase wɔ mfeɛ nson ne fa a atwam no.
Yɛkɔ so yɛ afe-fa amansan nhyiam yi sɛdeɛ yɛayɛ ho nhyehyɛeɛ, ne akasafoɔ ne nnwom a Titenani Nelson de maeɛ wɔ abosome pii ahosiesie akyi no. Nneɛma a wɔde aka ho nkutoo ne yei, me nnianim nkyerɛkyerɛmu, ne me kasa a mekasa wɔ Titenani Nelson ananmu wɔ nhyiamu a wɔde wie Kwasiada awia no mu.
Yei ne berɛ a ɛdi kan wɔ bɛyɛ mfeɛ 75 mu a Asɔre no Titenani bi awu nna kakraa bi ansa na amansan nhyiam bi reba. Ɛno ama yɛayɛ nhyehyɛeɛ sɛdeɛ yɛbɛtumi ayɛ akannifoɔ nhyiamu a ɛho hia a ɛfa amansan nhyiamu no, ne nhyiamu no som ahodoɔ nyinaa ho, na berɛ korɔ no ara mu yɛahyehyɛ n’ayie ntɛm ara sɛdeɛ ɛbɛyɛ yie. Na Titenani Nelson nim mfasoɔ a ɛwɔ amansan nhyiamu so sɛ ɛde akwankyerɛ bɛma Ahotefoɔ wɔ abosome a ɛreba no mu. Yɛhyɛ no anuonyam ɛnam nhyiamu ntotoeɛ a wɔayɛ ho nhyehyɛeɛ a ɔpenee so no akyi.
Wɔ saa awerɛhoɔ berɛ yi mu no, yɛayɛ nhyiamu dada de ahyɛ Titenani Russell M. Nelson animuonyam ansa na yɛn amansan nhyiamu mu nhyiamu ahodoɔ no, na afei yɛayɛ n’ayie ho nhyehyɛeɛ ntɛm ara wɔ nhyiamu yi akyi. Wɔayɛ yeinom nyinaa wɔ Titenani Russell M. Nelson abusua ne Dummienu Kuo no mpenesoɔ mu.
Esiane sɛ yɛn a wɔayi yɛn sɛ yɛnkasa wɔ amansan nhyiamu yi mu nyinaa bɛpɛ sɛ yɛde berɛ a wɔde ama yɛn no hyɛ Titenani Nelson animuonyam nti, yɛaka sɛ yɛn nhyiamu yi akasafoɔ nyinaa nyɛ animuonyamhyɛ biara a ɛte saa tiawa, mfa ne kɛseɛ nkɔ ayie berɛ a yɛahyɛ aseɛ reyɛ ho nhyehyɛeɛ dada no.
M’ankasa m’animuonyamhyɛ tiawa—a ɛfata ma nhyiamu yi ne animuonyamhyɛ a yɛayɛ dada no—ne sɛ: na medɔ Russell M. Nelson na masua pii afa asɛmpa no ne asɛmpa akannie ho afiri me ne no nnamfofa tenten no mu kyɛn biara a m’ankasa manim no. Ɔno ne yɛn nhwɛsoɔ sɛ Awurade Yesu Kristo akoa ne okyidini. Yeinom ho na medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.