Amansan Nhyiamu
Nsɛmpa Aduane No
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


10:38

Nsɛmpa Aduane No

Ɛno nti sɛn na ɛteɛ sɛ wode Yesu Kristo bebree reto w’abrabɔ mu?

Sɛ woakɔ nsrahwɛ pɛn wɔ yɛn krom a ɛde Louisiana a, ebia wobɛhunu yɛn nnuane dɛɛdɛ bebree—gumbo, jambalaya, étouffée, ne deɛ ɛkeka ho.

Ɛtɔ da a, na menya akokoɔduro paa bi sɛ mennoa saa nnuane dɛɛdɛ no mu baako bi. Sɛ mefra mfrafrawaa no nyinaa wie a deɛ wɔnntwerɛ ntoo hɔ a ɛtwa toɔ ne sɛ mɛka ahwɛ sɛ aka biribi a mennfa nkaa ho anaa. Saa berɛ no, mete wɔ maso mu sɛ wɔn a agyedin wɔ Creole aduanenuoa mu rewesa gu m’asom sɛ “Fa Tony’s bebree gu mu.” Tony’s yɛ creole atomdeɛ a wɔyɛ no me kuro Opelousas, a ɛwɔ Louisiana, mu. Wɔtaa de to aduane no mu sɛ “asumadeɛ” a ɛmma aduane no ho mfomsoɔ biara nna adi bebree.

Me ne me yere Michelle nyaa ho kwan somee sɛ mission akandifoɔ wɔ Louisiana. Na yɛwɔ yɛn amammerɛ sɛ adeɛ rebɛkye ama wɔakɔ wɔn akyi a yɛkyerɛ asɛmpatrɛfoɔ no sɛdeɛ yɛnoa n’aduane jambalaya sononko no. Deɛ na ɛka wɔn adansedie a ɛwɔ Yesu Kristo nsɛmpa no a wɔasan de aba no ho ne sɛ asɛmpatrɛni biara de anisɔ wɔ aduanenoa ho firii kɔɔ wɔn nkyi.

Abosome kakra bi a abɛsene.no, na menenam Asɔre nkitahodie ntentan so na mehunuu kwantenpɔn bi a ɛde me kɔɔ faako a video asiniasini a wɔato din sɛ ”Yɛne Titenani Russell M. Nelson a ɛfa Sanba no ho no. Atifisɛm a na ɛda sini asinasini no mu baako twaa m’ani so na ɛmaa me nwennweneeɛ. Na wɔto din sɛ “Twerɛsɛm no yɛ Onyankopɔn Aduane a ɛma Anigyeɛ Asetena.” Ɛhɔ ara na memiaa saa sima mmienu video no so na mehwɛɛ Titenani Nelson nkyerɛkyerɛ tiawa a tumi wɔ mu a ɔrekyerɛkyerɛ Primary mmɔfra sɛdeɛ wɔbɛnya anigyeɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ moreyɛ cake a ɛyɛ a modi nhyehyɛeɛ akwankyerɛ no so, ɛnyɛ saa? Na wonya nsusuansoɔ pa berɛ biara ɛnte saa?”

Ɔtoaa so kasa faa sɛ, ɛrenkyɛ biara ɔrebɛdi mfeɛ 95: “Nkurɔfoɔ bisa sɛ, ‘Ɛdeɛn na wodie? Deɛn ne w’asumasɛm?’” Ɔyii ano sɛ, “Asumasɛm no wɔfrɛ no twerɛnsɛm no. Mobɛtumi akenkan na moasɔ ahwɛ.”

Ɛneɛ, ɛno nie. Asumasɛm tiawa a ɛma asetena mu anigyeɛ ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn aduane sɛdeɛ wɔde ama wɔ twerɛnsɛm no mu. Mefrɛ no “Nsɛmpa Aduane Akadeɛ.”

Sɛ woredi akadeɛ nhyehyɛeɛ so na biribi kyea a, deɛn na woyɛ? Ɛyɛ, deɛ nsɛmpa no gyina so nyina no ne ”akadeɛ a ahinta” sɛ wobɛhwɛ sɛ awieɛ no, wobɛnya no sɛdeɛ ɛyɛ. Berɛbiara anoyie no ne Yesu Kristo.

Medwene sɛ yɛn nyinaa wɔ mmerɛ bi a a yɛnya atenka sɛ yɛakadeɛ no nnyɛ papa sɛdeɛ ɛsɛ, anaa yɛbrɛ sɛ yɛdi akwankyerɛ no soɔ, anaa mpo, yɛfom biribi no anaa biribi tumi si a yɛnni so tumi ne deɛ ɛkeka ho.

Ano aduro ne sɛn? Ne tiawa ne sɛ wode deɛ ɛfrɛ Yesu Kristo ba w’abrabɔ mu bebree to mu.

Ɛno nti sɛn na ɛteɛ sɛ wode Yesu Kristo bebree reto w’abrabɔ mu?

Berɛ a na meresom sɛ asɛmpatrɛ titenani no, na ɛyɛ me dɛ sɛ mehyia asɛmpatrɛfoɔ mmeranteɛ no abosome nsia biara Wɔ yɛn wo nie-me nie nhyiamu die mu no, na adeɛ a ɛdi akotene wɔ mu ne sɛ asɛmpatrɛfoɔ hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛma wɔakɔ nkan wɔ wɔn ayɔnkofa mu yie.

Berɛ bi a asɛmpatrɛni bi ne me bɛdii baanu nsɛmmisa ho nkɔmmɔ no, ɔtenaa ase no. Mehunuu firii yɛbea mu sɛ na adeɛ bi ayɛ adesoa a ɛredɛn no paa wɔ n’adwene mu. Mebisaa no sɛ, “Elder, deɛn na wopɛ sɛ woka ho asɛm nnɛ?” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛ sɛdeɛ akwansideɛ bi a ɛrekɔ so wɔ ɔne ne nantefoɔ ntam no mma ɔnntumi nnyɛ ne asɛmpatrɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. Ɔrete nisuo no, ɔpagyaa n’ani hwɛɛ me na ɔbisaa sɛ “Titenani, deɛn na menyɛ?”

Nokorɛ ni, na mennim sɛdeɛ mennyi ano mfa. Berɛ kakra akyi no, mebisaa no sɛ ɛyɛ sɛ yɛbɛbu nkotodwe abɔ mpaeɛ apɛ akwankyerɛ afiri honhom no hɔ anaa . Ɔpenee so na yɛbuu nkotodwe hwehwɛɛ nkanyan.

Mpaebɔ no akyiri no yɛkɔɔ so buu nkotodwe mmerɛ tiawa bi akyi na yɛtenaa yɛn nkonwa so a na obiara hwɛ ɔfoforɔ anim. Mebisaa sɛ yɛbɛtumi abue yɛn twerɛnsɛm mu anaa. Mehomee so, na meka kyerɛɛ no sɛ, “Elder, berɛ a yɛrekenkan twerɛnsɛm yi , mepawokyɛw, bisa wo ho asɛm a ɛdidisoɔ yi: Sɛ medi saa suban yi so, ɛbɛma me ne me yɔnko ne yɛn asɛmpatrɛ adwuma no akɔ anim anaa?”

Afei yebuee Moroni 7:45 na yɛkenkanee no kɛse: “Na ɔdɔ mapa wɔ abodwokyerɛ, na ne yam yɛ, na n’ani mmere adeɛ, na ɔnnyɛ ahomasoɔ, ɔnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ɔno nko ara ne deɛ, ne bo mfu basabasa, ɔnnwene bɔne, n’ani nnye amumuyɛ ho, mmom n’ani gye wɔ nokorɛ ho, ɔsoa nneɛma nyina ara, ɔgye nneɛma nyina ara di, ɔwɔ nneɛma nyina ara ho anidasoɔ, ɔsi nneɛma nyina ara ho apenee.”

Elder no de nisuo hwɛɛ m’anim na ɔkaa sɛ , “Aane, Titenani, nanso ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ den.” Mete aseɛ na me kaae no sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba a ɔwɔ nyamesu mu ahoɔden bebree ɔbɛtumi ne Awurade abom ayɛ.

Afei yɛdwendwenee abasɛm bi a ɛfa yɛn ahyɛaseɛ ho a Elder Clark G. Gilbert a ɔka aduoson no ho no kyerɛkyerɛɛeɛ a ɛkae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛaseɛ firi baabi a yɛwɔ, na yɛne Awurade abom akɔ yɛn anim na ɔwɔ atenka sɛ yɛapagya akɔ soro . Mehunu sɛ na anamɔntuo a ɛdidisoɔ no nso so ma no kakra ɛno nti memaa no kyerɛɛ ne nteaseɛ wɔ saa twerɛ no a ɛka sɛ “ɛnam nneɛma nketenkete ne nneɛma a ɛyɛ mmerɛ so na nneɛma akɛseɛ fa so ba mu.” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛyɛ nneɛma nketenkete ne nneɛma a ɛyɛ mmerɛ a nneɛma akɛseɛ bɛtumi asisi. Mekakyerɛɛ no sɛ ɔmfa sima baako nhwehwɛ nneɛma nketenkete a ɛyɛ mmerɛ mmienu a ɔbɛtumi ayɛ ama watumi ayɛ papa ama ne yɔnko no.

Mmerɛ kakra akyi no, ɔkyerɛɛ n’adwene. Afei mekakyerɛɛ no sɛ ɔmfa sima baako nhwehwɛ nneɛma mmienu a ɛyɛ nketenkete na ɛyɛ mmerɛ a ɔbɛtumi ayɛ ama wanya ne yɔnko no ho abotrɛ. Ɛhɔ ara na ɔkyerɛɛ n’adwene mmienu ho. Na ɛda adi pefee sɛ na ɔredwendwene yeinom ho ansana Nhyiamu no reba soɔ. Mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa saa nneɛma no mu kakra bi nkɔ Awurade anim na ɔmpɛ ho nyetom, akwankyerɛ ne nkanyan mfa sɛdeɛ ɔde akoma pa bɛyɛ deɛ na wasusu no. Ɔgye too mu. Berɛ a yɛde baa awieɛ no, meka kyerɛɛ no ​​sɛ ɔmfa nsɛm tiawa bi mma wɔ ne nnawɔtwe biara krataatwerɛ no mu.

Nnawɔtwe kakra akyi no, mehunuu wɔ ne lɛtɛ no mu sɛ na nneɛma rekɔ nanim yie. Ɛnyɛ ɔno nko ara ne lɛtɛ no mu na na mmom wɔ ne yɔnko no nso deɛ mu. Wɔ yɛn nhyiamu a na ɛdi anim no, esum-ne-hyɛn mu nsonsonoeɛ bi wɔ n’anim ne honhom mu. Mebisaa no sɛ, “Ɛnti, Elder, ɛyɛ ampa sɛ ɔdɔ nni hwammɔ?” Ɔnwenwee kɛse na ɔyii ano sɛ: “Aane, na ɛnam nneɛma nketenkete a ɛyɛ mmerɛ so nneɛma akɛseɛ sisi.”

Berɛ a woredi Nsɛmpa Aduane a ɛma asetena mu anigyeɛ no, kae President Nelson’s nkyerɛkyerɛ sɛ: “Nsɛmmisa anaa ɔhaw biara a wowɔ no, wohunu mmuaeɛ no wɔ Yesu Kristo asetena ne Ne nkyerɛkyerɛ no mu berɛbiara. Sua bebree fa N’Afɔrebɔ, Nedɔ, N’ahummɔbrɔ, Ne nkyerɛkyerɛ ne Ne nsɛmpa a asan aba a ɛma ayaresa ne nkankrɔ. Dane wo ho ma No! Di N’akyi!”

Berɛ a wohia sɛ wo “tie No” no, na wohunu sɛdeɛ wobɛma Yesu Kristo aba w’abrabɔ mu no, susu sɛ wobɛdi anamɔntuo a Titenani Nelson akyerɛkyerɛ fa ankorankorɛ adiyie no so:

“Hwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn a wobɛtumi akɔ hɔ berɛ ano berɛ ano. Berɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim Fa w’akoma nyinaa to Ɔsoro Agya anim. Dane wani hwɛ no na gye mmueaɛ ne awerɛkyerkyerɛ.

Bɔ w’adehiadeɛ, wɔ suro, wo mmerɛyɛ—aane deɛ wakoma hwehwɛ paa ho mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu. Na afei tie! Twerɛ wo nsusuiɛ a ɛba w’dwene mu no to hɔ. Twerɛ w’atenka to hɔ na di anamɔn a ɛka wo sɛ wotuo no so. Sɛ woyɛ saa dabiara a, bosome bosome ,ne afe afe a wobɛnyini wɔ adiyie mmara no mu.’”

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Wawie biribiara a yɛhia a ɛbɛma yatumi akɔ Agya a ɔwɔ soro nkyɛn.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.