Hwɛ Onyankopɔn na Tenase
Ɛyɛ sɛ yɛrehwɛ Onyankopɔn nko ara na ankorankoro, mmusua, ne mpo aman bɛtumi adi yie.
Ayɛwohomumɔ a atwam yi, nkwanhyia a ɛyɛ hu bi sii wɔ ɔman Lesotho a ɛwɔ anaafoɔ fam Abibiman mu. Kaa ketewa bi a ɛfaa mmaayewa 20 a wɔfiri Asɔre no Maputsoe Branch ne wɔn akannifoɔ nson sii mu sɛ wɔrekɔ ahenkuro, Maseru mu, akɔhyia mmaayewa a wɔfiri wɔn mansini no mu. Berɛ a wɔnam kwantempɔn teaa mmienu so anɔpa no, kaa bi a ɛfiri wɔn anim rehyia wɔn, yɛɛ sɛ ɔrepa kaa foforɔ ho bɛsii kwan a wɔn kaa no nam so no. Ɛkwan anaa berɛ amma mu sɛ wɔbɛkwati mpemsoɔ, na simasini ntam no kaa no mmienu hyiaa mu, munimuni firii kwan no so maa ogya tɔɔ mu.
Ne nyinaa mu, nnipa 15 wuui wɔ nkwanhyia no mu, a mmaayewa nsia, Mmaayewa akannifoɔ mmienu, ne branch titenani ne ne yere ka ho. Wɔn a wɔnyaa nkwa, abusuafoɔ, ne nnamfonom kyerɛɛ wɔn nkateɛ kyerɛpɛn, a wɔn berɛ tiawa abufuo, awerɛhoɔ mu haw, na mpo ɛfɔdie ka ho. Mpo saa atenka ne nsɛmmisa a annya mmuaeɛ yi nyinaa mu no, wɔakyekyere wɔn ho wɔn ho werɛ, nam nnwom kronkron, twerɛnsɛm, ne mpaebɔ so adane akɔ Onyankopɔn nkyɛn, baabi a wɔanya awerɛkyekyerɛ. Mfeɛ dunson Setso’ana Selebeli a ɔnyaa nkwa dii adanseɛ sɛ, “Yesu Kristo dɔ yɛn na ɔka yɛn ho, mpo sɛ yɛn akoma di yea.”
Abaayewa ne ɔkannifoɔ bi a wɔgyee wɔn too ayaresabea hwɛɛ wɔn nhyehyeɛ apirakuro bɔɔ mu suaa Mormon Nwoma no. Ɔbaako kaa sɛ, “Nnansa yi yɛakenkan wɔ Moroni, na Moroni ka no pɛpɛɛpɛ deɛ mate ho nka. … Sɛ ɔkasa a, ɛte sɛ deɛ ɔreka sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wosua saa nsɛm yi ɛfiri sɛ wɔatwerɛ ama wo sɛ ɛbɛboa wo ama wafa yei mu.’”
Wɔ nkabom awufoɔ som ma wɔn a wɔwuui no, Area Aduɔsonni Elder Siyabonga Mkhize tuu fo sɛ, “Ɛwɔ sɛ yɛn nyinaa dane kɔ Awurade nkyɛn saa berɛ yi na yɛsrɛ No yɛn akoma mu awerɛkyekyerɛ sɛ ɛbɛdwodwo yea a yɛte nka no.” Young Women titenani a ɔfiri mpɔtam Leribe Branch, Mampho Makura, hyɛɛ nkuran sɛ: “Dane kɔ Awurade nkyɛn, na nya ahoɔden gye Ne pɛ to mu. Yesu Kristo yɛ ‘yɛn gyedie ahyɛaseɛ ne awieeɛ’ [Hebrifoɔ 12:2]. Nhwɛ nkyɛn, mmom hwɛ No.”
Hwɛ No. Ne nsɛm gyegye Alma afotuo ma ne babarima Helaman mu: “Hwɛ sɛ wobɛhwɛ Onyankopɔn na watena ase.” Alma kaa Lehi ne ne nkorɔfoɔ suahunu fa Liahona no ho sɛ nsɛsoɔ: “Ɛyɛ mmerɛ koraa sɛ wobɛtie Kristo asɛm, deɛ ɛbɛkyerɛ wo kwan tee akɔ ɛnni awieeɛ anigyeɛ mu, sɛdeɛ ɛyɛ maa yɛn agyanom sɛ wɔbɛhwɛ saa akyerɛkyerɛ kwan no a ɛkyerɛɛ wɔn kwan tee kɔɔ bɔhyɛ asase so no.” Alma kaa sɛ: “Sɛ wɔ bɛhwɛ a wɔ bɛtumi atena ase. … Na sɛ yɛ … hwɛ a yɛ bɛtumi atena ase afebɔɔ.”
Wɔ berɛ foforɔ mu, Alma kaa nhwɛsoɔ a ɛyɛ yaawa ɔwɔ no a Mose maa so berɛ a ogya awɔwɔ haa tete Israelfoɔ no. Awurade kakyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ ɔwɔ sɛnkyerɛnneɛ mfa nto dua tenten so na ɔmma so, hyɛɛ bɔ “sɛ obiara a wɔbɛka no no, sɛ ɔhwɛ dua no so a, ɔbɛtena ase.” Alma kyerɛɛ mu sɛ yaawa sɛnkyerɛnneɛ no yɛɛ nsɛsoɔ anaa ahyɛnsodeɛ maa Kristo, a wɔbɛma no so wɔ asɛnnua no so. Dodoɔ no hwɛɛe na wɔtenaa ase, nanso afoforɔ no yɛɛ, wɔ Alma nsɛm mu no, “denden pa ara” sɛ wɔrenhwɛ kwa na wɔwuui.
Alma bisaeɛ:
“Sɛ mo ma mo ani so kwa na sɛ mobɛtumi anya mo ayaresa a, morenhwɛ no ntɛm so, anaa mobɛyɛ mo akoma den mmom wɔ annye annie mu, na moayɛ akwadworɔ, sɛ moremma mo ani so nnhwɛ, ama moatumi ayera?
“… Afei momma mo ani so na monhyɛ aseɛ nnye Onyankopɔn Ba no nni, sɛ ɔbɛba abɛgye ne nkorɔfoɔ, na ɔbɛhunu amane na wawu de ayɛ mpata ama wɔn bɔne; na ama wasɔre bio afiri owuo mu, ama ɛde owusɔreɛ aba, sɛ nnipa nyinaa bɛgyina n’anim, ama wɔabu wɔn atɛn wɔ atemmuo ne ɛda ɛtwa toɔ no mu, sɛdeɛ wɔn nwuma teɛ.”
Ampa ara, afotuo “hwɛ Onyankopɔn na tena ase” wɔ nteaseɛ ma yɛn ɛnyɛ ɛnniawieeɛ mu nko ara mmom ɛyɛ adeɛ titire mmorosoɔ nso wɔ suban ne yɛn wuo asetena a ɛsombo mu. Kae Onuabaa kumaa Selebeli nsɛm wɔ Lesotho a yɛadi kan abɔ din no—“Yesu Kristo dɔ yɛn na ɔka yɛn ho, mpo sɛ yɛn akoma di yea.”
Ɛwɔ wiase a ahwe aseɛ awosuo mu—baabi a ɔbonsam bohuru ne baabi a obiara nwie pɛyɛ—a mfomsoɔ ne hwammɔdie, amanehunu ne awerɛhoɔ, nkoguo ne hwereɛ, ɔtaeɛ ne ntɛnkyea bɛwɔ. Ɛyɛ sɛ yɛrehwɛ Onyankopɔn nko ara na ankorankoro, mmusua, ne mpo aman bɛtumi adi yie. Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Ɛnam sɛ Agyenkwa no, nam Ne Mpata a ɛnni ano so, gyee yɛn mu biara firii mmerɛyɛ, mfomsoɔ, ne bɔne mu, na ɛnam sɛ ɔfaa yea biara, ɔhaw, ne adesoa a woanya pɛn mu [hwɛ Alma 7:11–13], afei sɛ wosakyera nokorɛ mu na wohwehwɛ Ne mmoa a, wobɛtumi asɔre aboro saa seesei hwammɔdie wiase yi so.”
Bɔhyɛ biara nni hɔ a wɔaka aka no bio mpɛn pii boro so wɔ Mormon Nwoma twerɛsɛm mu kyɛn yei: “Mprɛ dodoɔ biara a wobɛdi me mmaransɛm so no wobɛdi yie wɔ asase no so: mmom mprɛ dodoɔ biara a worenni me mmaransɛm so no wɔbɛtwa wo afiri m’anim.” Mormon Nwoma mu nkorɔfoɔ asetena mu suahunu fa mfeɛ ha ahodoɔ mu kyerɛ sɛ saa nsɛm yi yɛ nokorɛ. “Di yie” kyerɛ anigyeɛ a wɔnya wɔ ɔsoro nhyira ne akwankyerɛ wɔ wɔn asetena mu. “Di yie” kyerɛ wɔanya wɔn sikasɛm mu gyinapɛn a ɛboa wɔn ma wɔware, hyehyɛ abusua na wɔsom afoforɔ wɔn ahiadeɛ mu. “Redi yie” ka ahoɔden a wotumi de sɔre boro amanehunu ne sɔhwɛ so ho. Ɛnam Kristo adom so, “nneɛma nyinaa [dii] dwuma bɔɔ mu maa [wɔn] yiedie,” tee wɔn ho, na wɔne No abusuabɔ mu dɔɔɛ.
Alma kyerɛɛ mu sɛ wobɛhwɛ Onyankopɔn yɛ sɛ woredi Ne mmaransɛm so, wobɛkɔ so asu afrɛ Ne hɔ mmoa, wo ne No mfa adwene wo nneyɛɛ nyinaa mu, na ma nnaaseɛ nhyɛ wo akoma mu ma mma No adekyeɛ ne anadwo. Yɛhunu Onyankopɔn mmaransɛm ne afotuo wɔ twerɛnsɛm ne N’asomfoɔ nsɛm mu. Nyinasosɛm ne adepa a wɔatrɛ mu wɔ “Abusua: Dawurubɔ bi ma Wiase” no yɛ nhwɛsoɔ titire kɛseɛ. Foforɔ yɛ akwankyerɛ a wɔhunu no wɔ nwomaw Ahoɔden Ma Mmabunu. Young Men ne Young Women asɛntitire ma saa afe yi yɛ “Hwɛ Kristo,” a wɔfa firii Awurade awerɛkyekyerɛ akwankyerɛ ma Joseph Smith ne Oliver Cowdery: “Hwɛ me deɛ wodwene biara mu; nhinhim, nsuro.” Ahoɔden Ma Mmabunu kasa kyerɛ Onyankopɔn mmaransɛm bebree a ɛyɛ ahiasɛm kɛse pa ara ne susudua na ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ wobɛhwɛ Awurade wɔ gyinaeɛ papa a woyɛ mu. Ɛnkyerɛ kwan mma mmabunu nko ara mmom ɛma yɛn nyinaa.
Ɛyɛ nhwɛsoɔ titire pa ara baako no, Ahoɔden Ma Mmabunu wɔ akwankyerɛ a ɛho hia kɛseɛ yie wɔ ti asɛmti “Wo Nipadua Yɛ Kronkron.” Ɛkyerɛkyerɛ sɛ: “Hwɛ wo nipadua—ne afoforɔ nnipadua—so wɔ obuom. Berɛ a wosi gyinaeɛ fa wo ntaadehyɛ mu, tirinwi yɛbea, ne hwɛbea no, bisa wo ho sɛ, ‘Merehyɛ me nipadua animuonyam sɛ akyɛdeɛ kronkron firi Onyankopɔn hɔ?’”
Ahoɔden Ma Mmabunu kɔ so ka sɛ: “Kora ahyiadie ne ahyiamudie atenka no kronkron. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ aseresɛm anaa agorɔdie asuadeɛ Ɔbaa ne ɔbarima ntam awareɛ da nkyɛn a, ɛyɛ mfomsoɔ sɛ wobɛsɔ obi foforɔ nipadua ammɔdin fa kronkron, mpo sɛ ɔhyɛ ataadeɛ. Wɔ wo pɛ mu ɛfa deɛ woyɛ ho, hwɛ, kenkan, tie, dwene ho, fa to anaa twerɛ, kwati biribiara a ne botaeɛ kanyan akɔnnɔ bɔne atenka wɔ afoforɔ anaa wo ankasa mu.”
Yei kae me Titenani Nelson afotuo nnansa yi ara:
“Nneɛma kakra bi na ɛbɛma w’asetena ayɛ basaa ntɛm so sene sɛ wobɛbu ɔsoro mmara a ɛyɛ [ahonidie] so. Wɔn a wɔne Onyankopɔn akɔ apam no, ɔbrasɛeɛ yɛ akwan a wɔfa so hwere wɔn adansedie ntɛm no mu baako.
“… Tumi a wɔde bɔ nkwa yɛ nyameyɛ hokwan baako a Ɔsoro Agya de ma Ne mma wɔwuo de di dwuma. Enti, Onyankopɔn asiesie akwankyerɛ a emu da hɔ a wɔde saa ɔsoro tumi a ɛte ase yi di dwuma. Honam fam abusuabɔ yi yɛ ɔbaa ne ɔbarima a wɔaware nko ara dea.
“Wiase yi mu, dodoɔ no ara nnye yei nni, nanso ɔmanmufoɔ nsusuiiɛ ɛnyɛ nokorɛ ho ɔsɛnnifoɔ. Awurade aka sɛ onipa a wannyɛ kronkron no rennya sɛlɛstia ahemman no. … Sɛ woanyɛ kronkron a, mesrɛ wo sɛ sakyera. Bra Kristo nkyɛn na bɛgye Ne fafiri bɔhyɛ a ɛdi mu no, berɛ a wosakyera firi wo bɔne ho korakora [hwɛ Yesaia 1:16–18; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:42–43].”
Kae sɛ wɔ Mormon Nwoma mu bɔhyɛ no, na yiedie abirabɔ ɛnyɛ ohia—na ɛyɛ sɛ wɔretwa wo afiri Awurade anim. N’anim no rekyerɛ Ne Honhom no nkɛntɛnsoɔ wɔ obi abrabɔ mu. Kristo Hann no donnɔn obiara berɛ a wɔba asase yi so. Ɛka ho no, ɛbinom di dwuma sɛ wɔbɔ wɔn asu na wɔnya akyɛdeɛ ne Sunsum Kronkron no hann ka ho. Ɔde nkanyan ne akwankyerɛ ba, hyɛ mu den na ɔnnane obi akyɛdeɛ ne nimdeɛ a wɔde awo no yi mu fi, na ɔboa ma wɔkwati nkɛntɛnsoɔ bɔne, mfomsoɔ gyinaeɛsie ne deɛ ɛkɔpem.
Te sɛ wo, menim ɛbinom a mmerɛ bi wɔnyaa Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no mu anigyeɛ, nanso ɛnam nkoguo wɔ Onyankopɔn mmaransɛm kora ho nti, wɔahwere saa nhyira no. Mekae baako titire bi a wɔatwe n’asafobayɔ wɔ Asɔre yi mu asensɛn ɛnam mmarato nti. Ɔkaa sɛ na n’ahyɛaseɛ nneyɛɛ ne sɛ ɔbɛnya abufuo. Ɔtee nka sɛ akannifoɔ a wɔnnwie pɛyɛ na abu no atɛn. Na ɔnim sɛ n’abrabɔ ayɛ mfomsoɔ, nanso ɔbuu ne ho bem tenee ne nsa wɔ mfomsoɔ ne afoforɔ brɛguo so. Ɛyɛɛ kakra no, ɔhyɛɛ aseɛ nyaa ahomeka wɔ asetena yɛbea mu firii Asɔre no mu a ɔfrɛ asɛdeɛ ne nhwɛ anim sɛ worekɔ ɔsom adwuma ne ɔsom ma afoforɔ, amma mu.
Yei kɔɔ so berɛ kakra mu, na ɔhyɛɛ aseɛ tee nka kɛse wɔ ne mu sɛ Honhom Kronkron no nni hɔ—Onyankopɔn nnka ne ho—wɔ n’asetena mu Ɛnam suahunu so, na ɔnim sɛdeɛ ɛteɛ sɛ wonya, daa ne daa, awerɛkyekyerɛ, akwankyerɛ, ahotosoɔ a Honhom no de ma, na ɔhweree yei. Awieeɛ no, ɔyɛɛ deɛ ɛhia sɛdeɛ ɔyɛ sɛ ɔsakyera, na ɔfataa sɛ wɔde nsuo ne Honhom no bɔ no asu bio.
Ɛkame ayɛ sɛ awieeɛ bi nni hɔ ma fibea ahodoɔ a nkorɔfoɔ hwɛ sɛ wɔbɛnya nkyerɛaseɛ, anigyeɛ, ne mmoa. Dodoɔ no “rehwɛ tra agyiraeɛ so.” Nanso ɛho nhia sɛ yɛyɛ “mmɔfra, wɔto yɛn di akɔneaba, na wɔde nkyerɛkyerɛ biara soa yɛn twa yɛn ho hyia [anaa yɛbea].” Wɔ Onyankopɔn hwɛ mu, yɛbɛtumi anya asomdwoeɛ wɔ akwansideɛ mu na yɛn gyedie bɛtumi akɔ so anyini mpo wɔ adwene mu naa ne honhom mu nsɛndenden mmerɛ mu. Yɛbɛtumi anya ahoɔden wɔ berɛ a yɛrefa asɔretia ne ankonamyɛ mu. Yɛbɛtumi aka seesei nokwasɛm no abɔ adepa mu. Nokorɛ mu, ɔkwan foforɔ biara nni hɔ kyɛn deɛ Onyankopɔn No ankasa ahyira so, “Monhwɛ me, na monya nkwa, mo asase ano nyinaa: ɛfiri sɛ Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.”
Rehwɛ Onyankopɔn kyerɛ sɛ Ɔnyɛ yɛn adehia mu baako kwa; mmom, ɛkyerɛ sɛ, Ɔne yɛn adehia baako a ɛkorɔn. Mefrɛ nkaeɛ bio saa asiane bɔne no wɔ Lesotho Ayɛwohomumɔ a atwam yi. Firi n’ayaresabea mpa so, Young Women akannifoɔ no mu baako a ɔnyaa nkwa, a na ɔnnye Onyankopɔn nni ansa na ɔrebɛdɔm Asɔre yi no, kaa sɛ ne botaeɛ seesei ne sɛ ɔbɛhunu deɛ nti a wɔde ne nkwa kyɛɛ no. “Me daa daa Nyankopɔn som yɛ sɛdeɛ mɛnya mmuaeɛ, sɛ mehyia mmuaeɛ a,” sɛdeɛ ɔkaaɛ. “Na medwene sɛ medɔ Onyankopɔn, nanso seesei nokorɛm, nokorɛm, nokorɛm, nokorɛm, nokorɛm me dɔ No. Seesei Ɔne m’adehia a [ɛdi kan] wɔ m’asetena mu.”
Medi adanseɛ fa Agya, Ɔba, ne Sunsum Kronkron ho wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn baako no wɔ nkabom a ɛwie pɛyɛ fa asɛm, adwene, botaeɛ ne nneyɛɛ ho, wɔn a yɛbɛtumi ahwehwɛ nneɛma papa nyinaa afiri. Medi adanseɛ fa Yesu Kristo Mpata ho, baabi a tumi firi ba bɛma saa bɔhyɛ nwanwasoɔ yi ba mu: “Hwɛ me, na gyina mu kɔsi awieeɛ, na wobɛnya nkwa; ɛfiri sɛ deɛ ɔgyina mu kɔsi awieeɛ na mɛma no nkwa a ɛnni awieeɛ.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.