Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Mpata ho Dɔ
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


14:33

Yesu Kristo Mpata ho Dɔ

Yesu Kristo mpata dɔ no mu na ayaresa ne bɔnefakyɛ mu biara wie pɛyɛ.

Meda me dɔ adi ma Titenani Russell M. Nelson na m’anisɔ wɔ nkɛntɛnsoɔ a ɛyɛ nwanwa a wanya wɔ yɛn mu biara so. Na yɛn nyina ara nti, meda Onyankopɔn ase sɛ ɔkoraa Titenani Dallin H. Oaks abrabɔ a ɛyɛ animuonyam so na ɔyɛɛ no kɛseɛ.

Afe biara mu no, menya atenka a ɛso ma yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ne N’ahummɔbrɔ Mpata no. N’afɔrebɔ kɛseɛ no, ɔredi nkonim wɔ owuo ne bɔne so no ne mmoa ho nsunsuansoɔ so bi maa da wɔ nipa abakɔsɛm mu. Worete Ne soro akyɛdeɛ ase no yɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛbɛtoa so ara atra damena.

Awurade Yesu Kristo

Agyenkwa no ahummɔbrɔ tumi a ano yɛ den wɔ bɔnefafiri ne apirakuro ayaresa a ɛnam afoforɔ so ba no yɛ anwanwadeɛ a ɛso pa a ɛda adi wɔ Onyankopɔn mu.

Deɛ mehwehwɛ ne sɛ mɛma wɔn a wɔrehwehwɛ bɔnefakyɛ wɔ bɔne akɛseɛ paa biara wɔahyɛ ho no anidasoɔ na mama wɔn a wɔrehwehwɛ ayaresa afiri wɔn apirakuro yayaaya a ɛnam afoforɔ bɔne akɛseɛ soɔ no anya awerɛkyekyerɛ.

Yesu Kristo mpata dɔ no mu na ayaresa ne bɔnefakyɛ mu biara wie pɛyɛ.

Yesu Kristo mu Gyedie

Sɛ wayɛ bɔne akɛseɛ na wo gu so anaa wowɔ ɔpɛ sɛ wosakra koraa, na wonya bɔnefakyɛ dɔ kɛseɛ a ano ntumi nka no, mepawokyɛw, hunu sɛ saa anwanwadeɛ yi retwɛn wo . Agyenkwa no kɔso frɛ sɛ, “mommra me nkyɛn.”

Wo gyedie a wobɛhyɛ mu den wɔ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo mu no bɛma wo kra akɔnnɔ a ɛwɔ sɛ wobɛhunu No, agye No adi, na wode wo akoma ama. Enos bisa faa ɔno ara bɔnefakyɛ ho “Awurade, wɔyɛ no sɛn?” Awurade buaa sɛ, “Esiane wo gyedie wɔ Kristo a wontee da anaa wonhunuu No da no mu.”

Na Moroni dekaa ho sɛ, “Sɛ motwe mo ho firi deɛ ɛnnyɛ nyinaa ho, na mode mo tumi nyinaa, mo adwene ne mo ahoɔden dɔ Onyankopɔn a, ɛna n’adom bɛdɔɔso ama mo.”

Woredane wo ho afiri bɔne ho, wo dane akɔ Onyankopɔn nkyɛn, na worehyɛ wo gyedie a ɛwɔ Yesu Kristo mu no den no yɛ ahyɛaseɛ a ɛyɛ fɛ. Ahobrɛaseɛ a wode wo pɛ bɛma Onyankopɔn no bi ne sɛ wobɛgye bɔne a ɛyɛ aniberesɛm atom ama wo bishop anaa branch president, nanso wo bɔne fafiri nyinaa firi Agyenkwa no mu. Bɔnefakyɛ yɛ ɔsoro akyɛdeɛ a wɔnam Yesu Kristo adom no so de ma.

Nokorɛdie

Sɛ wopɛ sɛ wosan dane wani ma Onyankopɔn wɔ nokorɛ mu pa ara a, deɛ ɛka ho ne sɛ wobɛdi nokorɛ ama w’Agya a ɔwɔ Soro, ama wo ara wo ho, ama wɔn a wɔpiraaeɛ, na afei nso ama wo sɔfo panin. Wo Soro Agya ani gye wɔ ɔpɛ sɛ wo bɛba Ne nkyɛn wɔ akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ. Worenya honhom a ɛyɛ ahonu no yɛ ahobrɛaseɛ sɛ wode wo ho bɛhyɛ Onyankopɔn nsam; akoma a abubuo a wowɔ no ne nea ɔsomafoɔ Paulo ka ho asɛm sɛ “nyame mu awerɛhoɔ,” Ɔkra no ho akɔnnɔ a emu dɔ a ɔde bɛsan aba Ne nkyɛn ɛmfa ho ne ɛboɔ biara.

Ɛnti deɛn ne ahobraseɛ?

Wo akɔnnɔ no ma wopɛ sɛ wosiesie nea woabubu no. Nanso, sɛ wohu sɛ nneɛma bi nni wo tumi mu sɛ wobɛsiesie a, wobɔ mpaeɛ dendennden sɛ Awurade nam N’adom so bɛboa ma wɔasa wɔn a wɔapira wɔn no yareɛ esiane wo nneyɛeɛ nti.

Mpɛn pii no, bɔne a nsunsuanso kɛseɛ wom a ɛba afoforɔ so no yɛ den wɔ yea mu sɛ wɔbɛdi so nkonim. So woredi Mosiah mmabarima a na “wɔrebɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛsiesie apirakuro a wɔayɛ no nyinaa” no nhwɛsoɔ akyi”?? Kasa wɔn a wubu wɔn wɔ nea ebia worenhunu no ho.

Berɛ a meresiesie saa kasakyerɛ yi no, menyaa nkratoɔ wɔ me email mu firii obi a na ɔnam adwensakra nhyehyɛeɛ so pɛ sɛ ɔsan kɔ Asɔre no bio. Na ne yere kane no da so ara rehu amane wɔ “[wɔn] daa awareɛ a ayera, [a ɛyɛ den wɔ mmɔfra no ho], sikasɛm mu ahobammɔ a wɔahwere, [antumi] ankɔ ka a wɔbɔ no yie, [na] atenka a ɛma obi ho yɛ den kɛse sɛ wɔayi no ama no ho.”

Ɔne me kyɛɛ sɛdeɛ ne sɔfopanin ani gyeeɛ berɛ a [ɔbisaa no] sɛ ɔmfa mpaebɔ nsusu [deɛ ɛka ho a ɔbɛtumi ayɛ ama ne yere daadaa no ne mmɔfra no].” Wɔ akwan serɛ mu no, mekyɛ ne email no fa bi:

“Me [nea edi kan no] susuii sɛ [sika] a megyaee wɔ awaregyaeɛ ho mmara no mu no yɛ nea ɛsen ayamyɛ, nanso me branch president hyɛɛ me nkuran sɛ menni mmuada na memmɔ ho mpaeɛ.

“Ahyɛaseɛ no na me tiri mu ntene me sɛ meresan ahyɛ no anan mu bio. Esiane sɛ na me bɔne nyɛ sikasɛm nti, na misusu nea ‘ayamyɛ a wɔde ma’ kyerɛ ankasa ho [nanso] ankyɛ na mehunuu sɛ ɛnyɛ sika nkutoo ho asɛm.

“M’asɔfoɔ mpanimfoɔ ne [me yere dada no] ne me mma hyiaeɛ na mehunuu sɛ na wɔgu so rebrɛ a na wɔnnya ayaresa.”

“Na me botaeɛ foforɔ ne sɛ mede gyedie bɛkɔ anim. Medaa ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛboa a bibiara mmataho no adi kɛkɛ. Mesii agyina sɛ [mɛma me yerɛ dada no sika pɔtee] bi bosome biara awieɛ. a mede sika kora krataa na ɛbɛtua a na ɛyɛ m’akatua nyinaa mu fa kɛseɛ. Merebɛtua deɛ ɛdi kan no ara pɛ na Awurade [ka kyerɛɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ] me bɔ [saa sika no ho mprenu].

“Masua sɛ, nsiesie nnyɛ sika nkoaa. Ɛyɛ sɛ mɛtu m’abrabɔ ahyɛ Awurade nsa wɔ ahobraseɛ mu. Sika no yɛ deɛ ɛsɛ sɛ mede hyɛ deɛ mefa firii m’abusua mu ɛnam m’agyinasie bɔne nti. Ɛfa bɔhyɛ ahodoɔ a wɔbɛyɛ na wɔadi so a wɔnnhwɛ biribiara kwan sɛ akatua na wɔaboa no ma wɔnha ne ho wɔ atoɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ahwehwɛ Honhom no.”

Ebia wo mmɔdenmmɔ sɛ wobɛsan de deɛ woabubuo no aba no ne sika nni hwee yɛ, nanso berɛ a wode ahobrɛaseɛ srɛ Awurade no, ebia wobɛhunu sɛ pii wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ.

Ɔsoro Mpeneɛbɔ a Wɔde Di Dwuma

Berɛ a worehwehwɛ Awurade bɔne fafiri no, nya abotrɛ berɛ a woretwɛn Ne pene a ɔpene so nyinaa no. Susu twerɛsɛm yi ho hwɛ:

“Wɔn wɔbrɛ wɔn [ho] ase wɔ ahobrɛaseɛ a emu dɔ mu; na ɔsu kɛse kyerɛɛ Onyankopɔn; aane, mpo nna mu nyinaa. [Nanso] Awurade yɛɛ bɔkɔɔ tiee wɔn sufrɛ ɛnam wɔn amumuyɛ nti.”

“Ne nyinaa mu no Awurade tiee wɔn sufrɛ ampa, na ofirii aseɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adesoa so bɛte; na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔreyɛ frɔmfrɔm nkakrankakra.”

Nya abotrɛ berɛ a Awurade de ne nhyira ne Ne peneɛ ma wo no nkakrankakra.

Awurade berɛ so no, wobɛte nka sɛ ne nne reka akyerɛ wo sɛ, “Momma yeinom nha mo bio.” Da bi, berɛ a mokɔ so dane kɔ Agyenkwa no nkyɛn no, mo Soro Agya no bɛfa “afɔbuo no afiri [wo akoma mu], afa ne ba no mfasoɔ so.”

Ɔpiraeɛ na Ɔrehunu amane

Wo a bɔne a anibere wom a emu yɛ den no apira wo wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no, me kɔn dɔ sɛ mɛkyɛ Agyenkwa no dɔ ne ayamhyehyeɛ, N’awerɛkyekyerɛ ne n’asomdwoeɛ.

Awerɛhoɔ a w’adie, akomasɛeɛ, nea moahwereɛ,yima abambuo atenka, sɛdeɛ wohunu sɛ w’abrabɔ asi ne tiri ase akɔsi biara—mema wo m’awerɛhyem paa kɛseɛ sɛ, Agyenkwa no nim na ɔdɔ wo. Kɔ Ne nkyɛn. Ɔno ne wo awerɛkyekyerɛ ne wo ahoɔden; Ɔbɛhyɛ N’abɔfoɔ sɛ wɔnkora wop. Da bɛn na wo yea bɛgyae, w’awerɛhoɔ to bɛtwa, wo werɛ bɛfiri nneɛma a wompɛ? Mennim. Nanso yei na menim: Ɔwɔ tumi a ɛde ahoɔfɛ firi w’amanehunu nso mu ba.

Yɛn nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ a wɔwɔ Grand Blanc, Michigan, a wɔn gyidie a ɛnni hu wɔ Yesu Kristo mu, ne wɔn akokoɔduro ne pɛsɛmenkomenya a wɔnni no, anya na wɔbɛnya, wɔ nnawɔtwe ne bosome a ɛreba no mu, Agyenkwa no dɔ ne n’adom a ɛso bi nni no pii.

Berɛ a wokɔ so de wo ho to Ne so no, esum mununkum ne wo awerɛhoɔ a ɛyɛ ya anadwo no bɛdane anigyeɛ ne asomdwoeɛ nisuo a ɛreworo so wɔ anɔpa hann mu. “W’awerɛhoɔ bɛdane anigyeɛ. Na w’anigyeɛ biara [baako] annye wo afiri wo hɔ.” Saa berɛ no bɛba. Medi adanseɛ sɛ ɛbɛba mu.

Titenani Dallin H. Oaks

Yɛbɛtumi ahu Yesu Kristo mpata dɔ no wɔ tebea hodoɔ a emu yɛ den sen biara mu, nanso yɛn nyinaa hia yɛn Agyenkwa no mpata adom berɛ nyinaa Titenani Dallin H. Oaks akyerɛkyerɛ sɛ: “Esiane ne mpata ho suahunu a ɔwɔ wɔ owuo tebea mu nti, yɛn Agyenkwa no tumi kyekye werɛ, sa yareɛ, na ɔhyɛ mmarima ne mmaa nyinaa den wɔ baabiara, nanso megye di sɛ ɔyɛ saa ma wɔn a wɔhwehwɛ no nkutoo na wɔsrɛ Ne mmoa no Ɔsomafoɔ James kyerɛkyerɛɛ sɛ, ‘Momrɛ mo ho ase nhyɛ Awurade ani so, na ɔbɛma mo so’ (James 4:10). Yɛfata ma saa nhyira no berɛ a yɛgye no di na yɛbɔ mpaeɛ hwehwɛ Ne mmoa.”

Elder Robert E. Wells ne Elder Neil L. Andersen

Elder Robert E. Wells

Menyaa akwanserɛ firii m’adamfo pa a na ɔyɛ emeritus General Authority Elder Robert E. Wells a ɔwɔ ahomegyeɛ mu a ɛnnɛ yi wanya mfeɛ 97 hɔ sɛ menkyɛ ne suahunu wɔ bɛboro mfeɛ 60 atwam no:

Berɛ a na ɔte Paraguay wɔ 1960 mu na na ɔyɛ adwuma sɛ amanaman ntam sikakorabea panin no, Robert Wells a na wadi mfeɛ 32, ne ne yere Meryl no mu biara yɛ wiemhyɛnkafoɔ wɔ wiemhyɛn ahodoɔ mmienu mu, na na wɔretu wiemhyɛn akɔ fie afiri Uruguay akɔ Paraguay. Wɔrehyia mmununkum a ɛmu yɛ duro no, Robert ne Meryl hweree adehunu ne kasa nkutahodie nyinaa wɔ wɔn ntam. Robert de ahoɔhare sii fam, faako a ɔtee sɛ ne yere wiemhyɛn no ahwe ase no. Ne yere ne nnanfonom baanu a na wɔka ho no mu biara annya nkwa. Na ne mma a wɔwɔ fie wɔ Asunción adidi mfeɛ nson, nnum ne mmienu.

Wells Abusua no

Elder Wells kasa faa n’amaneɛ ho sɛ:

“Nsɛmfua renntumi nkyerɛmu dabiara da berɛ a mekyerɛ yea a ɛbotɔ me na ɛfa m’adwene mu. Awerɛhoɔ ne nisuteɛ mfiri m’ani ase da. Deɛ ɛka m’akyiri koraa ne sɛ, berɛ a na me yere wuo yi refa m’adwene mu no, afei menyaa fɔdie atenka kɛseɛ bi sɛ ɛnam me so na akwanhyia no siiɛ.

Robert bɔɔ ne ho soboɔ sɛ ɔno na wamma wɔn anhwehwɛ wiemhyɛn no akwaa no mu yie paa na afei nso wamma ne yere nkyerɛkyerɛ a ɛfa wiemhyɛn no akwaa ho. Ɔnyaa fɔdie atenka sɛ ɔbuu n’ani guu so.

Robert kaa sɛ:

“M’adwene mu yɛɛ sum kabii. Na mewɔ hɔ ara kwa—[mmɔfra no nti,] biribiara nni hɔ a ɛsen saa.”

“Me hweree ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛtoa soɔ.”

Ɔkyerɛɛ sɛ, mmerɛ kakra akyiri no wɔhyiraa Robert ne sunsum mu suahunu a ɛmu dɔ. Ɔkaa sɛ:

“Da koro anwummerɛ bi, bɛyɛ afe baako akyiri no, berɛ a na mewɔ me nkotodwe anim a na merebɔ mpaeɛ no, anwanwasɛm bi siiɛ. Merebɔ mpaeɛ na meresrɛ m’agya a ɔwɔ soro no, menyaa atenka bi sɛdeɛ Agyenkwa no aba me nkyɛn na metee nne kɛseɛ bi a ɛrekasa kyerɛ me kraa ne m’asomu sɛ: ‘Robert, me wuma afɔreɛ no tuaa wo bɔne ne wo mfomsoɔ. Wo yere de kyɛ wo. Wo nnanfonom dekyɛ wo. Mɛma w’adesoa no so.’

“Ɛfiri saa berɛ no, fɔdie adesoa [ne abamubuo] firii me so nwanwasoɔ mu. Na w’agye me! Ɛhɔ ara metee tumi a ɛwɔ hɔ ma obiara no ase na ɛno nti na meka ho pɛɛ. Me hunuu hann ne anigyeɛ a menhunuu bi da. Na wɔama me akyɛdeɛ a wɔnnyaa bi—Awurade adom akyɛdeɛ. Na memfata—na menyɛɛ hwee sɛ mɛfata, nanso ɔde maa me ne nyinaa mu.”

Anuanom mmarima ne mmaa, ɛmmra mu sɛ yɛn mu biara ho “bɛte wɔ Kristo mu ɛnam Onyankopɔn adom so, ɛnam Kristo mogya a ɛhwie guiiɛ no so, [yɛbɛyɛ] kronkron, a nkekaawa nni mu.”

Medi Agyenkwa ne Odimafoɔ no dɔ, N’ahummɔbrɔ ne N’adom ho adanseɛ. Ɔte ase. Yɛyɛ ne dea; yɛyɛ apam no mma. Berɛ a yɛgye No die, di N’akyi, na yɛde yɛn werɛ hyɛ Ne mu no, Ɔbɛyi yɛn afiri yɛn awerɛhoɔ ne yɛn bɔne mu. Afei, wɔ owuo asetena yi akyi, wɔ N’agya fie no, yɛne No bɛtena daa daa. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.