Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo ne W’ahyɛaseɛ Foforɔ
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


14:19

Yesu Kristo ne W’ahyɛaseɛ Foforɔ

Yɛn nyinaa bɛtumi anya ahyɛaseɛ foforɔ a ɛnam na ɛfiri Yesu Kristo so. Mpo wo.

Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ: mu sɛ Yesu kyini yɛɛ papa

Yesu “kyinkyini yɛɛ papa.” Yɛkan saa amanebɔ tiawa yi firi Asomafoɔ Nwuma Nwoma no mu. Kasamu bɛn na ɛmu yɛ hare kɛse sei! Ampa ara, Yesu kyinii yɛɛ papa! Ɔyɛ ade titire—ne nhini—ne papa farabae! Ɔtuu Ne nkwa nna nyinaa sii hɔ maa papayɛ. Ɔyɛ “mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, abodwokyerɛ, na papayɛ ne nokorɛ ahyɛ no ma” papayɛ a ɛnniawieɛ ne daa ahummɔborɔ.

Mmɔden biara a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛka ne papayɛ ne Ne mmɔborohunu ho asɛm anaasɛ wɔbɛbɔ no tɔfa no bɛyɛ asɛm a wɔmfa nyɛ hwee! Nokorɛ, sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Yohane kaeɛ no, sɛ anka yɛretwerɛ nneɛma pa a Agyenkwa no yɛeɛ nyinaa mmaako mmaako a, “anka wiase rentumi nnya baabi mpo mfa ngu.”

Yesu Kristo Ma Yɛn mu Biara Ahyɛaseɛ Foforɔ.

Nhwɛsoɔ kakra pɔtee a yɛwɔ no twerɛsɛm mu no ma ɛpagya Yesu sɛ ɔrekyini “yɛ papa” no ma no yɛ nwanwa mmorosoɔ, titire berɛ anka yɛsusu sɛ yɛ wɔ hɔ bi anka ɛbɛte sɛn berɛ a yɛhwɛɛ N’anwanwadeɛ, yɛgyee Ne nkyerɛkyerɛ na yɛnyaa N’ayaresa. Ɔne wɔn a wɔayi wɔn totwene wɔ nnipa mu dii nkɔmmɔ, Ɔde Ne nsa kaa deɛ ɔyareɛ ne deɛ ne ho nteɛ, Ɔmaa deɛ watɔ baha awerɛkyekyerɛ, Ɔkyerɛkyerɛɛ nokorɛ a ɛma fahodie na ɔka kyerɛɛ abɔnefoɔ sɛ wɔnnya adwensakra. Deɛ ɔyɔeɛ ne sɛ, Ɔmaa kwatafoɔ, onifrani, ɔbaa dwamanfoɔ, apakye, sotifoɔ ne mmumfoɔ; ɔbaatan biara a ɔredi awerɛhoɔ, agya a n’aba mu abuo ne okunani a ɔresu; deɛ wayi no totwene, deɛ wagu n’anim aseɛ, ne deɛ ɔrehunu amaneɛ, deɛ wawu wɔ honam anaa honhom mu, nyinaa ahyɛaseɛ foforɔ. Aane, kasa a nteaseɛ nni mu foforɔ ne no!

Biribiara a ɔkaaeɛ na ɔyɔeɛ no yɛɛ ahyɛaseɛ foforɔ maa wɔn a ɔsaa wɔn yareɛ, ɔhyiraeɛ, kyerɛkyerɛeɛ ne bɔne ho fahodie. Wanntwe Ne ho amfiri wɔn ho, na saa nso na ɔrenntwe ne ho mfiri wo ho. Susu sɛ anka saa mmerɛ yi mu no worete saa nsɛm a ɛma nkwa yi mu baako afiri Ne hɔ a:

“Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

“Ababaawa, mese wo sɛ, nyane.”

“Wo ho mfi.”

“Me mmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio.”

“Ɔbabaa, wo gyidie agye wo nkwa: kɔ asomdwoeɛ; mu.”

Na Agyenkwa no nsɛm a ɔka kyerɛɛ saa ankorankoro yi no yɛ tiawa, nanso wɔn deɛ wɔhunuu sɛ ɔde bɔnefakyɛ, ayaresa, deɛ aba bio, asomdwoeɛ ne nkwa a ɛnni awieeɛ abrɛ wɔn. Na anigyesɛm kɛseɛ ne sɛ, ɔma me ne wo saa ahyɛaseɛ foforɔ korɔ no ara. Yɛn nyinaa bɛtumi anya ahyɛaseɛ foforɔ a ɛnam na ɛfiri Yesu Kristo so. Mpo wo. Ahyɛaseɛ foforɔ no yɛ Agya no nhyehyɛeɛ a ɔwɔ ma Ne mma no nnyinasoɔ. Yei ne ahyɛaseɛ foforɔ asɔre no! Yei yɛ ahyɛaseɛ afoforɔ koraa asɔre!

Yei ne Ahyɛaseɛ Foforɔ Asɔre No

Wɔnam nsuo ne honhom so na wɔwo yɛn foforɔ na, yɛtumi “nante” nkwa foforɔ mu.” Anidasoɔ dodoɔ sɛn na saa ahyɛaseɛ afoforɔ no de brɛ obi a watɔ baha wɔ bɔne adesoa mu anaa wahunu amane wɔ nsunsuansoɔ a ɔbra mu nkekaawa ne awaresɛm a ɛnkɔ yie. Na Yesu nhia bɔnefakyɛ anaa abrabɔ ahyɛaseɛ foforɔ nanso wɔbɔɔ Ɔno ankasa mpo asu, de kyerɛɛ yɛn ɔkwan a ɛde kɔ ahyɛaseɛ foforɔ a wabɔ ato hɔ ma yɛn mu biara no so.

Na w’ahyɛaseɛ foforɔ no nsi prɛko pɛ saa. Ɛyɛ a na yɛdwene sɛ yɛn asubɔ pɛ nɛ ɛyɛ yɛn ahyɛaseɛ foforɔ. Ɛnte saa. Yɛnni akwanya baako pɛ nko ara. Saa ahyɛaseɛ afoforɔ yi bɛtumi asi dabiara! Nnawɔtwe bi ara mu berɛ a yɛdi paano ketewa bi na yɛnom nsuo kakra ara bi a ɛwɔ kuruwa ketewa mu a yɛde kae yɛn Agyenkwa a owie pɛ yɛ no akyɛdeɛ, ɔno a ɔwuiɛ sɛdeɛ ɔbɛma yɛn ahyɛaseɛ afoforɔ sɛdeɛ yɛhia no ntɛm so! Yesu ma yɛn ahyɛaseɛ afoforɔ bebree sɛdeɛ yɛhia no ara pɛ.

Wɔn yɛn ahokeka a yɛde kɔ ahyɛaseɛ foforɔ wɔ Kristo mu no, sɛ yɛde ahofama ne nkoden yɔ a yɛbɛtumi abɛyɛ “abɔdeɛ foforɔ,” a nneɛma dada nyinaa twa mu ma nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. Ahotɔ bɛn no saa akwannya foforɔ yi de brɛ ɔkra a ɔkɔ so bɔ mmɔden a sɛ ɔfa yɛn Dimafoɔ no tumi a ɔwɔ de siesie na ɔde to anan mu no so a ɛmfa ho ne ntwesan a ano yɛ den a ɛwɔ wiase a ahwe ase mu? Agyenkwa no annyae N’agyinasie sɛ ɔbɛma Agya no apɛdeɛ aba mu na wawie Ne soro mpata asɛmpatrɛ adwuma no da, mpo ɛnam ɛyaa a ɛmaa ne ho popoeɛ, mogya firii abura biara mu, huu nipadua ne honhom mu amane, na ɔbɔɔ mpaɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyi kuruwa a ɛyɛ nwononwono no afiri hɔ. Bio nso, na Ɔrekyerɛ yɛn sɛnea yɛn ho boasetɔ a ɛyɛ nokorɛ wɔ Onyankopɔn ho no ɛteɛ.

Apam foforɔ bi ara a yɛyɔ ne ɛho mmɔdemmɔ bi ara a yɛtu de yɔ mu adwuma no, yɛbɛtumi anya “akoma foforɔ” ne “honhom foforɔ.” a ɛkɔ anim.” Nkakrankakra, mprɛ dodoɔ no a yɛma Ne papayɛ ba yɛn akoma mu na yɛyi nkuguo nne firi yɛn tiri mu no, yɛbɛyɛ nkurɔfoɔ ɛfiri sɛ, nokorɛ mu no, yɛma no yɛ yɛn Nyankopɔn. Yesu anigye paa ara sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ yɛn hene ne yɛn dwanhwɛfoɔ ne yɛn Asomdwoeɛ hene, na ɛsɛ sɛ yɛyɔ no saa wɔ yɛn ara akoma ne yɛn adwene mu.

Ahyɛaseɛ Foforɔ Wɔ Sɛdeɛ Yɛhunu Adwensakra.

Adwensakra bue pono ma yɛahyaseɛ afoforɔ mfitiaseɛ koraa ne akwannya a ɛtɔ so mmienu. Yɛn Titenani dɔfoɔ Nelson nkyerɛkyerɛ ate yɛn adwene mu fann afiri nteaseɛ a na yɛnni fa ɔsoro akyɛdeɛ a ɛyɛ adwensakra ho na medwene sɛ awieɛ yi, yɛrehyɛ aseɛ ate aseɛ yie.

Ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛbɛte sɛ yɛn mmabunu rekyerɛkyerɛ nea adwensakra kyerɛ ma wɔn. Nansa yi ara metee ababaawa bi sɛ ɔreka, a n’anim yɛ seresere sɛ, “Sɛ medwene adwensakra ho a, mete anigyeɛ ne anidasoɔ a ɛyɛ nwanwa nka. Mete me Soro Agya ne m’Agyenkwa dɔ ne anigyeɛ nka. Mensuro sɛ mɛba Ɔsoro Agya nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na masrɛ Ne mmoa wɔ biribiara a merepere ho. Menim sɛ Wɔremmɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere me sɛ mereyɛ biribi a ɛnteɛ. Wɔn nsa abue kɛse. Ɛno ne adwensakra ma me,” Ɔkae. Ababaawa yi te aseɛ sɛ Yesu Kristo nti, ɔbɛtumi anya ahyɛaseɛ foforɔ!

Ahyɛaseɛ Foforɔ Ma Obiara, Berɛ Biara

Ɛnti wohia ahyɛaseɛ foforɔ? Ɛnti wobetumi afiri aseɛ foforɔ, wo mpo? Susu nnipa a Agyenkwa no som wɔn no ho—nnipa a Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, ɔsaa wɔn yareɛ, nyanee wɔn, ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, na ɔsan de wɔn baeɛ no. Ɛnti na Ɔrepa wɔn afiri sikasɛm mu kuo anaa abusua pɔtee bi mu? Ɛnti na Ɔrekyerɛ nsonsonoɛ a ɛda treneefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ntam? Ɛnti na Ɔreyɛ nnipa a wɔayi wɔn afiri nnipa mu esiane sɛ wɔfata kɛse anaasɛ wɔdɔ wɔn kɛse nti? Daabi.

Ebinom de gyedie kɛseɛ baa ne nkyɛn, na ɔgyee ne tumi a ɔde sa yareɛ no diiɛ—te sɛ ɔbaa a mogya tuu no ho asɛm no, Roman asraafoɔ panin a na n’akoa rewu no, ɔkwatani, Jairus, ne nifrani Bartimaeus. Wɔn mu biara de ne gyidie too asiane mu, na na wɔwɔ anidasoɔ sɛ rabi a ofiri Nasaret no papayɛ ne ne tumi bɛsakra wɔn asetena ne wɔn anidasoɔ. Na Ɔyɛɛ saa. Ɔma N’ayaresa no bu so.

Nanso Yesu hyiraa wɔn a na wɔwɔ gyidie a ɛhinhim nso, te sɛ abɔfra a ɔyare no agya a ɔteaam, ebia te sɛ wo sɛ, “Awurade, megye di, boa me gyidie a onn.” Na Ɔhwiee ayamhyehyeɛ mpo guu wɔn a wɔanhwehwɛ No koraa, te sɛ ɔbaa a wɔfaa no awaresɛeɛ mu no, Nain okunafoɔ no, mmubuafoɔ a ɔwɔ Betesda ɔtareɛ no ho no, ne ɔbarima a wɔwoo no anifra no. Enti woate nka sɛ ɔrekɔyɛ papa wɔ w’abrabɔ mu berɛ mpo a woanhwehwɛ No anaasɛ woankɔ n’akyi?

Wɔmaa saa twerɛsɛm mu nnipa yi mu biara, ne wɔn a wɔbɛtie na wɔabua nyinaa no, Ɔmaa ahyɛaseɛ foforɔ, sɛ ɛyɛ abrabɔ foforɔ a wɔde bɔne akyɛ, anaa abrabɔ foforɔ a wɔde yareɛ asa no yareɛ, anaa nkwa foforɔ a wɔanyane afiri owuo mu.

Dɛn na yei kyerɛ ma me ne wo? Ne papayɛ ne ne mmɔborohunu ne n’adɔɛ nnim ano. Ahyɛaseɛ foforɔ na ɛwɔ Agya no nhyehyɛe ne N’akoma mu! Mfitiaseɛ foforɔ yɛ Ɔba no asɛmpatrɛ adwuma! Adekyeɛ foforɔ, nkyekyɛmu foforɔ, ne akwanya foforɔ ne asɛmpa no asɛmpa no mu adeɛ titire a ɛnyɛ den!

Enti wakyɛre ho bebree wɔ w’apam a wode bɛgye w’ahyɛaseɛ foforɔ anaa? Daabi. Wayɛ yei anaa biribi mpɛn bebree a ɛsɛ sɛ wɔma wo akwanya foforɔ bio anaa? Daabi. Wone Kristo ntam aware bebree a ɛsɛ sɛ ɔboa wo ma wo twerɛ asɛm foforɔ ɛfiri nnɛ rekorɔ yi anaa? Daabi. Ɔsɛefoɔ no nkoaa ne obi a ɔnya mfasoɔ wɔ adwene a wowɔ sɛ wammene no ho. Wonyɛ bi.

Na ahyɛaseɛ afoforɔ tra yɛn bɔne ne yɛn mfomsoɔ nkoaa kɛkɛ. Ɛnam Agyenkwa no papayɛ ne N’adom no nti, yɛbɛtumi anya mfitiaseɛ mono a ɛde nsakraeɛ ba yɛn adwene mu pɔ dada no ho, suban bɔne, abufuhyeɛ, ntwesan nneyɔeɛ, atenka sɛ wonni tumi biara ne sɛdeɛ wode soboɔ bɔ afoforɔ na wogyae w’asodie to hɔ. Wobɛtumi asakra nneɛma a ɛfa wo ho a ɛtwe wo san wɔ mfeɛ bebree mu no. Wobɛtumi afa ahyɛaseɛ foforɔ Wura no ahoɔden so na wafiri aseɛ bio. Ɔmmrɛ da ɔde rema yɛn.

Wɔn a wɔreberɛ wɔ bɔne korɔ ho anaa ntwesan korɔ ho bebree no, wo deɛ kɔ so.ara kɔ wanim. Ɔmfaa akwansideɛ nsii w’anim. Ɔnkyerɛɛ baabi a ɛsɛ wo kɔpem wɔ w’akwannya a ɛtɔ so mmienu no. Wodeɛ, pem kɔ wanim ara. Kɔ so pere. Wodeɛ, hwehwɛ mmoa firi wɔn a wɔbɛn wo no hɔ. Na wode wo ho to ahyɛaseɛ foforɔ a ɛwɔ hɔ ma wo berɛ biara a wobɛsan akɔ wo papa nkyɛn wɔ akoma mu no. Momma yɛnnyae anidaho bɔne, ne ahommasoɔ atuateɛ nto wɔn daberɛ. Ɛnsɛ sɛ woyɛ sɛdeɛ na woteɛ dada no. Gye mfitiaseɛ mono no to mu, deɛ ɛtɔ so mmienu—anaa mmiensa anaa nnan—anaa ɔha mpo wɔ wakwanya nyinaa mu

Meda Onyankopɔn ase bebree dodo ma mfitiaseɛ foforɔ a wɔde ama me ne nea wɔbɛda so de ama me no.

Awieeɛ

Yɛn Agyenkwa no kaa asɛm bi a yɛfa no traa a ɛtwa toɔ a sɛ ɛno nnim a anka biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ ɛnɛ da yi. Ne yea a ɔfaa mu nyinaa akyiri wɔ Gethsemane ne ayakayakadeɛ a wɔyɛɛ no awieɛ no wɔ asennua no so no, Ɔkaa no tiawa sɛ, “Mawie.” Messiah ho nkɔmhyɛ no aba mu, na watua adasamma bɔne ne amanehunu nyinaa awie. Ɔpaee mu kaa sɛ “Wawie” N’afɔrebɔ a ɛnni ano na enniawieɛ no. Nanso Ne Wuma no annkɔsi kɔpem sɛ Ɔno ankasa nyaa asetena foforɔ wɔ da a ɛtɔ so mmiensa no so, Ahyɛaseɛ foforɔ sɛ deɛ ɔnam Agya no tumi so anyane awufoɔ mu.

Ɛnam sɛ na Ɔyɛ nneɛma a na ɛsɔ N’Agya ani no nti, na ɛfiri sɛ Ɔyɛɛ Agya No pɛ wɔ adeɛ nyinaa mu,” no nti me ne wo mmienu bɛtumi anya ahyɛaseɛ foforɔ wɔ adeɛ nyinaa mu. Gye wahyɛaseɛ foforɔ nnɛ yi ara mpo, sesei ara. Yesu Kristo ne yɛn gyedie ahyɛaseɛ ne awieeɛ farebae, a Ɔne yɛn retwerɛ mmerɛ afoforɔ a ɛnni ano. Ɔno na Ahyɛaseɛ ne Awieɛ—yɛn animguaseɛ ne yɛn amanehunu awieɛ ne Ne mu abrabɔ ahyɛaseɛ Ɔrema yɛn agya deɛ atwa mu wɔ yɛn akyi na yɛde adekyeɛ foforɔ dodoɔ a yɛhia bi ara ahyɛ aseɛ bio. Nokorɛ, Ne “yie ne Nadɔeɛ bɛdi [yɛn] akyi wɔ [yɛnkwa] nna nyinaa mu.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Asomafoɔ 10:38; san hwɛ “The Living Christ: The Testimony of the Apostles,” Gospel Library.

  2. Hwɛ Moroni 7:12–13.

  3. Hwɛ Eksodɔs 34:5–7.

  4. Yohane 21:25.

  5. Marko 2:5

  6. Marko 5:41.

  7. Mateo 8:3

  8. Yohane 8:11

  9. Luka 8:48

  10. Hwɛ Shayne M. Bowen, “Esiane sɛ Mete Aseɛ nti, Mo nso Mobɛtena Ase,” Liahona, Nov. 2012, 15–17.

  11. Yohane 3:3; Mosiah 27:25.

  12. Romans 6:4.

  13. Moroni 6:8

  14. 2 Korintofoɔ 5:17

  15. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:16–19

  16. Hwɛ Ezekiel 36:26–28.

  17. “Yɛn gyedie a yɛwɔ wɔ Kristo mu ne ɔdɔ a yɛdɔ no no de yɛkɔ adwensakyera mu, anaasɛ ɛsesa yɛn nsusuiɛ, gyedie ne yɛn suban a ɛne Ne pɛ bɔ abira. Nea ɛka adwensakra ho ne Onyankopɔn, yɛn ho, ne wiase no ho adwene foforɔ” (Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service [2004], 62).

    “Nkyerɛkyerɛ a ɛfa adwensakra ho no trɛ sen nsɛm asekyerɛ nwoma bi nkyerɛaseɛ koraa. Berɛ a Yesu kaa sɛ ‘nsakraeɛ,’ N’asuafoɔ no de adeyɛ asɛm kyerɛ saa ahyɛdeɛ no wɔ Greek kasa mu metanoeo. Saa asɛmfua a tumi wom yi wɔ nteaseɛ kɛse. Wɔ asɛmfua yi mu no, deɛ edikan meta no kyerɛ ‘nsakraeɛ.’ Nsɛm a wɔde di akyi no fa Greek nsɛmfua nnan a ɛho hia ho: nous, a ɛkyerɛ ‘adwene’; gnosis, a ɛkyerɛ ‘nimdeɛ’; pneuma, a ɛkyerɛ ‘honhom’; ne pnoe, a ɛkyerɛ ‘ahome’” (Russell M. Nelson, “Repentance and Conversion,” Liahona, May 2007, 103).

    “Biribiara nni hɔ a ɛma ahofadie, ɛyɛ animuonyam, anaa ɛho hia kɛse ma yɛn ankorankoro nkɔsoɔ sene sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn adwene asi adwensakyera so daa ne daa. Adwensakyera nnyɛ prɛkopɛ, na mmom ɛyɛ anamɔn tuo. Na ɛyɛ anigyeɛ safoa ne adwene mu asomdwie. Sɛ yɛka ɛne gyedie bom a, adwensakyera bie akwanya ma Yesu mpata wuon tumi no nya yɛ so nsunsuansoɔ.

    “Sɔ tumi a ɛwɔ dabiaa adwensakyera mu hwɛ—na kɔso yɛ na afei yayɛ deɛ ɛsen saa dabiarada.

    “Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛnya adwensakyera a, yɛyi sɛ yɛbɛsesa! Yɛma Agyenkwa no kwan sɛ ɔnsakyera yɛn mma yɛn nyɛ papa nsene sɛnea na yɛteɛ no Yɛyi sɛ yɛbɛnyini wɔ honhom mu na yɛanya anigyeɛ—ɔgyeɛ anigyeɛ a ɛwɔ Ne mu. Sɛ yɛyi sɛ yɛbɛsakyera a, yɛyi sɛ yɛbɛba abɛyɛ te sɛ Yesu Kristo pii!” (Russell M. Nelson, “Yɛbɛtumi Ayɛ Papa na Yɛayɛ Papa,” Liahona, May 2019, 67).

    “Hunu anigyeɛ a ɛwɔ daadaa nsakyeraeɛ no mu.

    “Adwensakra ho mfasoɔ ne sɛn? Alma kyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛ ‘ka adwensakyeraeɛ ne gyedie wɔ Awurade mu nko ara’ [Mosiah 18:20]. Wɔhwehwɛ adwensakra firi onipa biara a ɔbu akontaa a ɔpɛ daapem animuonyam hɔ. Wɔnyi obiara mfiri mu.

    “Yɛrenante apam kwan no so, a daa daa adwensakra ka ho no, ma honhom fam ahoɔden pa ba ” (Russell M. Nelson, “The Power of Spiritual Momentum,” Liahona, May 2022, 98–99).

  18. Hwɛ Marko 5:25–34.

  19. Hwɛ Mateo 8:5–13

  20. Hwɛ Mateo 8:1–4.

  21. Hwɛ Marko 5:22–43.

  22. Hwɛ Marko 10:46–52.

  23. Hwɛ Marko 9:17–27.

  24. Hwɛ Yohane 8:3–11.

  25. Hwɛ Luka 7:12–15.

  26. Hwɛ Yohane 5:1–9.

  27. Hwɛ Yohane 9:1–7

  28. Yohane 19:30.

  29. Hwɛ Alma 34:14–16.

    “Berɛ a Agyenkwa no kaa sɛ, ‘Asa,’ ɔkaa ne suahunu a ɛyɛ owuo no ho asɛm, ɛfirisɛ ne asɛnnua so a wɔahyɛ no agyiraeɛ nanso ɛyɛ akwansin baako pɛ wɔ ne tumi a ɛretrɛ berɛ nyinaa no mu” (Spencer W. Kimball, in Conference Report, Apr. 1946, 49).

    “Agyenkwa no anwie N’adwuma no berɛ a ne berɛ atwam wɔ asɛnnua no so no, berɛ a ɔteam sɛ, ‘Awie.’ Ɔno, wɔ saa nsɛm no a ɔde dii dwuma no mu no, na onni N’asɛmpatrɛ kɛse a ɔde kɔɔ asase so no ho asɛm biara, na mmom na ɛyɛ yaw a onyaeɛ no ara kwa” (Joseph F. Smith, Asɛmpa Nkyerɛkyerɛ, 5th ed. [1939], 449–50).

  30. Hwɛ Yohane 8:29

  31. 3 Nephi 11:11

  32. Nnwom 23:6.