Amansan Nhyiamu
Ɛnni awieeɛ Adansedie Akyɛdeɛ no
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


12:16

Ɛnni awieeɛ Adansedie Akyɛdeɛ no

Onyankopɔn babarima anaa ne babaa biara bɛtumi anya nimdeɛ a ɛmu dɔ, ɛyɛ den, na ɛyɛ nokorɛ ma wɔn ho.

M’adɔfoɔ mmarima ne mmaa, nnansa yi medwennwene nokorɛ mmiensa a tumi wɔ mu firi Mmaeɛ bio no mu. Saa nokorɛ yinom ahyira m’abrabɔ yie. Ɛnnɛ, mepɛ sɛ mekyerɛ mu kakra na me ne mo kyɛ ɔkwan baako so sɛdeɛ akyerɛ me kwan wɔ m’akwantuo a ɛde kɔ adanseɛ kann wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu.

1. Nyankopɔn Yɛ Yɛn Soro Agya Dɔfoɔ

Ɔnim biribiara, na Ɔyɛ tumi nyinaa wura. Ɛnam Kristo hann ne Sunsum Kronkronsom nti, Ne nkɛntɛnsoɔ wɔ mmeaɛ nyinaa. Ɛwɔ Ne bɔsuo mu sɛ ɔhyira yɛn.

Ɔhunu yɛn tete, seesei, ne ɛnniawieeɛ hyɛbrɛ mu. Biribiara rentumi nhita No.

Titenani Russell M. Nelson nsa tofrɛ “Dwene sɛlɛtia” hyɛ yɛn nkuran ma yɛsua yɛn Soro Agya yikyerɛ ne ne bɔsu.

Esiane Ne soro su ahodoɔ nti, yɛn soro Agya ma yɛn akyɛdeɛ papa biara,a ɛmu biara wɔ Ne ɛnni awieeɛ nhumu ne n’anisoadehunu wɔ n’adwene mu.

2. Ɔpɛ yɛ Akyɛdeɛ a Yɛde Yi na Yɛdwene ma Yɛn ho

Ɛyɛ asɛdeɛ nso sɛ yɛyi no yie.

Yesu Kristo de Ne mogya dehyeɛ tuaa akwanya yi ho ka.

Ɛtɔ da a yɛbɛtumi asusu sɛ ɔpɛ kyerɛ sɛ yɛbɛtumi ayɛ deɛ yɛpɛ biara. Mmom sɛ wɔtuaa ka no kyerɛ sɛ ɔpɛ yɛ akyɛdeɛ kronkron.

Yɛyɛ anammusifoɔ, na anammusifoɔ wɔ asodie ma biribi. Yei nti, yɛwɔ asodie wɔ deɛ yɛfa a yɛgyina nimdeɛ a yɛwɔ ne akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde ma yɛn no so. Yɛntumi mfa deɛ yɛpɛ abrɛ a ɛho nsunsuansoɔ nyɛ yɛn asodie.

Adɛn nti na yɛwɔ ɔpɛ?

Sɛ yɛbɛfa papa.

Sɛ yɛbɛfa Kristo.

Sɛ yɛbɛfa daa nkwa—bio ne bio.

3. Adansedie Wɔnya Firi Sunsum KronkronTumi no mu

Adansedie a ɛfiri Honhon Kronkron hɔ no so sene deɛ wɔhunu. Ɔne Agya no ne Ɔba no danseni a ɔdi kan. Titenani Russell M.Nelson kyerɛɛ sɛ, “wɔ nna a ɛdi anim no, ɛbɛyɛ den yie sɛ yɛbɛtena honhom mu berɛ a Sunsum Kronkron no ahobammɔ, n’akwankyerɛ, n’awerɛkyekyerɛ ɛne ne nhyɛsoɔ nka yɛn ho.”

Mmarima ne mmaa, yei nti na yɛn mu biara hia Sunsum Kronkron no tumi ɛnnɛ.

Adansedie a ɛfiri Sunsum Kronkron hɔ no ba wɔ akwan ahoroɔ bebree so. Te sɛ kanea a ɛwɔ dan a ɛmu yɛ sum mu, ɛbɛtumi aba wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwanwa anaa mpofirim so. Ɛbɛtumi aba te sɛ awia a ɛrepue nkakrankakra ne berɛ so. Ɛbɛtumi aba te sɛ hann nhyerɛnneɛ, a ɛda nyansa korogyee adi. Kwan biara a ɛbɛfa soɔ no, ɛnam Sunsum Kronkron so.

Rehwehwɛ Adansedie wɔ Jamaica

Menyinii wɔ Jamaica fɛɛfɛ hɔ, na ɛyɛ anigye ne nwanwasoɔ. Nanso, berɛ a mehyɛɛ ntoasoɔ sukuu aseɛ no, sukuufoɔ ne me nnamfonom bi ante me gyinaeɛsie sɛ mɛyɛ Yesu Kristo Asɔreba no ase. “Ɛyɛ dɛn na wodɔmm saa asɔre no?,” wɔbisaaeɛ. “Sɛn na wosi gyee saa abasɛm no diiɛ?”—wɔrekyerɛ Yikyerɛ a Ɛdi kan no. “Sɛn na wosi kenkann saa nwoma no?”—wɔrekyerɛ Mormon Nwoma no. “Wogye saa ne nyinaa diampa?” Na “Adɛn na woresɛe w’abrabɔ saa?”

Salt Lake Temple no
Nnuakuo Kronkron no
Mormon Nwoma no

Na ɛyɛ yea, titire berɛ na ɛfiri nkorɔfoɔ a medwene wɔn ho hɔ.

Nanso deɛ na wɔnnim nie: Menyaa suahunu bi firii Sunsum Kronkron no hɔ. Berɛ a saa adanseɛ no hyɛɛ m’akoma ma no, ɛdwodwoo nna bebree yeaa no ano, na “berɛ tiaa bi mu no, ɔsoro anim [puee] wɔ m’anim.”

Ebia wɔabisa mo saa nsɛmmisa yi bi. Ebia, seesei mpo wɔde retaataa mo sɛdeɛ wɔyɛɛ me no.

Sunsum Kronkron no akyɛdeɛ ne adanseɛ wɔ hɔ ma obiara.

Jamaica te me sɛ deɛ na Palmyra te ma Joseph Smith no. Ɛyɛ me Nnuakuo Kronkron. Mennim beaeɛ pɔtee a Joseph Smith koto bɔɔ mpaeɛ wɔ Nnuakuo Kronkron no mu, nanso menim beaeɛ a na mewɔ berɛ a me Nnuakuo Kronkron bɛyɛɛ nokorɛ. Ɛsii wɔ Four Grove Road, Mandeville, Jamaica, wɔ m’adwareɛ, anɔpa 6:00 a.m Wukuada mfeɛ mmiensa akyi a mebɔɔ asu. Saa suahunu kronkron yi sii berɛ a nnawɔtwe mmienu akyi onuabaa asɛmpatrɛni a ɔwɔ nkanyan too nsa frɛɛ me sɛ mekenkan Mormon Nwoma no. Onuabaa Audrey Krauss ne n’abusua wɔ saa nhyiamu yi ase ɛnnɛ, na medɔ no afebɔɔ.

Abranteɛ Elder Brown ne onuabaa sɛmpakani

Saa suahunu no na ɛsesaa me.

Mmarima ne mmaa, wɔmmfa adansedie mma sɛ ɛnni dwuma berɛ tia bi. Ɛsɛ sɛ saa akyɛdeɛ a ɛfiri.yɛn Soro Agya dɔfoɔ hɔ no yɛ ɛnniawieeɛ ɛfiri sɛ deɛ ɔde ma no yɛ onniawieeɛ. Ɛnsɛ sɛ adansedie wɔ ɛda a ɛbɛwuo. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mmrɛ anaa ɛso teɛ ɛfiri sɛ biribi wɔ m’abrabɔ mu a asesa anaa biribi wɔ wiase mu a asesa. Ɛwɔ sɛ ɛmu yɛ den, te sɛ adom akyɛdeɛ abasɛm no, m’ankasa adansedie yɛ akyɛdeɛ a ɛwɔ sɛ meka bɔ ho ahoroɔ, ɛnyɛ sɛ ɛsie.

Sɛ mehwɛ makyi wɔ sɔhwɛ nna denden no mu ne ɔtaeɛ a mekɔɔ mu sɛ abɔfra no a, aboa me ma maduru baabi a seesei mahunu ama me ho. Ɛnyɛ gyedie, anidasoɔ, anaa ahotosoɔ nko ara, mpo yeinom yɛ gyedie nneɛma mu bi a ɛho hia wɔ kwan a ɛkɔ adanse kann mu. Mekamfo wo sɛ woafa wankasa kwan so rebisa nsɛmmisa, resua adeɛ, rebɔ mpaeɛ, rebuada, na woredwene. Mesrɛ ma ɛnnyae. Mmɔden biara som bo sɛ wobɛpɛ adansedie kwan. Hwan anaa deɛn na wobɛma afa yei afiri hɔ? Adanseɛ kɛseɛ bɛn na wobɛtumi anya sene deɛ ɛfiri Onyankopɔn?”

Onyankopɔn babarima anaa ne babaa biara bɛtumi anya nimdeɛ a ɛmu dɔ, ɛyɛ den, na ayɛ nokorɛ nimdeɛ ama wɔn ho. Te sɛ Joseph Smith a ɔsiɔɔ n’adanseɛ mu den ɛmfa ho ne sɔretia no, yɛbɛtumi de akokoduro aka sɛ, “Mehunuui, na mehunuui sɛ Onyankopɔn hunuui, na merentumi mpa me ho akyi, saa nso na mammɔ me ho mmusuo sɛ mɛyɛ.”

Menuanom adɔfoɔ, momma gyedie aduaba ketewa no nyɛ adwuma wɔ mo mu kɔsi sɛ ɛbɛnyini akɔ ɛnniawieeɛ animuonyam nimdeɛ kann mu.

Sɛ wɔabɔ wo asu na wɔahyɛ wo den sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ ba nanso woda so ara di aperepereɛ wɔ, “Mennye nni sɛ menim,” mesrɛ, kae bɔhyɛ yi wɔ sakramɛnte mpaeɛ no mu: “Sɛ wɔbɛnya ne Honhom aka wɔn ho berɛ biara.” Ɛnam saa bɔhyɛ yi nti, yɛn mu biara bɛtumi apɛ kwan ɛkɔ adansedie mu ne nimdeɛ kann no.

Dii W’adansedie so

Afei nokorɛ kɛseɛ nie: Wɔ ɔkwan biara a wɔnam so ma adansedie no—sɛ ɛyɛ deɛ wɔakye ho te sɛ owia pue anaa ɛba wɔ animuonyam yikyerɛ mu—ɛda so ara hwehwɛ ɔpɛ a wode bɛgye akyɛdeɛ a ɛsom bo yi.

Woreka sɛ “Meyi sɛ megyedi” ma ɛyɛ mmerɛ sɛ wobɛnya adanseɛ afiri Onyankopɔn hɔ. Sɛ yɛhunu sɛ yɛn adanseɛ no reyɛ mmerɛ a, kae sɛ ɛyɛ deɛ yɛfa no na ɛma tumi a adanseɛ no wɔ no so teɛ. Nanso adansedie no nkɔɔ baabiara. Deɛ yɛhia ara ne sɛ yɛbɛsane aka abom.

Yɛrefa sɛ yɛbɛgye adie no yɛ kwan a nyansa ne tumi wom a yɛde yɛn pɛ yɛ adwuma.

Mentumi nhunu ɔkwan papa biara a mede me pɛ bɛyɛ adwuma sene sɛ mede bɛbɔ madanseɛ ho ban.

Titenani Nelson kyerɛɛ sɛ: “Mesrɛ wo sɛ, di w’adanseɛ no so. Yɛ ho adwuma. Fa yɛ wo dea. Hwɛ so yie. Tete no sɛdeɛ ɛbɛnyini. Ma no nokorɛ aduane nni.”

Me deɛ, nsɛmfua di so, adwuma, ahwɛyie, ankasa, tete, ne ma aduane te sɛ nanmusifoɔ bi a wɔde biribi a ɛsom boɔ na ɛho hia ahyɛ ne nsa sɛ hwɛsofoɔ.

Wɔ tete asɔre no mu, Parley P. Pratt bo fuu Nkɔmhyɛni Joseph Smith na ɔfaa sɛ ɔbɛkasa atia ɔne Asɔre no. “Berɛ a John Taylor a Parley kyerɛkyerɛɛ no asɛmpa no baa kurom no, Parley de no kɔɔ nkyɛn na ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ mma ɔnni Joseph akyi. John Taylor ka kyerɛɛ Parley:

“Ansa na worefiri Canada no, wodii adanseɛ a ɛyɛ den kyerɛɛ Joseph Smith sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni, na wokaa sɛ wonim saa nneɛma yi ɛnam adiyisɛm ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ no nti.

“Seesei mewɔ saa adanseɛ korɔ no a wodii ahurisie wɔ mu no. Sɛ na adwuma no yɛ nokorɛ bosome nsia a atwam no a, ɛyɛ nokorɛ ɛnnɛ nso. Sɛ saa berɛ no na Joseph Smith yɛ nkɔmhyɛni a, ɛnnɛ nso ɔyɛ nkɔmhyɛni.”

Medi adanseɛ sɛ Joseph Smith yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni na nkɔmhyɛ ataadeɛ a ɔnyaeɛ no kɔ so wɔ saa mmerɛ yi mu. Yesu Kristo na ɔkyerɛ saa adwuma yi ho kwan.

Meto nsa frɛ wo sɛ dwene wo kwan a wode kɔ adanseɛ kann ma Yesu Kristo ne N’asɛmpa. Fa w’adansedie no di dwuma; fa wo pɛ no di dwuma nyansa mu na kae deɛ ɔde ma no ne N’animuonyam su no nyinaa. Medi adanseɛ sɛ tumi no wɔ wo mu. Obiara ntumi mfa mma wo. Obiara ntumi nnye saa akyɛdeɛ yi mfiri hɔ. Wobɛtumi afa sɛ wobɛgye adi.

Mehyɛ bɔ sɛ berɛ a woreyɛ yei no, w’adansedie ne w’adanseɛ bɛyɛ “nkwa nsuo abura, a ɛbɛtene akɔ daa nkwa mu.” Ɛbɛyɛ ɛkyɛm ne nkanyandeɛ, na ɛbɛbɔ wo kyidɔm wɔ ahohia mmerɛ mu. Ɛbɛ boa wo ma woayɛ honhom akyɛdeɛ. Ɛbɛ boa wo wɔ w’ankasa som ne wo dwumadie mu. Ɛbɛyɛ akodeɛ atia Satan ne w’atamfoɔ. W’adansedie bɛyɛ anigyeɛ berɛ a wohunu sɛ ɛda adi wɔ wo mma, mmanananom, ne nanankansoa nom ne wɔn a wodɔ na wosom wɔ. Ɛbɛyɛ deɛ tumi wɔ mu berɛ a wokyɛ na wode di adanseɛ.

Sɛ wonim a , wonim. Menim sɛ menim. Yɛhia bebree adanseɛ kann ma Yesu Kristo ne N’asɛmpa. Kɔ hɔ! Hwehwɛ! Ɛho hia! Yei ne awieeɛ mmerɛ a ɛtwa toɔ—asɛmpa berɛ mahyɛ no.

Yesu Kristo pae mu kaa sɛ, “Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm rentwam.”

Mmarima ne mmaa, wɔankyerɛ sɛ Yesu Kristo ho adanseɛ nyɛ berɛ tia bi akyɛdeɛ da. Ɛho biribiara nni hɔ a ɛyɛ tiawa adeɛ—ɛnyɛ ɔkyɛadeɛ no, ɛnyɛ akyɛdeɛ no ankasa, ɛnyɛ akyɛdeɛ no somafoɔ, na ɛnyɛ deɛ akyɛdeɛ no fa ne ho no. Ma wɔnkyerɛkyerɛ w’adansedie no mu wɔ saa kwan korɔ yi ara so. Mmom “ɔsoro ne asase bɛtwam,” w’adansedie ne adanseɛ fa Yesu Kristo asɛmpa no ho ren twam. Berɛ no nie sɛ yɛbɛsɔ akyɛdeɛ a ɛsom boɔ no mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, na yɛyɛ Ne mma. Ɔbɔɔ yɛn sɛ Ne nsɛso. Ɔwɔ animuonyam honamdua a ɛwie pɛyɛ ’honam ne nnompe honamdua a wɔhunu te sɛ onipa deɛ’ (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:22

    “Onyankopɔn nim yɛn ankasa, na Ɔdɔ yɛn sene sɛdeɛ yɛbɛtumi ate aseɛ. Ɔte yɛn nsɔhwɛ, awerɛhoɔ, ne mmrɛyɛ ase, na Ɔboa yɛn ma yɛfa mu. N’ani gye wɔ yɛn kankɔ ho na ɔbɛboa yɛn ma yɛafa deɛ ɛtene. Ɔpɛ sɛ Ɔne yɛn di nkutaho, na yɛbɛtumi afa mpaebɔ so ne No adi nkutaho” (Preach My Gospel: A Guide to Sharing the Gospel of Jesus Christ [2023], 33).

  2. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:46–47; 88:12–13.

  3. “Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn nti, esiane sɛ Kristo yɛ Kristo nti, twɔntumi nyɛ ade foforɔ biara sene sɛwɔbɛhwɛ yɛn so na wɔahyira yɛn sɛ yɛbɛba wɔn nkyɛn, na yɛde akoma a ɛdwoɔ ne ahobrɛaseɛ abɛn wɔn ahennwa no a. Wɔntumi mmoa gye sɛ wɔhyira yɛn. Ɛwɔ sɛ wɔyɛ. Ɛyɛ wɔn su” (Jeffrey R. Holland, “Come unto Me” [Brigham Young University devotional, Mar. 2, 1997], 4, speeches.byu.edu).

  4. Hwɛ Luka 12:2; Moroni 7:22; Abraham 2:8.

  5. “Meto nsa frɛ mo sɛ momfa ‘dwene sɛlɛtia’! ho nyɛ adesua. Sɛlɛtia adwennwene asekyerɛ ne sɛ woredwene honhom fa mu. Yɛsua adeɛ firi Mormon Nwoma no nkɔmhyɛni Jacob hɔ sɛ “sɛ yɛdwennwene honhom mu no yɛ nkwa a ɛnniawieeɛ’ (Russell M. Nelson, ”Dwene Sɛlɛtia!,” Liahona, Nov. 2023, 117).

  6. Hwɛ Topics and Questions, “Agency and Accountability,” Asɛmpa Akoraeɛ; san hwɛ 2 Nephi 2:11, 16.

  7. Hwɛ 1 Petro 1:18–20; Abraham 3:22–28.

  8. Hwɛ 1 Korintofoɔ 6:20

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 101:78.

  10. “Yesu Kristo asɛmpa no yɛ nhyehyɛeɛ a ɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi abɛyɛ deɛ yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛyɛ.

    “This spotless and perfected state will result from a steady succession of covenants, ordinances, and actions, an accumulation of right choices, and from continuing repentance” (Dallin H. Oaks, “The Challenge to Become,” Liahona, Jan. 2001, 40, 41; emphasis added); san hwɛ Moses 7:33.

  11. Hwɛ Moroni 10:4–5.

  12. “Ɔbɛtumi de kasa a ɛnni torɔ adi dwuma de akyerɛ Honhom ne honhom ɛfiri sɛ ɛnni nsɛmfua biara. Ɛyɛ nimdeɛ ne nyansa a ɛhoteɛ ho nkutahodie a ɛfiri Honhom mu, na mahu sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛyɛ pa a wɔbɛfa so anya nimdeɛ ampa. Ɛyɛ den na ɛkyɛre sene deɛ yɛbɛtumi asɔ mu anaa yɛbɛtumi ahunu; yɛbɛtumi abɛgye honam fam ho akyinnyeɛ, nanso yɛntumi nnye ho akyinnyeɛ berɛ a Honhom Kronkron no kasa kyerɛ yɛn. Ɛyɛ adanseɛ kann. Yei nti, bɔne a ɛnni bɔnefakyɛ no ne Sunsum Kronkron akyi pa anaa Sunsum Kronkron no ho adansedie” (D. Todd Christofferson, “Strong Impressions of the Spirit,” Liahona, June 2013, 49).

  13. Hwɛ Johane 5:32; 2 Nephi 31:18; 3 Nephi 11:36.

  14. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Liahona, May 2018, 96. Wɔ saa asɛm korɔ no ara mu, ɔkaa sɛ:

    “Mesrɛ mo sɛ montrɛ mo ahyeɛ mu ntra tumi mu ahoɔden a mowɔ no seesei ama moanya mo ankasa adiyisɛm.

    ’ O, pii wɔ hɔ a w’Agya a ɔwɔ Soro pɛ sɛ wohunu. Sɛdeɛ Elder Neal A. Maxwell kyerɛkyerɛeɛ no, ‘Wɔn a wɔwɔ aniwa a wɔbɛhunu ne aso a wɔbɛte no, da adi pefee sɛ Agya no ne Ɔba no de amansan mu ahintasɛm rema!’

    “Fa sɛ wobɛyɛ honhom no adwuma a ɛbɛma w’ani agye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ ho na te Honhom no nne ntɛmntɛm na wate no yie” (95, 96).

  15. Hwɛ David A. Bednar, “The Spirit of Revelation,” Liahona, May 2011, 87–90; Alexander Dushku, “Pillars and Rays,” Liahona, May 2024, 14–16.

  16. “Adansedie,” Nnwom, no. 137.

  17. See Numeri 11:29; Yakobo 1:5.

  18. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:28; Moses 1:3.

  19. Hwɛ Mateo 25:14–30. Honhom mu adanseɛ a menya firii Sunsum Kronkron no hɔ no ntwaam. Nokorɛ, anyini ahoɔden mu. Nneɛma a mesuaa wɔ me mmeranteberɛ mu fa Yesu Kristo asɛmpa no fapem nyinasosɛm ho no ayɛ me fapem wɔ m’asetena nyinaa mu” (Dieter F. Uchtdorf, “Nourish the Roots, and the Branches Will Grow,” Liahona, Nov. 2024, 101).

  20. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6:23

  21. Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:25

  22. Hwɛ Alma 32:27, 30, 37–38, 41.

  23. Hwɛ Doctrine and Covenants 20:77.

  24. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:33.

    “Afei ɛfa a ebia ɛho hia pa ara, akyɛdeɛ no, akyɛdeɛ no gyeɛ. Sɛ yɛbɛnya akyɛdeɛ ampa a yɛn ankasa bɛhunu sɛ ɛsom bo, de di dwuma wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛde aseda kae ɔmafoɔ no.

    “Akyɛdeɛ gyeɛ nyɛ boturobodwo na mmom ɛyɛ anidaho nneyɛɛ a nteaseɛ wom, deɛ ɛkyɛn sɛ wobɛbue boaa bi mu kɛkɛ. Wobɛgyeɛ ne sɛ wobɛkyerɛ anisɔ ama akyɛdeɛ no na wo ne ɔmafoɔ no anya nkutahodie wɔ kwan a ɛda ɔmafoɔ ne ɔgyefoɔ no ntam no mu den. ”Receive His Gift,” Liahona, May 2025, 121–22).

  25. Russell M. Nelson, “Deɛ Yɛyie ma Daakyeworldwide devotional for young adults, Kɔtɔnima 15, 2022), Asɛmpa Akoraeɛ.

  26. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 70:3–4.

  27. Ahotefoɔ: Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ Nna a Ɛdi Akyire ho Abasɛm, vol. 1, The Standard of Truth, 1815–1846 (2018), 280–81.

  28. Hwɛ Mosiah 4:9–12.

  29. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 63:23; wɔsi so dua.

  30. Hwɛ Alma 5:46–48. Joseph Smith kyerɛɛ sɛ “nkwagyeɛ ntumi mma a adiyisɛm nka ho. Ɛyɛ kwa sɛ obi bɛsom a ɛnka ho. Onipa biara nyɛ Yesu Kristo somfo berɛ a ɔnyɛ nkɔmhyɛni. Onipa biara ntumi nyɛ Yesu Kristo somfo gye sɛ ɔwɔ Yesu Kristo ho adansedie, na yei ne nkɔmhyɛ honhom no” (The Joseph Smith Papers, History, 1838–1856, volume C-1 [2 November 1838–31 July 1842] [addenda], 12, josephsmithpapers.org; spelling, capitalization, and punctuation modernized).

  31. “Yegyina tete mfeɛ no atifi, a abakɔsɛm ho adwene kɛseɛ bi a ma yɛn ho dwiri yɛn . Yei ne awieeɛ mmerɛ a ɛtwa toɔ a ɛrebɛn deɛ atwam nyinaa a wɔakyerɛ no” (Gordon B. Hinckley, “At the Summit of the Ages,” Liahona, Ɔpɛpɔn 2000, 90).

  32. Mateo 24:35

  33. Hwɛ Moroni 10:30.