Amansan Nhyiamu
Fa Wo Akoma to Yesu Kristo So: Akyɛdeɛ Kronkron ma Primary Nnwom
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


10:36

Fa Wo Akoma to Yesu Kristo So: Akyɛdeɛ Kronkron ma Primary Nnwom

Primary nnwom yɛ asɛnka ma Yesu Kristo asuafoɔ, adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ asɛmpa a wɔasan de aba no yɛ nokorɛ, ne mpaebɔ a wɔde asi hɔ ama nnwom.

Nhyira a menya wɔ Primary som mu no mu baako ne sɛ m’akoma abɛsua sɛnea wɔdɔ wɔ kasa ahodoɔ a me tɛkyerɛma nntumi nka. Manya anigyeɛ wɔ abusuabɔ a me ne me mfɛfoɔ Ahotefoɔ nya mu ɛnam nnwom kronkron a wɔkyɛ no so. Na titiriw no ɛnam nnwom a ɛnyɛ den a ɛwɔ Primary, Honhom Kronkron no aboro kasa mu akwansideɛ ahodoɔ so na mede Ne nsɛm a ɛyɛ bɔkɔɔ no ahyɛ m’akoma mu ma. Wɔ mmɔfra nne mu no, wɔabɔ Onyankopɔn ne Ne Ba, Yesu Kristo dɔ ho dawuro wɔ nokorɛ a emu da hɔ na ɛhyɛn mu.

Ɛwom sɛ m’anyini wɔ Primary mu deɛ, Honhom no akyerɛkyerɛ me ne nnwom kronkron no ntɛm, na abɛyɛ m’ankasa me som no fa bi. Primary nnwom anya nkɛntɛnsoɔ kronkron wɔ m’asetena mu na ama me kra so, akyerɛkyerɛ me daa nokorɛ ahodoɔ, na atwe me abɛn Agyenkwa no ne N’asɛmpa no.

Titenani Dallin H. Oaks kaa no mmerɛ bi sɛ “nwontoɔ yɛ ɔkwan papa baako a yɛfa so de yɛn ho hyɛ asɛmpa nkyerɛkyerɛ no mu.” Saa nsɛmfua no yɛ nokorɛ ma yɛn nyinaa nanso ɛte saa titiriw ma mmɔfra nso. Primary nnwom yɛ Onyankopɔn anwinedeɛ a ɛyɛ dɛ sene biribiara a wɔde dua adansedie aba no mu baako wɔ Agyenkwa no asuafoɔ nkumaa no akoma mu. Awofoɔ, akannifoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ gugu saa aba no so berɛ a wɔdi adanseɛ na wɔto nsa frɛ wɔn a wɔreba abɛhunu Ɔsoro Agya no mma adansedie; Ne Ba, Yesu Kristo; na Honhom Kronkron no.

Wɔ mfeɛ dodoɔ a ɛtwa toɔ yi mu wɔ me som mu no, mede berɛ bi ato nnwom na m’asua afiri Primary nnwom no mu berɛ a meresusu nsɛmmisa kakra bi ho:

  • Ɔkwan bɛn so na Primary nnwom a wɔsua wɔ mmɔfraberɛ mu no bɛtumi abɛyɛ honhom mu kasa a mmɔfra de di adanseɛ wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu

  • Ɔkwan bɛn so na asɛmpa no mu nokorɛ ahodoɔ a wɔto no boa mmɔfra ma wɔkae Awurade sɛ wɔn apam no fa na ɛsiesie wɔn ma ne mmara ahodoɔ no?

  • Ɔkwan bɛn so na Primary nnwom bɛtumi aboa ma wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara wɔ asuafoɔ nkumaa yi akoma so?

Berɛ a wɔhyɛɛ Primary ase wɔ 1878 mu no, ne titenani panin a ɔdi kan, Aurelia Spencer Rogers, hunuu sɛ “ɛho bɛhia sɛ wɔto nnwom.” Nnwom ayɛ ade titiriw a ɛma wɔkyerɛkyerɛ mmɔfra asɛmpa no berɛ nyinaa. Primary nnwom bɛtumi abɛyɛ abɔfra honhom mu kasa a ɛdi kan ɛfirisɛ wɔn nnwom a ɛnyɛ den na ɛyɛ nkaeɛ no ma asɛmpa nokorɛ ahodoɔ no nne. Saa nnwom yi kura tumi a ɛbɛma wɔne mmɔfra atena nkwa nna nyinaa, na abɛyɛ wɔn asuafoyɛ no fa ne abɔdeɛ kwan a wɔbɛfa so adi Agyenkwa no ho adanseɛ.

Ɔnam Nnwom So Rekyerɛ Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ

Primary nnwom nso bɛtumi ayɛ nkyerɛkyerɛ anwinedeɛ a tumi wom. Nnwom bi ka Agyenkwa no asetena ne ne som adwuma ho nsɛm. Afoforɔ nso kyerɛkyerɛ Ne su ahodoɔ te sɛ Ne gyidie, N’anidasoɔ, ne N’adɔeɛ. Na deɛ ɛyɛ nnwom kronkron no di adanseɛ fa Ne Mpata a ɛnni ano ne ɔdɔ a ɛsane firi saa nkwagyeɛ adeyɛ no mu.

Onyankopɔn nkɔmhyɛni, Titenani Russell M. Nelson, akyerɛkyerɛ sɛ: “[Nnwom] bɛtumi anya nkɛntɛnsoɔ a ɛkɔ so wɔ mmerɛ a mmɔfra yɛ nketewa no mu yie asen mmerɛ a ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa. … [Ɛwɔ] tumi a ɛde honhom mu aduane ma. Ɛwɔ ayaresa tumi. Ɛwɔ tumi [a] ɛma ɔsom yɛ mmerɛ; ɛma yɛtumi susu [Agyenkwa] no Mpata ne asɛmpa no a wɔde Asan aba a nkwagyeɛ nnyinasosɛm ne mpagya ayɛyɛdeɛ ahodoɔ ka ho. Nnwom ma yɛnya tumi a yɛde bɛda mpaebɔ nsusuiiɛ adi na yɛadi nokorɛ kronkron ho adanseɛ.”

Sɛ awofoɔ, akannifoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ no, nea ɛka yɛn mmɔdemmɔ no ho ne sɛ yɛbɛboa mmɔfra ama wɔn anya nhyira a wɔhyɛɛ ho bɔ yi ɛnam adwene a wɔde kyerɛkyerɛ asɛmpa no mu nokorɛ ahodoɔ a wɔhu wɔ nnwom no mu so. Titenani Nelson nso kyerɛkyerɛ sɛ “mmɔfra bɛtumi asua nkyerɛkyerɛ no berɛ a wɔresua sɛ wɔbɛto nnwom sɛnea wɔbɛtumi asua nkyerɛkyerɛ no wɔ adesuakuo bi mu no ara pɛ.” Saa nnwom yi bɛtumi ama asɛnka a gyedie ahyɛ mu ma a ɛtwe mmɔfra adwene so kɔ Agyenkwa no so na aboa wɔn ama wɔanya ahofama ama N’asɛmpa no.

Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ ateneneefoɔ nnwom a ɛfiri akoma mu ba no yɛ anigyeɛ ma Agyenkwa no. Nea mɛtumi asusu ho ara ne anigyeɛ a Agyenkwa no asuafoɔ nkumaa no nne de ba no. Menim sɛ wɔn mpaebɔ nnwom no duru soro sɛ gyedie a wɔda no adi a ɛto nsa frɛ Honhom Kronkron no ma wɔsi nokorɛ ahodoɔ a ɛwɔ hɔ daa no so dua na ɛto nsa frɛ afoforɔ brɛoo na wɔde ayamyɛ to nsa frɛ afoforɔ sɛ wɔnnye yɛn Agyenkwa no frɛ sɛ wɔnni N’akyi na wɔmmra fie no ntom. Sɛnea Elder Henry B. Eyring akae yɛn no, ɛyɛ saa mmerɛ a yɛte honhom no nka no mu na yɛwɔ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Agyenkwa no Mpata no reyɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu.

Nokorɛ a Wɔde Bɛhyɛ Akoma no So

Primary nnwom bɛtumi ayɛ anwanwadeɛ a wɔde fa asuafoyɛ mu wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu a yɛn mma no de bɛtu anammɔn. Nnwom bi a wɔsuaeɛ berɛ a na wadi mfeɛ nsia no wɔ tumi a ɛbɛtena yɛn nkyɛn—na ɛbɛtumi asan aba mfeɛ du pii akyi wɔ agyinasie, nsɔhwɛ, awerɛhoɔ, anaa anigyeɛ berɛ mu. Ebia wɔ yɛn mfeɛ a ɛdi akyire mu no, nnyesoɔ a ɛwɔ “Mɛdi Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ so” no mu nsɛm no bɛtumi ayɛ honhom mu somudua a ɛgyegye wɔ Ɔsomafoɔ Paulo adanseɛ a ɛfa Onyankopɔn bɔhyɛ ahodoɔ a wɔde ma yɛn no. Anaasɛ ebia wɔbɛkae yɛn sɛ esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ ahodoɔ so nti, N’apam ahodoɔ no ma awerɛkyekyerɛ a emu yɛ den ne dwankɔbea na ɛto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn anidasoɔ ne yɛn awerɛhyɛmu nsi Yesu Kristo so pintinn ne Ne mpata tumi mu.

Asɔremma mpanimfoɔ wɔ wiase afanaa nyinaa, wɔ berɛ a emu yɛ den no, wɔtaa kae na wɔdane kɔ Primary nnwom a wɔsuaeɛ sɛ mmɔfra no so. Wɔ pii fam no, saa nnwom yi boaa wɔn gyedie a ɛwɔ Yesu Kristo mu no ho nhyehyɛeɛ a edi kan no na mpɛn pii no na ɛyɛ beaeɛ a ɛdi kan a ɛde adwensakra kɔ N’asɛmpa no so. Awofoɔ, akannifoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ maa saa gyedie no yɛɛ kɛseɛ wɔ mfeɛ no mu ɛnam nkyerɛkyerɛ, nnwomtoɔ, ne adanseɛ a wɔde maa mmɔfra a wɔhwɛ wɔn no so.

Onuabaa bi ne me kyɛɛ sɛ ɔpɛ Primary nnwom, na mfeɛ 20 akyi no ɔde ho anuonyam ma sɛ ɛyɛ no ntɛmmtɛm sɛ ɔresakra akɔ Yesu Kristo Asɛmpa no mu. Asɔreba foforɔ nso dii adanseɛ sɛ Primary duaa sinapi aba gyedie bi berɛ a na wɔyɛ abɔfra na ɛno nti na wɔtumi san baa Awurade Asɔre no mu wɔ wɔn mfeɛ 30 mu. Agyenkwa no hyɛɛ bɔ sɛ, “Awerɛkyekyefoɔ … bɛkyerɛ wo nneɛma nyinaa, na ɔde nneɛma nyinaa aba wo nkaeɛ mu.” Primary nnwom bɛtumi ayɛ ɔkwan baako a bɔhyɛ ba mu.

Primary nnwom foforɔ a wɔpɛ paa no kyerɛ tumi a gyedie a ɛnyɛ den ne adanseɛ a ɛtena hɔ daa wɔ:

Berɛ a me ne Yesu nante kɔ me fie wɔ soro no,

Ɔde Ne honhom bɛhyira me na ɔde Ne dɔ ahyɛ me ma,

Sesa m’akoma daa na boa me ma menhunu pefee.

Me ne Yesu bɛnante, na Ɔne me bɛnante.

Berɛ a mmɔfra reto nnwom no, wɔreda osuani bi akɔnnɔ adi na wɔresua apam asetena ho nhwɛsoɔ. Honhom no bɛtumi de nnwom adi dwuma de ahyɛ daa nokorɛ ahodoɔ mu wɔ wɔn akoma a ɛyɛ mmerɛ no so. Na, berɛ rekɔ no, mmɔfra bɛtumi afa sɛ wɔbɛma wɔn akoma ne wɔn asetena ayɛ pɛ na wɔadane akɔ Yesu Kristo so ɛnam apam kronkron a wɔbɛyɛ na wɔakura mu no so.

Yɛre kae Yɛn Apam na Yɛasiesie Yɛn Ho ama Ayɛyɛdeɛ

Nnwom kronkron bɛtumi aboa ama wɔatwerɛ Kristo nkyerɛkyerɛ no akɔ ɔkra no mu na asiesie yɛn ama yɛanya N’ayɛyɛdeɛ ahodoɔ. Ɛde Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ bata yɛn nkaeɛ ne saa nkaeɛ no ne yɛn asuafoyɛ a ɛwɔ Ne mu no ho.

Sɛ Primary akannifoɔ no, yɛwɔ hokwan ne asɛdeɛ kronkron sɛ yɛbɛhwɛ ahunu sɛ wɔde anigyeɛ kyerɛkyerɛ nnwom a ɛwɔ Primary mu, wɔ nkyerɛkyerɛ mu nteaseɛ, ne honhom mu. Nea ɛka yei ho ne sɛ wɔbɛto nsa afrɛ mmɔfra ma wɔahyɛ nea wɔte nka berɛ a wɔreto nnwom no nso na wɔaboa wɔn ma wɔahu sɛ saa atenka ahodoɔ no firi Honhom Kronkron no mu. Saa mmɔdemmɔ yi boa ma yɛsiesie yɛn mma ma wɔyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron te sɛ asubɔ ne denhyɛ, ne saa ara nso na ɛkanyan wɔn apam nkaeɛ sɛdeɛ wɔyɛ wɔn bɔhyɛ foforɔ ma Onyankopɔn daa.

Wɔ Adidie a Etwa toɔ no ase no, berɛ a Agyenkwa no de adidikronkron no sii hɔ akyire no, Mateo twerɛ sɛ “berɛ a wɔtoo nnwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.” Nnawɔtwe biara, wɔn a wɔabɔ asu na wɔagye wɔn atom sɛ asɔremma wɔ Awurade Asɔre a wɔasan de aba no mu, a mmɔfra a wɔabɔ wɔn asu a wɔadi mfeɛ nnwɔtwe ka ho, siesie wɔn ho sɛ wɔbɛfa Awurade adidi. Wɔnam nnwom kronkron a wɔto so so ma Onyankopɔn asafo mma ahodoɔ akwanya ma wɔsiesie wɔn akoma mma saa ayɛyɛdeɛ kronkron no mfa Ne din, sɛ wɔbɛkae No berɛ nyinaa, na wɔadi Ne mmaransɛm so.

Awieɛ Adansedie

Namfonom adɔfoɔ, medi adanseɛ sɛ Primary nnwom kyerɛkyerɛ daa nokorɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛde yɛn kɔ Yesu Kristo ne N’asɛmpa no so. Meto nsa frɛ wo sɛ susu nea ɛyɛ nokorɛ a ɛyɛ fapem a wɔatwerɛ agu wakoma mu ɛnam nnwom yi nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ den so na woadi saa nokorɛ ahodoɔ no ho adanseɛ akyerɛ Agyenkwa no asuafoɔ nkumaa berɛ a wonam nnwom so rekyerɛkyerɛ asɛmpa no.

Menim sɛ Onyankopɔn yɛn Agya, wɔ Ne dɔ a ɛnniawieɛ mu no, somaa ne ba a ɔdɔ no no kɔɔ asase so sɛ ɔmɛkyerɛkyerɛ yɛn, ɔnkyerɛ yɛn kwan, na ɔnam Ne mpata so nnye yɛn.

Menim sɛ Agyenkwa no asetena ne Ne som adwuma no yɛ nokorɛ na ɛyɛ ankorankorɔ. Twerɛnsɛm no mu nsɛm a ɛfa N’ayaresa, N’ayamyɛ, ne N’anwanwadeɛ ahodoɔ ho ahyɛ mu ma.

Menim sɛ Ɔsoro Agya te ne mma mpaebɔ a ɛfiri akoma mu na Ɔbua, ɛmfa ho mfeɛ a wadi, ne tebea, anaa kasa. Ɔtie yɛn akoma mu nsɛm a ɛyɛ komm no.

Medi adanseɛ sɛ wɔ Getsemane mu no, Yesu Kristo soaa yɛn bɔne, awerɛhoɔ, ne yea. Ɔfirii ne pɛ mu hunuu amane esiane ɔdɔ a Ɔwɔ ma yɛn nti na ɔmaa ɛyɛɛ yie sɛ wɔde bɔne bɛkyɛ yɛn na yɛasan akɔ fie.

Menim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma ankasa, wɔbɔɔ yɛn wɔ Ne suban so, wɔde ɔsoro tumi maa yɛn, na sɛ yɛfa sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi a, yɛto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnsan nkɔtena Ne nkyɛn.

Menim sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn nhwɛsoɔ a ɛyɛ pɛ, na berɛ a yɛdi N’akyi ɛnam afoforɔ a yɛsom, bɔne fafire, na yɛdɔ afoforɔ nso no, yɛbɛyɛ tesɛ Ɔno da biara da.

Na menim sɛ Awurade tɛmpol kronkron no yɛ Ne fie wɔ asase so ha. Wɔ emu no, yɛyɛ apam kronkron, yɛnya daa nhyira, na yɛsua Ne ho adeɛ pii na yɛte nka sɛ Ɔwɔ yɛn anim. Tɛmpol no yɛ beaeɛ a wɔsua adeɛ, asomdwoeɛ, ne ahosiesie ma yɛn asetena.

Medi adanseɛ sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ na yɛato Primary nnwom yi ama yɛn mma no nyɛ yɛn nyamesom atetesɛm no fa fɛɛfɛ kwa. Ɛyɛ asɛnka ma Yesu Kristo asuafoɔ, adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ asɛmpa a wɔasan de aba no yɛ nokorɛ, ne mpaebɔ a wɔde asi hɔ ama nnwom. Nnwom kronkron bɛtumi ahyerɛn Kristo Hann wɔ ɔtiefoɔ no so na ɛbɛtumi ahwie agu nwontofoɔ no akoma mu. Nnamfonom adɔfoɔ, Yesu da so ara pɛ yɛn ma owia hann. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Dallin H. Oaks, “Fa Nnwom so Som,” Ensign, Nov. 1994, 10.

  2. “Ɔteneneefoɔ nnwom yɛ mpaebɔ ma me” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:12).

  3. “Nnwom kronkron yɛ Adidikronkron nhyiamu ne Asɔre nhyiamu afoforɔ no fa titiriw. … Asɔremma hyiam wɔ adidikronkron nhyiamu ase de kae Yesu Kristo ɛnam adidikronkron no a yɛbɛnya so. Wɔboaboa wɔn ho ano de hyɛ gyedie ne adansedie mu den na wɔsom Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo. Ɛsɛ sɛ wɔyi nnwom de boa ma wɔnya atirimpɔ ahodoɔ yi ho dwuma. … Ɛsɛ sɛ adidikronkron nnwom no fa adidikronkron no ankasa ho anaa Agyenkwa no afɔrebɔ ho” (General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 19.3, 19.3.2, Gospel Library).

  4. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛtwerɛ no wɔn akoma mu” (Yeremia 31:33).

  5. Aurelia Spencer Rogers, wɔ “Primary Nhyehyɛeɛ ho Abakɔsɛm,” history.ChurchofJesusChrist.org.

  6. Russell M. Nelson, “Tumi ne Ahobammɔ a Nnwom a Ɛfata de MaBrigham Young University devotional, May 4, 2008), 4, 5, speeches.byu.edu.

  7. Russell M. Nelson, in “Titenani Nelson Ka sɛ Kɔ so To Nnwom a Ɛkyerɛkyerɛ Nkyerɛkyerɛ” (video), ChurchofJesusChrist.org.

  8. “Yɛwɔ anidasoɔ sɛ akannifoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ne asɔremma a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛkasa no bɛdane akɔ nnwom nwoma no mu mpɛn pii akɔhwehwɛ asɛnka a wɔde kyerɛ wɔ tumi ne fɛ mu wɔ nkyekyɛmu mu. …

    “Nnwom wɔ tumi a enni ano a ɛma mmusua tu kɔ honhom mu ne ahofama kɛseɛ ma Asɛmpa no. Ɛsɛ sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ de nnwom a ɛfata nnyegyeɛ hyɛ wɔn afie ma. …

    “Kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔn nnɔ asɔre nnwom. Monto nnwom wɔ Homeda, wɔ fie anwummerɛ nhyiamu, wɔ twerɛsɛm no adesua mu, wɔ mpaebɔ berɛ mu. To dwom berɛ a woreyɛ adwuma, berɛ a woredi agorɔ no, na berɛ a mobom tu kwan no. To nnwom sɛ abagyegyeɛ nnwom na ɛnhyɛ gyidie ne adansedie mu wɔ wo mmeranteɛ ne mmabaawa mu” (“First Presidency Preface,” Nnwom, ix, x).

  9. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:12.

  10. “Sɛ woate Honhom Kronkron no nkɛntɛnsoɔ nka a … , ebia wobɛfa no sɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Mpata no reyɛ adwuma wɔ w’asetena mu” (Henry B. Eyring, “Honhom no Akyɛdeɛ Ahorow ma Mmerɛ a Emu yɛ Den” [Brigham Young University devotional, Ɛbɔ. 10, 2006], 5, speeches.byu.edu).

  11. Hwɛ Hebrifoɔ 6:17–19.

  12. Hwɛ Moroni 7:41.

  13. Yohane 14:26.

  14. “Sɛ Agyenkwa no Ba Bio a,” Nnwom—Ma Efie ne Asɔre, Asɛmpa Nnwoma Akoraeɛ.

  15. Mateo 26:30.

  16. “Ɛwom sɛ sakrament no mmara yɛ ma Asɔremma deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribiara a ɛbɛma afoforɔ ntumi nni ho dwuma” (General Handbook, 18.9.3). Titiriw no, ɛfata sɛ mmɔfra nkumaa nya sakrament no mu kyɛfa ansa na wɔadu akontabuo mfeɛ no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi anya anisɔ kɛseɛ ama Yesu Kristo afɔrebɔ no na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔne Onyankopɔn bɛyɛ apam kronkron daakye.

  17. Hwɛ “Ɔsomaa Ne Ba,” Mmɔfra Nnwom Nwoma, 34–35.

  18. Hwɛ “Ka Yesu ho Nsɛm Kyerɛ Me,” Mmɔfra Nnwom Nwoma, 57.

  19. Hwɛ “Abɔfra Mpaebɔ,” Mmɔfra Nnwom Nwoma, 12–13.

  20. Hwɛ “Gethsemane,” Hymns—Ma Efie ne Asɔre.

  21. Hwɛ “I Am a Child of God,” Mmɔfra Nnwom Nwoma,2–3.

  22. Hwɛ “M’rebɔ Mmɔden sɛ Mɛyɛ sɛ Yesu,” Mmɔfra Nnwom Nwoma, 78–79.

  23. Hwɛ “Me Dɔ sɛ Mɛhunu Tɛmpol no,” Mmɔfra Nnwom Nwoma, 95.

  24. Hwɛ “Jesus Wants Me for a Sunbeam,” Mmɔfra Nnwom Nwoma, 60.