Amansan Nhyiamu
Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnye to mu.
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


3:26

Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ Nnye to mu.

Anuanom mmarima ne mmaa, afei mede Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Amansan Sodifoɔ, Mpɔtam Aduɔson, ne Amansan Asomfoɔ kyerɛ sɛ wɔnye wɔn ntom.

Mesrɛ sɛ kyerɛ wo mmoa wɔ kwan korɔ no ara so wɔ baabi a wowɔ. Sɛ wɔn a wɔmpene nsusuiɛ no bi so wɔ hɔ a, yɛsrɛ sɛ wɔnhunu wɔn stake titenani.

Enti, wɔsusu sɛ yɛgye Dallin Harris Oaks to mu sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu Asomafoɔ Dummienu Kuo no Titenani.

Wɔn a wɔpene so, mesrɛ wɔnkeyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye wɔn a wɔdidi soɔ yi to mu sɛ Asomafoɔ Dummienu Kuo no mma: Dallin H. Oaks, Jeffrey R. Holland, Henry B. Eyring, Dieter F. Uchtdorf, David A. Bednar, Quentin L. Cook, D. Todd Christofferson, Neil L. Andersen, Ronald A. Rasband, Gary E. Stevenson, Dale G. Renlund, Gerrit W. Gong, Ulisses Soares, ne Patrick Kearon.

Wɔn a wɔpene so, mesrɛ wɔnkeyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so nkyerɛ.

Wɔsusu sɛ yɛgye Asomafoɔ Dummienu Kuo no mma to mu sɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Wɔn a wɔmpene so nyinaa nkyerɛ.

Deɛ ɔmpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, ɔnkyerɛ.

Yɛhyɛ no nso sɛ wɔgyee Mantam Aduɔsonfoɔ mmienu too mu wɔ amansan akannifoɔ nhyiamu ahodoɔ no mu ɛna wɔde ato dwa wɔ Asɔre no ntentan kɛseɛ so. Yɛto nsa frɛ mo sɛ monnye saa anuanom yi nto mu wɔ wɔn nnwumadie afoforɔ yi mu.

Wɔn a wɔpene so, mesrɛ wɔnkeyerɛ.

Deɛ ɔmpene so, ɔmfa nsɛnkyerɛnneɛ korɔ no ara so.

Wɔsusu sɛ yɛgye Amansan Sodifoɔ, Mantam Aduɔsonfoɔ, ne Amansan Asomfoɔ afoforɔ no to mu sɛdeɛ wɔteɛ seesei no.

Wɔn a wɔpene so nkyerɛ.

Wɔn a wɔmpene so, sɛ ebi wɔ hɔ a, wɔnkyerɛ.

Anuanom mmarima ne mmaa yɛda mo ase wɔ mo nnye to mu wɔ Asɔre akannifoɔ ananmu.

Nsakraeɛ a aba Mpɔtam Aduɔsonfoɔ mu

Wɔgyee Mpɔtam Aduɔsonfoɔ a wɔdidi soɔ yi too mu wɔ akannifoɔ nhyiamu bi a wɔyɛeɛ sɛ amansan nhyiamu fa bi:

Bhanu K. Hiranandani ne Fernando Vivas.