Obiara Nyɛ Ankonam
Yesu Kristo asɛmpa no a yɛde bɛbɔ bra no, ɛka ho sɛ yɛbɛma obiara kwan wɔ N’Asɔre a wasan de aba no mu.
I.
Mfeɛ 50, na masua amammerɛ, asɛmpa no amammerɛ. Mede adɔkɔnnɔkɔ deɛ na ɛhyɛɛ aseɛ.
Wɔ San Francisco Chinatown no, wɔde dɔkɔdɔkɔdeɛ ne nyansasɛm bi te sɛ “Akwansin apem akwantuo fi aseɛ wɔ anammɔn baako so na ɛde Gong abusua anwummere adidi ahodoɔ no baa awieɛ.”
Sɛ abranteɛ kumaa no, na me yɛ dɔkɔdɔkɔdeɛ. Berɛ a na mehyɛ nsateaa fitaa a wɔde kotoku ayɛ no, mebobɔ kukisi kurukuruwa a ɛyɛ hye fi fononoo no mu no na mede siee.
Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ mehunuu sɛ mfitiaseɛ no biskiti nyɛ Chinafoɔ amammerɛ. Deɛ ɛbɛma mahunu nsonsonoeɛ a ɛda Chinafoɔ, Amerikafoɔ, ne Europafoɔ biskiti amammerɛ mu no, mehwehwɛɛ biskiti wɔ nsasepɔn pii so—sɛdeɛ obi de mmeaɛ pii bɛdi dwuma de ayɛ kwaeɛ mu ogya ahinanan no. Chinafoɔ adidibea ahodoɔ a ɛwɔ San Francisco, Los Angeles, ne New York no de biskiti ma, nanso ɛnyɛ nea ɛwɔ Beijing, London, anaa Sydney no. Amerikafoɔ nko ara na ɛdi Ɔman Biskiti Da. Chinese dwabɔ nko ara na wɔyɛ “Amerika Biskiti Ankasa.”
Ademudeɛ biskiti yɛ anika, nhwɛsoɔ ketewa bi. Nanso nnyinasosɛm korɔ no ara a yɛde amammerɛ nneyɛeɛ toto ho wɔ mmeaɛ ahodoɔ no bɛtumi aboa yɛn ma yɛahunu asɛmpa amammerɛ mu nsonsonoeɛ Na afei Awurade de akwanya foforɔ rema sɛ yɛbɛsua asɛmpa amammerɛ berɛ a Mormon Nwoma mu mfatoho ne Ahyɛmu Foforɔ mfatoho nkɔmhyɛ reba mu.
II.
Babiara nnipa rekɔ. Amanaman Nkabom no bɔ amanneɛ sɛ amanaman ntam atubrafoɔ ɔpepem 281. Yei yɛ ankorankorɔ ɔpepem 128 sen 1990, ne 1970 akontaabuo mmɔho mprɛnsa. Babiara, Asɔremma ahodoɔ rehwehwɛ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no. Homeda biara, asɔremma ne nnamfo a wofi awoɔ aman ne nsasesin 185 mu hyiam wɔ Asɔre asafo 31,916 mu. Yɛka kasa 125 ahodoɔ pii.
Nnansai, wɔ Albania, North Macedonia, Kosovo, Germany, ne Switzerland no, mehunuu asɔremma foforɔ a wɔredi Mormon Nwoma mu mfatoho a ɛfa olive ngodua ho no mmamu. Wɔ Jacob 5bobeturo Awurade ne N’asomfo hyɛ ngodua ntini ne nkorabata nyinaa den denam wɔn a wofi mmeaɛ ahodoɔ a wɔboaboa wɔn ano na wɔkyekyere wɔn no. Ɛnnɛ Onyankopɔn mma boaboa wɔn ho ano sɛ baako wɔ Yesu Kristo mu; Awurade de abɔdeɛ kwan a ɛyɛ nwanwa ma de trɛw yɛn abrabɔ mu mayɛ mu wɔ N’asɛmpa a wɔasan de aba no mu.
Berɛ a Yesu resiesie yɛn ama ɔsoro ahemman no, ɔka mfatoho ahodoɔ a ɛfa adidi kɛseɛ ne ayeforɔhyia apontoɔ no ho. Wɔ saa mfatoho ahodoɔ yi mu no, ahɔhoɔ a wɔato nsa afrɛ wɔn no de anoyie ahodoɔ ma sɛ wɔremma. Owura no kyerɛ N’asomfoɔ sɛ “womfi adi ntɛm nkɔ kuro no mmɔnten ne akwan so” ne “akwan akɛse ne ban so” na “wɔmfa ahiafoɔ, mmubuafoɔ, gyinabea, ne anifirafoɔ mmra ha.” Honhom mu no, ɛne yɛn mu biara.
Twerɛsɛm ka sɛ:
“Wɔbɛto nsa afrɛ amanaman nyinaa” aba “Awurade fie anwummerɛ adidie.”
Monsiesie Awurade kwan … ama n’ahennie akɔ asaase so, ama emufoɔ no anya, na wɔasiesie wɔn ho ama nna a ɛreba no.”
Ɛnnɛ, wɔn a wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra Awurade anwummerɛ adidie no mu no firi mmeaɛ ne amammerɛ biara mu. Mpanimfoɔ ne nkwadaa, adefoɔ ne ahiafoɔ, mpɔtam ha ne wiase nyinaa, yɛma yɛn Asɔre asafo ahodoɔ yɛ te sɛ yɛn mpɔtamfoɔ.
Sɛ Ɔsomafoɔ panin no, Petro hunuu sɛ ɔsoro abue anisoadehunu bi a ɛfa “ntama kɛseɛ bi a wɔanwene wɔ ntwea anan a, … na mmoa ahodoɔ nyinaa wɔ mu.” Ɔkyerɛkyerɛɛ Petro sɛ: “Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn mmu nnipa. Ɔman biara mu no, nea osuro [Awurade], na ɔyɛ deɛ ɛtene no, wɔgye no tom.”
Wɔ Samariani pa no mfatoho mu no, Yesu to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra yɛn ho yɛn ho ne Ne nkyɛn wɔ N’ahɔhodan mu—N’Asɔre. Ɔfrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ afepamfoɔ papa. Samariani pa no hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan aba na watua wɔn a wɔwɔ N’ahɔhodan mu hwɛ no so ka. Ɛka ho wɔ Yesu Kristo asɛmpa no so di sɛ yɛbɛhwehwɛ beaɛ ama obiara wɔ N’Asɔre a wasan de aba no mu.
Deɛ ɛka “dan a ɛwɔ ahɔhodan mu” honhom no ho ne “obiara ntena sɛ ankonam.” Sɛ woba asɔre a, sɛ wuhunu obi nkutoo a, mesrɛ wo wobɛkyia no na wo ne no atena? Ebia ɛyi nyɛ wo amanneɛ. Ebia onipa no hwɛbea anaa kasa yɛ sononko firi wo ho. Na, ampa, sɛnea fortune biskiti bɛtumi aka no, “Asɛmpa adamfofa ne ɔdɔ akwantuo fiti aseɛ wɔ nkyia a ɛdi kan na obiara nyɛ ankonam.”
“Obiara nyɛ ankonam” nso kyerɛ sɛ obiara nyɛ ankonam wɔ nkate anaa honhom fam. Me ne agya bi a ne koma abubu kɔsraa ne ba. Mfeɛ bi a atwam no, na ɔbabarima no ani agye sɛ ɔbɛyɛ deacon foforɔ. Nea ɛka dwumadie no ho ne n’abusua a wɔtɔɔ ne mpaboa foforɔ a ɛdi kan maa no.
Nanso wɔ asɔre mu no, deaconfoɔ no seree no. Na ne mpaboa no yɛ mono, nanso na ɛnyɛ deɛ aba so. Wɔ ɔyaa ne aniwuo mu no, deacon ketewa yi kaa sɛ ɔnkɔ asɔre bio. M‘akoma gu so di yaa ma ɔne n‘abusua no.
Wɔ Yeriko mfutro kwan so no, wɔasere yɛn mu biara, wahyɛ yɛn aniwuo na wapira yɛn, ɛbia wɔabu yɛn animtiaa anaa wɔayɛ yɛn ayayadeɛ. Na, ɛnam adwene nsonosonoeɛ so no, yɛn mu biara nso abu n’ani agu afoforɔ so, anhunu anaasɛ ɛnteeɛ, ɛbi mpo a wahyɛ da apira afoforɔ. Ɛyɛ sɛ wɔapira yɛn na yɛapira afoforɔ nti pɛpɛɛpɛ na Yesu Kristo de yɛn ba N’ahɔhodan mu. Wɔ N’Asɔre mu na ɛnam N’ayɛyɛdeɛ ne apam so no, yɛba yɛn ho yɛn ho ne Yesu Kristo nkyɛn. Yɛdɔ na wɔdɔ yɛn, yɛsom na wɔsom yɛn, yɛde bɔne kyɛ na wɔde bɔne kyɛ yɛn. Yɛsrɛ sɛ kae sɛ, “asase nni awerɛhoɔ a ɔsoro ntumi nsa” asase adesoa yɛ ha—yɛn Agyenkwa mu anigyeɛ wɔ hɔ.
Wɔ 1 Nephi 19, yɛkenkan sɛ: “Israel Nyankopɔn ankasa mpo na [wɔtiatia] wɔn nan ase; wɔto no kwa. na wɔhwe no maa, na ɔhunu amane; na wɔhwe no, na ɔma ho kwan. Aane, wɔtetee ntasuo guu Ne so, na ɔmaa ho kwan.”
M’adamfo Ɔbenfoɔ Terry Warner sɛ na atemmu, mpire, ɔhwe, ne ntasuo a wɔteɛteɛm no nyɛ nsɛm a ɛsisii berɛ ne berɛ mu na ɛsiiɛ wɔ Kristo wu asetena mu nkutoo. Sɛdeɛ yɛne yɛn ho yɛn ho di,—titiri wɔn a kɔm de wɔn, sukɔm de wɔn, wɔn a wɔagya wɔn ankonam no—yɛ sɛdeɛ yɛne No di.
Wɔ N’Asɔre a wɔasan de aba mu no, ɛyɛ ma yɛn nyinaa sɛ obiara Nyɛ Ankonam Mommma yɛn mma kwan anaa nnye ntom kɛkɛ. Momma yɛmfa akwaaba ankasa, nnye ntom, som, ɔdɔ. Ɛmmra sɛ adamfo, onuabaa, onuabarima nyɛ ɔhɔhoɔ anaa ɔhɔhoɔ na mmom ɔnyɛ abofra wɔ fie.
Ɛnnɛ, nnipa pii te nka sɛ wɔayɛ ankonam na wɔate wɔn ho. Social media ne artificial intelligence betumi ama yɛanya nkitahodie ho mfonini a ɛma sukɔm de yɛn wɔ nnipa bɛn ne nnipa a wɔde wɔn nsa ka yɛn ho. Yɛpɛ sɛ yɛte yɛn ho yɛn ho nne. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn deɛ ankasa ne ayamyɛ.
Sɛnti pii wɔ hɔ a ɛbia yɛbɛte nka sɛ yɛnfata wɔ asɔre mu—sɛ, sɛ yɛbɛka sɛnkyerɛnne kwan so a, yɛyɛ ankonam. Ɛbia yɛbɛha yɛn ho wɔ yɛn kasa, ntadeɛ, abusua tebea ho. Ɛbia yɛte nka sɛ yɛmfata; wusie hua a ɛba; wo kɔn dɔ sɛ wobɛnya abrabɔ fam ahoteɛ; wone obi atete mu na wɔte yaw ne aniwuo nka; wɔha wɔn ho wɔ ɛyi anaa saa Asɔre nhyehyɛe no ho. Ɛbia yɛyɛ sugyani, awaregyae, akunafoɔ. Yɛn mma yɛ dede; yɛnni mma. Yɛansom asɛmpatrɛw adwuma anaasɛ yɛbaa fie ntɛm. Nsɛm no kɔ so ara.
Mosiah 18:21 To nsa frɛ yɛn sɛ yɛnka yɛakoma mmom wɔ ɔdɔ mu. Meto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnnha yɛn ho pii, mmu atɛn pii, yɛmmfa ani nto afoforɔ so pii—na, sɛ ɛho hia a, yɛnyɛ abotrɛ mma yɛn ho. Yɛnnkyekyere Sion dakorɔ pɛ mu. Nanso “nkyia” biara, ade pa biara, ma Sion bɛn yɛn. Momma yɛmfa yɛn ho nto Awurade so kɛseɛ na yɛmfa anigyeɛ nyi sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm nyinaa so.
III.
Wɔ nkyerɛkyerɛ kwan so, wɔ gyidie fie ne Ahotefoɔ som mu no, obiara nyɛ ankonam ɛsiene apam a ɛwɔ Yesu Kristo mu nti.
Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛɛ sɛ:“Aka sɛ yɛbɛhunu, de yɛn ho ahyɛ mu na yɛaboa ama Nna a Ɛdi Akyireɛ animuonyam no akɔ anim, ‘mmerɛ a ɛyɛ ma mmerɛ … ,’ berɛ a wɔbɛboaboa Onyankopɔn Ahotefoɔ ano aba baako mu afiri aman, ne abusuafoɔ, ne nnipa biara mu.”
Onyankopɔn “nyɛ biribiara gye sɛ deɛ ɛyɛ mfasoɔ ma wiase; sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe nnipa nyinaa mmarima [ne mmaa] aba ne nkyɛn.
“na ɔto nsa frɛ wɔn nyinaa sɛ wɔmmera ne nkyɛn mmɛnya kyɛfa wɔ ne papayɛ no mu; na nnipa nyinaa te sɛdeɛ Onyankopɔn teɛ”
Sɛdeɛ yɛbɛsesa wɔ Yesu Kristo mu hia sɛ yɛde honam mu nipa no ne wiase to hɔ. Sɛdeɛ Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛgyae atetesɛm ne amammerɛ mu nneyɛeɛ biara a ɛne Onyankopɔn mmaransɛm bɔ abira na yɛbɛyɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Asɛmpa amammerɛ soronko bi wɔ hɔ, gyinapɛn ne akwanhwɛ ne nneyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ.” Asɛmpa amammerɛ bi ne ahoteɛ, asɔre a wɔkɔ dapɛn biara, nsa, tawa, tii, ne kɔfe a wɔtwe wɔn ho fi ho. Ɛka nokorɛdie ne nokorɛdie ho, nteaseɛ a yɛkɔ yɛn anim, ɛnyɛ soro anaa fam, wɔ Asɔre gyinabea ahoroɔ mu.
Mesua adeɛ firi ayɔnkofoɔ ne asɔremma nokwafoɔ. Twerɛsɛm a wosua wɔ kasa ahodoɔ pii mu ne amammerɛ mu nsusuiɛ ahodoɔ ma asɛmpa no nteaseɛ mu dɔ. Kristo su ahodoɔ a wɔda no adi ahodoɔ ma ɔdɔ ne nteaseɛ a mewɔ ma m’Agyenkwa no mu dɔ. Sɛ yɛkyerɛ yɛamammerɛ su a, sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ Onyankopɔn ba, apam no ba, ne Kristo suani.
Yesu Kristo asomdwoeɛ no wɔ hɔ ma obiara. Nnansa yi ara, aberanteɛ bi de anibere bisaa sɛ, “Elder Gong, so mɛtumi akɔ soro?” Ɔwennwene ho sɛ ɛnti wɔbɛtumi de me bɔne akyɛ me ampa. Mebisaa ne din, tiee no yie, metoo nsa frɛɛ no sɛ ɔne ne bishop nkɔkasa, meyɛɛ no atuu kɛseɛ. Yɛde anidasoɔ wɔ Yesu Kristo mu na ɛfirii hɔ.
Mekaaɛ aberanteɛ no ho asɛm wɔ tebea foforɔ mu. Akyire no, menyaa krataa bi a wɔanhyɛ aseɛ a ɛhyɛɛ aseɛ sɛ, “Elder Gong, me ne me yere atete mma nkron na yɛasom asɛmpatrɛ adwuma mmienu.” Nanso “Metee nka berɛ nyinaa sɛ wɔremma me kwan wɔ ɔsoro ahennie no mu ɛfiri sɛ me bɔne wɔ me mmmrante berɛ mu no nnyɛ!”
Krataa no toaa so sɛ, “Elder Gong, berɛ a wokaa aberanteɛ no a ɔrenya bɔne fafiri ho anidasoɔ ho asɛm no, anigyeɛ hyɛɛ me ma, mifii aseɛ hunuu sɛ ɛbia [wobɛtumi de akyɛ me].” Krataa no wieɛ sɛ, “M’ani gye me ho mpo mprempren!”
Apam no mu hyɛ den berɛ a yɛtwe yɛn bɛn Awurade ne yɛn ho yɛn ho wɔ Ne nkyɛn. Awurade hyira yɛn nyinaa berɛ a obiara nyɛ ankonam. Hwan na ɔnim? Ɛbia onipa a yɛte ne nkyɛn no bɛyɛ wo fortune cookie adamfo a ɔsen obiara. Ɛmmra sɛ yɛnhwehwɛ na yɛmma No ne afoforɔ ho kwan wɔ Oguammaa no anwummerɛ aduane no ase, mebɔ mpaeɛ ahobreaseɛ so wɔ yesu Kristo din mu, Amen.