Amansan Nhyiamu
Onyankopɔn Nkɔmhyɛfoɔ
Ahinime 2025 amansan nhyiamu


11:8

Onyankopɔn Nkɔmhyɛfoɔ

Sɛ yɛbɛtie na yɛadi nkɔmhyɛni no nne so yɛ ahiadeɛ ne adepa ma yɛn kɔsi yɛn Agyenkwa no Mmaeɛ a Ɛtɔso Mmienu so.

Mmabunu adɔfoɔ, nhyiamu fɛfɛɛfɛ bɛn na yɛreyɛ yi! Yɛadikan atie Yesu Kristo Asomafoɔ ateasefoɔ baasa. Nhyira nwanwasoɔ bɛn nie! Na yɛbɛsan atie baako nso, Titenani Henry B. Eyring. Honhom mu apontoɔ no retoa so!

Berɛ a mekasaaɛ afe a ɛtwaam no, yɛsuaa sɛdeɛ yɛbɛgyina wiase yi ano ɛnam suahunu a Dawid nyaaɛ wɔ Goliat ho no so. Wo kae aboɔ num no? Ɛnnɛ, merekyɛ Apam Dada mu asɛm bi a mekenkanee wɔ wo mfeɛ mu, a ɛmaa mepɛɛ sɛ meyɛ sɛ ne mu ɔkannifoɔ. Twerɛ Kronkron nka ne din nkyerɛ yɛn, ɛnti yɛbɛfrɛ no Sunem baa efiri sɛ yei ne ne kurom din.

Ɔbaa reto paano ama nkɔmhyɛni no.

Da bi, na nkɔmhyɛni Elisa retwam wɔ Sunem, na yɛkenkan sɛ “ɔbaa kɛseɛ bi wɔ hɔ, na [ɔtoo nsa frɛɛ] no sɛ ɔmmɛ didi Na saa na ɛbaaɛ, sɛ mpɛn dodoɔ a ɔtwaam no, ɔdanee ne ho … kɔdi paanoo.” Mesusu sɛ nkɔmhyɛni Elisa ani gyee sɛ wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛdidi wɔ ne fie no ho paa! Na wakɔ mpɛn pii dada, na da bi ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Afei, mahunu sɛ yei yɛ Onyame nipa kronkroni.”

Ɔbaa no se, “Afei, mahunu.” Ayɛ sɛ ɔtoo nsa frɛɛ Elisa baa ne fie a na onnim sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛni no; ɔnam Sunsum Kronkron no so nyaa n’adansedie nam asotie ma deɛ Elisa kaa na ɔkyerɛkyerɛeɛ no yie so. (Kae sɛ, na mfonini biara nni hɔ saa berɛ no! Enti na ɛyɛ den sɛ wobɛhunu nkɔmhyɛni no wɔ n’anim kɛkɛ.)

Ɔbaa resiesie dan ama nkɔmhyɛni no.

Nanso abasɛm yi ankɔ awieeɛ wɔ hɔ. Da bi, ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Momma yɛnyɛ dan ketewa bi na yɛmfa mpa ne pono, ne nkonwa ne kaneadua nsi hɔ mma no: na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, ɔbɛdane aba.”

Na ɔbaa nokwafoɔ yi wɔ ɔpɛ sɛ obɛsi dan wɔ ne fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔmhyɛni no, berɛ a ɔretwam wɔ kurow no mu no, anya baabi a ɔbɛtena!

Ɛnnɛ, yɛbɛtumi asua asuadeɛ kɛseɛ afiri suahunu yi mu.

Awurade dii adanseɛ kyerɛɛ Sunemni baa no sɛ Elisha yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni, na ɔyɛɛ adeɛ ɛnam ne fie a obuee mu gyee no no so.

Yɛn nso yɛbɛtumi anya yɛn ankasa adansedie afa Onyankopɔn nkɔmhyɛni ho nnɛ na yɛabue yɛn akoma ne yɛn adwene—yɛn fie—ama nkrasɛm a yɛn Soro Agya de ama yɛn wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu.

Mmabunu adɔfoɔ, meto nsa frɛ mo sɛ bisa wo ho asɛm yi: So mewɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛni teasefoɔ no ho adansedie ankasa?

Yɛnhyɛ aseɛ mfiri mfitiaseɛ.

Deɛn ne nkɔmhyɛni? Nkɔmhyɛni yɛ onipa a wafrɛ no na ɔkasa ma Onyankopɔn. Nkɔmhyɛfoɔ wɔ asase so nnɛ sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ tete berɛ mu.

Nkɔmhyɛfoɔ yɛ adehunufoɔ ne adiyifoɔ. Ɛno kyerɛ sɛ wɔbɛtumi ahunu deɛ afoforɔ ntumi nhunu, na wɔbɛtumi ahyɛ daakye nsɛm a ɛbɛsisi ho nkɔm. Wɔbɛtumi nso asiesie yɛn ama amanehunu. Nkɔmhyɛfoɔ nya mmaransɛm ne adiyisɛm firi Awurade hɔ. Ɛyɛ Gyedikasɛm a ɛtɔ so nkron no ka adiyisɛm a ɛkɔ so wɔ nna a ɛtwa toɔ yi ho asɛm. Ɛka sɛ “Yɛgye biribiara a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ di, nea ɔda so seesei da no adi kyerɛ nyinaa, na yɛgye di sɛ ɔbɛkɔ so ada nnoɔma akɛseɛ a ɛho hia yie adi a ɛfa Onyankopɔn ahemman no ho.”

Elder Gary E. Stevenson kaa sɛ, “Awurade kɔ so da Ne mmarasɛm ne ne pɛ adi kyerɛ Ne nkɔmhyɛfoɔ nnɛ ɛfiri sɛ Ɔpɛ sɛ ɔdi yɛn anim kɔ anigyeɛ mu wɔ saa abrabɔ yi mu ne ɔsoro animuonyam mu wɔ abrabɔ a ɛdi hɔ no mu.”

Nkɔmhyɛfoɔ nso bɔ asɛmpa no dawuro na wɔyɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛfoɔ ne asomafoɔ ma obiara a ɔwɔ asase so.

Obiara a ɔka Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no ho yɛ nkɔmhyɛni, anisoadehunufoɔ, ne odiyifoɔ. Wɔsom sɛ agyinatukuo wɔ Awurade akwankyerɛ ase, wɔwɔ tumi sɛ wɔbɛpae mu aka na wɔakyerɛ nkyerɛkyerɛ ase na wɔde nhyehyɛeɛ asi hɔ ama N’Asɔre. Wɔde ahwɛyie bɔ mpaeɛ na wɔsusu ho, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ saa akuo yi gyinaesie yɛ baako. Wɔ saa kwan yi so, Awurade ma yɛn awerɛhyem sɛ N’apɛdeɛ bɛyɛ hɔ.

Nkɔmhyɛfoɔ di Kristo ho adanseɛ—sɛ Ɔte ase, Ne som adwuma, ne Ne kronkronyɛ.

Yɛnkenkan nkɔmhyɛfoɔ adanseɛ binom mfiri Mormon Nwoma no mu.

Abinadi kaa sɛ:

Abinadi kaa sɛ: “Onyankopɔn no ara bɛsan aba nnipa mma mu, na wadi ama ne nkorɔfoɔ.

Na esiane sɛ ɔte honam mu nti wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.”

Samuel Lamanni no nso dii adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ “Onyankopɔn Ba, ɔsoro ne asase Agya, adeɛ nyinaa Bɔfoɔ firi mfitiaseɛ.”

Na nkɔmhyɛni Moroni kaa sɛ, “Mahunu Yesu, na ɔne me akasa anim ne anim.”

Berɛ a Kristo kɔsraa Nephifoɔ no, adeɛ baako a ɔdii kan yɛeɛ ne sɛ ɔfrɛɛ Asomafoɔ Dummienu. Na Ɔka kyerɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ, “nhyira ne mo sɛ motie dummienu yi a mapaw wɔn no nsɛm.”

Afei, ma menka nsɛm kakra mma awofoɔ anaa abusuafoɔ a wɔretete mma. Awurade ankasa kyerɛkyerɛɛ Adam ne Hawa nkwagyeɛ mu nokorɛ. Na afei Ɔsee wɔn sɛ, “Mede ahyɛdeɛ bi ma mo monkyerɛkyerɛ no kwa nkyerɛ mo mma.”

Monkyerɛkyerɛ no kwa, ɛkyerɛ sɛn? Ɛyɛ asɛmpa no mu nokorɛ ahodoɔ a yɛbɛsua, adi ankasa adanseɛ, na yɛakyɛ saa nimdeɛ no akyerɛ yɛn mma. Ɛbɛboa adekyerɛ akwanya ahodoɔ wɔ fie ne sukuu. Ɛyɛ sɛ yɛde saa nimdeɛ ne adanseɛ no rebɔbra.

Mormon Nwoma no kasa fa 2,060 akofoɔ ahoɔdenfoɔ bi ho sɛ “na wɔyɛ mmarima a nokorɛdie ahyɛ wɔn ma na wɔdwoɔ, ɛfiri sɛ wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni Onyankopɔn mmaransɛm so na wɔnante teneneeyɛ mu wɔ n’anim.” Saa mmeranteɛ yi de nokorɛdie tiee Helaman, a saa berɛ no na ɔyɛ wɔn asraafoɔ kannifoɔ ne wɔn nkɔmhyɛni nso, na wɔhunuu sɛ wɔn maamenom de nokorɛ ne gyidie ahyɛ wɔn akoma ma.

Awofoɔ, wɔ wiase a ɛnne bebree na ɛtɔ da bi a esum bebree wɔ mu yi mu no, Onyankopɔn ankasa ahyɛ yɛn sɛ yɛntete yɛn mma wɔ Ɛhan ne nokorɛ mu. Ɔde asɛdeɛ hyɛɛ yɛn nsa sɛ yɛmfa asɛmpa no mu nokorɛ a ɛma nkwagyeɛ nkyerɛkyerɛ yɛn mma. Sɛ yɛantumi anyɛ saa a, wiase no renyɛ da.

Nnamfoɔ nkumaa adɔfoɔ, mewɔ nsatoɔ bi ma mo: Anadwo yi, ansa na mobɛda no, meto nsa frɛ mo sɛ monkoto, mmue mo akoma mu, na momfa gyidie mmɔ mpae nkyerɛ Ɔsoro Agya nsrɛ No sɛ ɔnsi so dua nkyerɛ mo sɛ n’afotufoɔ a wɔwɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no mu, ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no mufoɔ yɛ Yesu Kristo nne wɔ asase so nnɛ.

Shunem baa no kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛbɛtumi anya saa adanseɛ no nam Sunsum Kronkron no so. Mehyɛ wo bɔ sɛ sɛ yɛ hunu sɛ wɔyɛ wɔn a Onyankopɔn asra wɔn a, yɛn asetena bɛyɛ mmerɛ ɛmfa ho ne akwansideɛ a ɛrekɔ so no sɛdeɛ yɛde ahotɔsoɔ, gyidie ne anidasoɔ bɛtie wɔn nne no. Sɛ yɛbɛtie na yɛadi so nkɔmhyɛni no nne yɛ ahiadeɛ ma adepa nyinaa kɔsi yɛn Agyenkwa no Mmaeɛ a Ɛtɔso Mmienu.

Wiase amumuyɛ renya nkɔanim, nanso Yesu Kristo Asɔre ne N’ahennie no mu wɔ ahoɔden sene berɛ biara. Sion rehyɛ ne ntadeɛ fɛfɛ, na Kristo ahennie rennhwease da. Awurade hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ den wɔ yɛn adansedie mu, yɛahyɛ gyidie ma, na yɛasakyera dabiara. Yɛn Agyenkwa Yesu Kristo de ne ho to yɛn mu biara so sɛ ɔbɛtoa N’adwuma so.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa sɛ, “Anuanom, yɛrenkɔ so wɔ asɛm kɛseɛ a ɛte saa mu?” Nanso, esiane sɛ saa nkrasɛm yi fa mo, mmabunu titire ho nti, mɛpɛ sɛ mede asɛmfua mmabunu di dwuma sene sɛ mede anuanombedi dwuma. Wayɛ krado?

“[Mmabunu], yɛre nkɔ so wɔ asɛm kɛseɛ a ɛte saa mu? Monkɔ mo anim na ɛnnyɛ mo akyi. Monnya akokoɔduro, [mmabunu]; na monkɔso, nkɔdi nkunim! Momma mo akoma nni ahurisie, na ɛnnya anigye pii.

M’ani sɔ woakwankyerɛ ne wo mmɔdemmɔ a wɔahyira so. Medi m’adanseɛ a ɛmu yɛ den sɛ Onyankopɔn afrɛɛ wɔn sɛ wɔmfa N’ahennie nkɔ anim, nsi hɔ, na wɔnni anim wɔ asase so nnɛ. Na ɛbɛyɛ saa daa. Awurade bɛkɔ so apaw Ne nkoa daa. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Saa kasasin yi nkyerɛase a wɔakyerɛ wɔ Spania kasa mu no da ntease a ɛne “wɔto nsa frɛ no denneennen” no adi.

  2. 2 Ahemfo 4:8

  3. 2 Kings 4:9; emphasis added.

  4. 2 Ahemfo 4:10

  5. Hwɛ Amos 3:7.

  6. “Wɔ Awurade akwankyerɛ ase no, [Asɔre no Titenani] di Asɔre no anim na ɔno nko ara ne onipa a ɔwɔ asase so a wɔama no tumi sɛ ɔmfa asɔfodie nsafoa nyinaa nni dwuma. Ɔwɔ tumi sɛ ogye adiyisɛm na ɔka Onyankopɔn apɛde ho asɛm ma Asɔre no nyinaa” (General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 5.1.1.1, Asɛmpa Akoraeɛ).

  7. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:38

  8. Gary E. Stevenson, “The Gospel of Jesus Christ: A Cheering Sound,” For the Strength of Youth, July 2025, 5.

  9. Hwɛ Mateo 28:19–20; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 21:1, 4-5; 107:35.

  10. “Ɔsomafoɔ biara kura ahennie nsafoa no nyinaa na ɔde saa nsaafoa no yɛ adwuma wɔ Asɔre no Titenani akwankyerɛ ase” (Amansan Kwankyerɛ nwoma, 5.1.1.1).

  11. Hwɛ Amansan Kwankyerɛ nwoma, 5.1.1.1.

  12. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:27–31.

  13. “Asomafoɔ Dumien no yɛ Yesu Kristo din ho ‘adansefoɔ titiri’ Wɔdi Ne kronkronyɛ ne Ne Wusɔreɛ no nokorɛ a ɛyɛ ho adanseɛ kyerɛ wiase nyinaa” (Amansan Kwankyerɛ nwoma, 5.1.1.1).

  14. Mosiah 15:1–2.

  15. Helaman 14:12

  16. Eter 12:39

  17. Ɔreka Mormon Nwoma no ho asɛm no, Nkɔnhyɛnyi Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Saa nwoma yi nso ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn Agyenkwa no yii ne ho adi wɔ asaase yi so wɔ ne wusɔreɛ akyi, sɛ ɔduaa asɛmpa no wɔ ha wɔ ne mahyɛ mu, ne ahonya, ne tum, ne nhyira nyinaa mu; sɛ na wɔwɔ asomafoɔ, nkɔnhyɛfoɔ, asɔfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ na asɛmpakafoɔ; akyɛde, tumi, ne nhyira, sɛnea wonyae wɔ Apuei Fam Asasepɔn no so no” (History, 1838–1856, volume C-1 [2 November 1838–31 July 1842], 1282, josephsmithpapers.org).

  18. 3 Nephi 12:1; nsisoɔ ka ho.

  19. Mose 6:58; ɛnsisoɔ ka ho.

  20. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 68:25–28

  21. “Ɛwɔ sɛ yɛfa akwanya biara a yɛwɔ so ne mmɔfra kyɛ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no. Saa nkyerɛkyerɛ mmerɛ yi som bo na esua koraa sɛ wode toto tumi ahoroɔ sɔretia a ɛnnyae ho a. Dɔnhwere baako biara a wode nkyerɛkyerɛ bɛhyɛ abɔfra abrabɔ mu no, nnɔnhwere bebree wɔ hɔ a nsɛm ne mfonin ahyɛ mu ma a ɛko tia anaa ɛma wɔbu wɔn ani gu nkwagyeɛ nokorɛ yinom so.

    “Ɛbia mo mu binom bɛdwene ho sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ monam anigyedeɛ so bɛbɛn mo mma, anaasɛ ebia mobɛka sɛ abɔfra no bɛhyɛ aseɛ adwene sɛ mode nkyerɛkyerɛ rehyɛ ne so. Mmom, ɛwɔ sɛ yɛdwene ho sɛ, “Berɛ kakra bi ne akwanya ketewa a yɛwɔ yi, nkyerɛkyerɛ nsɛm bɛn na mɛtumi aka a ɛbɛhyɛ wɔn den atia wɔn gyidie ho ɔhaw ahoroɔ a wɔrentumi nkwati no?” Nsɛm a woka no ɛnnɛ no bɛtumi ayɛ deɛ wɔde bɛnante, na ɛrenkyɛre ɛnnɛ bɛtwam” (Henry B. Eyring, “Simple Is the Doctrine of Jesus Christ,” Liahona, Nov. 2024, 97).

  22. Babunu biara ho hia! (Hwɛ Alma 57:6, 20).

  23. Alma 53:21; nsisoɔ ka ho.

  24. Hwɛ Alma 56:44–48; 57:21.

  25. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:40.

  26. Yɛwɔ Enos awofo a wɔtetee no wɔ “Awurade hwɛ ne n’afotu mu” no nhwɛso nso (Enos 1:1) na ɔkyerɛkyerɛɛ no “daa nkwa, ne ahotefo anigye” ho asɛm (Enos 1:3). Na Enos nim Onyankopɔn su (hwɛ Enos 1:6, 15, 17).

  27. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 21:1-2, 4–6. “Berɛ a wiase hyɛ sɛ tumi, ahonyadeɛ, nnipa nnyeto mu, ne honam anigyedeɛ de anigyeɛ ba no, ɛnte saa! Wɔntumi! Deɛ wɔyɛ no nyɛ hwee sɛ adefon nsiananmu ma “nhyira ne anigyeɛ tebea ma wɔn a [wɔ]di Onyankopɔn mmaransɛm so.’ [Mosiah 2:41].

    “Nokorɛ no ne sɛ ɛyɛ ɔbrɛ kɛseɛ sɛ wohwehwɛ anigyeɛ wɔ baabi a wore nhunu no da! Mmom, sɛ mode mo ho bɔ Yesu Kristo na moyɛ honhom mu nnwuma a ɛsɛ sɛ mo de di wiase so nkonim a, Ɔno, ne Ɔno nko ara na ɔwɔ tumi a ɔde bɛpagya mo atra wiase yi ntwɛtwɛdɛ mu.

    “Afei, sɛn na wiase so nkonimdie hyira y’abrabɔ? Mmuaeɛ no mu da hɔ: Yɛrewura yɛne Onyankopɔn apam ayɔnkofa mu kyekyere yɛn bɔ Ne mu wɔ ɔkwan a ɛma biribiara a ɛfa abrabɔ ho yɛ mmrɛ. Mesrɛ monte mase: Ma nka sɛ apamyɛ ma abrabɔ yɛ mmrɛ. Nokwasɛm, monhwɛ sɔretia anim, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ no mpɛ sɛ mo hunu Yesu Kristo tumi no. Nanso worefa Agyenkwa konua kyerɛ sɛ wowɔ kwan kɔ N’a hoɔden ne ɔgyeɛ tumi mu” (Russell M. Nelson, “Overcome the World and Find Rest,” Liahona, Obubuo 2022, 97).

  28. Hwɛ Ether 8:26; Moroni 7:19–25.

  29. Hwɛ Yesaia 52:1.

  30. Hwɛ Nnwom 125:1; Isaiah 28:16.

  31. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:22; wɔasi so dua.

  32. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:30

  33. Hwɛ Gyidika Nsɛm 1:5