Amansan Nhyiamu
Ahotosoɔ wɔ Onyankopɔn Anim
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:59

Ahotosoɔ wɔ Onyankopɔn Anim

Berɛ a yɛde nsiyɛ hwehwɛ sɛ yɛbɛnya adɔeɛ ne suban pa ahyɛ yɛn asetena ma no, ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn a yɛbɛn ho no bɛkɔ soro.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, m’ani sɔ sɛ mɛkasa akyerɛ mo nnɛ, wɔ saa amansan nhyiamu a ɛho hia yi mu. M’ani rekɔ so nyini. Meda mo ase wɔ nteaseɛ a mo wɔ berɛ a mede me nkrasɛm yi rema mo.

Yɛte mmerɛ a ahoɔden kɛseɛ wɔ mu wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu. Anigyeɛ ahyɛ me ma berɛ a mehunu nkɔsoɔ wɔ mmeaeɛ pii no.

Manya nkanyan sononko wɔ yɛn mmabunu no mu. Wɔrema ɔsom wɔ dodoɔ mu paa. Wɔrehwehwɛ wɔn nananom na wɔreyɛ ayɛyɛdeɛ ahodoɔ wɔ tɛmpol mu. Yɛn mmeranteɛ ne mmabaawa de abisadeɛ nkrataa a wɔde kɔma asɛmpatrɛ som adwuma no wɔ soro nwanwasoɔ kyɛn daa. Saa awoɔ ntoatoasoɔ mmabunu a wɔresɔre no resɔre sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ akukudam.

Titenani Nelson a ne nanankansowa baa ka ne ho.

Nansa yi ara mehyiaa nanankansoabaa foforɔ. Sɛ medwene nsɛmdennden a ɔbɛhyia wɔ n’asetena mu no ho a, mete ɔpɛ kɛseɛ nka sɛ mɛboa no ama wanya gyedie wɔ Yesu Kristo mu. N’asɛmpa no a ɔde bɛbɔ bra no ho hia ma ne daakye anigyeɛ.

Ɔno, te sɛ yɛn mu biara, bɛhyia nsɛmdennden. Yɛn nyinaa bɛhunu yareɛ, abambuo, sɔhwɛ, ne adehwereɛ. Saa nsɛmdennden yi bɛtumi abɔ yɛn ho mu ahotɔsoɔ agu. Nanso, Yesu Kristo asuafoɔ no nya ahotɔsoɔ sononko bi.

Sɛ yɛne Onyankopɔn yɛ apam na yɛdi apam so a, yɛbɛtumi anya ahotɔsoɔ a Honhom no de ma no. Awurade ka kyerɛɛ Kɔmhyɛni Joseph Smith sɛ yɛn ahotɔsoɔ no bɛtumi “ayɛ den wɔ Onyankopɔn anim.” Susu awerɛkyekyerɛ a ɛwɔ ahotɔsoɔ a wobɛnya wɔ Onyankopɔn anim no ho hwɛ!

Sɛ meka awerɛhyɛmu a mewɔ wɔ Onyankopɔn anim ho asɛm a, na mereka awerɛhyɛmu a mewɔ wɔ Onyankopɔn nkyɛn kɔ seesei ara! Merekyerɛ awerɛhyɛmu a mewɔ wɔ mpaebɔ mu sɛ Ɔsoro Agya tie yɛn, sɛ Ɔte yɛn ahiadeɛ ase yie sene deɛ yɛnim. Merekyerɛ awerɛhyɛmu a mewɔ sɛ ɔdɔ yɛn dodo sene yɛn nteaseɛ so, sɛ Ɔsoma soro abɔfoɔ ma wɔka yɛn ho ne adɔfoɔ nyinaa. Mereka ahotɔsoɔ a yɛwɔ sɛ N’ani bere sɛ Ɔbɛboa yɛn mu biara ma yɛaduru yɛn tumi a ɛkorɔn kyɛn biribiara ho no ho asɛm.

Afei, yɛbɛyɛ dɛn anya ahotɔsoɔ a ɛte saa? Awurade de saa nsɛm yi bua asɛmmisa yi: “Ma ɔdɔ mapa nhyɛ wo yam ma mma nnipa nyinaa, na ma ahonidie nkɔ so nsiesie w’adwene daa, ɛhɔ na w’awerɛhyɛmu bɛnyini abɛyɛ den wɔ Onyankopɔn anim.”

Safoa no nie ! Awurade ankasa nsɛm mu no, adɔeɛ ne suban pa bue kwan ma wonya ahotɔsoɔ wɔ Onyankopɔn anim! Anuanom mmarima ne mmaa, yɛbɛtumi ayɛ yei! Yɛn awerɛhyɛmu bɛtumi ayɛ den wɔ Onyankopɔn anim, seesei yi ara nokorɛ mu!

Momma yɛnsusu adɔeɛ ne suban pa nyinaa ho.

Nea edi kan, adɔeɛ. Mfeɛ mmienu a atwam ni no, mefrɛɛ yɛn, sɛ Yesu Kristo apam akyidifoɔ, sɛ yɛnyɛ asomdwoeɛ ho adwumayɛfoɔ. Mesan ka nea mekaa saa berɛ no sɛ: “Abufuo ntwetwe adwene da. Ɔtan mmoa obiara. Akyinnyegyeɛ mfa nkanyan mmuaeɛ mma da.”

Nokorɛ adɔeɛ a wɔde ma nnipa nyinaa no yɛ asomdwoeɛ agyinaehyɛdeɛ! Ɛho hia sɛ yɛwɔ adɔeɛ wɔ yɛn kasa mu, ɔmanfoɔ ne kokoam nyinaa. Meda mo a mode m’afotuo a atwam no kɔɔ akoma mu no ase. Nanso yɛda so ara bɛtumi ayɛ deɛ ɛkyɛn saa.

Mprempren nitan a ɛwɔ ɔmanfoɔ nkɔmmɔbɔ mu ne sohyial media so no yɛ hu. Nsɛm a ɛyɛ nitan yɛ akodeɛ a ɛdi awuo. Akyinnyegyeɛ si Honhom Kronkron no kwan sɛ ɛbɛyɛ yɛn hokafoɔ daa.

Sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛdi anim sɛ asomdwoeɛ ho adwumayɛfoɔ. Berɛ a adɔeɛ bɛyɛ yɛn su no fa no, yɛbɛhwere ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛbrɛ afoforɛ anim ase. Yɛbɛgyae afoforɔ atɛn buo. Yɛbɛnya adɔeɛ ama wɔn a wɔfiri asetena mu tebea nyinaa mu. Adɔeɛ a yɛde bɛma nnipa nyinaa ho hia ma yɛn nkɔsoɔ. Adɔeɛ yɛ Onyankopɔn suban fapem.

Mo mma yɛn srɛ Ɔsoro Agya na ɔmfa ɔdɔ mapa nhyɛ yɛn akoma mu—titire wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛdɔ wɔn— na ɔdɔ mapa yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri HƆsoro Agya hɔ de ma ma Yesu Kristo akyidifoɔ nokwafoɔ. Agyenkwa no ne Asomdwoeɛ Hene Ba. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ Ne nnwinnadeɛ ma asomdwoeɛ.

Afei, momma yɛnka suban pa ho asɛm. Awurade ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa suban pa nsiesie yɛn adwene a uyɛmmrɛ Dwene nkɔsoɔ a wobɛnya, wɔ adwene pa biara ho, berɛ a wode suban pa hyɛ mu kena. Suban pa ma biribiara yɛ yie na ɛyɛ anigyeɛ! Ɔkwan foforɔ so no, susu deɛ ɛbɛsie, sɛ wode suban pa ka adwene fi, adwemmɔne, anaasɛ adwene mu haw ho. Suban pa bɛpam saa nsusuiiɛ ahodoɔ no afiri hɔ. Suban pa bɛma woanya ahofadie afiri nsusuiiɛ a ɛha adwene na ɛha adwene ho.

Anuanom mmarima ne mmaa, berɛ a wiase no nyini wɔ bɔne kɛse no, ɛsɛ sɛ yɛnyini kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛn adwennwene, yɛn nsɛm, ne yɛn nneyɛɛ yɛ papa a ɛnni huammɔ, na yɛde Kristo dɔ krogyee no hyɛ nnipa nyinaa ma. Akwanya kɛseɛ a ɛwɔ yɛn anim ne sɛ yɛbɛyɛ nnipa a Onyankopɔn hia yɛn sɛ yɛnyɛ.

Daadaa som wɔ Awurade fie no ma yɛn tumi a yɛwɔ ma suban pa ne ɔdɔ mapa nyinaa dɔɔso. Enti, berɛ a yɛwɔ wɔ tɛmpol mu no ma yɛn ahotɔsoɔ yɛ kɛse wɔ Awurade anim. Mmerɛ dodoɔ a yɛdi wɔ tɛmpol no mu no bɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama yɛn Agyenkwa no mmaeɛ a ɛto so mmienu, Yesu Kristo. Yɛnnim da anaa dɔnhwere a Ɔreba no. Nanso menim sɛ Awurade rehyɛ me sɛ menhyɛ yɛn sɛ yensiesie yɛn ho mma saa “da kɛseɛ a ɛyɛ hu no.”

Berɛ a yɛde nsiyɛ hwehwɛ sɛ yɛbɛnya adɔeɛ ne suban pa ahyɛ yɛn asetena ma no, ahotɔsoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn a yɛbɛn ho no bɛkɔ soro. Meto nsa frɛ mo sɛ monhyɛ da ntu anammɔn a ɛbɛnyini wɔ mo awerɛhyɛmu mu wɔ Awurade anim. Afei, berɛ a yɛde awerɛhyɛmu a ɛkɔ soro akɔ yɛn Soro Agya no, wɔde anigyeɛ kɛseɛ bɛhyɛ yɛn ma, na yɛn gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu no bɛdɔɔso. Yɛbɛhyɛ aseɛ anya honhom mu tumi a ɛboro yɛn anidasoɔ kɛseɛ so.

Yɛda Awurade ase wɔ tɛmpol a wɔresisi no ntɛmntɛm wɔ nnansa yi mfeɛ mu no ho. Wɔ N’akwankyerɛ ase no, ɛnnɛ, yɛbɔ amaneɛ wɔ nhyehyɛeɛ a wɔayɛ sɛ wɔbɛsi tɛmpol wɔ mmea 15 yi biara mu:

  • Reynosa, Mexico

  • Chorrillos, Peru

  • Rivera, Uruguay

  • Campo Grande, Brazil

  • Porto, Portugal

  • Uyo, Nigeria

  • San Jose del Monte, Philippines

  • Nouméa, New Caledonia

  • Liverpool, Australia

  • Caldwell, Idaho

  • Flagstaff, Arizona

  • Rapid City, South Dakota

  • Greenville, South Carolina

  • Norfolk, Virginia

  • Spanish Fork, Utah

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo, Israel Gyefoɔ no, di N’asɔre, anim. Ɔresiesie ne ho sɛ ɔbɛba bio. Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛnsiesie yɛn ho sɛ yɛbɛgye No. Yei mu na mebɔ mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, Amen.

Atwerɛ.

  1. Ɔboɔ ketewa a Nkɔmhyɛni Daniel hunuu wɔ ne daeɛ a ɔdii wɔ nna a ɛdi akyire no mu no “remuni faso ahyɛn wiase” (hwɛ Daniel 2:31–45; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 65:2).

  2. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:45.

  3. “Ɛfirisɛ mɛkɔ wɔ w’anim. Mɛwɔ mo nsa nifa ne mo benkum so, na me Honhom bɛwɔ mo akoma mu, na m’abɔfoɔ bɛtwa mo ho ahyia, asɔ mo mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:88).

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:45, wɔsi so dua; san hwɛ verse 46.

  5. Russell M. Nelson, “Peacemakers Needed,” Liahona, Kɔtɔnima 2023, 98.

  6. Sɛɛ wobɛfa sɛ wo ne afoforɔ bɛdi asie no yɛ fa a wobɛfa sɛ wobɛtena ase a Honhom Kronkron no akwankyerɛ nka ho.

  7. Ɛsɛ sɛ yɛnya adɔeɛ “kɔ nnipa nyinaa nkyɛn, ne gyedie fie” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:45).

  8. Yei kyerɛ sɛ wobɛbɔ mpaeɛ “a akoma mu ahoɔden nyinaa wom” (Moroni 7:48).

  9. Hwɛ Moroni 7:48.

  10. Hwɛ Yesaia 9:6.

  11. Sɛdeɛ Joseph Smith kyerɛkyerɛeɛ no, “Sɛ [yɛ] pɛ sɛ yɛkɔ baabi a Onyankopɔn wɔ a, [ɛsɛ sɛ] yɛyɛ te sɛ Onyankopɔn, anaasɛ yɛwɔ nnyinasosɛm a Onyankopɔn wɔ” (Teachings of Presidents of the Church: Joseph Smith [2007], 72). Saa ara nso na ɔsomafoɔ Paulo de afotuo no maa sɛ “yɛmfa akokoɔduru mmra adom ahennwa no mu, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahu adom a yɛde bɛboa wɔ berɛ a ɛho hia mu” (Hebrifoɔ 4:16).

  12. Hwɛ Mateo 24:36–37.

  13. Malaki 4:5; san hwɛ Zephaniah 1:14–18.

  14. Awurade aka akyerɛ yɛn sɛ “kae gyedie, suban pa, nimdeɛ, ahohyɛsoɔ, boasetɔ, onuayɛ ayamyɛ, onyamesom pa, adɔeɛ, ahobrɛaseɛ, [ne] nsiyɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 4:6). Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ahotɔsoɔ no bɛkɔ soro, na afei, wɔ N’ankasa nsɛm mu no, sɛ yɛbisa a, yɛbɛnya. Na sɛ yɛbɔ mu a, wobɛbue yɛn. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 4:7.)

  15. Ebia yɛbɛnya nea Ɔhene Benjamin nkorɔfoɔ yɛeɛ no mu suahunu: “Anigyeɛ ahyɛ wɔn ma, na wɔanya wɔn bɔne fafire, na wɔanya asomdwoeɛ wɔ ahonim mu, esiane gyedie a ɛboro so a na wɔwɔ wɔ Yesu Kristo mu nti” (Mosiah 4:3).