Amansan Nhyiamu
Mma Mo Mmpirim Mo Akoma
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:5

Mma Mo Mmpirim Mo Akoma

Sɛ yɛfiri akoma mu nu yɛn ho, brɛ yɛn ho ase, na yɛde yɛn werɛ hyɛ Awurade mu na yɛde yɛn ho to Ne so a, yɛn akoma bɛyɛ mmerɛ.

Yesu Kristo Asɛmpa no a wɔasan de asi hɔ no firii aseɛ berɛ a Agya Nyankopɔn ne Ne Ba a ɔdɔ no no yii wɔn ho adi kyerɛɛ aberanteɛ Joseph Smith, na ɔbuaa n’ahobrɛaseɛ mpaebɔ no. Sanfamano fa bi no, Joseph Smith kyerɛɛ tete twerɛtohɔ bi ase ɛnam akyɛdeɛ ne Onyankopɔn tumi so. Ɛyɛ twerɛtohɔsɛm a ɛfa kwan a Onyankopɔn si ne tetefoɔ a na wɔte Amɛrika Nsaasepɔn no tenaaɛ ɛne asɛmpa a ɛtehɔ daa no mahyɛ no ma wɔ mu.”

Berɛ a na meyɛ abarimaa kumaa, berɛ a merekenkan Mormonfoɔ nwoma no, na metaa susu nea enti a Laman ne Lemuel nnye nokorɛ ahodoɔ a wɔde maa wɔn no nni, berɛ mpo a Awurade bɔfoɔ bi pueeɛ na ɔkasa kyerɛɛ wɔn tee no. Deɛn nti na Laman ne Lemuel antumi ammrɛ wɔn ho ase kɛse na wɔanyɛ setie amma wɔn papa Lehi nkyerɛkyerɛ ne wɔn nua barima kumaa Nephi?

Mehunuu asɛmmisa yi ho mmuaɛ no mu baako wɔ 1 Nephi mu, a ɛka sɛ Nephi “ani wui esiane sɛnea wɔn akoma yɛɛ den nti.” Nephi bisaa ne nuanom mpanimfoɔ sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mo akoma mu ayɛ den saa, na mo ani afira wɔ mo adwene mu?”

Deɛn na ɛkyerɛ sɛ obi anya akoma a ɛyɛ den?

Korea nkyerɛaseɛ a ɛfa “denyɛ” ho wɔ Mormon Nwoma no mu ne 완악 (Wan-Aak: 頑惡). Saa kasasin yi de Chinafoɔ su “Wan” (頑), a ɛkyerɛ “asoɔden,” na “Aak” (惡), a ɛkyerɛ “atrimoɔden.” Sɛ yɛpirim yɛn akoma a, yɛn ani fira, na nneɛma pa ntumi mma yɛn akoma mu anaa yɛn adwene mu. Yɛma yɛn tirim yɛ den na yɛfiri aseɛ de yɛn adwene si wiase akɔnnɔ so kɛse a, na yɛreto yɛn akoma mu ama Onyankopɔn nneɛma. Yɛfa sɛ yɛde yɛn adwene bɛsi yɛn ankasa nsusuiiɛ nkutoo so berɛ a yɛnnye afoforɔ adwene ne wɔn akwankyerɛ ntom. Yɛfa sɛ yɛrenmue yɛn akoma mu mma Onyankopɔn nneɛma na mmom wiase nneɛma ne ɔtamfo nkɛntɛnsoɔ. Sɛ yɛpirim yɛn akoma a, yɛko tia Honhom Kronkron nkɛntɛnsoɔ no. Yɛnyɛ “no ntɛm sɛ yɛbɛkae Awurade,” na berɛ kɔ so no yɛbɛyɛ “ani anwu adeɛ” Ne nsɛm ho.

Alma kyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Ammonihah no sɛ ebinom “bɛpo Onyankopɔn Honhom no esiane sɛnea wɔn akoma yɛ den nti.” Ɔkyerɛkyerɛɛ nso sɛ “wɔn a wɔbɛma wɔn akoma ayɛ den no, wɔde asɛm no fa ketewaa no ma wɔn kɔsi sɛ wɔnnim hwee a ɛfa n’ahintasɛm ho.” Awieɛ koraa no, Honhom no twe ne ho, na Awurade “bɛyi [N’asɛm]” afiri wɔn a wɔayɛ wɔn akoma mu den no nsam, te sɛ Laman ne Lemuel. Esiane sɛ Laman ne Lemuel maa wɔn akoma yɛɛ den berɛ nyinaa, na wɔsɔre tiaa Honhom Kronkron no atenka, na wɔfaa sɛ wɔrennye wɔn Agya ne Nephi nsɛm ne ne nkyerɛkyerɛ ntom nti, awieɛ koraa no wɔpoo daa nokorɛ ahodoɔ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.

Nea ɛne Laman ne Lemuel bɔ abira no, Nephi brɛɛ ne ho ase berɛ nyinaa, hwehwɛɛ akwankyerɛ firii Awurade honhom hɔ. Na akyire no, Awurade maa Nephi akoma yɛɛ mmerɛ. Nephi kyɛ sɛ “ɔsufrɛɛAwurade; na hwɛ ɔbaa me nkyɛn, na ɔbɛbubuu m’akoma na megyee nsɛm a m’agya kaeɛ no nyinaa adiiɛ.” Awurade boaa Nephi ma ɔgyee Onyankopɔn ahintasɛm nyinaa ne Ne nsɛm nyinaa too mu, na ɔtee aseɛ. Nephi tumi nyaa Honhom Kronkron no afekubɔ berɛ nyinaa.

Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ na yɛampirim yɛn akoma?

Nea edi kan no, yɛbɛtumi anya daadaa adwensakra.

Yɛn Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Obiara a ɔsakyera na ɔba me nkyɛn sɛ akwadaa ketewa no, ɔno na mɛgye no.” Yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson, kyerɛkyerɛɛ:

Adwensakyera nkɔsoɔ safoa. Gyedie pa ma yɛkɔ anim wɔ apam kwan no so.

“Mesrɛ nsuro anaa ntwentwɛn adwensakyera ho. Ɔbonsam anigye wɔ w’awerɛhoɔ mu. Hyɛ aseɛ nnɛ nya suahunu wɔ anigyeɛ a ɛwɔ deɛ ɔpo nneɛma a ɛwɔ honam mu no. Agyenkwa no dɔ yɛn berɛ biara mmom titire berɛ a yɛsakyera.”

Berɛ a yɛnya anigyeɛ a ɛne sɛ yɛbɛma yɛn akoma ayɛ mmerɛ na yɛaba Awurade nkyɛn no, yɛbɛyɛ “sɛ abɔfra, ɔbrɛ ne ho ase, ɔdwo, ahobrɛaseɛ, ɔwɔ abotrɛ, ɔdɔ ahyɛ no ma, a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama nneɛma nyinaa a Awurade hu sɛ ɛfata sɛ ɔde ba ne so, berɛ mpo a abɔfra brɛ ne ho ase ma n’agya no.”

Nea ɛto so mmienu no, yɛbɛtumi asua ahobrɛaseɛ.

Dabiara adwensakra bɛma ahobrɛaseɛ aba yɛn akoma mu. Yɛpɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ Awurade anim, te sɛ deɛ abɔfra ketewa a ɔyɛ setie ma n’agya. Afei yɛbɛnya Honhom Kronkron no wɔ yɛn nkyɛn berɛ nyinaa, na yɛn akoma ayɛ mmerɛ.

Me ne me yere Sue, ahunu awarefoɔ bi a wɔn ho yɛ nwanwa mfeɛ nan a atwam no. Berɛ a yɛhyiaa wɔn mfitiaseɛ no, na ɔkunu no yɛ asɔre ba foforɔ, na na ne yere ne asɛmpatrɛfoɔ no rehyia asua asɛmpa no. Asɛmpatrɛfoɔ pii ne no hyiaaɛ sɛ wɔrebɛboa no ama waba Kristo nkyɛn. Yɛtee nka sɛ ɔwɔ asɛmpa no ho adanseɛ a ɛyɛ hyeɛ na ɔnim sɛ asɔre no yɛ nokorɛ. Ɔtaa te honhom no nka wɔ yɛn nsrahwɛ ahodoɔ no mu na ɔde ne ho hyɛɛ nhyiamu ahodoɔ no nyinaa mu denneeden. Na n’ani gye ho sɛ ɔne Ward no mu nnipa a wɔn ho yɛ nwanwa no bɛdi nkutaho. Nanso, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛhyɛ ne ho bɔ sɛ ɔbɛwura asubɔ nsuo mu. Da koro bi na ɔrekenkan adeɛ Moroni 7:43–44, a ɛka sɛ:

“Na bio, monhwɛ, mese mo sɛ ɔrentumi nnya gyedie ne anidasoɔ, gye sɛ ɔdwo, na ɔbrɛ ne ho ase wɔ akoma mu.

“Sɛ ɛte saa a, [wo] gyedie ne anidasoɔ yɛ ɔkwa, ɛfirisɛ obiara nni hɔ a wɔgye tom wɔ Onyankopɔn anim, gye akoma a ɛyɛ ɔdwoɔ ne nea ɛba fam.”

Berɛ a ɔkenkanee nkyekyɛmu ahodoɔ yi wieeɛ no, ɔhunuu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔsusuii sɛ wate nea ɛyɛ ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ ase. Nanso, na ne nteaseɛ no nnɔɔso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛnya gyidie ne anidasoɔ sɛ ɔbɛdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so. Na ɛsɛ sɛ ɔgyae ne n’asoɔden ne n’ankasa nyansa. Ɔfirii aseɛ brɛɛ ne ho ase wɔ adwensakra a ɛfiri akoma mu. Ɔfirii aseɛ tee ahobrɛaseɛ ase wɔ Onyankopɔn ani so. Ɔde ne ho too Ɔsoro Agya so na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma n’ankasa akoma ayɛ mmerɛ. Ɔnam mpaebɔ ahodoɔ yi so nyaa atenka sɛ Honhom no redi no adanseɛ sɛ Ɔsoro Agya pɛ sɛ wɔbɔ no asu.

Okunu ne ɔyere nyinaa kyɛɛ sɛ mmerɛ dodoɔ a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase no, dodoɔ no ara na wɔtumi te Onyankopɔn nsɛm ase, na wɔn akoma yɛɛ mmerɛ sɛ wɔbɛdi yɛn Awurade nkyerɛkyerɛ akyi.

Nea ɛto so miɛnsa no, yɛbɛtumi anya awerɛhyɛmu ne ahotɔsoɔ wɔ Agyenkwa no mu.

Na Nephi yɛ nhwɛsoɔ kɛseɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛma n’akoma ayɛ mmerɛ ɛnam ahotɔsoɔ a ɔwɔ wɔ Awurade mu. Ɔkyerɛɛ sɛ, “Mede me werɛ ahyɛ wo mu, na mede me werɛ bɛhyɛ wo mu afebɔɔ. Meremfa me werɛ nhyɛ honam abasa mu.” Saa ara nso na adiyisɛm bi a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith mu no, Awurade kaa sɛ, “Fa wo ho to saa honhom a ɛma woyɛ papa no so—yew, sɛ wobɛyɛ no yie, sɛ wobɛnante ahobrɛaseɛ mu.” Sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Awurade mu na yɛde yɛn ho to Ne so a, ɔbɛma yɛn akoma ayɛ mmerɛ, na wɔaboa yɛn wɔ yɛn sɔhwɛ, ɔhaw ahodoɔ, ne amanehunu mu.

Sɛ yɛfiri akoma mu nu yɛn ho, brɛ yɛn ho ase, na yɛde yɛn werɛ hyɛ Awurade mu na yɛde yɛn ho to Ne so a, yɛn akoma bɛyɛ mmerɛ. Afei ɔbɛhwie Ne honhom agu yɛn so na wakyerɛ yɛn ɔsoro ahintasɛm ahodoɔ. Yɛbɛgye nsɛmfua a wakyerɛkyerɛ no nyinaa adi, na yɛn nteaseɛ mu bɛyɛ kɛse.

Yɛn Agyenkwa Yesu Kristo yɛ ɔdwoɔ ho nhwɛsoɔ a ɛtwa toɔ. Wɔ 2 Nephi 31:7, yɛkenkan sɛ, “Nanso sɛ ɔyɛ kronkron deɛ, nanso ɔde kyerɛ nnipa mma sɛ, sɛnea honam kyerɛ no, ɔbrɛ ne ho ase wɔ Agya no anim, na Ɔdi agya no adanseɛ sɛ ɔbɛyɛ setie ama No wɔ ne mmara nsɛm a Ɔbɛdi so no mu.” Ɛwom sɛ na Ɔyɛ kronkron na Ɔyɛ pɛ deɛ, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase wɔ Agya no anim na ɔyɛɛ setie maa no ɛnam asubɔ a wɔbɔɔ no no nti.

Wɔ Ne asase sonna awieɛ no, Yesu Kristo de N’ankasa pɛ kɔmaa N’agya ɛnam kuruwa a ɛyɛ nwononwono no a ɔde ne ho hyɛɛ mu no so. Saa amanehunu yi maa no “ho popoeɛ esiane ɛyaw nti, na mogya tuu no wɔ tokuro biara mu, na ɛma nipadua ne honhom nyinaa hunuu amane.” Agyenkwa no bisaa sɛ ebia “Ɔrennom kuruwa nwononwono no, na ɔntwe.” Ɔkaa sɛ: “Ne nyinaa mu no, animuonyam nka Agya no, na [Ɔ]diiɛ na ɔwiee [Ne] ahosiesie maa nnipa mma.”

Anuanom mmarima ne mmaa, wɔama yɛn abrabɔ pa ho nhyehyɛeɛ. Yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛma yɛn akoma ayɛ den, anaasɛ yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛma yɛn akoma ayɛ mmerɛ. Wɔ yɛn dabiara da asetena mu no, yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛto nsa frɛ Awurade Honhom no ma ɔmmra mu na ɔntena yɛn koma mu. Menim sɛ wɔ saa nneɛma yi mu no, asomdwoeɛ ne anigyeɛ wɔ hɔ.

Momma yɛnni yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, nhwɛsoɔ no akyi, ɔno a ɔdii Agya no apɛdeɛ akyi. Berɛ a yɛreyɛ saa no, Awurade ahyɛ yɛn bɔ, “Saa nti, hwɛ, sɛ wɔrennyɛ wɔn akoma den a, mɛboaboa wɔn ano sɛdeɛ akokɔbaatan boa ne mma ano wɔ n’ataban ase.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.