Amansan Nhyiamu
Daa Nkwa Akyɛdeɛ Akɛseɛ: Yesu Kristo Mpata, Owusɔreɛ, Mmaeɛ Bio
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


13:56

Daa Nkwa Akyɛdeɛ Akɛseɛ: Yesu Kristo Mpata, Owusɔreɛ, Mmaeɛ Bio

Yɛhu wɔ Easter mu wɔ Yesu Kristo asomdwoeɛ mu, yɛrebɛyɛ, na yɛbɛka ho bi —nea ɛyɛ nokorɛ na ɛyɛ anigye daa, anigyeɛ ne daa daa.

Mfeɛ bi a atwam, yɛn anɔpa asɛmpa adesuakuo kaa Twerɛ Kronkron mu nsɛm a na ɛwɛ yɛn tirim. Sɛnea ɛte no, wɔtwee me kɔɔ nkyekyemu ntiantiaa so. Yei bi ne Yohane 11:35—nkyekyɛmu a ɛyɛ tia pa ara wɔ twerɛsɛm mu, nsɛmfua mmienu pɛ—“Yesu suiɛ.”

Me fa mu seesei, sɛ Yesu su awerɛhoɔ ne anigyeɛ mu no di anwanwadeɛ a ɛwɔ hɔ no ho adanseɛ: Onyankopɔn soro Ba no baa ɛwuo tebea mu wɔ honam fam na ɔsuaa sɛdeɛ ɔbɛka yɛn ho berɛ biara na wahyira yɛn sɛdeɛ honam fam pɛ teɛ.

Sɛ yɛteam wɔ awerɛhoɔ anaa anigyeɛ mu a, Yesu Kristo te aseɛ pɛpɛɛpɛ. Ɔbɛtumi aba berɛ a yɛhia daa akyɛdeɛ akɛseɛ no mu kɛse: Yesu Kristo Mpata, Owusɔre, mmaeɛ bio.

Yesu suii.

Mary ne Martha su wɔn nuabarima Lazarus, a wawuo. Ahummɔborɔ hyɛɛ No ma nti, Yesu suui. Ɔnyane Lazurus ba nkwa mu.

Yesu hwɛ Yerusalem wɔ Twam no anɔpa. Ɔsu, a ɔntumi mmoaboa Ne nkorɔfoɔ ano sɛdeɛ akokɔbaatan bɛyɛ ne mma. Ɛnnɛ Ne Mpata no ma yɛn anidasoɔ berɛ a yɛdi awerɛhoɔ wɔ deɛ anka ɛbɛtumi aba ho.

Bobeturo Wura no su berɛ a Ɔbisa Ne nkoa, a yɛbɛtumi aka ho sɛ anuanom mmarima ne mmaa a wɔsom no, “Deɛn na anka mɛtumi ayɛ pii ama me bobeturo no?”

Mary gyina hɔ awerɛhoɔ mu wɔ ɔdamoa no ho. Yesu bisa bɔkɔɔ sɛ, “Adɛn nti na woresu?” Ɔnim sɛ “ɛsu bɛwɔ hɔ anadwo, nanso anigyeɛ ba anɔpa.” Owusɔreɛ de adekyeɛ ba ma obiara.

Wɔ Mormon Nwoma nsase so, berɛ a nnipadɔm anokwafoɔ sɔre ma no no, Yesu anigyeɛ yɛ ma. Ɔsu.

“Na ɔfaa wɔn mma nkumaa no mmaako mmaako, na ɔhyiraa wɔn, na ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Agya no maa wɔn.

“Na ɔyɛɛ yei wieeɛ no, ɔsan suui.”

Yei ne Easter wɔ Yesu Kristo mu: Obua yɛn akoma mu apɛdeɛ ne yɛn akra nsɛmmisa. Ɔpopa yɛn nisuo, gye sɛ yɛn anigyeɛ nisuo.

Sɛ yɛn nisuo sene a, ɛtɔ mmerɛ bi a yɛpa kyɛw, ɛyɛ yɛn aniwu. Nanso yɛnim sɛ Yesu Kristo te asetena mu yea ne anigyeɛ ase no bɛtumi ama yɛn ahoɔden a ɛboro yɛn ankasa deɛ so berɛ a yɛnam yea ne ɛdɛ mu.

Wɔ South Amerika, agya bi su. Adeɛ a ɛma n’ani gye wɔ n’asetena mu, ne babaa kumaa, awu. Ɔteam wɔ me nsa so sɛ, “Mede biribiara bɛma na mahunu no bio.” Me nso mesu.

Elder Gong wɔ Puebla Mexico Tɛmpol mu nhyirasoɔ no.

Wɔ Puebla Mexico Tɛmpol nhyirasoɔ berɛ no, anigyeɛ suu nisuo tenee onuabaa bi a ɔdɔ no anim. Ne su ahodoɔ no kyerɛ gyidie ne afɔrebɔ. Ɔka sɛ, “Todos mis hijos estan aqui en el templo hoy”—“Me mma nyinaa wɔ tɛmpol ha ɛnnɛ.” Awoɔ ntoatoasoɔ a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ Awurade fie no de anigyeɛ ne aseda nisuo ba.

In cruel civil war, families and neighbors did unspeakable things to each other. Nisuo a ɛyɛ yea de nkakrankakra rema gyedie kwan. Ne nne a ɛrepopo, ɔbaa bi a ɔwɔ akuraa ketewa bi ase ka sɛ, “Me fipamnii, ansa na mɛkɔ m’adamena mu no, mepɛ sɛ wuhu baabi a wobɛhu w’abusua mufoɔ a wɔayera no.”

Wɔresɔ ayeforɔ bi a ɔhyerɛn ne ayefokunu a ne ho yɛ fɛ ano wɔ Awurade fie. Wadi mfeɛ 70, te sɛ ɔbarima no. Ayeforɔ a ne ho yɛ fɛ, watwɛn nokorɛ mu ama da yi. Ɔde fɛreɛ dane n’ayeforɔ atadeɛ no kɔ fa, ba fa. Yɛsuii wɔ anigyeɛ mu. Onyankopɔn bɔhyɛ ahodoɔ aba mu. N’apam de nhyira ba.

Berɛ a na ɔsra onuabaa kunafoɔ bi no, Boyd K. Packer a na ɔnnyiniiɛ suaa ɔdɔ adeɛ bi. Ɔne ne kunu akasakasa bi akyire no, na onuabaa no aka asɛm bi atwa toɔ a na ɛyɛ yea. Akwanhyia bi a na wɔnhwɛ kwan gyee ne kunu nkwa saa da no. “Wɔ mfeɛ aduonum,” okunafoɔ no de esu kaa sɛ, “Matena yea mu, a menim sɛ nsɛm a ɛtwa toɔ a ɔte firii m’ano no yɛ asɛm a ɛyɛ yea, yɛ abufuo.”

Easter wɔ Yesu Kristo mu boa yɛn ma yɛsiesie, kabom, tenetene yɛn abusuabɔ, wɔ nkatanim no afanu nyinaa. Yesu bɛtumi asa awerɛhoɔ; Ɔbɛtumi ama bɔnefakyɛ aba. Ɔbɛtumi ama yɛn ne afoforɔ ahofadie afiri neɛma a yɛn anaa wɔaka anaa wɔayɛ a ɛfa yɛn nnɔmum no ho.

Easter wɔ Yesu Kristo mu ma yɛte Onyankopɔn mpenesoɔ nka. Wiase yi ka kyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ tenten dodo, yɛyɛ tiatia dodo, trɛ dodo, yɛyɛ teateaa dodo—nnim nyansa, ne ho yɛ fɛ, anaa honhom mu wieyɔ. Ɛnam honhom mu nsakraeɛ wɔ Yesu Kristo mu no yɛbɛtumi adwane afiri pɛyɛ a ɛma obi yɛ mmerɛ ho.

Yɛde Easter anigyeɛ to nnwom sɛ, “Wadi owuo so nkonim; onipa ade ne ho. Kristo adi nkonim.” Kristo Wusɔreɛ no gye yɛn firi owuo nsam, firi berɛ mu mmrɛyɛ ne honam fam sintɔ ahodoɔ mu. Yesu Kristo Mpata no san siesie yɛn wɔ honhom mu. Mogya firii tokuro biara mu, na ɔsuu mogya sɛdeɛ ɛbɛma yɛadwane bɔne ne ntetemu. Ɔka yɛne afoforɔ, ne Onyankopɔn bom, ma yɛdi mu yɛ kronkron. Wɔ nneɛma pa nyinaa mu no, Yesu Kristo ma pii san ba—ɛnyɛ deɛ na ɛwɔ hɔ nko, na mmom deɛ ɛbɛtumi awɔ hɔ nso.

Yesu abrabɔ ne hann di Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma Ne mma nyinaa ho adanseɛ. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛn Agya dɔ Ne mma nyinaa wɔ mfeɛ ne asase biara so nti, yɛhunu Ne frɛ sɛ yɛmmɛnya asomdwoeɛ ne anigyeɛ wɔ Ne mu no wɔ amanneɛ ne amammerɛ bebree mu. Baabiara, berɛ biara, onipa korɔ a yɛyɛ no, yɛkyɛ ɔsoro nipasu sɛ Ɔbɔadeɛ koro no ara mma. Wɔ saa kwan no ara so, Nkramosom, Yudasom, ne Kristosom akyidifoɔ kyɛ nyamesom agyapadeɛ wɔ Agya Abraham ne apam abusuabɔ mu ɛnam nsɛm a ɛsisii wɔ tete Misraim.

Agya Abraham baa Misraim na wɔhyiraa no.

Joseph a wɔtɔn no kɔ nkoasom mu wɔ Egypt no nim sɛ Pharaoh daeɛso no kyerɛ mfeɛ nson a nneɛma pii bɛba a ɛkɔm mfeɛ nson di akyire. Joseph gyee n’abusua ne ne nkorɔfoɔ nkwa. Joseph suui berɛ a ɔhunuu Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kɛseɛ, a nneɛma nyinaa bom yɛ adwuma ma wɔn a wɔdi wɔn apam so no.

Mose, a wɔtetee no wɔ Misraim wɔ Pharaoh fie no gyee nsafoa a wɔde boaboa Onyankopɔn mma ano no na akyire yi ɔsan de baeɛ.

Yosef, Maria, ne Yesu dwane kɔɔ Egypt.

Sɛdeɛ nkɔnhyɛ bɛba mu no, Yosef, Maria, ne akokoaa Kristo hwehwɛɛ dwankɔbea wɔ Misraim. Wɔ Cairo,nkramoni nyamesomni bi de buo ka sɛ: “Quran kyerɛkyerɛ sɛ Yosef, Maria, ne akokoaa Yesu nyaa ahobammɔ ne dwankɔbea wɔ me man mu. Wɔ me man mu no, Yesu dii yɛn aduane, tuu N’anammɔn a ɛdi kan, kaa Ne kasa a ɛdi kan berɛ a na ɔyɛ abɔfra. Wɔ me man yi mu, yɛgye di sɛ nnua kyea baa fam maa Ɔne N’abusua aduaba. Ɔbaa me man mu no hyiraa yɛn nkorɔfoɔ ne asase no.”

Onyankopɔn abrabɔ pa ne asetena mu ɔpɛ ho nhyehyɛeɛ ma yɛtumi fa yɛn ankasa suahunu so sua adeɛ. Yɛn asetena mu asuadeɛ akɛseɛ no bi firi nneɛma a anka yɛrenyi da mu. Ɔdɔ mu no, Yesu Kristo siane baa fam na ɔforo kɔɔ soro traa nneɛma nyinaa. Ɔdi ahurisie wɔ yɛn soro tumi ma adeyɛ ne anigyeɛ, ayamyɛ a ɛnhwehwɛ akatua, gyedie a ɛkɔ adwensakyera ne bɔnefakyɛ mu. Na ɔde awerɛhoɔ su wɔ yɛn nnipa amanehunu, atirimɔdensɛm, deɛ ɛntene—a deɛ nnipa yi na ɛtaa de ba ho—sɛdeɛ ɔsoro ne ɔsoro Nyankopɔn ne wɔn yɛ no.

Easter fifiberɛ biara di adanseɛ sɛ honhom mu nsɛm a ɛtoatoa so ne nhyiamu nyinaa ka ɔsoro mpata nhyehyɛeɛ, owusɔreɛ, ne mmaeɛ bio a ɛnam Yesu Kristo so ho. Nhyiamu kronkron a ɛyɛ sɛnkyerɛnneɛ yi mma sɛ akwanhyia anaa ɛba kɛkɛ. Mmerɛnkɛnsono Kwasiada, Nnawɔtwe Kronkron, ne Easter di Kristo Mpata ne Wusɔreɛ ho afahyɛ. Sɛ nnɛ, Oforisuo 6 biara yɛkae Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a wɔde sii hɔ ne ne nhyehyɛeɛ no. Saa Mmaeɛ bio yi ne deɛ enti a yɛhyia Kwasiada a ɛdi kan wɔ Oforisuo bosome biara mu wɔ amansan nhyiamu mu.

Mmaeɛ bio nso baa berɛ a Yesu Kristo, Mose, Elias, ne Elia a wɔanyane wɔn no san de asɔfodie nsafoa baeɛ wɔ Kirtland Tɛmpol a na wɔahyira so foforɔ no mu wɔ Easter Kwasiada, 1836. Saa beaɛ no wɔ saa da no, wɔde Onyankopɔn tumi ne nhyira sɛ wɔbɛboaboa Ne mma ano, asiesie Ne mma ama wɔasan aba Ne nkyɛn, na wɔaka mmusua abom ama daapem no maa Yesu Kristo Asɔre a wɔasan de aba no. Saa da no mmaeɛ bio no maa nkɔnhyɛ no baa mu berɛ a ɛsii wɔ Easter ne Twam nyinaa.

Elder Gong wɔ Kirtland Tɛmpol mu.

Nansa yi ara mekɔɔ mmeaɛ kronkron pii a Kirtland Tɛmpol ka ho wɔ Ohio baabi a Nkɔmhyɛni Joseph ne afoforɔ hunuu Onyankopɔn yɛn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo wɔ anisoadehunu mu no. Nkɔmhyɛni Joseph hunuu sɛdeɛ ɔsoro teɛ. Wɔ ɔsoro no, Ɔsoro Agya, nam Yesu Kristo so, “sie ne nsa ano nnwuma nyinaa” wɔ animuonyam ahennie mu. Wɔn a wɔnka ho yɛ wɔn a wɔhyɛ da sɛ “wɔpo Ɔba no berɛ a Agya no ada no adi no.”

Berɛ a N’asase so som adwuma no hyɛɛ aseɛ no, Yesu daa no adi sɛ Ɔbɛhyira ankoroankoro a ɔwɔ ɔpɛ wɔ nneɛma nyinaa ho—wɔ berɛ biara mu, asase biara so, tebea biara mu. Ɔdii mmuada nnafua 40 na wɔsɔɔ no hwɛɛ wɔ ɛserɛ no so akyi no, Yesu kɔɔ hyiadan no mu na ɔkenkanee sɛ, “Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ menkɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yareɛ, sɛ menka ɔgyeɛ nsɛm nkyerɛ nnɔmmumfoɔ, na anifirafoɔ ani nte, sɛ wɔn a wɔapira nya fahodie.”

Ohia, akoma a abubuo, nnɔmmum, anifira, pira—yɛ yɛn mu biara.

Yesaia Nwoma no toa Mesaiah bɔhyɛ a ɛne anidasoɔ, ɔgyeɛ, awerɛhyɛmu so: “Hyehyɛ abooboodifoɔ wɔ Sion, … ma wɔn ahoɔfɛ nsi nsono ananmu, anigyeɛ ngo ma awerɛhoɔ, ayɛyie atadeɛ ma honhom a ayɛ duru.”

Na, yɛteam, “Awurade mu na mɛdi ahurusie, me kra ani bɛgye wɔ me Nyankopɔn mu; ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ ataadeɛ ahyɛ me, na ɔde tenenee batakari akata me so.”

Easter berɛ biara yɛdi, sɛ sɛnkyerɛnneɛ mua no, daapem akyɛdeɛ akɛseɛ a ɛnam Yesu Kristo so: Ne Mpata, Ne (ne yɛn bɔhyɛ) Wusɔreɛ ankasa, Ne nna a ɛdi akyire Asɔre Mmaeɛ bio a asɔfodie nsafoa ne tumi a wɔde hyira Onyankopɔn mma nyinaa ka ho no afahyɛ. Yɛdi ahurisie wɔ nkwagyeɛ ntaadeɛ ne tenenee batakari ho. Yɛteam sɛ, “Hosanna nka Onyankopɔn ne Odwammaa no!”

“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ne ba a ɔwoo no koro maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.”

Yɛn mu biara nhunu wɔ Yesu Kristo mu, mpata, owusɔreɛ, ne mmaeɛ bio—asomdwoeɛ, yɛrebɛyɛ, ne yɛreka ho—deɛ ɛyɛ daa ankasa ne ahurisie, anigyeɛ ne daadaa, Ne din kronkron, Yesu Kristo mu na mebɔ mpaeɛ, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Alma 7:11–12. Hyɛ apam bɔhyɛ a ɛwɔ sacrament ayɛyɛdeɛ no mu nso nso: Yɛfa Yesu Kristo din to yɛn ho so, “kae no berɛ nyinaa na yɛdi ne mmaransɛm so… ;na [yɛn] atumi anya ne honhom berɛ nyinaa aka [yɛn] ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77).

  2. Hwɛ Yohane 11:33–35, 39–44.

  3. Hwɛ Luka 19:41–44; san hwɛ Mateo 23:37; Luka 13:34.

  4. Yakobo 5:41.

  5. Yohane 20:15.

  6. Nnwom 30:5.

  7. 3 Nephi 17:21–22.

  8. Hwɛ Nnwom 107:9; Yeremia 33:3.

  9. Hwɛ Yesaia 25:8.

  10. Hwɛ Alma 26:12.

  11. Hwɛ Boyd K. Packer, “The Saints Securely Dwell,” Ensign, Ɔpɛpɔn. 1973, 89–90.

  12. “W’asɔre!,” Nnwomno. 199, san si anigyesɛm a ɛwɔ 2 Nephi 9:10: Yesu Kristo “siesie kwan bi a yɛbɛfa so adwane afiri aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu yi nsam; aane, saa aboa kɛseɛ no, owuo ne asanmando, nipadua no wuo, ne honhom no wuo nso.”

  13. Hwɛ Gyenesis 37–47. Joseph a ɔde n’agya Yakob ne n’abusua baa Misraim no gyina hɔ ma ɔbabarima ne agya a wɔatete wɔn mu akyɛ a wɔasan aka bom. Ɛsan nso bɛyɛ kwan a wɔfa so kora Yakob abusua ne apam asefoɔ a Lehi ne n’abusua ka ho no. (Hwɛ 1 Nephi 5:14–15; 6:2.)

  14. Hwɛ Gyenesis 45:1–8.

  15. Hwɛ Romanfoɔ 8:28; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 90:24; 98:3.

  16. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:11; san hwɛ Marko 9:2–10; Luka 9:28–36.

  17. Hwɛ Mateo 2:13–15.

  18. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:6; 122:8.

  19. Hwɛ Moses 7:28.

  20. Yɛka Easter fifiberɛ no ho asɛm, hunu sɛ Easter bɛtumi aba wɔ Ɔbɛnnem anaa Oforisuo mu, na fifiberɛ a ɛwɔ atifi fam no taa ba wɔ Ɔbɛnnem anaa Oforisuo mu. Ɛmfa ho da pɔtee a Easter si no, Easter berɛ no kae yɛn daa nkwa akyɛdeɛ akɛseɛ a ɛnam Yesu Kristo so.

  21. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 21:3; 115:4.

  22. Ɛtɔ mmerɛ bi a, afahyɛ ahodoɔ kronkron a ɛba Easter berɛ biara mu no hyia pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛsoɔ no, Easter ne amansan nhyiamu no ba Kwasiada korɔ no ara wɔ 2026 ne 2029 mu. Mmerɛnkɛnso Kwasiada ne amansan nhyiamu kɔ so Kwasiada korɔ no ara wɔ 2031 ne 2034 mu. Twam afahyɛ si bɛn Easter ne amansan nhyiamu wɔ afe 2026 ne 2029 mu. Ɛmfa ho sɛ saa afahyɛ ahodoɔ yi hyia pɛpɛɛpɛ anaa ɛnte saa no, yɛte aseɛ sɛ wɔn ahyiaɛ a ɛbɛn no nyɛ ɛbaa kɛkɛ anaa sɛ akwanhyia; ɛyɛ kronkron na ɛyɛ sɛnkyerɛnneɛ.

  23. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110.

  24. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:43; san hwɛ nkyekyɛmu 42.

  25. Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛ sɛ: “Asɔre a wɔasan de aba yi botaeɛ ne sɛ ɛbɛsiesie Onyankopɔn mma ama nkwagyeɛ wɔ sɛlɛtia animuonyam mu, ne titire no, ma mmasoɔ wɔ ne gyinabea a ɛkorɔn pa ara” (“Kingdoms of Glory,” Liahona, Nov. 2023, 27).

  26. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:43.

  27. Luka 4:18; san hwɛ Yesaia 61:1.

  28. Yesaia 61:3.

  29. Yesaia 61:10.

  30. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 109:79.

  31. Yohane 3:16.