Anidie a wɔde ma Nneɛma Kronkron
Anidie a wɔde ma kronkron no ma aseda ankasa ba, ɛtrɛ nokorɛ anigyeɛ mu, ɛma yɛn adwene kɔ adiyisɛm so, na ɛde anigye kɛseɛ ba yɛn asetena mu.
Wɔ Eksodɔs nwoma no mu no, yɛne Mose kɔ Bepɔ Horeb so berɛ a ɔdane ne ho firi ne daa haw ahodoɔ ho—biribi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ—sɛ yɛbɛhunu nwura a ɛredɛre a na ɛnhye no. Ɔrebɛn ho no, “Onyankopɔn frɛɛ no firii nwura no mfimfini, na ɔkaa sɛ, Mose, Mose. Na ɔkaa sɛ, me Nie. Na [Onyankopɔn] kaa sɛ, yi wo mpaboa firi wo nan ase, ɛfiri sɛ beaeɛ a wogyina no yɛ asase kronkron.” Wɔ anidie kɛseɛ mu, ahobrɛaseɛ, ne ahodwiri mu no, Mose yii ne mpaboa na ɔsiesiee ne ho sɛ ɔbɛte Awurade asɛm na wanya N’anim kronkron no mu suahunu.
Saa bepɔ so adiyisɛm kronkron kɛseɛ, suahunu a anidie ahyɛ ma no, de Mose bataa ne soro nipasu ho a nokorɛ mu no, na ɛyɛ ade titire wɔ ne nsakraeɛ firi odwanhwɛfoɔ a ɔbrɛ ne ho ase kɔɔ nkɔmhyɛni a ɔwɔ tumi mu, na ɛmaa no faa kwan foforɔ so wɔ abrabɔ mu. Saa ara nso na yɛn mu biara bɛtumi asesa yɛn asuafoyɛ ayɛ no honhom mu tebea a ɛkorɔn berɛ a yɛkyerɛ anidie ma yɛn honhom fam suban a ɛyɛ kronkron no.
Wɔbɛtumi ahunu asɛmfua anidie no afiri Latin adeyɛ asɛm a wɔka no revereri, a ɛkyerɛ sɛ “gyina hɔ ma ɛyɛ nwanwa.” Wɔ asɛmpa no nteaseɛ mu no, saa nkyerɛaseɛ yi ne obuo, ɔdɔ, ne aseda ho atenka anaa suban bi di afra. Nsɛm a ɛte saa a wɔn a wɔwɔ ahonu akoma ne ahofama a ɛmu dɔ ma Onyankopɔn ne Yesu Kristo de ma nneɛ kronkron no de anigyeɛ kɛseɛ ba wɔn akra mu.
Anidie a wɔde ma nneɛma kronkron yɛ honhom mu su a ɛho hia a wɔda no adi kɛse; ɛyɛ deɛ ɛfiri abusuabɔ a ɛwɔ yɛne kronkronyɛ ntam no mu ba na ɛda yɛn dɔ a yɛwɔ ma yɛn Soro Agya ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo no adi. Ɛsan nso yɛ ɔkra no mu suahunu ahodoɔ a ɛkorɔn kyɛn biribiara no mu baako. Suban pa a ɛte saa de yɛn nsusuiiɛ, akoma, ne yɛn abrabɔ kɔ Onyame so. Nokorɛ mu no, anidie nyɛ honhom fam nneɛma fa bi kɛkɛ; ɛyɛ deɛ ɛho hia—fapem a honhom fam nneɛma gyina so, a ɛka ankorankoro ne ɔsoro bom, sɛdeɛ yɛn mma kyerɛkyerɛ berɛ a wɔto nnwom: “Sɛ mekyerɛ anidie a, menim wɔ m’akoma mu Ɔsoro Agya ne Yesu abɛn.”
Sɛ Yesu Kristo asuafoɔ no, wɔfrɛ yɛn sɛ yɛmfa anidie akyɛdeɛ a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu no nyɛ adwuma sɛdeɛ yɛbɛma yɛne Onyankopɔn ne Ne Ba Yesu Kristo anya nkutahodie a ɛmu dɔ, na berɛ korɔ no ara yɛahyɛ yɛn honhom fam suban mu den. Sɛ na yɛwɔ atenka a ɛte saa kɛseɛ wɔ yɛn akoma mu a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ anka anigyeɛ ne ahosɛpɛ kɛseɛ bɛba yɛn abrabɔ mu, na anka apinisie ne awerɛhoɔ bɛyɛ kakraa bi. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ anidie a yɛda no adi ma nneɛma kronkron no ma nteaseɛ ba deɛ yɛyɛ no daa no mu pii mu na ɛhyɛ yɛn aseda ho atenka mu den—anidie kɛseɛ, obuo, ne ɔdɔ ma nneɛma a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron.
Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛte wiase bi a anidie a wɔde ma nneɛma kronkron no reyɛ ayera kɛse. Nokwasɛm, wiase taa di wɔn a wɔnni obuo no ho afahyɛ, sɛdeɛ dawurubɔ nsɛmma nwoma, telɛfihyɛn so dwumadie, anaa intanɛte di adanseɛ no. Obuo a ɛnni hɔ mma nneɛma kronkron no ma ɛmfa-me-ho suban ne anibiannasoɔ nneyɛɛ yɛ kɛse wɔ abrabɔ mu, a ɛbɛtumi ama awoɔ ntoatoasoɔ baako asɛe ntɛmntɛm ma ɛde awoɔ ntoatoaso a edi hɔ no akɔ awerɛhoɔ mu.
Obuo a wɔnni nso bɛtumi atwe yɛn afiri abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn apam de ma yɛn no ho na ate yɛn akontabuo wɔ Onyame anim ho nteaseɛ so. Ne saa nti, yɛde yɛn ho to asiane mu berɛ a yɛdwene yɛn ankasa ahotɔ nko ara ho; pɛ ɔmee ama yɛn akɔnnɔ a yɛntumi nni so; na awieeɛ no, yɛduru baabi a yɛbu nneɛma kronkron, mpo Onyankopɔn, na afei yɛn soro su sɛ Ɔsoro Agya mma no animtia. Obuo a ɛnni hɔ mma nneɛma kronkron no ma ɔtamfo no botaeɛ ahodoɔ no kɔ anim na ɛsɛe yɛn adiyisɛm akwan a ɛhia ahwɛyie, a ɛho hia kɛse ma yɛn honhom mu asetena wɔ yɛn berɛ so.
Wɔama nneɛma kronkron nkyerɛaseɛ ne sɛdeɛ ɛho hia yie wɔ twerɛnsɛm no mu nyinaa. Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu nhwɛsoɔ baako bɛyɛ te sɛ deɛ ɛkyerɛ sɛ anidie a wɔde ma yɛn Soro Agya ne Ne Ba Yesu Kristo no yɛ su pa a ɛho hia ma wɔn a wɔnya sɛlɛtia ahennie no.
Sɛ asɔre no yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma Agya no ne Ɔba no ayɛ kronkron pa ara ne obuo wɔ kwan biara so, a sɛdeɛ yɛyɛ Wɔn mfonini ahodoɔ no ka ho bi. Honhom Kronkron no akwankyerɛ yɛ ade titire ma sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mfonin ahodoɔ yi da Agya no ne Ɔba no kronkron tebea, su, ne nyamesu ahodoɔ adi. Yɛhwɛ yie sɛ yɛbɛkwati sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛtumi atwe adwene afiri yɛn botaeɛ titire a ɛwɔ yɛn Soro Agya no ne Ne Ba Yesu Kristo ne Wɔn nkyerɛkyerɛ so, a sɛdeɛ yɛde nnwinnadeɛ a ɛkɔ anim a mfididwuma de ma, te sɛ abɛɛfo nimdeɛ (AI) a yɛde reyɛ nneɛma ne mfonini ahodoɔ ka ho.
Wɔde saa nnyinasosɛm korɔ yi ara di dwuma wɔ nsɛm biara a ɛnam Asɔre no nkutahodie akwan so ba mu. Wɔde ahwɛyie ayɛ adesua, nwoma, atwerɛ nwoma, ne nkrasɛm biara na wɔapene so wɔ Honhom no akwankyerɛ ase sɛdeɛ ɛbɛhwɛ sɛ yɛbɛkɔ so akura Yesu Kristo asɛmpa no su pa, mudie ne nhyehyɛeɛ mu. Wɔ nnansa yi nkrasɛm bi a wɔde maa Asɔre no mu mmeranteɛ ne mmabaawa no, Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ wobɛtumi afa honhom fam ne mfididwuma ho nhyehyɛeɛ a ɛyɛ den no mu no, ɛsɛ sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ de ahobrɛaseɛ ne mpaebɔ (1) hunu asɛmpa no nnyinasosɛm ahodoɔ a ɛbɛtumi aboa sɛdeɛ wɔde AI bɛdi dwuma ne (2) bɔ mmɔden nya Honhom Kronkron ne honhom mu adiyisɛm akyɛdeɛ no.”
Me nuanom adɔfoɔ, sɛdeɛ nnɛ yi mfididwuma abɛyɛ biribi a ɛyɛ den no, ɛrentumi nkanyan anwanwadeɛ, ehu, ne ahodwiri a wɔhu wɔ anidie a ɛfiri Honhom Kronkron no nkɛntɛnsoɔ mu ba no kɛkɛ. Sɛ Kristo akyidifoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yie na yɛamma yɛne Onyankopɔn ne ne Ba no ntam abusuabɔ so ante ɛnam nneɛma a AI a yɛde yɛ nneɛma ne mfonini ahodoɔ a ɛmfata no so. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnnɛ yi mfididwuma mu “ɔhonam nsa” a yɛde yɛn ho bɛto so no yɛ adeɛ a ɛnyɛ papa na ɛnyɛ obuo a wɔde bɛsi nhyɛsoɔ, nkɔsoɔ, ne adanseɛ a wobɛtumi anya ɛnam Honhom Kronkron tumi nkutoo so. Sɛdeɛ Nephi paee mu kaeɛ no: “O Awurade, mede me ho ato wo so, na mede me ho bɛto wo so daa. Meremfa me werɛ nhyɛ honam abasa mu.”
Wɔ adiyisɛm foforɔ mu no, wɔhyɛɛ Nkɔnhyɛni Joseph Smith sɛ ɛsɛ sɛ tɛmpol ahodoɔ a wɔasisi ama Awurade no yɛ beaeɛ a anidie wɔ hɔ ma No. Wɔ ne som adwuma no nyinaa mu no, yɛn Nkɔnhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson, asi yɛn som wɔ anidie mu so dua dendeenden wɔ tɛmpol kronkron mu. Wɔ Awurade fie no wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛbɛhyɛn Agya ne Ɔba no anim kronkron no mu. Mahunu no ber[ biara sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ na mpo ɛkanyan sɛ nneɛma a ɛdi kan a yɛyɛ berɛ a yɛwura tɛmpol mu na yɛsiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ no mu baako ne sɛ yɛbɛyi yɛn mpaboa na yɛasesa ahyɛ yɛn ntadeɛ fitaa no. Te sɛ Mose no, sɛ yɛhyɛ da yɛ a, yɛbɛtumi ahunu sɛ yɛn wiase mpaboa a yɛbɛyi afiri hɔ no yɛ anammɔn kronkron a yɛbɛfa so na yɛasakra wɔ akwan a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron so.
Anuanom adɔfoɔ, ɛnhia sɛ yɛforo kɔ bepɔ bi atifi, sɛdeɛ Mose yɛeɛ no, sɛ yɛbɛhunu anidie a yɛwɔ ma nneɛma kronkron na yɛasakra yɛn asuafoyɛ no ayɛ honhom ne ahofama a ɛmu dɔ. Yɛbɛtumi ahunu, sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn fie tebea ho ban afiri wiase nkɛntɛnsoɔ ho. Yei bɛtumi aba mu ɛnam mpaeɛ a yɛfiri akoma mu bɔ no anibereɛ so wɔ yɛn soro Agya anim wɔ Yesu Kristo din mu na yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛhunu yɛn Agyenkwa no yie ɛnam nsiyɛ a yɛde sua Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ twerɛnsɛm no mu ne yɛn nkɔnhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ mu. Bio, honhom mu nsakraeɛ a ɛte saa no bɛtumi aba berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi apam ahodoɔ a yɛne Awurade ayɛ no ni ɛnam setie a yɛbɛyɛ ama Ne mmara nsɛm no so. Saa mɔdenmmɔ ahodoɔ yi bɛtumi de kommyɛ ne dinnyɛ aba yɛn akoma mu. Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ nneyɛɛ a ɛtete saa a yɛde yɛn adwene bɛsi so no bɛtumi aboa ama yɛadane yɛn afie ayɛ no honhom mu dwankɔbea a anidie wɔ—ankasa gyedie kronkron mmeaeɛ a honhom no wɔ, te sɛ Mose bepɔ so suahunu no ara.
Yɛbɛtumi nso anya honhom mu nsakraeɛ a ɛte saa no mu suahunu berɛ a yɛde nokorɛdie de yɛn ho hyɛ asɔre no som mu, a yɛrema yɛn akoma akɔ Awurade so ɛnam yɛn nnwom kronkron a yɛto firi akomam so ka ho. Sɛ yɛtwe yɛn ho—te sɛ Mose—firi wiase nneɛma a ɛtwe adwene, titire yɛn fonn anaa biribiara a ɛne saa berɛ kronkron yi nhyia mu a, ɛma yɛtumi de yɛn adwene nyinaa kɔ sakramente no a yɛbɛdi so, a yɛn adwene ne yɛn akoma si Agyenkwa no ne Ne mpata afɔrebɔ ne yɛn ankasa apam so. Sakramente adwene a ɛte saa no bɛma yɛne Agyenkwa no adidi berɛ foforɔ wɔ anidie mu na ɛbɛma Homeda ayɛ anigyeɛ na asakra yɛn abrabɔ.
Awieeɛ no, yɛbɛtumi anya honhom mu nsakraeɛ yi mu suahunu wɔ yɛn asuafoyɛ mu berɛ a yɛtaa som wɔ Awurade fie bepɔ so—yɛn tɛmpol kronkron mu—na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde apam mu ahotosoɔ bɛtena ase, titire berɛ a yɛhyia asetena mu sɔhwɛ ahodoɔ no.
Me ne me yere ankasa anya mmepɔ so mmerɛ kronkron bi mu suahunu wɔ anidie mu berɛ a yɛabɔ mmɔden sɛ yɛde nnyinasosɛm ahodoɔ yi bɛdi dwuma wɔ yɛn asetena mu, a ɛde nsakraeɛ a nteaseɛ wom aba yɛn asuafoyɛ mu. Mekae sɛ ɛte sɛ nea nnora na merenante amusieɛ no mu ansa na meresie yɛn ba a ɔto so mmienu a wɔwoo no berɛ a na ɔnnyiniiɛ na wannya nkwa, berɛ a na me yere da so ara ho retɔ no wɔ ayaresabea hɔ no. Mekae sɛ mebɔɔ mpaeɛ dendeenden kyerɛɛ Onyankopɔn, na mesrɛɛ mmoa de gyinaa saa sɔhwɛ a ɛmu yɛ den no ano. Saa berɛ no ara mu no, menyaa honhom fam awerɛhyem a ɛmu da hɔ na tumi wom wɔ m’akoma mu sɛ: biribiara bɛyɛ yie wɔ yɛn asetena mu sɛ me ne me yere gyina, na yɛkura anigyeɛ a ɛfiri Yesu Kristo asɛmpa no mu ba no so a. Deɛ na ɛte sɛ ɔhaw dennden a wɔntumi nni so, a na ɛyɛ awerɛhoɔ saa berɛ no danee suahunu kronkron, a anidie wom, ɔbotan a aboa ma yɛakura yɛn gyedie mu na ama yɛanya ahotosoɔ wɔ apam ahodoɔ a yɛne Awurade ayɛ ne Ne bɔhyɛ ahodoɔ ma me ne m’abusua mu.
Me nuanom adɔfoɔ, anidie a wɔde ma nneɛma kronkron no de aseda ankasa kann ba, ɛtrɛ nokorɛ anigyeɛ mu, ɛma yɛn adwene kɔ adiyisɛm so, na ɛde anigyeɛ kɛseɛ ba yɛn asetena mu. Ɛde yɛn nan si asase kronkron so na ɛma yɛn akoma so ma Onyame.
Medi adanseɛ sɛ berɛ a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde suban pa a ɛte saa bɛka yɛn daa asetena ho no, yɛbɛtumi ama yɛn ahobrɛaseɛ akɔ soro, atrɛ yɛn nteaseɛ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn apɛdeɛ ho mu, na yɛahyɛ yɛn ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ apam ho bɔhyɛ a yɛne Awurade ayɛ no mu den. Medi adanseɛ sɛ berɛ a yɛregye anidie akyɛdeɛ yi a ɛfa nneɛma kronkron ho no atom—sɛ ɛyɛ Awurade fie bepɔ, nhyiamu dan mu, anaa yɛn ankasa fie no—anwanwadeɛ ne ahodwiri bɛhyɛ yɛn ma berɛ a yɛde yɛn ho bata yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo dɔ a ɛyɛ pɛ no ho. Mede anidie di saa nokorɛ ahodoɔ yi ho adanseɛ wɔ yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ Yesu Kristo, amen.