Amansan Nhyiamu
Hwɛ yie Wɔ Sɔhwɛ a Ɛtɔ so Mmienu no ho
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:35

Hwɛ yie Wɔ Sɔhwɛ a Ɛtɔ so Mmienu no ho

Mɛnnwane wɔn a wɔbɛdɔ wo, aboa wo; mmom, fa mmirika kɔ wɔn nkyɛn.

Mfeɛ bi a atwa mu, berɛ a na me wɔ mfeɛ 12, wɔtoo nsa frɛɛ me deɛ ɛdikan kɔɔ Aaron Asɔfodie anadwo nsrabammɔ yɛ. Na yei yɛ ɔfrɛ a matwɛn akyɛ esiane sɛ na me papa yɛ kuo kannifoɔ na ɔtaa de mmeranteɛ no kɔ nsrahwɛ na wɔgya me wɔ fie.

Berɛ a da no baeɛ no, m’ani agyeeɛ. Na ɛwɔ sɛ megye tum sɛ na me pɛ sɛ me ne mmarima mpanimfoɔ kakra no hwe bom. Na Masi nketee sɛ mɛda me ho adi. Wɔ saa mmɔdemmɔ mu, ankyɛ na wɔsɔɔ me hwɛɛ sɛ mɛtumi aka kuo no ho a.

Adwuma a wɔde maa me ne sɛ menkɔ fa me papa lɔɔre safoa mmra sɛdeɛ wɔbɛtumi adi mpanimfoɔ no ho fɛw. Menkai deɛ me kaaɛ pɔtee de kyerɛɛ me papa, nanso mede mirika kɔɔ mmaranteɛ a na safoa no gu me nsam, a mede deɛ ma yɛ hoahoa me ho.

Afei adwuma a ɛtɔ so baaɛ. Na ɛwɔ sɛ me bie lɔɔre no pono na me de abaa hyɛ drɔbani akonwa ne lɔɔre abɛn no ntam. Na me nto pono no mu sɛdeɛ abɛn no bɛbɔ anadwo berɛ a obiara ntumi nwura lɔɔre no mu nkɔyi adebɔne no.

Afei, ɛha na abasɛm no bɛyɛɛ ya, animguaseɛ kwan so maa me. Berɛ a mede dua no hyɛ wieiɛ no, me too pon no mu na ntɛmpaara me tuu mirika kɔ tetɛɛ nwura bi a na ɛbɛn hɔ mu. Berɛ a me tɔɔ fam no, me tee yea kɛseɛ bi. Wɔ ahopere ne esum no mu, na matena cactus dua bi so.

Pear cactus nkasei

Lɔɔre abɛn no kataa me nteamu no so, nti na menni hwee yɛ sɛ mɛhwirihwiri aba lɔɔre no ho, na mɛka me bɔne na mɛhwehwɛ ayarehwɛ wɔ animguaseɛ mu.

Saa anadwo no nyinaa, me daa me yam wɔ apata mu wɔ me papa nkyɛn, berɛ a ɔde adeɛ yiyii nkasɛɛ firii … ma me nka no sɛ ɛfiri saa da no, mɛntumi antenase yie nna pii.

M’adwene saa suahunu yi ho mprɛ bebree. Sesei metumi sere wɔ me mmranteberɛ mfomsoɔ ho mpo berɛ a ɛmu nkyerɛkyerɛ ada adi akyerɛ me.

Nnipa suban ahodoɔ pii taa da adi wɔ nipa ɔdasani mu—apɛdeɛ sɛ yɛbɛka ho bi, apɛdeɛ sɛ yɛbɛda yɛn ho adi, suro sɛ yɛbɛka akyi, ne ahiadeɛ kɛseɛ sɛ yɛbɛdwane nsunsuansoɔ na yɛatetɛ. Suban a ɛtwa toɔ no na mɛtwe adwene asi so nnɛ—yɛde yɛn ho tetɛ berɛ a yɛn ayɛ biribi a ɛnnyɛ akyi.

Seesei, memfa me mmɔfraase mmaratoɔ nsi bɔne kɛseɛ anan mu, nanso yɛbɛtumi ayɛ ntotoho a ɛso wɔ mfasoɔ berɛ a yɛkɔ nsɔhwɛ mu wɔ honam a ɛwu akwantuo yi mu.

Wɔ Eden Turo mu, na Adam ne Hawa wɔ tebea papa mu—aduane abu so, turo no mu fɛ a ne sɛsoɔ nni hɔ—ɛnnyɛ turo a ɛyɛ fɛ kɛkɛ, mmom turo a nwura anaa nkasɛe nni mu.

Nanso, yɛnim sɛ saa turo mu abrabɔ no si wɔn mpuntuo a na wɔn hia no ho kwan. Na turo no mu nyɛ wɔn atenaeɛ a ɛtwa toɔ mmom nsɔhwɛ, deɛ ɛdikan wɔ dodoɔ mu, a ɛbɛ sɔ wɔn ahwɛ, na ama wɔn atu mpɔn akɔ wɔn atenaeɛ a ɛtwa toɔ sɛ wɔbɛsan akɔ Agya ne Ɔba no nkyɛn.

wo bɛkae sɛ na sɔretia wɔ turo no mu. Wɔmaa Lusifa kwan sɛ ɔnsɔ Adam ne Hawa nhwɛ. Ɔdii kan sɔɔ Adam hwɛɛ sɛ ɔnni aduaba a ɛma nimdeɛ fa papa ne bɔne no bi. Ɔkae mmarasɛm sɛ mma wɔn nni no, Adam sɔretiaɛ. Afei ɛbaa Hawa a wɔahyira no no so, na ɔyii sɛ ɔbɛdi aduaba no, kasa kyerɛɛ Adam sɛ ɔno nso nni.

Akyire, Adam ne Hawa detoo dwa sɛ saa agyinasie no hia ma Soro Agya no nhyehyɛeɛ. Nanso sɛ wɔredi aduaba no, na wɔn ato mmara—mmara a Agya no ankasa de maa wɔn. Papa ne bɔne ho nteaseɛ ne nsunsuansoɔ gyaa wɔn ayamhyehyeɛ berɛ a wɔtee Agya no nne sɛ Ɔreba turo no mu bio. Wɔn hunuu sɛ wɔda adagya, ampa na wɔda adagya, a wɔnnhyɛ ataadeɛ, a na wɔn te tebea a wɔnnim hwee mu. Nanso ebia na deɛ ɛyɛ ya kyɛn sɛ wɔ da adagya wɔ saa berɛ no mu ne sɛ, afei wɔn ani baa wɔn mmaratoɔ so. Na wɔn yɛ mmrɛ na na wɔnni kamafoɔ. Na wɔda adagya wɔ kwan biara so.

Daadaa niberɛfoɔ, Lucifer, a ɔnim wɔn mmerɛyɛ, san sɔɔ wɔn hwɛɛ bio—sɛ wɔn ntetɛ Onyankopɔn.

Saa nsɔhwɛ yi—mato din “sɔhwɛ a ɛtɔ so mmienu,”—ɛyɛ sɔhwɛ a ɛbɛtumi de nsunsuansoɔ kɛseɛ aba sɛ yɛma ho kwan a. Nokorɛ, sɛyɛbɛtwe yɛn ho afiri sɔhwɛ a ɛdikan ho hia, nanso yɛnim sɛ obiara bɛkɔ nsɔhwɛ ahodoɔ a ɛdikan wɔ asase so ha mu. Berɛ yɛretu mpɔn wɔ nyini ne nteaseɛ mu no, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn ahoɔden a yɛdetwe yɛn ho firi nsɔhwɛ a ɛdikan ho no bɛkɔ so anyini berɛ a yɛpere sɛ yɛbɛyɛ te sɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo.

Ɛbi bɛyɛ sɛ wɔn bɛdwane Onyankopɔn esiane sɛ wɔmmpɛ sɛ wɔbɛhunu wɔn, na wɔn ani awu anaa wɔn di fɔ. Nanso, twerɛnsɛm pii kyerɛ yɛn sɛ obi ntumi nnwane Onyankopɔn. Mɛkyɛ kakra bi.

Awurade nam saa nsɛmmisa yi so kyerɛkyerɛ Yeremia: “Sɛ obi de ne ho bɛhuntaa a, merenhu no anaa? Awurade asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa?”

Na wɔkyerɛkyerɛɛ Job:

“Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ɔhunu n’anammɔntuo nyinaa.

“Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.”

Dwomtofoɔ David, nam anwenesɛm so, kaa sɛ:

“O Awurade, woahwehwɛ me mu, na woahunu me.

“Wonim matenaseɛ ne me sɔreɛ, wote me nsusuiɛ ase kɔ akyiri.

“Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so, gye deɛ wo, Awurade wonim ne nyinaa no. …

“ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ? anaa ɛhe na mɛfiri wanim madwane makorɔ?

“Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ na mpo sɛ mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asamando a, woni.”

Asɔremma foforɔ

Mo a mobɛkaa Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ho nkyɛɛ no, sɔhwɛ a ɛtɔ mmienu no bɛyɛ den ama mo. Ɛnam asubɔ so woayɛ apam sɛ wode Yesu Kristo din bɛto wo ho so, a ɛkyerɛ sɛ wo bɛsesa woabrabɔ. Obi resesa n’abrabɔ nnyɛ mmrɛ. Mpɛn pii ɛhia sɛ wobɛsesa suban ne neyɛɛ ne mpo ayɔnkofa sɛdeɛ wo bɛtwe abɛn wo Soro Agya dɔfoɔ no.

Ɔsɛefoɔ no nim sɛ wobɛtumi ayɛ mmrɛ wɔ ne nnaadaa nsɔhwɛ ho. Ɔbɛma wabrabɔ dadaa a ansɔ ani wɔ kwan pii so no abɛyɛ akɔnɔ ama wo. Ɔtamfo no, sɛdeɛ wɔfrɛ no wɔ Adiyisɛm nwoma mu, sɛdeɛ wɔfrɛ no wɔ Adiyisɛm nwoma mu no, de nsɛm bi bɛsɔ wo ahwɛ a ɛte sɛ: “Wo nni ahoɔden sɛ wo bɛsesa w’abrabɔ; wo ntumi nyɛ saa; wonka saa nkurɔfoɔ yi ho; wɔn nnye wo ntom; woyɛ mmrɛ dodo.”

Sɛ saa adwene yi yɛ nokorɛ ma mo a wɔde mo asi apam kwan so foforɔ no, yɛsrɛ mo sɛ mma mo ntie kwadubɔfoɔ no nne. Yɛdɔ mo; mo bɛtumi ayɛ; yɛgye mu tom; na, Ɔka mo ho a, mobɛnya ahoɔden ayɛ ne nyinaa. Ɛtɔda na mo hia yɛn dɔ ne mmoa kɛseɛ a, mma ɔnnaadaa wo sɛ yɛnnnye wo sɛ wo san kɔ wakyi kakra a. Ɛnam Yesu Kristo Mpata tumi a nsɛsoɔ nni hɔ no so, wɔbɛtumi ayɛ wo mua bio. Nanso sɛ wode wo ho hunta no na wo twe wo ho firi gyidie foforɔ kuo a woanya a, wotwe wo ho firi tumi a anka ɛbɛtumi ama wo ahoɔden de adi nkunim.

Yɔnkoɔ dɔfoɔ bi, ɔbaa asɔre nkyɛɛ, kyerɛɛ den a ɛyɛ sɛ wo bɛsɔ wo gyidie mu wɔ ankonam mu. Ahoɔden kɛseɛ wɔ mu sɛ yɛbɛba abɛka ho na yɛn ayɛ nsiakyi-baa kuo—wɔn nyinaa wɔ mmrɛyɛ nanso wɔrenya nkɔsoɔ berɛ a Agyenkwa Yesu Kristo dɔ rehyira wɔn

Titenani Russell M. Nelson akyerɛ sɛ “wiase so nkonimdie no nyɛ adeɛ a ɛsi dakoro anaasɛ nnaanu. Ɛsi yɛn nkwa nna nyinaa berɛ a toaso sɔ Kristo nkyerɛkyerɛ no mu. Yɛdua gyedie wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛnu yɛn ho dabiara na yɛkora apam a ɛkyɛ yɛn tumi no. Yɛgyina apam kwan no so na wɔahyira yɛn honhom mu ahoɔden, ankasa adiyisɛm, gyedie ngumu, ne soroabɔfoɔ som.”

Sɛ wo tu honam mu kro na wo ampɛ anhwɛ wɔ aduroyɛ papa kwan so a, wo apomuden bɛkɔfam na ɛbɛtumi aha wo nkwa. Saa nso yɛ nokorɛ ma honhom mu apirapira. Honhom mu pira a woansa nkutoo na ɛbɛtumi aha wo nkwagyeɛ a ɛnniawieɛ. Mɛnnwane wɔn a wɔbɛdɔ wo, aboa wo; mmom, fa mmirika kɔ wɔn nkyɛn. Ahwɛfoɔ papa, atitenafoɔ ne akannifoɔ bɛtumi aboa mo ama mo nsa aka Yesu Kristo Mpata no ayaresa tumi no nyinaa.

Wɔn a ɛbia wɔn rehunta no, yɛsrɛ sɛ mommra. Mo hia deɛ asɛmpa no ne Yesu Kristo Mpata no yɛ ma nnipa na yɛn nso hia deɛ wode ma. Onyankopɔn nim wo bɔne; worentumi nhunta no. Siesie wo ho wɔ N’anim

Sɛ N’ahotefoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hyɛ Asɔre no amammerɛ ase a ɛyɛ ɔdɔ, gye tom, ne nkuranhyɛ a wɔdema obiara a ɔpɛ nkɔsoɔ wɔ Ne kwan so.

Hwɛyie wɔ sɔhwɛ a ɛtɔ so mmienu no ho! Di nkɔmhyɛfoɔ no afutuo so, tetefoɔ no ne ateasefoɔ, na hunu sɛ wontumi nhunta Agya dɔfoɔ no.

Mmom, ma wo ho kwan ma ayaresa nwanwasoɔ tumi a ɛwɔ Yesu Kristo Mpata no mu. Wei ne botaeɛ nti a yɛwɔ asase so sɛ yɛbɛnya honam ne mmrɛyɛ ɛno ne “ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyinaa tumi ha yɛn” na ɛno bɛhyɛso, awerɛhosɛm ne sɛ, sɔhwɛ a ɛdikan pii; sɛyɛkɔ nkan mpo sɛ yɛhwease; na yɛbɛhwehwɛ soro mmoa, sɛdeɛ yɛbɛyɛ te sɛ Agyenkwa no ne yɛn Agya a ɔwɔ Soro. Ɛyɛ Ne kwan. Ɛno nkutoo ne ɛkwan no. Saa nokorɛ yinom ho na medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.