Amansan Nhyiamu
Mmoa Kronkron ma Ɛwuo Tebea
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


14:40

Mmoa Kronkron ma Ɛwuo Tebea

Yɛn Soro Agya nhyehyɛeɛ no ma yɛn mmoa sɛ ɛbɛma yɛn akwankyerɛ afa ɛwuo akwantuo yi mu.

I.

Ɛnam Nkɔnhyɛni Joseph Smith so, Awurade yii nneɛma kakra faa yɛn ansa-na-wiase asetena ho, kyerɛɛe. Ɛhɔ no na yɛte te sɛ Onyankopɔn honhom mma. Ɛnam sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔboa Ne mma ma wɔnya nkɔsoɔ nti, Ɔdwenee ho sɛ ɔbɛbɔ asase a yɛbɛtumi abɛnya yɛn nipadua wɔ so, nam suahunu so asua, anyini suban kronkron mu, na wɔsɔ yɛn hwɛ sɛ wɔbɛhunu sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so anaa. Wɔn a wɔbɛfata no “bɛnya animuonyam agu wɔn tiri so daa afebɔɔ” (Abraham 3:26).

Wɔbɛhyɛ tebea ma saa nhyehyɛeɛ kronkron yi ase no, Onyankopɔn yii Ne Ba a Ɔwoo no koro bɛyɛɛ yɛn Agyenkwa. Lusifa, a ne nsusuiɛ daa nso na ɛbɛsɛe onipa pɛ, bɛyɛɛ Satan na “wɔtoo no too fam.” Wɔpamoo no bɛtoo asase so no, wɔde ɛwuo asetena ho akwanya kamee no, wɔmaa Satan ho kwan sɛ ɔmmɔ mmɔden “ɔnnaadaa na ɔmfira nnipa ani, na ɔntwe wɔn nkɔ dommum mu wɔ ne pɛ mu, mpo dodoɔ biara a wɔrentie [Onyankopɔn] nne” (Mose 4:4).

Ade titire fa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kɛseɛ ma Ne mma wɔ ɛwuo mu nyini ne sɛ wɔbɛfa “asɔretia wɔ nneɛma nyinaa mu” (2 Nephi 2:11). Sɛdeɛ yɛn honam mu ntini rentumi nyini anaa wɔnkora wɔ berɛ a wɔntwe ntia oduro mmara no, sa ara na ɛwuo nyini hia sɛ yɛtwe tia Satan sɔhwɛ ne ɛwuo asɔretia afoforɔ. Deɛ ɛho hia kɛse ma honhom mu nyini yɛ ahiadeɛ sɛ wɔyi papa anaa bɔne. Wɔn a wɔyi papa no bɛnya nkɔsoɔ akɔ wɔn ɛnni awieeɛ hyɛberɛ mu. Wɔn a wɔbɛyi bɔne—sɛdeɛ yɛn nyinaa bɛyɛ wɔ ɛwuo tebea sɔhwɛ ahodoɔ mu no—bɛhia ɔgyeɛ mmoa, a Onyankopɔn dɔfoɔ abɔ tirimbɔ sɛ ɔde bɛma.

II.

Nokwasɛm mu, Onyankopɔn ɛwuo mmoa kɛseɛ pa ara ɔsiesieeɛ yɛ Agyenkwa, Yesu Kristo, a ɔbɛhunu amane de ayɛ akatua na asiesie bɔnefakyɛ ama bɔne a wɔasakyera ho. Saa adom ne animuonyam Mpata no kyerɛ mu deɛ nti a gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo mu yɛ asɛmpa no nyinasosɛm a ɛdi kan. Ne Mpata no “de awufoɔ wusɔreɛ no baae” (Alma 42:23na “ɛpata maa wiase bɔne” (Alma 34:8), ɛpopaa yɛn bɔne a yɛasakyera ho nyinaa na ɛmaa yɛn Agyenkwa no tumi sɛ ɔkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn ɛwuo mmerɛyɛ mu.

Agyenkwa Yesu Kristo.

Ɛtra saa animuonyam mpopaeɛ ma bɔne a yɛyɔɔe ne sɛ wɔde akyɛ yɛn no, Agya dɔfoɔ a ɔwɔ Soro nhyehyɛeɛ no ma akyɛdeɛ afoforɔ bebree sɛ ɛbɛbɔ yɛn ho ban, deɛ ɛdi kan, sɛ ɛbɛbɔ yɛn ho ban afiri sɛ yɛreyɛ bɔne ho ka ho. Berɛ biara yɛn ɛwuo asetena hyɛ aseɛ de agya ne ɛna. Pɛyɛ mu no, baanu no wɔ ha, de akyɛdeɛ sononko sɛ ɛbɛkyerɛ yɛn nyini kwan. Sɛ ɛnte saa a, wɔnni hɔ no yɛ kotia no fa a, ɛsɛ sɛ yɛdi so nkonim

III.

Yɛn Soro Agya nhyehyɛeɛ no ma yɛn mmoa afoforɔ sɛ ɛbɛma yɛn akwankyerɛ afa ɛwuo akwantuo yi mu. Mɛkasa afa yeinom nan ho. Mesrɛ mo monnsɔ memu wɔ akenkan nan, no ho, ɛfiri sɛ saa mmoa yi kata bi so. Bio, mmɔborɔhunu banbɔ afoforɔ binom wɔ hɔ a ɛka yeinom ho.

Ɛdi kan, Mekasa fa Hann no anaa Kristo Honhom ho. Wɔ ne nkyerɛkyerɛ kɛseɛ wɔ Moroni Nwoma no mu, Moroni srɛ ka n’agya asɛm sɛ “wɔde Kristo Honhom ama onipa biara, sɛ ɔbɛtumi ahunu papa afiri bɔne mu” (Moroni 7:16). Yɛkenkan saa nkyerɛkyerɛ korɔ yi wɔ ɛnnɛ yi adiyisɛm mu:

“Na Honhom no ma onipa biara a ɔba wiase yi hann; na Honhom no ma onipa biara nhumu wiase baabiara, a ɔtie Honhom no nne” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:46).

Bio: “Ɛfiri sɛ wɔasoma me Honhom afiri adi akɔ wiase sɛ ɔnkɔma ahobrɛaseɛfoɔ ne nnuhofoɔ no nhumu, na ɔmmu abɔnefoɔ fɔ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 136:33).

Titenani Joseph Fielding Smith kyerɛɛ saa twerɛnsɛm yi mu sɛ: “Awurade nnyaee nnipa (sɛ wɔwo wɔn ba saa wiase yi mu) sɛ ankonam, kaakaa hwehwɛ hann ne nokorɛ, mmom wɔwo onipa biara de akwanya ma no sɛ ɔnya akwankyerɛ, nkyerɛkyerɛ, Kristo Honhom anaa Nokorɛ Hann no afotuo.”

Resua twerɛnsɛm no.

Deɛ ɛtɔ so mmienu mmoa akɛseɛ a Awurade de ama sɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛayi deɛ ɛyɛ yɛ akwankyerɛ kronkron mmoaboa ano wɔ twerɛnsɛm no mu sɛ nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no fa (anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ). Saa akwankyerɛ yinom yɛ mmaransɛm, ayɛyɛdeɛ ne apam.

Mmaransɛm kyerɛ ɔkwan no mu, deɛ yɛn Soro Agya ahyɛ no nso ama yɛn sɛ yɛnya nkɔsoɔ nkɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu. Nkorɔfoɔ a wɔsusu sɛ mmaransɛm yɛ kwan a Onyankopɔn asusu ho de twe aso, fom nteaseɛ mu fa saa Onyankopɔn dɔ anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ botae no. Wɔ saa kwan no so, nkakrankakra yɛbɛtumi awie yɛne Agyenkwa no abusuabɔ a ɛhia na yɛfata Ne tumi dodoɔ sɛ ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn kwan so akɔ ɔkwan awieeɛ a Ɔpɛ ma yɛn nyinaa no. Yɛn Soro Agya pɛ sɛ Ne mma nyinaa san ba sɛlɛtia ahemman hɔ, baabi a Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa no teɛ, sɛdeɛ yɛbɛnya asetena su no a wɔn a wɔte sɛlɛtia animuonyam mu wɔ no.

Ayɛyɛdeɛ ne apam yɛ mmara no fa a ɛkyerɛ kwan mu kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu. Ayɛyɛdeɛ, ne apam kronkron a yɛ ne Onyankopɔn kɔ no mu, yɛnya anammɔntuo a yɛhia ne banbɔ daban wɔ saa ɔkwan no so. Mepɛ sɛ medwene fa dibea ho sɛdeɛ apam yi no adi wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ase, Ne nhyira a ɛso pa ara a ɔde ma wɔn a wɔdi kan hyɛ bɔ sɛ wɔbɛdi mmaransɛm bi so ne deɛ ɔdi saa bɔhyɛ no so.

Mmoa afoforɔ a Onyankopɔn de ama sɛ yɛbɛyi ɔpɛ papa yɛ adiyie ɛnam Sunsum Kronkron no so. Sunsum Kronkron no yɛ Anyame baasa no mu deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa. N’adwuma, sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ twerɛsɛm mu no ne sɛ, ɔbɛdi adanseɛ afa Agya ne Ɔba no ho, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn, sɛ ɔbɛma yɛakae nneɛma nyinaa, na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan akɔ nokorɛ nyinaa mu. Twerɛnsɛm no ka ɛho asɛm bebree fa Sunsum Kronkron no adiyie ho, te sɛ honhom mu adanseɛ ho mmuaeɛ ma abisaeɛ fa Mormon Nwoma no nokorɛ a ɛyɛ. Ɛnni sɛ wɔma ntoto ba adiyie ne Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no ho, a wɔde ma wɔ asubɔ akyi no.

Onyankopɔn mmoa titire akɛseɛ no mu baako ma Ne mma anokwafoɔ yɛ Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no. Saa akyɛdeɛ yi ho hia a ɛhia yi ne ho adi pefee wɔ asɛm no mu sɛ wɔde ma ne kwan so akyire yi a wasakyera na wanya nsuo mu asubɔ, “na afei [twerɛnsɛm no kyerɛ mu] mo bɔne fafiri aba nam ogya ne Sunsum Kronkron no so” (2 Nephi 31:17). Nnipa a wɔanya saa bɔne fafiri yi—na wɔtaa yɛ wɔn nhohoroho foforɔ nam dabiara nsakyeraeɛ so, na wɔtena sɛdeɛ apam a wɔayɛ nam Awurade adidi ayɛyɛdeɛ so no—fata saa bɔhyɛ no sɛ Sunsum Kronkron no, Awurade Honhom no, “berɛ nyinaa bɛka wɔn ho” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20:77

Titenani Joseph F. Smith.

Ɛno nti, Titenani Joseph F. Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ Sunsum Kronkron no “bɛma hann aba nkorɔfoɔ no adwene mu deɛ ɛfa Onyankopɔn nneɛma ho, sɛ wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn nsakraeɛ berɛ sɛ wɔayɛ Agya no pɛ, na wɔanya adanseɛ a ɛte hɔ daa wɔ wɔn mu sɛ ɔyɔnkoɔ wɔn nkwa nna mu, adi dwuma sɛ nokorɛ ne pintinn kwankyerɛfoɔ akɔ nokorɛ nyinaa mu, na ɔde anigyeɛ ne ahurisie ahyɛ wɔn ma daa ne daa, anya suban sɛ wɔbɛyɛ papa ama nnipa nyinaa, wɔnyɛ no bɔne nkyɛn sɛ ɔno bɛyɛ bɔne, ɔbɛyɛ ayamyɛ ne mmɔborɔhunu, penekyɛre ne tema. Obiara a ɔwɔ saa akyɛdeɛ a ɛyɛ ma no boro so, saa ɔbohene a ɛsom boɔ yi, bɛkɔ so anya teneneeyɛ ho sukɔm. Sɛ Honhom Kronkron no mmoa anka yɛn ho a,” Titenani Smith de wieeɛ sɛ, , “deɛ owuo biara rentumi nante kwan teatea a ɛyɛ hiahia no so.”

IV.

Yɛwɔ ahoɔdenneɛ mmoa bebree sɛ ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn ɛwuo akwantuo mu yi, ɛyɛ hwammɔdie sɛ dodoɔ no ara nyɛɛ ahosiesie mmaa nhyiamu a wɔahyɛ ama yɛne yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ, Yesu Kristo no. N’abɛbusɛm fa mmabunu du no ho, a wɔaka ho asɛm pii wɔ saa nhyiamu yi ase, susu sɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛhyia No no, ɔfa pɛ na wɔbɛsiesie wɔn ho.

Mmabunu du no.

Yɛn nyinaa nim deɛ ɔnsiesie ne ho sɛ ebia: asɛmpatrɛfoɔ a wɔakɔ aba na wɔnam dwumadie a wɔnni so agyae wɔn honhom mu nyini, mmabunu a wɔasɛe wɔn honhom mu nyini nam wɔn ho a wɔate afiri Asɔre nkyerɛkyerɛ ne nnwumadie mu, mmarima a wɔatu wɔn asɔfohyɛ kɔ Melkisedek Asɔfodie mu ahyɛ da, mmaa ne mmarima—ɛtɔ da a adikanfoɔ animuonyamfoɔ anaa awofoɔ a wɔfata asefoɔ—na wɔatwe wɔn ho afiri apam kwan no so a wɔatɔ sini wɔ tɛmpol kronkron mu apam yɛ ne ne kora ho.

W’ankasa mpaebɔ.

Amanee dodoɔ bi saa si berɛ a asafomma fom sɛ wɔbɛdi ahyɛaseɛ honhom mu asiesie nhyehyɛeɛ ma ankasa mpaebɔ, daa daa twerɛsɛm sua, ne nsakyeraeɛ ntoaso ntoasoɔ. Yɛde toto ho a, ɛbinom bu ani gu sacrament apam foforɔyɛ nnawɔtwe biara a wɔfa no so. Ɛbinom ka sɛ, Asɔre no nsa ɛnnso wɔn ahiadeɛ so; saa nhyɛanan mu a wɔhunu no sɛ wɔn daakye ahiadeɛ a ɛda kan, fa deɛ Awurade de ama wɔ Ne nkyerɛkyerɛ ne akwanya dodoɔ mu, sɛ ne titire ɛnyɛ som mma afoforɔ.

Ahobrɛaseɛ ne awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu na ɛyɛ aduro ma saa amanee no. Sɛdeɛ Mormon Nwoma kyerɛkyerɛ no, Awurade “hyira na wɔdi yie wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ ne mu” (Helaman 12:1). Renya awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu yɛ adehia titire ma obiara a ɔfa mfomsoɔ mu susu Onyankopɔn mmaransɛm ne Ne nkɔnhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ de toto tia onipa nyansa ne nnɛ yi asadeɛ.

Makasa afa ɛwuo mmoa ahodoɔ a yɛn Agya dɔfoɔ a ɔwɔ Ɔsoro de ama sɛ ɛbɛboa Ne mma ama wɔasan aba Ne nkyɛn. Yɛn fa wɔ saa nhyehyɛeɛ kronkron yi mu ne sɛ yɛbɛnya awerɛhyɛmu wɔ Onyankopɔn mu, yɛahwehwɛ saa mmoa kronkron yi de adi dwuma ne titire pa ara Ne Dɔ Ba no Mpata, yɛn Agyenkwa ne Dimafoɔ, Yesu Kristo. Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛde saa nnyinasosɛm yi bɛbɔ bra na yɛakyerɛkyerɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.