Ɔdɔ a Mewɔ ma Agyenkwa no Ne Me “Sɛnti”
Me dɔ yɛn Agyenkwa no Yei ne botaeɛ titire ankasa pa ara a enti meyɛ deɛ meyɛ.
Woahyɛ no nso pɛn sɛ yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson, kɔso ara to nsa frɛ yɛn? Ɛnyɛ nwanwa sɛ waka sɛ yɛnsua na yɛnnwennwene nkransɛm a wɔde maa wɔ nhyiamu mmienu a atwam no mu ho. Wɔ Oforisuo 2024 mu no, ɔkaa sɛ, “Mewɔ anidasoɔ sɛ wobɛsua nhyiamu yi nkransɛm no mpɛn pii wɔ abosome a ɛreba no nyinaa mu.” Afei, wɔ Ahinime 2024 mu no, ɔkaa sɛ, “Mehyɛ wo nkuran sɛ sua [akasafoɔ no] nkransɛm no. Fa yɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ ne deɛ ɛnyɛ ho sɔhwɛ wɔ abosome nsia a ɛdi hɔ no mu.”
Yɛbɛtumi de saa ɔfrɛ ahodoɔ yi aka nkɔmhyɛ frɛ ahodoɔ a yɛanya wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu, a ne titire deɛ yɛanya wɔ mfeɛ kakra yi mu no ka ho. Ebia yɛbɛdwene sɛ saa ɔfrɛ ahodoɔ yi yɛ adeɛ foforɔ a ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho kɛkɛ esiane sɛ wɔfrɛɛ yɛn anaa wɔse yɛnyɛ nti. Nanso ɛbɛtumi akyɛn saa anaa?
Yɛredwendwene yei ne ɔfrɛ a yɛnyaeɛ nyinaa ho no, mekaee biribi a mesuaeɛ na mesii ho gyinaeɛ berɛ tenten bi a atwam. Merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saa nneɛma a ɛho hia me yi, ɛfiri sɛ medɔ No, medɔ yɛn Agyenkwa no. Yei ne botaeɛ titire ankasa pa ara a enti meyɛ deɛ meyɛ, na afei deɛ ɛka yei ho ne ɔdɔ a mewɔ ma mo, me nuanom mmarima ne mmaa.
Sɛ wo nua no, mewɔ anidasoɔ sɛ wobɛfa me nsɛm no sɛ ɔfrɛ a ɛfiri akoma mu, sɛ yɛbɛhwehwɛ sɛ yɛbɛte akwanya a yɛwɔ sɛ yɛde biribiara a yɛyɛ no bɛbata ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no ho ase.
Yɛyɛ yei a ɛbɛboa ama yɛate “sɛnti” ankasaa ɛwɔ biribiara a yɛyɛ akyi sɛ Agyenkwa no asuafoɔ no ase. Yei bɛboa ma yɛahyɛ apam abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no mu den, ate Ne soro ne daa nkwa nokorɛ ahodoɔ—Ne daa nkwa ne nokorɛ a ɛdi mu a ɛrensesa da no ase. Daa nkwa nokorɛ te sɛ “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.”
Ɛyɛ anika sɛ ɛtɔ da a esiane sɛ yɛakɔ so ayɛ nneɛma ara ma akɔduru baabi a adane amammerɛ nti, yɛma kwan ma saa amammerɛ anaa dwumadie ahodoɔ yi na ɛkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ wɔ Yesu Kristo mu gyedie mu. Ayɛ sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi ɛfiri sɛ yɛayɛ no mfeɛ bebree a yɛnnwene nkɛntɛnsoɔ a ɛnya wɔ apam abusuabɔ a yɛne Agyenkwa no wɔ so.
Wɔ yɛn wiase yi mu no, yɛtaa de yɛn adwene si deɛ yɛyɛ ne nnwuma ne botaeɛ ahodoɔ a berɛ biara yɛtumi yɛ so. Wɔ honhom mu no, yɛwɔ akwanya sɛ yɛyɛ tra nneɛma a yɛyɛ anaa botaeɛ ahodoɔ a yɛduru ho ara kɛkɛ berɛ a yɛte sɛnti a yɛreyɛ no ase. Sɛ yɛbɛtumi ate aseɛ na yɛahunu sɛ botaeɛ a ɛtaa yɛn nneyɛɛ akyi no fa ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no ne yɛn Soro Agya ho a, berɛ a yɛde akwanya ahodoɔ yi di dwuma no yɛbɛte aseɛ sɛ ɛwom sɛ yɛreyɛ nneɛma a ɛtene, te sɛ Asɔre dwumadie anaa amammerɛ a yɛyɛ na yɛreyɛ no kwan a ɛfata so yɛ ade pa deɛ, nanso sɛ yɛde bata ne “sɛnti” no ho a, yɛbɛnya ne botaeɛ no ho nteaseɛ. Ɛrenyɛ sɛ yɛreyɛ nneɛma pa anaa yɛreyɛ no yie kɛkɛ; yɛbɛsan anya no yie.
Sɛ ebia, sɛ wode botaeɛ bi si hɔ sɛ wobɛkenkan twerɛnsɛm no, abɔ mpaeɛ a ɛfiri akoma mu, anaa wobɛyɛ dwumadie bi ama w’abusua anaa ward a, botaeɛ no ankasa ne sɛ wobɛwie nnwuma yi kɛkɛ anaa? Anaa saa nneyɛɛ yi yɛ akwan, nnwinnadeɛ a wowɔ, a wode bɛduru botaeɛ no ankasa ho? Tirimpɔ no ara ne sɛ yɛbɛyɛ dwumadie bi esiane sɛ yɛayɛ no mfeɛ bebree, na afei yɛakyerɛ sɛ yɛayɛ anaa? Anaa, bio, yeinom ne akwan a yɛfa so sua, te nka, na yɛne Agyenkwa no nya abusuabɔ?
Mesrɛ, mma monte m’asɛm a ɛfa dwumadie ne amammerɛ a yɛyɛ anaa yɛde botaeɛ ahodoɔ resi hɔ na yɛayɛ adwumaden de aduru ho no ase sɛ ɛnyɛ; mfomsoɔ biara nni ho. Nanso, mehyɛ wo nkuran sɛ bue w’akoma ne w’adwene mu ma nteaseɛ a ɛwɔ akwanya ne nhyira a ɛwɔ sɛnti a yɛyɛ saa nneɛma yi ne sɛdeɛ yɛde yɛn som di dwuma mu.
Amammerɛ a ɛgyina Kristo so ho nhwɛsoɔ titire ne adwuma a Titenani Dallin H. Oaks de maa yɛn nyinaa wɔ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no din mu. Titenani Oaks kaa sɛ, “Berɛ a yɛrewura afe foforɔ yi mu yi, momma yɛnsiesie yɛn ho mma Easter afahyɛ a ɛfa Yesu Kristo afɔrebɔ mpata no ho. Ɛmfa ho deɛ afoforɔ gye di anaa wɔyɛ no, ɛwɔ sɛ yɛdi yɛn Agyenkwa a ɔte ase no Wusɔreɛ ho afahyɛ berɛ a yɛdi Ne nkyerɛkyerɛ so na yɛboa de Easter amammerɛ si hɔ wɔ yɛn man mu nyinaa, titire wɔ yɛn ankasa mmusua mu.” Sɛdeɛ wotumi hunu no, wɔnhwehwɛ sɛ wobɛnya amammerɛ kɛkɛ. Mmom, yɛde saa amammerɛ yi yɛ kwan a yɛfa so sua Agyenkwa no ho adeɛ pii na yɛkae Ne Wusɔreɛ.
Mpɛn dodoɔ a yɛbɛtumi de botaeɛ no abata ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no ho no, dodoɔ no ara na yɛbɛtumi anya deɛ yɛhia anaa yɛrehwehwɛ no. Titenani Nelson kaa sɛ, “Nsɛmmisa ne ɔhaw biara a mowɔ no, berɛbiara mmuaeɛ no wɔ Yesu Kristo abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.” Na afei ɔmaa ɔfrɛ yi: “Sua bebree fa Ne Mpata, Ne dɔ, Ne mmɔborɔhunu, Ne nkyerɛkyerɛ, ne N’asɛmpa a aba bio no ayaresa ne nkɔsoɔ ho. Kɔ Ne hɔ! Di N’akyi!”
Dwendwene yei ho wɔ w’akoma ne w’adwene mu: Wogye di sɛ na Titenani Nelson frɛ no wɔ adwene sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛatwerɛ nneɛma a ɛbɛma yɛbɛboaboa nimdeɛ pii ano na yɛawie nnwuma sɛdeɛ yɛbɛtwa ne frɛ no mu afiri nneɛma a ɛwɔ sɛ yɛyɛ mu? Anaa ɔrefrɛ yɛn ama yɛadwene daa nkwa nokorɛ ne nnyinasonsɛm afa yi ho sɛ akwanya a yɛde bɛte “sɛnti” no ase na yɛde apam dɔ a Agyenkwa no wɔ ma yɛn no abata yɛn asuafoɔyɛ akwantuo wɔ yɛn asetena mu nyinaa ho?
Ma menkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm a mepɛ sɛ meda no adi no mu. Kwan baako, a ebia ɛyɛ deɛ ɛboro so, bɛtumi ayɛ sɛ mɛkenkan nhyiamu no ase nkransɛm no nyinaa prɛko pɛ, na sɛ mewie a, mɛtwa saa frɛ yi mu afiri nneɛma a ɛsɛ sɛ meyɛ mu a memfa deɛ makenkann no nyɛ ade foforɔ biara. Mete aseɛ sɛ yei yɛ asɛm a ɛtra so, nanso ɛnyɛ deɛ ɛrentumi nsi. Ebia, bebree gyina yei ne deɛ ɛfata ntam.
Ɔfrɛ no ne sɛ yɛbɛsua na yɛadwennwene nkransɛm a ɛfiri amansan nhyiamu ahodoɔ no mu ho na yɛde ahunu na yɛate deɛ yɛn mu biara bɛtumi ayɛ de atu mpɔn ase.
Sɛ yɛgye ɔfrɛ no tom, a yɛte “sɛnti” a ɛwɔ akyire no ase a, yɛbɛnya akwanya pii de abɛn Agyenkwa no. Yɛbɛhyɛ aseɛ ate aseɛ sɛ esiane sɛ medɔ Agyenkwa no nti, mepɛ sɛ mesua pii fa Ne ho berɛ a mesua nkɔnhyɛfoɔ ateasefoɔ nsɛm no. Na esiane sɛ medɔ me yɔnko nipa nti, me ne afoforɔ bɛkyɛ nkɔnhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ nkyerɛkyerɛ, ahyɛ aseɛ afiri m’adɔfo so.
Wɔ nhwɛsoɔ mmienu no nyinaa mu no, woreyɛ deɛ ɛtene. Wɔ baako mu no, botaeɛ no ayɛ sɛ deɛ wode kwan a Ɔsoro Agya ne Agyenkwa no de ama yɛn, a ɛyɛ nkransɛm a wɔka wɔ amansan nhyiamu ase no reyɛ adwuma. Deɛ ɛtɔ so mmienu no gye nhyira a ɛmu dɔ wɔ nhumu a yɛbɛnya wɔ botaeɛ a ɛwɔ akyire ho, a ɛma kwan ma yɛte daa nkwa nokorɛ ase ne nhyira a wɔhyɛ ho bɔ ma wɔn a wɔyɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ wɔn abrabɔ mu ade titire no tom.
Anuanom adɔfoɔ, mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛtumi ate nka na moahunu hia a ɛhia sɛ yɛde yɛn nneyɛɛ bata ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no ho. Wɔ wiase a abom yi mu no, ɛnne bebree bɛpɛ sɛ ɛbɛnya wo so nkɛntɛnsoɔ na sɛ ɛbɛyɛ yie a, ama woagye adi sɛ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no mu nokorɛ titire bi ho nhia. Saa ɛnne ahodoɔ yi hyɛ aseɛ firi nokwasɛm titire a ɛfa hia a mmaeɛ bio ho ɛhia wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, a ɛhia sɛ wɔnya Onyankopɔn ahennie wɔ asase so, a Yesu Kristo Asɔre a wɔasan de aba no gyina hɔ ma, ka ho.
Ebia wobɛte ɛnne ahodoɔ a ɛgyina pintinn sɛ ankorankoro abusuabɔ anaa nteaseɛ a wo ne Agyenkwa no bɛnya no nko ara dɔɔso na nyamesom anaa Asɔre a wɔasan de aba no ho nhia. Mesrɛ sɛ mpere wo ho sɛ wobɛdi akyire anaa mpo mma saa nnaadaa nsusuiɛ yi nnya wo so nkɛntɛnsoɔ na mmom yɛ ntɛm kae deɛ Agyenkwa no akɔ so aka na wakyerɛkyerɛ yɛn firi tete mmerɛ no—a ɛhyɛ aseɛ firi ɔdɔ a Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo wɔ ma yɛn ne yɛn dɔ a yɛde bɛbata Wɔn ho no sɛ botaeɛ nti a ɛsɛ sɛ yɛdi Wɔn akyi.
Onyankopɔn Agya ne Ne Ba no baeɛ na wɔne Joseph Smith kasaa sɛ wɔbɛsan de Yesu Kristo Asɔre no aba na wɔahyɛ mmerɛ mahyɛ, N’Ahennie wɔ asase so berɛ no ase. Enti, Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no yɛ kwan a Ɔsoro Agya de sii hɔ sɛ yɛbɛnya apam ahodoɔ a ɛma yɛtumi san kɔ fie. Enti, yɛhia deɛ ɛkyɛn ankorankoro abusuabɔ a yɛne Ɔsoro Agya ne Ne Ba no bɛnya kɛkɛ; yɛhia asɔfodie ayɛyɛdeɛ a ɛho hia a yɛnam so ne Wɔn yɛ apam ahodoɔ. Yei ma yɛne Wɔn nya apam abusuabɔ na ɛma yɛnya Wɔn apam dɔ ho kwan, na ɛma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛnya animuonyam ahennie a ɛkorɔn pa ara a wɔasiesie ama wɔn a wɔyɛ anokwafoɔ na wɔdi nokorɛ ma wɔn apam no.
Me kra ahoɔden nyinaa mu, medi yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, nokorɛ ne nyamesu ho adanseɛ. Ɔdɔ wo. Ɔnim deɛ ɛrekɔ so wɔ w’abrabɔ mu. Watrɛ Ne nsam, refrɛ sɛ, “Bra me nkyɛn, na mɛma wo ahome.”
Medɔ Agyenkwa no, na ɔdɔ a mewɔ ma No ne me “sɛnti.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.