Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Mpata no Ma Nkwagyeɛ a Ɛtwa Toɔ
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


14:15

Yesu Kristo Mpata no Ma Nkwagyeɛ a Ɛtwa Toɔ

Sɛ yɛdane yɛn ho kyerɛ Yesu Kristo, wiase Agyenkwa no a, Ɔnam Ne mpata no so gye yɛn firi abrabɔ mu haw ahodoɔ mu.

Yesu Kristo Mpata no ma nkwagyeɛ a ɛtwa toɔ firi nsɔhwɛ ahodoɔ a yɛhyia wɔ asetena yi mu. Titenani Russell M. Nelson maa me adwuma sɛ mnhyira Casper Wyoming Tɛmpol no so afe a ɛtwaam no awieeɛ. Na ɛyɛ honhom mu atenka suahunu kɛseɛ. Ɛmaa dwuma a tɛmpol ahodoɔ di wɔ Onyankopɔn mma a wɔnam Agyenkwa no Mpata no so gye wɔn mu daa hɔ pefee.

Ɛkwan a Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ Adikanfoɔ faa so wɔ 1847 ne 1868 ntam no fa bi ka Stake ahodoɔ a ɛwɔ Casper Wyoming Tɛmpol Mansini mu no ho. Wɔ tɛmpol nhyirasoɔ ho ahosiesie mu no, mesan kenkanee kwan a ɛda Platte Asubɔnten a ɛbɛn Casper ho na ɛtoa so kɔ Salt Lake City no ho abakɔsɛm. Ɛkwan no yɛɛ atɔeɛ fam atutenafoɔ mpempem pii kwan a wɔfaa so. Deɛ mesii so dua titire ne Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ adinkanfoɔ bɛboro 60,000 a wɔfaa kwan no so.

Yɛn adikanfoɔ no mu dodoɔ no ara de teaseɛnam na ɛbaeɛ, nanso ɛbɛyɛ 3,000 deɛ wɔde teaseɛnam a wɔpia akuo 10 na ɛtwaeɛ. Deɛ ne nan mmienu no mu nnwɔtwe kɔɔ akwantuo kɛseɛ yi wɔ nkunimdie nwanwasoɔ mu a nnipa no mu kakraa bi na wɔwuwuiiɛ. Willie ne Martin teaseɛnam akuo wɔ 1856 mu no na na ɛnka ho.

Mesan hwɛɛ Willie ne Martin teaseɛnam akuo no akontaabuo mu firi berɛ a ɛwiem tebea a ɛyɛ hu no firii aseɛ no. Mebɛtee haw ahodoɔ a wɔhyiaa wɔ Sweetwater River, Martin’s Cove, Rocky Ridge, ne Rock Creek Hollow a wɔtwaeɛ no ase yie.

Adikanfoɔ teaseɛnam a wɔpia wɔ sukyerɛma mu.

Between Storms, ɛfiri Albin Veselka hɔ

Na menkɔɔ Casper Tɛmpol no mu ansa na mereyɛ ne nhyirasoɔ no. Mewuraa asaso hɔ no, ntɛm ara na biribi twee m’adwene kɔɔ teaseɛnam a ne nan mmienu mfonin a wɔyɛɛ no kane bi a wɔato din Between Stormsso. Na mfonin no nyɛ deɛ wɔahyɛ da ayɛ sɛ ɛbɛkyerɛ awerɛhosɛm a ɛsiiɛ no. Berɛ a mehwɛɛ no haa no, medwenee sɛ, “Saa mfonin yi yɛ papa; teaseɛnam so adinkanfoɔ dodoɔ no ara anhunu awerɛhosɛm.” Na mentumi nnyae sɛ mɛdwene sɛ yei te sɛ abrabɔ nyinaa. Ɛtɔ da a yɛwɔ ahum ntam na ɛtɔ da nso a yɛwɔ mununkum ne awia ntam.

Sweetwater River.

Heaven’s Portal, ɛfiri Jim Wilcox hɔ

Berɛ a mekɔɔ mfonin a wɔyɛɛ no kane a ɛwɔ ɔfasuo foforɔ no ho, a wɔato din Heaven’s Portano, mehunuu sɛ ahuhuro berɛ mu mfonin fɛɛfɛ yi a ɛfa deɛ wɔfrɛ no “Devil’s Gate,” a Sweetwater River a ɛyɛ bɔkɔɔ na ani da hɔ tene fa mu no, kyerɛɛ Awurade abɔdeɛ fɛ, na ɛnyɛ ɔhaw ahodoɔ a adinkanfoɔ no hyiaeɛ wɔ saa awɔberɛ a ɛyɛ hu no mu no nko ara.

Afei mehwɛɛ m’anim, wɔ nkamfoɔ pono no akyi, na mehunuu Agyenkwa no mfonin fɛɛfɛ bi. Yei de aseda atenka a ɛboro so baeɛ ntɛm ara. Wɔ wiase a ɛyɛ fɛ kɛse yi mu no, ɔhaw akɛseɛ nso wɔ hɔ. Sɛ yɛkɔ Yesu Kristo a ɔyɛ wiase Agyenkwa no nkyɛn a, Ɔnam Ne mpata no so gye yɛn firi abrabɔ mu ɔhaw ahodoɔ mu sɛdeɛ Agya no nhyehyɛeɛ teɛ.

Me fa mu no, na asaso hɔ yɛ ahosiesie a ɛdi mu ma tɛmpol ayɛyɛdeɛ dan a ɛma yɛtumi nya mpagya ayɛyɛdeɛ no, yɛ apam kronkron, na yɛgye Agyenkwa no Mpata no nhyira tom yie na yɛnya mu suahunu. Agya no anigyeɛ nhyehyɛeɛ no gyina Agyenkwa no mpata nkwagyeɛ so.

Adikanfoɔ suahunu no ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nya amammerɛ mu abakɔsɛm sononko ne honhom mu agyapadeɛ a ɛbom wɔ tumi. Ebinom fam no, na atutena no awɔ hɔ sɛ ɛbɛba mfeɛ pii wɔ berɛ a wɔde ɔhyɛ tuu wɔn firii Missouri ne Nauvoo nyinaa. Wɔ afoforɔ fa mu no, ɛhyɛɛ aseɛ berɛ a Titenani Brigham Young de teaseɛnam nhyehyɛeɛ, a na wɔayɛ sɛ ɛbɛma atutena boɔ nyɛ den koraa no too dwa akyi. Teaseɛnam no boɔ yɛ fo koraa kyɛn mpɔnkɔ ne anantwinini.

Asɛmpatrɛni bi a ɔwɔ England, a wɔfrɛ no Millen Atwood, kaa sɛ berɛ a wɔde teaseɛnam nhyehyɛeɛ no too dwa no, “ɛkɔɔ sɛ ogya wɔ ɛserɛ a awoɔ mu, na Ahotefoɔ ahiafoɔ dii ahurisie wɔ ɛdɛ ne anigyeɛ mu.” Na nnipa pii “abɔ mpaeɛ na wɔadi mmuada adekyeeɛ biara, ne adesaeɛ biara, sɛdeɛ wɔbɛnya kwan ne wɔn nuanom mmarima ne mmaa ayɛ baako wɔ mmepɔ [no] so.”

Ahotefoɔ a wɔfaa teaseɛnam no mu dodoɔ no ara hyiaa ahokyerɛ nanso wɔkwatii nneɛma bɔne atitire. Nanso teaseɛnam akuo mmienu, Willie kuo ne Martin kuo, hyiaa ɛkɔm, ewiem tebea a ɛyɛ nwunu, ne nnipa pii a wɔwuwuiɛ.

Akwantufoɔ yi mu dodoɔ no ara firii Liverpool a ɛwɔ England, wɔ Kɔtɔnima 1856 mu wɔ suhyɛn mmienu mu. Wɔduruu baabi a wɔtɔn teaseɛnam ho nneɛma wɔ Iowa City wɔ Ayɛwohomumɔ ne Kitawonsa mu. Ɛmfa ho kɔkɔbɔ ahodoɔ no, akuo mmienu no nyinaa firii hɔ kɔɔ Salt Lake Bɔnhwa no ho akyire koraa wɔ berɛ no mu.

Titenani Brigham Young dii kan hunuu akuo yi tebea a asiane wom no wɔ Ahinime 4,1856. Adeɛ kyeeɛ no ɔgyinaa Ahotefoɔ no anim wɔ Salt Lake City na ɔkaa sɛ, “Yɛn nuanom mmarima ne mmaa no mu pii wɔ asasetam no so a wɔde ateaseɛnam, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ba ha; ɛsɛ sɛ yɛde mmoa kɔma wɔn ansa na awɔberɛ no aba.”

Ɔsee bishop nom sɛ wɔmfa afunumu akuo 60, anaasɛ nteaseɛnam 12 anaa deɛ ɛboro saa, ne esam tɔn 12 (10,886 kg) mmra na ɔpaee mu kaa sɛ, “Monkɔfa saa nkorɔfoɔ no mmra seesei ara wɔ asasetam no so.”

Adikanfoɔ dodoɔ a wɔaka abom wɔ Willie ne Martin nteaseɛnam akuo mu no bɛyɛ 1,100. Ahotefoɔ a wɔsom bo yi mu bɛyɛ 200 wuwuii wɔ kwan no so. Sɛ ɛnyɛ berɛ a ɛsɛ mu ɔgyeɛ no a, anka pii wuwuiiɛ.

Awɔberɛ mu ahum no firii aseɛ bɛyɛ nnawɔtwe mmienu akyi berɛ a agyefoɔ a wɔdii kan no firii Salt Lake City. Willie ne Martin akuo no mufoɔ twerɛtohɔ ahodoɔ no ka ɔhaw ahodoɔ a ɛyɛ hu ho asɛm berɛ a ahum no firii aseɛ no. Saa twerɛtohɔ ahodoɔ yi nso kyerɛ anigyeɛ kɛseɛ wɔ berɛ a agyefoɔ no baeɛ no.

Berɛ a Mary Hurren rekyerɛkyerɛ sɛdeɛ wɔkɔduruui ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Mmarima tee nisuo, na mmɔfra de anigyeɛ saeɛ. Berɛ a nkorɔfoɔ no ho baa wɔn ho so no, wɔn nyinaa buu nkotodwe wɔ sukyerɛmma no mu daa Onyankopɔn ase.”

Nnaanu akyi no, na ɛsɛ sɛ Willie kuo no tu kwan fa kwan no fa a ɛyɛ den pa ara, a ɛkɔ Rocky Ridge no so, wɔ ahum a ano yɛ den mu. Wɔn mu deɛ ɔtwa toɔ no annuru nsraban mu kɔsii anɔpa 5:00. Nnipa du-mmiɛnsa wuwuii na wɔsiee wɔn wɔ damena baako mu.

Wɔ Obubuo 7 no, na Willie kuo no rebɛn Salt Lake Vlley no, nanso saa anɔpa no, na nnipa baasa asan awuwu. Nnaanu akyi no, afei deɛ Willie kuo no duruu Salt Lake, faako a wɔgyee nkyea anwanwakwan so na wɔgyee wɔn kɔɔ Ahotefoɔ no afie mu.

Saa da no ara, na Martin kuo no da so ara wɔ akwansin 325 (523 km) akyi wɔ kwan no so, a na wɔgu so rebrɛ wɔ awɔ ne aduanekɔm mu. Nna kakra bi a na ɛdi anim no, na wɔatwa Sweetwater River no akɔduru deɛ seesei wɔfrɛ no Martin’s Cove no ho, faako a na wɔwɔ anidasoɔ sɛ wɔbɛnya ahobammɔ afiri wiem tebea ho no. Akandifoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ asubɔnten a ne twa nyɛ koraa wɔ akwantuo mu.” Agyefoɔ no binom,—te sɛ me nanakansoa David Patten Kimball, a na wadi mfeɛ 17 pɛ, ne ne nnamfonom nkumaa, “George W. Grant, Allen Huntington, Stephen Taylor, ne Ira Nebeker,—tenaa nsuonwunu no mu dɔnhwere pii,” de akokoɔduro boaa kuo no maa wɔtwaa Sweetwater no.

Berɛ a nnipa pii adwene aba saa adeyɛ yi so kɛse, berɛ a mesuaa pii faa agyefoɔ no ho no, mehunuu sɛ na wɔn nyinaa di nkɔnhyɛni no akyi na wɔdii dwuma titire wɔ Ahotefoɔ a na wɔaka no gyeɛ mu. Na agyefoɔ no nyinaa yɛ akokoɔdurufoɔ, sɛdeɛ na atutenafoɔ no nso teɛ.

Meresua wɔ abakɔsɛm no, m’ani sɔɔ abusuabɔ a ɛsom bo ne daa nkwa anisoadehunu a ɛtena hɔ kyɛ wɔ atutenafoɔ no mu. Na John ne Mary Linford ne wɔn mma mmarima baasa ka Willie kuo no ho. John wuu dɔnhwere kakraa bi ansa na agyefoɔ no reduru hɔ. Na wabɔ Mary amaneɛ sɛ n’ani agye sɛ wɔatu kwan no. Ɔkaa sɛ, “Merennya nkwa nnuru Salt Lake deɛ, nanso wo ne mmarimaa no bɛtumi, na mennuu me ho wɔ deɛ yɛakɔ mu nyinaa, sɛ mmɔfra no bɛnyini na wɔatete wɔn mmusua wɔ Sion deɛ a.”

Titenani James E. Faust maa tɔfabɔ nwanwasoɔ yi: “Wɔ akunini yi mmɔdenmmɔ fa teaseɛnam a wɔpia akandifoɔ ho no, yɛsua nokorɛ kɛseɛ bi. Ɛsɛ sɛ obiara fa dadeɛ-nanefoɔ gya mu, na deɛ ɛho nhia wɔ yɛn abrabɔ mu no bɛtumi ayera te sɛ ade hunu na ama yɛn gyedie ahyerɛn, adi mu, na ayɛ den. Ayɛ sɛ deɛ apenesie, awerɛhoɔ, ne mpɛn pii no akoma abubuo wɔ hɔ ma obiara, a wɔn a wɔde anibereɛ hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ deɛ ɛtene na wɔadi nokorɛ no ka ho. Nanso yei yɛ ahoteɛ no fa a ɛbɛma woahunu Onyankopɔn.”

Wɔ Ne daa nkwa Mpata ne Wusɔreɛ yie mu no, Agyenkwa no bubuu “owuo mpokyerɛ, nyaa owuo so nkonimdie” maa obiara. Wɔ wɔn a wɔanu wɔn ho wɔ bɔne ho no fam no, “ɔfaa wɔn amumɔyɛ ne wɔn mmaratoɔ too Ne ho so, gyee wɔn, na ɔyɛɛ atɛntenenee apɛdeɛ.”

Sɛ Mpata no nni hɔ a, yɛrentumi nnye yɛn ho mfiri bɔne ne owuo mu. Berɛ a bɔne bɛtumi adi dwuma titire wɔ yɛn sɔhwɛ ahodoɔ mu no, mfomsoɔ, gyinaeɛsie a ɛnyɛ, nneyɛɛ bɔne a afoforɔ yɛ, ne nneɛma pii a yɛntumi nni so ma abrabɔ mu amanehunu yɛ kɛse.

Ka Me Nsɛmpa kyerɛkyerɛ sɛ: “Sɛ yɛde yɛn ho to Yesu Kristo ne Ne Mpata so a, Ɔbɛtumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn sɔhwɛ, yareɛ, ne yea ahodoɔ ano. Anigyeɛ, asomdwoeɛ ne awerɛkyekyeɛ bɛtumi ahyɛ yɛn ma. Deɛ ɛntene wɔ abrabɔ mu nyinaa wɔbɛtumi afa Yesu Kristo Mpata no so ayɛ no yie.”

Wɔ Easter berɛ yi mu no, yɛn adwene si Agyenkwa no ne Ne mpata afɔrebɔ so. Mpata no ma anidasoɔ ne hann wɔ berɛ a nnipa pii fam no, ayɛ sɛ ɛyɛ sum ne awerɛhoɔ. Titenani Gordon B. Hinckley paee mu kaa sɛ, “Sɛ wɔhwehwɛ abakɔsɛm nyinaa mu a, biribiara nni hɔ a ɛyɛ nwanwa, yɛ fɛ, yɛ kɛse te sɛ adom dwumadie yi.”

Mekamfo nneɛma mmiɛnsa a megye di sɛ ɛfa yɛn nna yi ho titire.

Deɛ ɛdi kan, mmu hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi de gye afoforɔ firi honam fam ne titire no honhom mu ɔhaw ahodoɔ mu no ade ketewa bi.

Deɛ ɛtɔ so mmienu, fa anisɔ gye Agyenkwa no Mpata no tom. Ɛwɔ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden kyerɛ ɛdɛ ne anigyeɛ berɛ mpo a yɛhyia abrabɔ mu ɔhaw ahodoɔ. Ɛwɔ sɛ yɛn botaeɛ yɛ sɛ yɛbɛtena ase wɔ anidasoɔ mu wɔ baabi a owia hyerɛn no. Mahunu sɛ me hokafoɔ a ɔsombo, Mary, yɛ yei wɔ n’abrabɔ nyinaa mu. M’ani asɔ n’ahokeka a ɛhyerɛn ne nkuranhyɛ kwan a ɔfa so yɛ adeɛ mpo berɛ a yɛahyia ɔhaw ahodoɔ mfeɛ bebree.

M’afotuo a ɛtɔ so mmiɛnsa ne sɛ mede berɛ bɛsi hɔ daa de nokorɛdie adwennwene Agyenkwa no Mpata ho. Akwan pii wɔ hɔ a yɛbɛfa so ayɛ yei wɔ yɛn ankasa nyamesom nneyɛɛ mu. Nanso, adidikronkron nhyiamu a wobɛkɔ ne adidikronkron no a wobɛfa no yɛ deɛ ɛho hia paa ara.

Deɛ ɛho hia saa bio ne sɛ wobɛtaa akɔ tɛmpol sɛ ɛbɛtumi a. Tɛmpol ma wokae Agyenkwa no Mpata ne deɛ ɛdi so nkonim. Na, mpo deɛ ɛho hia kɛse pa ara, tɛmpolkɔ ma yɛtumi de honhom mu ɔgyeɛ ma yɛn adɔfoɔ a wɔawuwuo ne nananom a wɔwɔ akyirikyiri.

Titenani Russell M. Nelson, wɔ yɛn nhyiamu a atwam no ase, sii nnyinasosɛm yi so dua na ɔde kaa ho sɛ, “[Tɛmpol] nhyira boa ma wɔsiesie nkorɔfoɔ a wɔbɛboa ma wɔasiesie wiase ama Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no!”

Ɛnni sɛ yɛn werɛ firi awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no mu afɔrebɔ ne nhwɛsoɔ ahodoɔ da, nanso ɛwɔ sɛ yɛn adɔeɛ, anisɔ, ne ɔsom gyina wiase Agyenkwa no ne Ne mpata afɔrebɔ so. Medi adanseɛ sɛ Agya no anigyeɛ nhyehyɛeɛ no safoa ne Mpata a yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ayɛ no. Ɔte ase na Ɔdi N’Asɔre anim. Yesu Kristo Mpata no ma nkwagyeɛ a ɛtwa toɔ firi nsɔhwɛ ahodoɔ a yɛhyia wɔ abrabɔ yi mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ

  1. Casper Wyoming Tɛmpol no wɔhyiraa so wɔ Obubuo 24, 2024.

  2. Mebɛhunuu Willie ne Martin akuo no ne awerɛhosɛm a wɔhyiaeɛ berɛ a na meyɛ abɔfra koraa. Na me nanakansoa David Patten Kimball ka kuo a wɔfirii Salt Lake Valley a Titenani Brigham Young somaa sɛ wɔnkɔgye saa Ahotefoɔ yi no ho. (Hwɛ Saints: The Story of the Church of Jesus Christ in the Latter Days, vol. 2, No Unhallowed Hand, 1846–1893 [2020], 237.)

  3. Albin Veselka, Between Storms, original painting in the Casper Wyoming Temple (see “Casper Wyoming Temple Open House Commences,” Newsroom, Ɔsanaa. 26, 2024, newsroom.ChurchofJesusChrist.org).

  4. “Wɔ esum ne hann mu, Awurade, ka me ho!” (“Abide with Me!,” Nnwom, no. 166).

  5. Jim Wilcox, Heaven’s Portal, original painting in the Casper Wyoming Temple (see “Casper Wyoming Temple Open House Commences,” newsroom.ChurchofJesusChrist.org).

  6. Joseph Brickey, Risen Hope, giclée of original painting (see “Casper Wyoming Temple Open House Commences,” newsroom.ChurchofJesusChrist.org).

  7. Hwɛ William G. Hartley, “The Place of Mormon Handcart Companies in America’s Westward Migration Story,” The Annals of Iowa, vol. 65, nos. 2, 3 (Spring/Summer 2006), 107–9.

  8. Millen Atwood, Deseret Nsɛm ho AmaneɛbɔObubuo 26, 1856, 300; cited in Andrew D. Olsen, and Jolene S. Allphin, Follow Me to Zion: Stories from the Willie Handcart Pioneers 2013), xi.

  9. Hodgetts ne Hunt teaseɛnam kɛseɛ akuo no faa baabi a ɛbɛn Martin teaseɛnam ketewa kuo no na na ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn nso.

  10. Willie kuo no mufoɔ dodoɔ no ara firii Liverpool, England, wɔ suhyɛn no mu Thornton wɔ Kɔtɔnimma 4, 1856. Martin kuo no mufoɔ dodoɔ no ara firii Liverpool, England, wɔ suhyɛn no mu Horizonwɔ Kɔtɔnima 25, 1856. Horizon wɔ Kɔtɔnima 25, 1856.

  11. Hwɛ “Handcart Camp Dedicated in Iowa as Historical Site,” Church News, Ɔsanaa 9, 1980, 3, 5.

  12. Brigham Young, “Remarks,” Deseret News, Oct. 15, 1856, 252; punctuation modernized.

  13. Brigham Young, “Nsɛm a Wɔkae,” 252.

  14. Hwɛ Olsen and Allphin, Follow Me to Zion, 217.

  15. Mary Hurren, in Olsen and Allphin, Follow Me to Zion, 131.

  16. Wɔ Kutawonsa 23, 1994, President Gordon B. Hinckley dedicated the Rock Creek Hollow Monument and paid tribute to the faithful Saints who died from the trek over Rocky Ridge (see Julie Dockstader Heaps, “Trail of Handcart Pioneers Sanctified by Sacrifice,” Church News, utawonsa 30, 1994, 8–9, 11). Titenani Robert Scott Lorimer kaa Titenani Hinckley ho wɔ nhyirasoɔ no ase. Sɛ Stake Titenani ma Riverton Wyoming Stake no, ɔdii dwuma titire bi wɔ abakɔsɛm ne honhom mu nneyɛɛ a ɔhunuiɛ na ɔhwɛɛ so maa wɔn a wɔhunuu awerɛhosɛm no.

  17. Hwɛ James G. Willie emigrating company journal, Obubuo 7, 1856, Church History Library, Salt Lake City.

  18. John Jaques, “Some Reminiscences,” Salt Lake Daily Herald, Ɔpɛnimaa 15, 1878, 1.

  19. Ahotefoɔ, 2:237. Me nanabarima, Crozier, David Patten babarima, kyerɛɛ me adesua ahodoɔ a ɛho hia. Ɔsii so dua sɛ Dawid dii nkɔnhyɛni no akyi, na ɛsɛ sɛ yɛdi nkɔnhyɛni no afotuo so wɔ yɛn berɛ yi mu.

  20. John Linford, in Golden C. Linford, Linford Family Heritage (1995), 214; see also Val Parrish, “President’s Message,” Pioneer, vol. 71, no. 3 (Fall 2024), 1.

  21. James E. Faust, in “Faith in Every Footstep: The Epic Pioneer Journey” (video presentation in general conference, Apr. 6, 1997), Ensign, May 1997, 63.

  22. Mosiah 15:8.

  23. Mosiah 15:9; san hwɛ Alma 34:16.

  24. Hwɛ Alma 22:12–15.

  25. Preach My Gospel: A Guide to Sharing the Gospel of Jesus Christ (2023), 56.

  26. Gordon B. Hinckley, “The Wondrous and True Story of Christmas,” Liahona, Ɔpɛnima 2000, 4.

  27. Titenani Thomas S. Monson both taught and lived the rescue principle (see Teachings of Presidents of the Church: Thomas S. Monson [2020], 67–76).

  28. Russell M. Nelson, “Awurade Yesu Kristo Bɛba Bio,” Liahona, Obubuo 2024, 121.