Amansan Nhyiamu
Yɛho Ate Honhom Mu Wɔ Ne Mu
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:28

Yɛho Ate Honhom Mu Wɔ Ne Mu

Woreyɛ pɛ nkyerɛ sɛ honam ne adwenem nsiesie mu wɔ asetena yi mu. Yesu Kristo mu gyidi ne ne nsakyerae na pɛyɛ wɔ.

Akwatafoɔ du team kyerɛɛ Agyenkwa no sɛ, “Hu yɛn mmɔbɔ.” Na Yesu yɛeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no na, berɛ a wɔrekɔ no, wɔtee wɔn ho firii yareɛ no ho.

Na wɔn mu baako, berɛ a ɔhunuu sɛ wɔasa no yareɛ no, ɔteam maa Onyankopɔn. Ɔsan kɔɔ Agyenkwa no nkyɛn, ɔhwee ase wɔ Ne nan ase, na ɔdaa No ase.

Na Agyenkwa no kakyerɛɛ no sɛ, “Wo gyedie ate wo ho.”

Na Yesu Kristo asa akwatafoɔ du yareɛ. Nanso baako, a ɔresan aba Agyenkwa no hɔ no, nyaa biribi kaa ho. Wɔyɛɛ no pɛ.

Wɔsaa akwatafoɔ nkron yareɛ wɔ nipadua mu.

Ɔsaa baako honam fam yareɛ na wɔyɛɛ no honhom fam nso ahoteɛ.

Wɔ saa asɛm yi ho adwene mu no, masusu ho sɛ ebia nkɔmmɔbɔ no yɛ nokorɛ. Sɛ ayaresa ne nteho nyɛ pɛ a, so ɔbɛtumi ayɛ baako wɔ honhom fam ɛnam Ne so, nanso ɔnnya nnyaa honam fam ne atenka fam ayaresa?

Owura Ɔyaresafoɔ no bɛsa yɛn amanehunu nyinaa—honam fam ne adwene mu fam deɛ—wɔ Ne berɛ so. Nanso wɔ twɛn a wɔretwɛn sɛ wɔbɛsa wɔn yareɛ no mu no, so obi ho bɛtumi ate?

Deɛn na ɛbɛtumi akyerɛ sɛ yɛho ate honhom mu?

Yɛho te wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛde yɛn pɛ di dwuma de di N’akyi wɔ gyedie mu, de yɛn akoma brɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛtumi asesa wɔn, akora ne mmara nsɛm so, na yɛne no akɔ apam abusuabɔ mu, ɔdwoɔ a yɛbɛtena hɔ na yɛasua afiri nsɛmdennden a ɛwɔ asase so agyapadeɛ yi mu kɔsi sɛ yɛbɛsan akɔ N’anim na wɔasa wɔn yareɛ wɔ ɔkwan biara so. Mɛtumi ate me ho, berɛ a meretwɛn ayaresa, sɛ me ne No nya akoma pa ayɔnkofa a.

Yesu Kristo mu gyedie ma anidasoɔ. Mehu anidasoɔ wɔ mmɔden a merebɔ sɛ meho bɛte—ahoteɛ a ɛfiri Yesu Kristo mu gyidie mu. Gyedie a mewɔ wɔ Ne mu no ma m’anidasoɔ a mewɔ ma ayaresa no yɛ kɛse, na saa anidasoɔ no hyɛ me gyedie a mewɔ wɔ Yesu Kristo mu no mu den. Ɛyɛ kyinhyia a tumi wom.

Awurade ka kyerɛɛ Enos sɛ ne gyedie ama ne “ho ate.” Ahoteɛ no nyinaa baeɛ berɛ a Enos susuii ne nkɔmhyɛni-agya Yakob nsɛm ho, berɛ a na ɛkɔm de no sɛ ɔbɛte daa nkwa akwanya ase no, berɛ a ɔsuiiɛ kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ a ɛyɛ den mu. Na saa akɔnnɔ ne ahobrɛaseɛ tebea no mu no, Awurade nne baa ne nkyɛn, na wɔde ne bɔne no too dwa na ɔde kyɛɛ no. Na Enos bisaa Awurade sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔayɛ?” Na Agyenkwa no kakyerɛɛ no sɛ “esiane wo gyedie wɔ Kristo mu nti, … Wo gyedie ate wo ho.”

Ɛnam yɛn gyedie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu so no, yɛbɛtumi ahwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ honhom mu adeɛ berɛ a yɛretwɛn na yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛbɛnya honam ne adwene mu ayaresa.

Esiane ne mpata afɔrebɔ nti, na berɛ a yɛfiri akomam nu yɛn ho no, Agyenkwa no sa yɛn yareɛ firi bɔne ho, sɛnea ɔyɛeɛ wɔ Enos ho no. Ne mpata a enni awieɛ no nso duru yɛn awerɛhoɔ ne haw ho.

Nanso ebia Ɔmfa ayaresa mfiri yaredahɔ ne yarewa mu—koankrɔ yea, nyarewa a nipadua no ntumi nko tia te sɛ multiple sclerosis, cancer, anxiety, depression, ne nea ɛtete saa mma. Saa ayaresa no deɛ gye Awurade mmerɛ. Na saa berɛ yi mu no, yɛbɛtumi afa sɛ yɛbɛma yɛn ho ate ɛnam yɛn gyedie a yɛde bɛdi dwuma wɔ Ne mu!

Sɛ wo ho bɛte a ɛkyerɛ sɛ wayɛ pɛ na wahyɛ ma. Te sɛ mmaabunu anyansafoɔ baanum a na ngo ayɛ wɔn nkanea ma berɛ a ayeforɔkunu no baaeɛ no ara pɛ no, yɛbɛtumi ama yɛn ho ate wɔ Yesu Kristo mu berɛ a yɛde ngo a ahoɔden wom a yɛde ngo a ɛma adwensakra kɔ Ne hɔ no. Wɔ saa kwan no so no, yɛasiesie yɛn ho ama sɛnkyerɛnne kwan so ayeforɔhyia anwummerɛ aduane, Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu.

Wɔ saa abasɛm no mu no, na mmabaa du no nyinaa wɔ beaeɛ a ɛfata, na wɔretwɛn ayeforɔkunu no. Wɔn mu biara de kanea baeɛ.

Nanso berɛ a ɔbaa hɔ no, wɔ anadwo fa dɔnhwere a na wɔnhwɛ kwan no mu no, na nkwaseafoɔ baanum no nni ngo a ɛdɔɔso ma wɔn nkanea. Wɔanka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ abɔnefoɔ, na mmom sɛ nkwaseasɛm. Ɔkwasea no antumi ansiesie ne ho yie sɛ ɔbɛma wɔn akanea no akɔ so ahyerɛn ɛnam ngo a wɔde sakra no so.

Na enti, wɔ wɔn adesrɛ a ɛne sɛ wɔmma wɔn kwan ma wɔnkɔ ayeforohyia apontoɔ no mu no, ayeforɔkunu no buaeɛ sɛ, “Wo nnim me.”

Enti, ɛkyerɛ sɛ maabunu anyansafoɔ baanum no nim no ampa. Na wɔate wɔn ho wɔ Ne mu.

Na wɔn akanea no ayɛ ma a ngo a ɛsom bo a ɛsakra a ɛma mmaabunu anyansafoɔ no tumi hyɛnee awareɛ apontoɔ a ɛwɔ ayeforokunu no nifa so no mu.

Sɛnea Agyenkwa no kaa sɛ, “Ɛno nti,monyɛ nokorɛfoɔ,mmɔ mpaeɛ berɛbiara, nsiesie mo nkanea ma ɛnnɛre, na ngo nka mo ho, ama mo ayɛ ahoboa wɔ berɛ a Ayeforɔkunu no bɛba no.”12

Mmabunu Nyansafoɔ Nnum, ɛfiri Ben Hammond hɔ

Mmabunu Nyansafoɔ Nnum, ɛfiri Ben Hammond hɔ

A magnificent sculpture depicting the Mmaabunu Anyasafoɔ Nnumwɔde sii hɔ nansa yi wɔ ɔkwan a ɛkɔ Relief Society Dan no anim pɛɛ wɔ Temple Square na ɛwɔ Salt Lake Tɛmpol no sunsum mu.

Ɛyɛ beaeɛ a ɛfata sɛ wɔde bɛdi dwuma wɔ kasabɛbuo no mu. Ɛfirisɛ yɛyɛ na yɛdi apam ahodoɔ so a, ɛnkanka deɛ ayɛ krado wɔ Awurade fie, de ngo a ɛkɔ adwensakra mu bɛgu yɛn akanea mu.

Mmabunu nyansafoɔ nnum rekyɛ wɔn kanea.
Mmabunu nyansafoɔ nnum a wɔreboa wɔn ho wɔn ho.

Berɛ a mmaa a wɔgyina hɔ ma mmaa a wɔyɛ anyansafoɔ baanum no nkyɛ wɔn adwensakra ngo no, na wɔrekyɛ wɔn hann berɛ a wɔkura wɔn akanea a ngo ahyɛ mu ma na ɛrehyerɛn no. Nea ɛho hia no, yɛhu wɔn sɛ wɔreboa wɔn ho wɔn ho—mmatri so kɔsi mmatri so, nsa a wasɔ mu ahyia ama wɔn ho, ani a ɛbɔ ani mu refrɛ afoforɔ aba hann no ho.

Nokorɛ, “[yɛn] ne wiase hann.” Agyenkwa no kaa sɛ:

“Mede ma mo sɛ mo nyɛ hann ma saa nkorɔfoɔ yi. Kuropɔn a ɛwɔ bepɔ so no ntumi nnhunta.

“[Yɛ] sɔ kyɛnere na yɛde hyɛ mpadua ase? Daabi, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa;

“Ɛno nti moma mo kanea nhyerɛn wɔ saa nkurɔfoɔ yi anim, ama wɔahunu mo nwuma pa na wɔahyɛ mo Agya no a [ɔwɔ] soro no animuonyam.”

Wahyɛ yɛn sɛ yɛnkyɛ Ne hann no. Enti fa adwensakra ngo a ɛkɔ Yesu Kristo mu gu wo kanea mu ma na siesie wo kanea berɛ biara na ɛnhyerɛn daa. Na ma saa hann no nhyerɛn. Sɛ yɛkyɛ yɛn hann a, yɛde ahomegyeɛ a ɛwɔ Yesu Kristo mu brɛ afoforɔ, yɛn adwensakra ma No no yɛ den, na mpo yɛbɛtumi ate yɛn ho berɛ a yɛretwɛn ayaresa. Na sɛ yɛma yɛ hann hyerɛn a, yɛbɛnya anigyeɛ berɛ a yɛretwɛn.

Twerɛsɛm mu nhwɛsoɔ bi ho wɔ mfasoɔ wɔ nyinasosɛm a ɛne sɛ yɛbɛtumi ate yɛn ho berɛ a yɛasakra yɛn ho akɔ Yesu Kristo mu no mu den na yɛatwe ahoɔden afiri Ne hɔ, berɛ mpo a yɛretwɛn ayaresa no

Ɔsomafoɔ Paulo nyaa amanehunu binom—nea ɔkyerɛmu sɛ “honam mu nkasɛe,” a ne mprɛnsasoɔ ɔbisaa Awurade sɛ Ɔnyi. Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “M’adom dɔɔso ma wo: ɛfiri sɛ m’ahoɔden wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu.” Ɛno na Paul kaa sɛ:

“Ɛno nti anigyeɛ kɛseɛ mu, me … di nyam wɔ m’ahoɔmmerɛ mu mmom, sɛ Kristo tumi bɛtumi agye ahome wɔ me so.

Enti m’ani gye mmerɛyɛ ho, wɔ ahoyera mu esiane Kristo nti: ɛfiri sɛ sɛ meyɛ mmerɛ a, na menya ahoɔden.”

Paulo nhwɛsoɔ kyerɛ sɛ mpo wɔ yɛn mmerɛyɛ mu no, yɛn ahoɔden wɔ Yesu Kristo mu no bɛtumi ayɛ pɛ—ɛwie pɛyɛ na ɛho te. Wɔn a wɔne asetena mu haw redi asie no, na ɔhwɛ Onyankopɔn wɔ gyedie mu te sɛ Paulo, bɛtumi anya nhyira a ɛbɛma wɔn ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa.

Paulo anya ayaresa wɔ n’amanehunu mu, nanso ɔtee ne ho honhom mu wɔ Yesu Kristo mu. Mpo wɔ n’amanehunu mu no, n’adwensakra hann ne ahoɔden a ɛfiri Yesu Kristo mu kɔɔso hyerɛnn na ɔnyaa anigyeɛ. Wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Filipifoɔ no mu no ɔkaa sɛ, “Di dɛ wɔ Awurade mu mmerɛ nyina[a]: na bio mese wo sɛ, Di dɛ.”

Anuanom mmaa ne mmarima, mmuaeɛ no yɛ aane, yɛn ho bɛtumi ate wɔ honhom mu, mpo wɔ berɛ a yɛretwɛn honam ne adwene mu ayaresa no. Woreyɛ pɛ nkyerɛ sɛ honam ne adwenem nsiesie mu wɔ asetena yi mu. Yɛreyɛ pɛ nyinaa ne sɛ wɔawo yɛn wɔ gyedie a ɛwɔ Yesu Kristo mu ne nsakraeɛ a ɛba mu ne sɛnea wɔma saa nsakraeɛ no hann no hyerɛn.

“Wɔafrɛ bebree, nanso kakra na [wɔama wɔn ho kwan sɛ] wɔnyi wɔn.”

Obiara bɛnya ayaresa, honam mu ne adwenem fa mu wɔ owusureɛ mu. Nanso wobɛyi sesei sɛ wo ho bɛte wɔ Ne mu?

Mede anigyeɛ pae mu ka sɛ wasakyera me aba Awurade Yesu Kristo mu. Merebɔ mmɔden sɛ me ho bɛte wɔ Ne mu. Me wɔ awerɛhyɛm sɛ wɔde nneɛma nyinaa bɛsan aba na ayaresa bɛba, wɔ Ne mmerɛ mu, ɛfirisɛ Ɔte ase.

Na Mary Magdalene yɛ ɔbaa aYesu Kristo saa no yareɛ. Na ɔyɛ ɔbaa ne ho ate wɔ Yesu Kristo mu. Sɛ Ne suani no ɔdii N’akyi wɔ Galilea nyinaa na ɔsomm No.

Na ɔwɔ Ne nan ase wɔ Ne wuo mu wɔ asenua no ase sɛ dansefoɔ.

Ɔkɔɔ N’abomena so sɛ ɔkɔwiee sie no ho nhyehyɛeɛ ahodoɔ no na ɔhunuu sɛ ɔboɔ no a ɛda Ne bomena no ano nni hɔ, na Awurade amu no nni hɔ. Na Maria wɔ ɔboɔ no ano resu berɛ a abɔfoɔ no bisaa no nea ɛdi kan no na afei Agyenkwa no ankasa, “Ɔbaa, adɛn nti na woresu? Hwan na worehwehwɛ no?”

Mary suii, “Wɔafa me Wura kɔ, na mennim deɛ wɔde no atoɔ.”

Na Yesu de brɛoow bɔɔ ne din, “Mary.” Na ɔhunuu No na wɔ anidie mu buaeɛ sɛ, “Rabboni; … Owura.”

Ɔrehyɛ Agyenkwa no ho nkɔm no, Yesaia kaa sɛ, “Ɔbɛmene owuo akɔsi daa wɔ nkunimdie mu; na Awurade Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa nisuo afiri hɔ.”

Ne Wusɔreɛ pepaa Mary aniwa mu nisuo. Ampa ara Ɔbɛpepa wodeɛ nso.

Maria yɛ Agyenkwa no wusɔreɛ ho dansefoɔ a ɔdi kan. Na ɔno na ɔdii kan dii ho adanseɛ kyerɛɛ afoforɔ nea na ɔhuiiɛ.

Wɔ ahobrɛaseɛ mu mede m’adanseɛ ka Maria deɛ ho. Wasɔre. Yesu Kristo te ase. Awieɛ koraa no, obiara bɛnya ayaresa, honam mu ne adwenem fa mu wɔ Ne mu. Na wɔ saa ayaresa no twɛn mu no, gyedie wɔ Owura Ɔyaresafoɔ no mu no bɛma yɛn ho ate wɔ honhom fam mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Luka 17:11–19. Wɔkyerɛɛ asɛmfua “wate ne ho” ase firi Greek asɛmfua bi a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛgye obi nkwa, ɔbɛgye, de ama, anaasɛ ɔbɛsa no yareɛ. Ɛte sɛ nea ɛno si nokwasɛm a ɛho hia a ɛne sɛ Yesu Kristo bɛtumi asa yɛn yareɛ wɔ honam fam no so dua, na Ɔbɛtumi nso agye yɛn, wagye, na wasa yɛn yareɛ wɔ akwan foforɔ so.

  2. Hwɛ Alma 40:23: “Wɔbɛma ɔkra no abɛyɛ honamdua, na honamdua no abɛyɛ ɔkra; aane, na nsa ne ɛnan ne apɔsoapɔso bɛka asisi anim ama abɛyɛ ne honamdua; aane, wɔn tiriso nwii baako mpo nyera; na mmom nneɛma nyina ara bɛsi ne dadaa mu ayɛ foforɔ sɛdeɛ ɛteɛ seesei yi.” San hwɛ Russell M. Nelson, “Yesu Kristo—Owura Yaresafoɔ no,” Liahona, Nov. 2005.

  3. Hwɛ Moroni 7:40–42.

  4. Enos 1:8.

  5. Enos 1:7.

  6. Enos 1:8.

  7. Hwɛ Mateo 25:1–13.

  8. Nkwaseasɛm ɛfirisɛ na wɔnsusu sɛ ngo foforɔ nkaeɛ a wɔbɛnya no ho hia anaasɛ ɛho bɛhia.

  9. Joseph Smith Nkyeraseɛ, Mateo 25:12 (in Mateo 25:12, aseɛ hɔ asɛm a).

  10. Abasɛm a ɛfa mmaabunu du ho no Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛɛ sɛ:

    “Mesrɛ wo dwene nkanea a mmaabunu no de dii dwuma sɛ adansedie nkanea. Mmaabunu nkwaseafoɔ no faa wɔn adansedie kanea nanso wɔanfa ngo anka wɔn ho. Susu ho sɛ ngo no yɛ adwensakyera ngo. …

    Na mmaabunu anyansafoɔ baanum no yɛ pɛsɛmenkomenya na wɔmpɛ sɛ wɔkyɛ, anaasɛ na ɛkyerɛ no yie sɛ wɔntumi nfɛm adwensakra ngo no? So wɔbɛtumi de honhom mu ahoɔden a ɛfiri setie a ɛkɔ so daa ama mmaransɛm no mu ba no ma onipa foforɔ? So wɔbɛtumi de nimdeɛ a wɔnya ɛnam nsiyɛ ho adesua ne twerɛnsɛm no ho adwene so no akɔma obi a ohia? So asomdwoeɛ a asɛmpa no de ba ma Nna a Ɛdi Akyire Ɔhotefoɔ nokwafoɔ so akɔ ankorankoro bi a ɔrehu amanehunu anaa asɛmdennden kɛseɛ mu? Nsɛmmisa yi mu biara ho anoyie ne daabi.”

    Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛwɔ “ankorankoro asɛdeɛ sɛ yɛbɛma yɛn adanseɛ kanea no ayɛ hye na yɛanya ngo a wɔde bɛkɔ adwensakyera mu no pii. Saa ngo a ɛsom bo yi ba nkakrankakra mu —‘wɔ ne kwan so [ne] nkyerɛkyerɛ so kɔ nkyerɛkyerɛ so’ (2 Nephi 28:30), boasetɔ ne nsiyɛ daa. Kwatikwan biara nni hɔ a wobɛtumi afa so; simma a ɛtwa toɔ mu ahosiesie biara ntumi nyɛ yie” David A. Bednar” (“Wasakyera ama Awurade,” Liahona, Nov. 2012, 109).

  11. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 33:17. Titenani Russell M. Nelson tuu yɛn fo sɛ: “Seesei ne berɛ ma wo ne me sɛ yɛbɛyɛ ahosiesie ama yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo, Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Seesei ne berɛ ma yɛn sɛ yɛbɛma yɛn asuafoyɛ ho ahia yɛn kɛse pa ara” (“Awurade Yesu Kristo Bɛsan Aba Bio,” LiahonaNov. 2024).

  12. Abaduaba a ɛkyerɛ Mmaabunu Anyansafoɔ Baanum yɛ mfoninyɛfoɔ Ben Hammond, a ɔyɛɛ mmaabunu a wɔwɔ nyansa num no ho mfonini sɛ mmaa a wɔadi mfeɛ ahodoɔ ne abusuakuo ahodoɔ, a ɛgyina hɔ ma mmaa ahodoɔ pii a wɔyɛ Yesu Kristo asuafoɔ a wɔasakra no.

  13. Sɛ yɛfa adidi kronkron no a, yɛyɛ yɛn ne Awurade apam no nyinaa foforɔ na yɛyɛ apam foforɔ a yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din na yɛadi Ne mmara nsɛm so. Asɔfodie ho ayɛyɛdeɛ a ɛfata a wɔde wɔn ho hyɛ mu ne apam a wɔyɛ na wɔdi so no ma yɛn ho te. Saa nyinasosɛm yi yɛ nea wɔada no adi fɛfɛɛfɛ wɔ sacrament nwom “Bread of Life, Living Water”:

    “Nkwa Panoo, Nkwa Nsuo,

    Ma me kra aduane, hyɛ m’akoma ma.

    Awurade ma me asetena foforɔ wɔ Wo mu

    Na ma meho nte—edi mu na ɛyɛ kronkron—

    Wɔde me afam Wo ho daa.

    (Nnwom—ma Fie ne Asɔreh, Asɛmpa Nnwoma Akoraeɛ; wɔsi so dua.)

  14. Mateo 5:14.

  15. 3 Nephi 12:14–16.

  16. Wɔ nnwom no mu nsɛm mu no:

    Me hann ketewa yi, mɛma no ahyerɛn. …

    Babiara a mɛkɔ biara no mɛma no ahyerɛn. …

    Yesu na ɔde maa me; mɛma na ahyerɛn.

    Ma ɛnhyerɛn, ma ɛnhyerɛn, ma ɛnhyerɛn.

    (“Me Hann Ketewa yi,” Nnwom—Ma Asɔre ne Fie, Asɛmpa Nnwoma Akoraeɛ.)

  17. 2 Korintofoɔ 12:7.

  18. Hwɛ 2 Korintofoɔ 12:8.

  19. 2 Korintofoɔ 12:9.

  20. 2 Korintofoɔ 12:9–10.

  21. Filipifoɔ 4:4; san hwɛ 2 Korintofoɔ 1:3–4: “Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya mpo, mmɔborohunu Agya, ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn; nea ɔkyekyere yɛn werɛ wɔ yɛn ahohia nyinaa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wɔn a ɔwɔ ɔhaw biara mu werɛ, ɛnam awerɛkyekyerɛ a yɛn ankasa yɛ kyekye yɛn werɛ firi Onyankopɔn so no ho.”

  22. Hwɛ David A. Bednar, “Put On Thy Strength, O Zion,” Liahona, Nov. 2022, 94.

  23. Mateo 22:14; san hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:34–35.

  24. Hwɛ Luka 8:2–3.

  25. Hwɛ Yohane 19:25.

  26. Yohane 20:15; san hwɛ nkyekyɛmu 13.

  27. Yohane 20:13.

  28. Yohane 20:16.

  29. Yesaia 25:8.