Te sɛ Abɔfra Ketewa
Medi adanseɛ sɛ nsukɔnoma, ne mmɔfra ne mmabunu yɛ Onyankopɔn ahemman mfonin a ɛreyɛ kɛse wɔ ahoɔden ne ahoɔfɛ nyinaa mu wɔ asase so.
Yesu miaa N’asuafoɔ no nteteɛ mu kɛse berɛ a ɔhyɛɛ afe a ɛtwa toɔ ase wɔ N’asase so asetena mu. Sɛ Ne nkrasɛm ne N’Asɔre bɛgyina ama No a, dodoɔ na ɛsɛ sɛ wɔpia gu mmarima 12 a wɔnyɛ atitire biara na wɔahunuu No nnuruu abosome 24 no akoma mu.
Da koro bi Yesu hunuu akyinnyeɛ wɔ Dummienu no ntam na akyire yi ɔbisaa sɛ, “Deɛn na na ɛde akyinnyeɛ aba mo ntam no?” Wɔtee aseɛ sɛ wɔafɛre nti, wɔn “anka hwee,” sɛdeɛ twerɛtohɔ no ka. Nanso saa akyerɛkyerɛfoɔ mu nyinaa kɛseɛ pa ara yi hunuu adwene a ɛwɔ wɔn akoma mu ɔtee fɛreɛ a ɛyɛ ankasa ahomasoɔ nka. Enti Ɔ“frɛɛ abɔfra ketewa baa ne nkyɛn, …
“Na ɔkaa sɛ, Nokorɛ mese mo sɛ, Gye sɛ monya adwensakyera, na mobɛyɛ te sɛ mmɔfra nketewa, anyɛ saa a morenwura ɔsoro ahemman no mu.
“Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ saa abɔfra ketewa yi, ɔno ne ɔkɛseɛ pa ara wɔ ɔsoro ahemman no mu.”
Ɛwɔ sɛ yɛhyɛ no nso sɛ mpo ansa na wɔrebɛwo Kristo no, na saa asɛm a ɛmu da hɔ fa abɔfra ahobrɛaseɛ ho yi ka Ɔhene Benjamin nante yie asɛnka no ho. Ɛka sɛ, “Onipa a ɔwɔ honam mu yɛ Onyankopɔn tamfoɔ, … na ɔbɛyɛ saa, daa ne afebɔɔ, gye sɛ ɔno … fa Awurade Kristo mpata no so ba bɛyɛ ɔhoteni, na ɔba bɛyɛ te sɛ abɔfra, ɔgyae ne ho ma, … ahobrɛaseɛ, … ɔdɔ ahyɛ ma, … mpo sɛdeɛ abɔfra [gye so] ma n’agya no.”
Seesei, ɛmu da hɔ sɛ nkwadaasɛm suban binom wɔ hɔ a yɛnhyɛ ho nkuran. Mfeɛ aduonu num a atwam, ɛhɔ me nanaa abarimaa mfeɛ mmiɛnsa kaa ne nuabaa mfeɛ num nsa ho. M’ase barima, a ɔrehwɛ mmɔfra no saa anadwo no de ahopereɛ kyerɛkyerɛɛ ne babaa no adesua biara a ɔtumi dwenee ho faa fakyɛ ho, de wieeɛ mpo sɛ ebia onua barima ketewa no nnim sɛdeɛ ɛteɛ sɛ woka obi nsa ho. Saa agya nsɛmhunu a ɔkaae no yɛɛ adwuma bɛyɛ sima baako, ebia sima baako ne fa, kɔsii sɛ nteamu denneennen firii mmɔfra no dan mu hɔ, baabi a me nanaa abaayewa no de ɔdwoɔ frɛɛe sɛ, “Ɔreyɛ seesei.”
Enti deɛn na ɛwɔ ɔbra pa mu a ɛwɔ sɛ yɛhunu wɔ asetena mu sukuupɔn kumaa mu? Deɛn na ɛmaa Kristo No ankasa tee nisuo wɔ ayamyɛ kɛseɛ abasɛm mu wɔ Mormon Nwoma no nyinaa mu? Deɛn na na Yesu rekyerɛkyerɛ berɛ a Ɔfrɛɛ ɔsoro gya ne ɔsoro abɔfoɔ ahobammɔfoɔ bɛtwaa saa mmɔfra no ho hyiaeɛ, hyɛɛ mpanimfoɔ no sɛ “wɔnhwɛ [wɔn] mmɔfra nketewa”?
Yɛnnim deɛ ɛkɔ faa saa no nyinaa baae, mmom ɛwɔ sɛ medwene sɛ ɛne wɔn ahoteɛ ne bemdie wɔ biribi yɛ, wɔn ahobrɛaseɛ su a wɔde awo wɔn, ne deɛ ɛbɛtumi de aba yɛn asetena mu sɛ yɛnya a.
Adɛn na ɔbaako ahyɛ yɛn akomatuo nna yi sɛ ɛyɛ “ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ”? Sɛn na ɛteɛ sɛ “nsusuhunu ne nnipa mma ahomasoɔ” na ɛyɛ nsɛm nsɛsoɔ ma ɛdan kɛseɛ tɛtrɛtɛ a awu pa ara wɔ honhom mu wɔ Lehi anisoadehunu mu? Ne Zoramfoɔ, saa kuo no a na wɔbɔ pɛsɛmenkomenya mpaeɛ no? Ɛfa wɔn ho no Alma kaa sɛ, “O Onyankopɔn, wɔde wɔn ano bɔ [mpaeɛ] kyerɛ wo, berɛ a wɔamema wɔn ho so … de wiase ahuhudeɛ.”
Wode toto ho a, biribi wɔ hɔ a ɛyɛ dɛ, ɛho te kɛse, anaa ɛyɛ ahobrɛaseɛ pa ara kyɛne abɔfra a ɔrebɔ mpae anaa? Ɛyɛ te sɛdeɛ ɔsoro wɔ ɔdan no mu. Onyankopɔn ne Kristo yɛ kann, nanso ɛde ma afoforɔ akyire yi no, suahunu no bɛtumi abɛyɛ anisoɔ adeɛ kɛseɛ.
Sɛdeɛ Elder Richard L. Evans srɛ kaae mfeɛ 60 bi a atwam sɛ: “Yɛn mu dodoɔ no de to dwa sɛ wɔyɛ Kristofoɔ, nanso yɛn mfa No anibereɛ so. Yɛma No anidie, nanso yɛnni N’akyiri. Yɛsrɛ ka Ne nsɛm, nanso yɛmmfa mmɔ bra.” “Yɛkamfo No, nanso yɛnnsom No.”
Sɛdeɛ asetena bɛtumi ayɛ sononko afa sɛ wiase rebu Yesu aboro berɛ ano berɛ ano nsɛm fi nsedie ano so
Mmom mmɔfra dɔ No nokorɛ mu, na saa ɔdɔ no bɛtumi atra akɔ wɔn abusuabɔ afoforɔ mu wɔ nkwa agodibea mu. Ayɛ adeɛ a ɛda hɔ mpo berɛ a wɔsusua koraa no, mmɔfra dɔ kɛkɛ, wɔde kyɛ ntɛmntɛm, wɔn sereɛ yɛ anigyeɛ yie ma mpo ɛtumi nnane akoma a ɛyɛ den pa ara, na ɛnni tema koraa.
Ɛyɛ, nsɛm mmoano no kɔ so ara. Ahoteɛ? Awerɛhyem? Akokoɔduro? suban?
Ka me ho ma yɛnhwɛ m’adamfo pa pa ara kumaa baako ahobrɛaseɛ wɔ Onyankopɔn anim a ɔyii no adi kyerɛɛe.
Wɔ Ɔpɛpɔn 5, 2025—nna 91 nie—wɔde Aaron Asɔfodie no maa Easton Darrin Jolley na wɔhyɛɛ no sɔfoɔ sɛ deacon wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu.
Na Easton apɛ sɛ ɔkyekyɛ sacrament a ɛyɛ Awurade Adidie no firi berɛ tenten a ɔbɛtumi akae. Nanso na ehu a ɛgu awɔsee ka saa akwanya kronkron yi ho sɛ ɔrentumi nyɛ, sɛ ɔbɛhwe ase, sɛ wɔbɛdi ne ho fɛw anaa ɔbɛgu ne ho ne n’abusua anim ase.
Woahunu, Easton wɔ dompe mu yareɛ a ɛfiri awoeɛ, a ɛyɛ ɔsɛeɛ kɛse yareɛ a ɛntaa nni hɔ. Na akɔ so de ɔhaw ahodoɔ a ɛyɛ den ahyɛ n’abrabɔ a ɛnnyiniiɛ no ma, asɛe ne daakye anidasoɔ ne daeɛso. Ɛrenkyɛre ɔbɛtena mmubuafoɔ akonnwa mu afebɔɔ. N’abusua nka deɛ ɛwɔ hɔ ma no wɔ ɛno akyi.
Kwasiada a ɛdi hɔ wɔ n’asɔfohyɛ akyiri, Easton bɛkyɛ sacrament no berɛ a ɛdi kan. Na ne kokoam nkanyan ne sɛ n’ankasa bɛtumi de saa sɛnkyerɛnneɛ kronkron yi ama n’agya, a na ɔyɛ ward no bishop. Ɔrehwɛ saa dwuma no kwan no, na wapakyɛw, na wasrɛ, na wasu apakyɛw, agye bɔhyɛ sɛ mma obiara, obiarammɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa no. Botaeɛ bebree bi nti, ne kokoam asɛm, na ɛhia sɛ ɔno nko ara bɛyɛ saa adeɛ yi a obi mmoa no.
Akyire yi a ɔsɔfoɔ no abubu paanoo ahyira so no—sɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma Kristo nipadua a abubuo— no, Easton de ne nipadua a ɛrehunu amane tɔɔ apakye kɔgyee n’apampa. Nanso, na atwedeɛ akɛseɛ kakra mmiɛnsa wɔ asɔredan no rekɔ asɛmpaka adwa beaeɛ hɔ. Enti, ɔgyee n’apampa no, ɔtwee ne mu kɔɔ soro sɛdeɛ ɔbɛtumi na ɔde n’apampa no sii nsa daban no so. Afei, ɔtenaa ase wɔ atwedeɛ a ɛwɔ soro no baako so, na ɔde ne nsa mmienu twee ne nan nifa no sii atwedeɛ a ɛdi kan no so. Afei ɔtwee ne nan benkum no sii atwedeɛ korɔ no ara so, na ɔyɛɛ saa ara kɔsii sɛ ɔbrɛ mu, ɔduruu n’ankasa atwedeɛ mmiɛnsa Bepɔ Everest apampam.
Afei ɔdanedanee ne ho sosɔɔ daban bi mu a ɔnam so bɛtumi aforo atumi agyina hɔ. Ɔkɔɔ n’akyi kɔfaa apampa no. Anammɔn kakra bi na ɔkɔgyinaa bishop, a ɔyɛ n’agya, na nisuo amene no na ɛresiane no no anim, na ɛwɔ sɛ ɔhyɛ ne ho so sɛ ɔnyɛ saa ɔbabarima nokwafoɔ a n’akokoɔduro wie pɛyɛ yi atuu. Na Easton, de ahotɔ ne sereɛ a afa n’anim nyinaa, sesɛɛ kaa sɛ, “Mahyɛ [m’agya] animuonyam na mawie adwuma a [ɔde maa] me sɛ menyɛ no.”
Gyedie, nokorɛdie, ahoteɛ, awerɛhyem, anidie, ne, awieeɛ no, ɔdɔ ma agya a na ɔpɛ sɛ ɔsɔ n’ani yi. Yeinom ne su afoforɔ dummienu ma yɛn nso ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abɔfra ketewa yi, ɔno ne ɔkɛseɛ pa ara wɔ ɔsoro ahemman mu.”
Anuanom mma ne mmarima ne nnamfonom, wɔ mfonin a ɛyɛ fɛ pa ara mmoano soro a menim yɛ nkokoaa ne mmɔfra ne mmabunu a wɔyɛ animuonyamfoɔ na wɔsom bo te sɛ wɔn a yɛabɔ din ɛnnɛ yi. Medi adanseɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ahemman wɔ asase so mfonin a ɛretrɛ wɔ ahoɔden ne ahoɔfɛ nyinaa mu.
Adansedie honhom korɔ no ara mu, medi adanseɛ sɛ wɔ ne mmabunu mu, Joseph Smith hunuu deɛ ɔse ɔhunuuiɛ na ɔne wɔn dii nkɔmmɔ wɔn a ɔse ɔne wɔn kasaae. Medi adanseɛ sɛ ahobrɛaseɛ ne ahoteɛni Russell M. Nelson yɛ Onyankopɔn sɔfoɔ ne ɔbenfo nkɔnhyɛni ne ɔdehununi. Ɛfiri nkwa nna akenkan mu no, medi adanseɛ sɛ Mormon Nwoma no ne abotɔyam kɛseɛ pa ara nwoma a makenkan da ne nnyinasoɔ ma me tenabea ketewa wɔ ahemman a ɛwɔ tenabea bebree no mu. Medi adanseɛ sɛ asɔfodie ne mpaebɔ sane de me nkwa ma me—Kristo asɔfodie ne mo mpaebɔ. Menim yeinom nyinaa sɛ ɛyɛ nokorɛ na medi ho adanseɛ wɔ ne din mu deɛ ɔyɛ nokwafoɔ ne ahobrɛaseɛni wɔ Onyankopɔn mma mmarima nyinaa mu—Alfa ne Omega, MENE Ɔkɛseɛ no, deɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu, ɔdanseni nokwafoɔ no—mpo Awurade Yesu Kristo, amen.