Amansan Nhyiamu
Onyankopɔn Dɔ
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


10:34

Onyankopɔn Dɔ

Mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no yɛ pɛpɛɛpɛ, ɛyɛ ankorankoro deɛ, na ɛnni awieeɛ.

Ahuhuro berɛ bi berɛ a na yɛretu kwan wɔ baabi a ɛwɔ akyirikyiri no, yɛn abusua no dii anwummerɛ bi daa abɔnten wɔ wiem a mununkum nni mu. Na Ewiem Sakraeɛ nwanwasoɔ a nsoromma a ɛnni ano ahyɛ mu ma na wɔ berɛ ano berɛ no ɛhyeɛ da adi pefee wɔ wiem. Berɛ a Onyankopɔn abɔdeɛ animuonyam yɛɛ yɛn nwanwa no, yɛnyaa ahobrɛaseɛ atenka fa twaka a ɛwɔ yɛne No ntam. Na yɛn mma nketewa a wɔn nyiniiɛ wɔ Hong Kong, nyaa suahunu bi saa da no. Wɔbisaa sɛ ɛnti yɛte wiem korɔ no ase wɔ fie anaa. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛm akyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ wiem korɔ no ara, nanso mframa ne kanea mu efin mma yɛn nhunu nsoromma no nanso ɛwɔ hɔ daa.

Twerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Gyedie yɛ nneɛma a wɔhwɛ ho kwan, nneɛma a wɔnhunu ho adanseɛ.” Berɛ a nneɛma ne asase so nsɔhwɛ kata yɛn anisoadehunu so no, sɛ yɛnya gyedie wɔ Onyankopɔn ne Ne Ba Yesu Kristo mu a, yɛnya awerɛhyɛmu mapa sɛ wɔwɔ hɔ na wɔdwene yɛn ho.

Wɔ Mormon Nwoma no mu, nkɔmhyɛni Lehi hunuu “dua bi a n’aba no yɛ akɔnnɔ na ɛbɛtumi ama onipa anigyeɛ” na na “ɛyɛ dɛ papaapa kyɛn aduaba biara.” Berɛ a ɔdii aduaba no, ɛde ɔdɛ kɛseɛ hyɛɛ ne kra mu na ɔpɛɛ sɛ n’abusuafoɔ nso nni bi. Yɛsua sɛ saa dua no gyinahɔ ma “Onyankopɔn dɔ,” na tesɛ Lehi, yɛn nso bɛtumi anya Onyankopɔn dɛ ho adanseɛ sɛ yɛfrɛ No ba yɛn abrabɔ mu a.

Yesu Kristo yɛ Soro Agya no dɔ ma yɛn. Nam Ne mpata afɔdeɛ so, Ɔde yɛn bɔne ahodoɔ too ne ho so na yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no. Wafa yɛn yea, na wasoa yɛn awerɛhoɔ, na wafa yɛn yea ne nyarewa ato Ne ho so. Ɔsoma Honhom Kronkron no sɛ ɔnkyekye yɛn werɛ, na Honhom mu aduaba no bi ne ɔdɛ, asomdwoeɛ, ne gyedie, a ɛde anidasoɔ ne ɔdɔ hyɛ yɛn ma.

Ɛwom sɛ Onyankopɔn dɔ wɔ hɔ ma obiara, pii rehwehwɛ no dendeennden, berɛ a afoforɔ pɛ sɛ wɔte Onyankopɔn dɔ nka nanso wɔnnnye nni sɛ wɔn fata. Afoforɔ bi nso de ahopere kura mu. Twerɛsɛm no ne Awurade nkɔmhyɛfoɔ kyerɛ yɛn sɛ yɛbɛtumi ate Onyankopɔn dɔ dabiara, ɛnam Yesu Kristo adom so, berɛ a yɛkɔso sakyera, de bɔne kyɛ, bɔ mmɔden di Ne mmaransɛm so, na yɛde ahofama som afoforɔ. Yɛte Onyankopɔn dɔ nka berɛ a yɛyɛ nneɛma a ɛtwe yɛn bɛn No, tesɛ yɛ ne No bɛkasa dabiara wɔ mpaeɛbɔ ne twerɛsɛm sua, na yɛgyae nneɛma ɛtwe yɛn firi Ne ho, tesɛ ahomasoɔ, akyinnyegyeɛ, ne atuateɛ.

Titenani Russell M. Nelson ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmfa “Agyenkwa no mmoa so nyi nneɛma dadaa no mfiri yɛabrabɔ mu” na yɛn “mfa ɔyea biara nto nkyɛn.” Wahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ yɛn honhom mu fapem kena a ɛdi mu yie berɛ a yɛde yɛn abrabɔ bɛsi Ne so ne Ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ ne apam no mfimfini. Wahyɛbɔ sɛ “berɛ a yɛredi yɛn tɛmpol apam so no, yɛnya akwanya kɛseɛ pa ara kɔ Awurade tumi ahoɔden mu. Yɛfa Yesu Kristo ne yɛn Soro Agya dɔ kann no mu mmorosoɔ!”

Mewɔ adamfo bi a wahyira no ne abusua fɛfɛɛfɛ ne adwuma papa. Yei sesaae berɛ a yareɛ nti na ɔntumi nyɛ adwuma, na awaregyae nso toaa so. Mfeɛ a ɛdi akyire no mu yɛɛ den, nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma ne mma ne apam a ɔne Onyankopɔn wɔ no asɔ ne mu. Dakoro ɔtee sɛ ne yere dadaa no asan aware na wabisa sɛ wɔntwa tɛmpol nsɔano a wɔyɛɛ no mu. Na wayɛ basaa na ɛhaa no. Ɔhwehwɛɛ asomdwoeɛ ne nteaseɛ wɔ Awurade fie. Da a ɛdi ne nsra no akyi no, menyaa nkransɛm a ɛdidisoɔ yi firii ne hɔ:

“Menyaa suahunu nwanwasoɔ bi wɔ tɛmpol nnora anadwo. Medwene sɛ na ɛda adi sɛ na me wɔ yawdie kakra. Na menim sɛ ɛwɔ sɛ mesesa, na mabɔ mpaeɛ nnawɔtwe no nyinaa sɛdeɛ mɛtumi ayɛ. Nnora anadwo wɔ tɛmpol no mu, metee nka ankasa sɛ Honhom no ayi ɔyea a na ɛwɔ m’akoma mu no afiri hɔ. Na ɛyɛ ahomka sɛ medee me ho. Anisoɔ adesoa kɛseɛ a na ɛda me so no wama so.”

Ɛwom sɛ na ɔguso wɔ haw nanso, saa suahunu wɔ Awurade fie a ɔgyeɛ tumi a ɛwɔ Onyankopɔn dɔ mu aboa me ma matwe abɛn Onyankopɔn, a manya anidasoɔ wɔ abrabɔ mu, na mensuro daakye somboɔ ma no papaapa.

Sɛ yɛnya Onyankopɔn dɔ a, yɛbɛtumi asoa yɛn nnesoa a yɛmmerɛ na mede me ho ahyɛ Ne pɛ ase. Yɛwɔ awerɛhyɛm sɛ Onyankopɔn bɛkae apam a Ɔne yɛn wɔ, na wasra yɛn wɔ ahohiahia berɛ mu, na wagye yɛn afiri nkoasom mu. Yɛbɛpɛ sɛ yɛne yɛn mmusua ne ayɔnkofoɔ bɛkyɛ ɔdɛ a yɛanya no. Sɛdeɛ na Lehi abusua teɛ no, obiara wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛdi aduaba no anaa sɛ daabi, nanso yɛn akwanya ne sɛ yɛbɛdɔ, akyɛ, na yɛato nsa afrɛ wɔn a yɛdɔ wɔ kwan a ɛbɛma wɔn ate Onyankopɔn dɔ nka.

Sɛ yɛbɛboa afoforɔ ma wɔate Onyankopɔn dɔ nka no, ɛhia sɛ yɛnya Kristo su te sɛ ahobrɛaseɛ, adɔeɛ, ayamhyehyeɛ, ne boasetɔ wɔ yɛn mu, na yɛboa ma wɔdane afoforɔ kɔ Agyenkwa no so ɛnam mmaransɛm akɛseɛ mmienu a yɛdi so a ɛne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadɔ yɛn mfɛfoɔ nnipa.

Yɛn mma mmarima no mu baako dii apereɛ sɛ ɔbɛfata na wabu ne ho wɔ ne mmabunu berɛ mu. Me ne meyere bɔɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛhunu sɛdeɛ yɛbɛboa no, na na yɛayɛ krado sɛ yɛbɛyɛ deɛ Awurade bɛpɛsɛ yɛnyɛ biara. Da koro bi me nyaa atenka sɛ me mmisa me asɔfoɔkuo panin sɛ obi wɔ hɔ a mɛtumi ne me ba no akɔ nsrahwɛ anaa. Berɛ a osusuu ho kakra akyi no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsra ɔbaa bi a ɔwɔ apomuden ho haw kɛseɛ, ne kwan ma a efiri nkorabata titenani hɔ baaɛ, na yɛmfa Awurade adidi nkɔma no nnawɔtwe biara M’ani gyeeɛ nanso medwenee ho sɛdeɛ me ba no bɛyɛ afa saa nnawɔtwe biara dwumadie yi ho.

Wɔ yɛn nsrahwɛ a ɛdi kan no mu no, yɛn akoma yɛɛ yɛn ya maa ɔbaa dɔfoɔ yi, esiane sɛ na ɔredi yea aberɛ nyinaa. N’ani sɔɔ Awurade adidi no, na yɛn ani gyee sɛ yɛkɔsraa ɔne ne kunu. Wɔ nsrahwɛ kakraa bi akyi no, Kwasiada bi na minni hɔ na mantumi ne me babarima no ankɔ nanso mekaee no yɛn dwumadie no. Berɛ a meduruu fie no, m’antumi antwɛn sɛ mɛte sɛdeɛ nsrahwɛ no kɔɔɛ. Me babarima no buaa sɛ wansusu sɛ ne mfɛfoɔ sukuufoɔ bɛtumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ ahomka saa. Na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔde ne nuabarima kaa ne ho kɔɔɛ sɛ ɔmmoa no, na Awurade adidi no kɔɔ so yie, nanso na onuabaa dɔfoɔ yi adi awerɛhoɔ wɔ nnawɔtwe no mu esiane sɛ na wato nsa afrɛ ne nnamfo aba ne fie sɛ wɔmmɛhwɛ sini, nanso ne sini afidie no antumi anyɛ adwuma. Me babarima no kae sɛ ɔhwehwɛɛ Intanɛt so, huu ɔhaw no, na ɔsiesie maa no wɔ hɔ ara. Ɔtee nka sɛ mfasoɔ wɔ ne so, n’ani gyeeɛ, na ɔnyaa ahotosoɔ sɛ wayɛ biribi a ɛbɛma ne da no ayɛ hann. Ɔtee ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma no nka

Sɛ, ɛmfa ho sɛ wobɔ mmɔden biara no, abrabɔ mu ayɛ kusuu, sɛ wote nka sɛ wɔntie wo mpaebɔ, anaa sɛ wonte Onyankopɔn dɔ nka a, yɛsrɛ wo hunu sɛ wo mmɔdemmɔ biara ho hia na, sɛdeɛ ɛyɛ nokorɛ te sɛ nsoromma a ɛwɔ yɛn atifi no, sɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo nim, wɔtie, na wɔdɔ wo.

Berɛ bi a na N’asuafoɔ no te nhyɛma bi mu a na “asorɔkye no retoto wɔn” no, Agyenkwa no nante baa wɔn nkyɛn wɔ nsuo no so na ɔmaa wɔn awerɛhyem, kaa sɛ, “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro.” Berɛ a Petro pɛɛ sɛ ɔnante kɔ Agyenkwa no nkyɛn wɔ nsuo so no, Yesu tenee ne nsa a ɔreka sɛ “Bra.” Na berɛ a Petro hweree n’adwene na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem no, ntɛm ara na Agyenkwa no tenee ne nsa sɛ ɔbɛkye no na ɔdii n’anim kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dwoodwoo berɛ a ɔkaa sɛ, “O wo a wo gyedie sua, adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?”

Sɛ mframa no kotia yɛn wɔ yɛn abrabɔ mu a, so yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛnya anigyeɛ ne akokoɔduro? Yɛbɛyɛ dɛn akae sɛ Agyenkwa no nnyaee yɛn na Ɔbɛn yɛn ebia wɔ akwan ahodoɔ a yɛnnya nhunuuɛ so? So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛkɔ Ne nkyɛn wɔ gyedie mu titiriw berɛ a ayɛ sɛ deɛ kwan a ɛda yɛn anim no ntumi nkɔ no? Na wɔ kwan bɛn so na Ɔma yɛn so kɔ baabi a ahobammɔ wɔ berɛ a yɛahwe ase? Kwan bɛn so na yɛbɛhwɛ No wɔ adwene biara mu, nye akyinnyeɛ, nsuro wɔ nokorɛ mu?

Sɛ wopɛ sɛ wote Onyankopɔn dɔ nka kɛseɛ wɔ w’asetena mu a, meto nsa frɛ wo sɛ susu deɛ ɛdidi soɔ yi ho:

  • Ɛdikan, taa gye berɛ fa kae sɛ woyɛ Onyankopɔn ba na dwene nneɛma a w’ani sɔ ho.

  • Ɛtɔ so mmienu, bɔ mpaeɛ dabiara, bisa Soro Agya sɛ Ɔmmoa ma wonhunu deɛ ɔhia sɛ wobɛte Ne dɔ nka.

  • Ɛtɔ so mmiɛnsa, bisa nokorɛ mu deɛ wobɛtumi ayɛ de aboa nipa no ma wate Onyankopɔn dɔ nka.

  • Ne ɛtɔ so nan, di so ntɛmpaa nkanyan biara a wobɛnya no so.

Sɛ yɛbɔ mpaeɛ daa na yɛsrɛ wɔ afoforɔ ananmu a, Onyankopɔn bɛkyerɛ yɛn nnipa a yɛbɛtumi aboa wɔn. Na sɛ yɛde di dwuma ntɛm a, yɛbɛtumi abɛyɛ kwan a Ɔnam so bua wɔn mpaebɔ. Wɔ saayɛ mu, wɔ berɛ mu, yɛbɛnya yɛn mpaebɔ ho mmuaɛ, na yɛbɛte Onyankopɔn dɔ nka wɔ yɛn asetena mu.

Wimhyɛn mfɛnsene mu hwɛ.

Abosome kakra bi a atwam no, berɛ a na meretu kwan wɔ Vietnam no, na me ne me yere te wiemhyɛn bi a ɛtuu wɔ ahum kɛse bi mu. Na awosoɔawosoɔ no mu yɛ den, na na wotumi hunu mununkum tuntum, nsutɔ kɛse, ne ayerɛmoo firi yɛn mpoma mu. Berɛ a yɛforoo berɛ tenten basabasa akyi no, awiei no yɛn wiemhyɛn no foro kɔɔ ahum mununkum no atifi na ɛpue kɔɔ animuonyam beaeɛ bi. Ɛkae yɛn bio fa yɛn Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ho na yɛtee Wɔn dɔ kɛseɛ ma yɛn no nka.

Nnamfonom adɔfo, sɛ obi a wanya Onyankopɔn dɔ mu suahunu no, mede anigyeɛ di adanseɛ sɛ Agyenkwa Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn dɔ. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no yɛ pɛpɛɛpɛ, ɛyɛ ankorankoro deɛ, na ɛnni awieeɛ. Berɛ a yɛdi N’akyi nokorɛ mu no, momma Ne dɔ nhyɛ yɛn ma na yɛnyɛ kaneadua a ɛkyerɛ afoforɔ kwan kɔ Ne dɔ mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.