“Montwe mmɛn me”
Yesu Kristo dɔ yɛn mu biara. Ɔma yɛn akwanya biara sɛ yɛbɛtwe abɛn No.
Me nuanom mmaa ne mmarima adɔfo, ɛyɛ m’anigye sɛ meka mo ho wɔ saa nhyiamu yi mu wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Yei ne N’asɔre. Yɛaboa yɛn ho ano wɔ adan ne afie mu wɔ wiase nyinaa wɔ Ne din mu.
Yɛfa Ne din to yɛn ho so berɛ a yɛfa apam so wura N’ahemman no mu. Ɔne Onyankopɔn Ba a wawu asɔre na wɔahyɛ no animuonyam no. Yɛyɛ deɛ ɛwuo, a yɛhyɛ bɔne ne owuo ase. Nanso, wɔ Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn mu biara nti, Agyenkwa no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛntwe mmɛn No.
Ne nsa a wato afrɛ yɛn no nie: “Montwe mmɛn me na mɛtwe mabɛn mo; momfa nsiyɛ nhwehwɛ me na mobɛhunu me; mommisa, na mo nsa bɛka; mommɔ mu, na ɛbɛbue ama mo.”
Mmerɛ bi wɔ hɔ a yɛte nka sɛ yɛbɛn Agyenkwa Yesu Kristo. Nanso, ɛtɔ da a, wɔ yɛn ɛwuo sɔhwɛ mu no, yɛte nka sɛ ɔkwan abɛda yɛn Ne no ntam a yɛpɛ sɛ yɛnya awerɛhyɛmu sɛ Ɔnim deɛ ɛwɔ yɛn akoma mu na ɔdɔ yɛn ankorankoro.
Agyenkwa no nsa a ɔto frɛ yɛn no ka ɔkwan a yɛfa so te saa awerɛhyɛmu no nka. Kae No berɛ biara fa so twe bɛn No Fa twerɛsɛm sua so fa nsiyɛ hwehwɛ No Fa gyedie kɛseɛ bɔ mpaeɛ kyerɛ Ɔsoro Agya sɛ wobɛtwe abɛn Ne Dɔ Ba no.
Ɔkwan tiawa wɔ hɔ a yɛde dwene yei ho. Ɛyɛ deɛ wobɛyɛ berɛ a wɔafa nnamfoɔ adɔfoɔ bi afiri wo nkyɛn berɛ tiawa bi mu. Wobɛpɛ ɔkwan bi so ne wɔn adi nkitaho, wobɛkamfo nkrasɛm biara wobɛnya afiri wɔn hɔ, na wobɛyɛ deɛ wobɛtumi biara de aboa wɔn.
Mprɛ dodoɔ a ɛbɛsi saa no, berɛ tenten na ɛbɛkɔ so no, adɔeɛ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ no mu bɛhyɛ den na akɔ bunu mu, na mobɛte nka dabiara sɛ moretwe bɛn. Sɛ berɛ tenten twam na nkitahodie a wɔkamfo ne akwanya sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho amma mu a, nhyehyɛeɛ no mu bɛyɛ mmerɛ.
Yesu Kristo dɔ yɛn mu biara. Ɔma yɛn saa akwanya no sɛ yɛbɛtwe abɛn No. Sɛdeɛ adamfoɔ dɔfoɔ bɛyɛ no, saa kwan no ara so na mo nso mobɛyɛ, monam mpaebɔ so di nkitaho kyerɛ Ɔsoro Agya wɔ Yesu Kristo din mu, tie akwankyerɛ a mokamfo firi Sunsum Kronkron no hɔ, na mode anigyeɛ resom afoforɔ ma Agyenkwa no. Ɛrenkyɛre mobɛte saa nhyira no nka sɛ moretwe bɛn no kɛse.
Me mmabunu berɛ so, menyaa anigyeɛ wɔ Agyenkwa no a metwe bɛnee no—ne Ɔno nso a ɔtwe bɛnee me—nam setie nneyɛɛ nketewa so ma mmaransɛm no. Na mesua no, na wɔma Awurade adidi wɔ anwummerɛ nhyiamu ase. Mekɔ so kae anadwo pɔtee baako bi, ɛboro mfeɛ 75, berɛ a na ɛsum aba na awɔ wɔ abɔntene so. Mekae atenka a na ɛyɛ hann ne ɔhyeɛ wɔ berɛ a mehunuu sɛ madi mmarasɛm bi so sɛ, me ne Ahotefoɔ no mmoa yɛn ano mfa Awurade Adidi no, ne Ɔsoro Agya rekɔ apam sɛ yɛbɛkae Ne Ba no berɛ nyinaa adi Ne mmaransɛm so.
Nhyiamu no awieeɛ saa anadwo no, yɛtoo asɔredwom “Abide with Me; ’Tis Eventide,” a nsɛm a yɛbɛkae ka ho, “O Agyenkwa, tena me nkyɛn anadwo yi.”
Saa nsɛm no de Honhom no nka a ɛbunkam so brɛɛ me, mpo sɛ meyɛ abarimaa. Menam Sunsum Kronkron no awerɛkyekyerɛ so tee Agyenkwa no dɔ nka ne sɛdeɛ ɔbɛn me, saa anwummerɛ no.
Mfeɛ bi akyiri no, mepɛɛ sɛ mekanyan nka korɔ no a mete faa Agyenkwa no dɔ, ne nka a metee sɛ mebɛn Awurade no wɔ sacrament nhyiamu ase me mmabunu berɛ so no ara bio. Enti medii mmaransɛm tiawa foforɔ so: mehwehwɛɛ twerɛnsɛm no mu.
Wɔ Luka nwoma no mu, me kenkane faa N’Asɛnnuamubɔ na wɔsiee no akyire da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɛfiri ɔdɔ mu ma Agyenkwa no, asomfoɔ nokwafoɔ baae sɛ wɔrebɛsra N’amuu no ngo. Berɛ a wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔamuni ɔboɔ no afiri damena no ano na wɔhunuu sɛ N’amuu no nni hɔ.
Na abɔfoɔ mmienu gyina hɔ a wɔbisaa wɔn deɛ nti a wɔsuro:
“Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ ntam?
“Ɔnni ha, mmom wasɔre: monkae sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo berɛ a na ɔwɔ Galilea no,
“Kaa sɛ, Ɛtwa sɛ wɔde onipa ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.”
Saa anwummerɛ no a esum aba no, asuafoɔ mmienu nante firii Yerusalem kɔɔ Emmaus, na Awurade a wasɔre no yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn na ɔne wɔn nanteeɛ.
Luka nwoma no ma yɛn ho kwan ma yɛne wɔn nante saa anwummerɛ no:
“Na ɛbaa sɛ, wɔabɔ mu redi nkɔmmɔ na wɔredwennwene ho no, Yesu ankasa twe bɛnee, na ɔne wɔn kɔɔe.
“Nanso na wɔasosɔ wɔn aniwa mu, sɛdeɛ ɛmma wɔnhunu no.
“Na ɔsee wɔn sɛ, Nkɔmmɔ bɛn na monam a moredie a mo werɛ aho mo ho yi?
“Na wɔn mu baako, a ne din de Cleopas, buaae see no sɛ, Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ wɔ Yerusalem, na wonnim nneɛma a akɔ so wɔ hɔ saa nna yi mu?”
Wɔkaa wɔn awerɛhoɔdie kyerɛɛ No sɛ Yesu awu berɛ a wɔanya awerɛhyɛmu sɛ ɔbɛyɛ Israel Gyefoɔ no.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɔdɔeɛ wɔ Awurade a na wasɔre no nne mu, berɛ a Ɔkasa kyerɛɛ saa asuafoɔ mmienu yi a wɔn werɛ aho na wɔredi yea no.
Berɛ a metoaa so kenkanee no, saa nsɛm yi baae de ɛdɛ bɛhyɛɛ m’akoma mu, te sɛdeɛ metee nka berɛ a na meyɛ abarimaa ketewa no:
“Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ aseɛ no ase no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔrekɔ n’anim.”
“Nanso wɔhyɛɛ no, kaa sɛ, Wo ne yɛn ntena: ɛfiri sɛ onwunu adwo, na adeɛ resa. Na ɔhyɛnee mu kɔtenaa wɔn nkyɛn.”
Agyenkwa no penee N’asuafoɔ no frɛ so saa anadwo no, sɛ ɔwura wɔn fie. Ɔne wɔn tenaa ase didii. Ɔfaa paanoo, ɔhyiraa so, ɔbubuu mu, na ɔde maa wɔn. Wɔn aniwa bueei, na wɔhunuu No. Afei ɔyera firii wɔn ani so.
Luka maa yɛhunuu saa asuafoɔ a wɔahyira wɔn no atenka: “Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ, Ɔne yɛn rekasa kwan no mu a ɔbuee twerɛnsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn akoma anhyehye yɛn mu anaa?”
Asuafoɔ mmeinu no de mmirika san kɔɔ Yerusalem kɔkaa deɛ asi no kyerɛɛ Asomafoɔ dubaako no. Berɛ a na wɔrekyɛ wɔn suahunu no, Agyenkwa no puee hɔ bio.
Ɔbɛgyinaa wɔn mfinfini na “ɔsee wɔn sɛ, Asomdwoeɛ nka mo.” Afei Ɔhwehwɛɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ne som adwuma ho, sɛ ɔbɛyɛ mpata ama N’Agya mma nyinaa ama wabubu owuo mpokyerɛ mu.
“Na ɔsee wɔn sɛ, Wɔatwerɛ sɛ, na ɛho hiaae sɛ Kristo bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre afiri awufoɔ mu:
“Na moafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fafiri wɔ amansan nyinaa ntam, ahyɛ aseɛ wɔ Yerusalem.
“Na mone adansefoɔ fa saa nneɛma yi ho.”
Te sɛ N’asuafoɔ adɔfoɔ no, Ɔsoro Agya ba biara a wafa sɛ ɔbɛwura asubɔ kwan mu, wɔ apam ase sɛ ɔdi adanseɛ fa Agyenkwa no ho na ɔhwɛ wɔn a wɔhia mmoa wɔ yɛn wuo asetena yi nyinaa mu. Wɔnam Mormon Nwoma kɛseɛ no mu nkɔmhyɛni Alma so mfeha bi a atwam wɔ Mormon Nsuwa ho, maa saa ahofama yi mu daa hɔ maa yɛn:
“Sɛdeɛ mowɔ ɔpɛ sɛ mobɛba Onyankopɔn nnwankuo mu, na wɔfrɛ mo ne nkorɔfoɔ, na mowɔ ɔpɛ sɛ mosoa mo ho mo ho nnesoa, ama atumi ayɛ hare;
“Aane, na mopɛ sɛ mo ne wɔn a wɔsu no su; aane, na mokyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ no werɛ, na mogyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ mmerɛ nyinaa ne adeɛ nyinaa mu, ne baabiara a mowɔ … , mpo de kɔsi owuo mu, ama Onyankopɔn agye mo, … na ama moatumi anya nkwa a ɛnni awieeɛ.”
Berɛ a moreyɛ anokwafoɔ ma saa bɔhyɛ yinom no, mobɛhunu sɛ Awurade kora Ne bɔhyɛ sɛ ɔne mo bɛyɛ koro wɔ mosom mu, na ɔrema mo nnesoa mu yɛ hare. Mobɛba abɛhunu Agyenkwa no, na awieeɛ no mobɛba abɛyɛ te sɛ Ɔno na “moayɛ pɛyɛ wɔ ne mu.” Moreboa afoforɔ ma Agyenkwa no, mobɛhunu sɛ moretwe bɛn No.
Mo mu dodoɔ no wɔ adɔfoɔ a wɔremane afiri ɔkwan a ɛkɔ nkwa a ɛnni awieeɛ no so. Mosusu sɛ deɛn bio na mobɛtumi ayɛ ama wɔasan aba. Mobɛtumi de mo ho ato Awurade so sɛdeɛ mobɛtwe abɛn wɔn berɛ a mosom No wɔ gyedie mu.
Mobɛtumi akae Awurade bɔhyɛ ma Joseph Smith ne Sidney Rigdon berɛ a na wɔafiri wɔn mmusuafoɔ nkyɛn rekɔyɛ N’dwuma no: “Me nnamfonom Sidney ne Joseph, mo mmusuafoɔ ho yɛ; wɔwɔ me nsam, na mɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɛyɛ ma me; ɛfiri sɛ me mu na tumi nyina ara wɔ.”
Berɛ a worekyekyere wɔn a wɔhia mmoa akuro no, Awurade tumi bɛsɔ wo mu. Ɔbɛtrɛ Ne nsa mu aka wo deɛ ho de akyekyewerɛ na ahyira yɛn Soro Agya mma.
Yesu Kristo apam somfoɔ biara bɛnya N’akwankyerɛ afiri Honhom no hɔ berɛ a wɔhyira na wɔsom afoforɔ ma No. Afei wɔbɛte Agyenkwa no dɔ nka na wɔanya anigyeɛ sɛ wɔtwe wɔn ho bɛn No.
Meyɛ ɔdansefoɔ wɔ Awurade Wusɔreɛ no ho te sɛ deɛ na mewɔ hɔ nokorɛ mu ka asuafoɔ mmienu no ho wɔ efie no mu wɔ Emmaus kwan no so. Menim sɛ Ɔte ase.
Yei ne Ne nokorɛ Asɔre no—Yesu Kristo Asɔre. Wɔ Atemmuo Da no, yɛbɛgyina Agyenkwa no anim, anim ne anim. Ɛbɛyɛ anigyeɛ berɛ kɛseɛ ama wɔn a, wɔwɔ saa nkwa yi mu, a wɔatwe abɛn no wɔ Ne som mu na wɔde ahopere bɛtumi ahwɛ anim sɛ wɔbɛte Ne nsɛm yi: “Mo, akoa papa ne nokwafoɔ.”
Medi adanseɛ sɛ ɔdanseni fa Agyenkwa a wasɔre ne yɛn Gyefoɔ no ho, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.