Amansan Nhyiamu
Anigyeɛ a Ɛnam Apam Asuafoɔyɛ so
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


10:58

Anigyeɛ a Ɛnam Apam Asuafoɔyɛ so

Berɛ a yɛka yɛn ho bom sɛ yɛbɛyɛ apam asuafoɔ no, yɛne Agya ne Ɔba no ntam abusuabɔ yɛ kɛse, yɛn anigyeɛ no yɛ kɛse, na yɛn daa adwene no mu trɛ.

Dakoro bi wɔ 2023, na Uyanga Altansukh wɔ adwuma mu wɔ Mongolia ahenkuro wɔ Darkhan berɛ a Mongolia asɛmpatrɛ titenani puee n’adwuma mu hɔ. Wɔ ne nsɛm mu no:

“Mehunuu no na medwenee sɛ na ɔwɔ saa kanea a ɛhyerɛn wɔ n’anim hwɛbea so. Na ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ ne anigyeni ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia no, na metee nkadɛ nka. Ansa na ɔrefiri hɔ no, mebisaa no nsɛmmisa bi. Nna kakra akyi, ɔbaa m’adwuma mu bio na ɔbisaa sɛ mɛtumi aba n’asɔre. Medwenee sɛ ɛbɛtumi aboa. Na medwene me mma daakye ho, berɛ a brɛ ne sum ahyɛ wiase ma no. Na mepɛsɛ me mma yɛ te sɛ saa barima yi a kanea wɔ wɔn anim, na ɛretrɛ anigyeɛ ama afoforɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia.

“Dakoro bi asɛmpatrɛfoɔ no kyerɛkyerɛɛ yɛn ntotosoɔ du du ho mmara no. Me mma no de ahosɛpɛ kaa sɛ, ‘Ɛwɔ sɛ yɛtua yɛn ntotosoɔ du du, Maame. Saa berɛ no metumi hunuu me mma no gyedie. Ansa na medɔmm Asɔre no, mehwɛɛ amansan nhyiamu na metiee Titenani Russell M. Nelson kasa. Ɔde too dwa sɛ wɔbɛsi tɛmpol ahodoɔ wɔ wiase babiara na ɔkaa sɛ wɔbɛsi tɛmpol wɔ Ulaanbaatar, Mongolia. Medii ahurisie na metee nisuo, berɛ a mpo mente aseɛ deɛ nti. Saa anigyeɛ yi, maa mehunuu sɛ me gyedie ne adanseɛ renyini.”

Uyanga, te sɛ afoforɔ ɔpepe no, ka Israel mmoano kɛseɛ no ho wɔ Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu ahoboa no ho. Wahyɛ n’apam akwantuo no ase na wabɛyɛ Kristo suani. Deɛn na ɛkyerɛ, sɛ wobɛyɛ Kristo suani? M’ani sɔ Japanfoɔ asɛmfua de ma osuani—deshide asekyerɛ ne onuabarima kumaa, ɛna shi kyerɛ akwadaa.

Yesu Kristo kaa sɛ, “Mfitiaseɛ no na mene Agya no wɔ hɔ, na mene Abakan no.” Ɛsiane deɛ Ɔ ne deɛ Wa yɛ nti, yɛsɔre No, yɛde nnidie ma No, yɛhyɛ No animuonyam, na yɛdi N’akyi. Kristo adi ama yɛn, na yɛn ani sɔ daa wɔ Ne ɛnni awieeɛ afɔrebɔ ne mpata no.

Yɛwɔ Ɔsoro Agya, a Ɔdɔ yɛn sɛ Ne mma. Ne dɔ a Ɔwɔ ma yɛn no wie pɛyɛ. Yesu Kristo ne Ne dwumadie kyerɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn. Sɛ Yohane twerɛeɛ no, “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro maeɛ, sɛ obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.”

Wɔ yɛn mmɔdemmɔ mu sɛ yɛbɛte deɛ yɛnnim ase no, ɛtɔ da a yɛbɛtumi de yɛn ho ato yɛn honam mu suahunu, anaa nneɛma a nim so. Sɛ ebia, yɛbɛtumi asua biribi afa Onyankopɔn Agya ho nam yɛn ankasa awofoɔyɛ ne honam mu abusua ayɔnkofa ho. Nanso, ɛwɔ sɛ yɛhwɛ yie wɔ ntotoho ahodoɔ yi a yɛde bɛdi dwuma no mu sɛ ɛnkɔ akyiri pii wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛte yɛn soro Agya ase no mu. Onyankopɔn Agya no su ahodoɔ boro onipa a ɔnwie pɛyɛ biara a wahwe aseɛ su so. Onyankopɔn Agya no yɛ Agya a ɔwie pɛyɛ. Ɔyɛ dɔfoɔ a ɔyɛ pɛ, yamyɛfoɔ, ɔwɔ abotrɛ, na ɔyɛ teasefoɔ na ɔyɛ animuonyamfoɔ koraa. Yɛbɛtumi de yɛn ho ato Ne so wɔ pɛyɛ mu. Kristo dɔ no da Onyankopɔn Agya no dɔ adi na ɛyɛ saa ɔdɔ no ho nsɛso.

Yesu Kristo yɛ nhwɛsoɔ ne ɔkwan no nyinaa. Kristo mu, yɛbɛtumi ate Agya no su ahodoɔ a ɛwie pɛyɛ ne Ne nhyehyɛeɛ no ase yie. Ɛnam Kristo so, wɔama yɛn tumi a ɛma yɛtumi di abɔdeɛ mu mmarima ne mmaa su ahodoɔ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ te sɛ Agya no kɛse.

Te sɛ yɛn Soro Agya no, Yesu Kristo yɛ mmɔborɔhunufoɔ ne nokwafoɔ a ɔwie pɛyɛ. Saa ɔsoro atemmuo ne ahummɔborɔ su ahodoɔ yi nyɛ atamfo. Wɔboa wɔn ho wɔn ho. Atemmuo ne ahummɔborɔ nyinaa kyerɛ Onyankopɔn dɔ a ewie pɛyɛ ma Ne mma. Yɛbɛtumi agye Onyankopɔn Agya ne Yesu Kristo adi ɛfirisɛ wɔyɛ atɛntenenee ne nokwafoɔ ma yɛn nyinaa.

Onyankopɔn Agya ne Ne Ba Yesu Kristo, no wie pɛyɛ wɔ tirimpɔ ne ɔdɔ mu. Esiane sɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo dɔ yɛn nti, wɔama yɛn kwan ne akwanya sɛ nokorɛ asuafoɔ a yɛne Wɔn bɛyɛ apam. Ɛnam saayɛ so no, yɛne Kristo ntam abusuabɔ no mu atrɛ: “Na afei, ɛnam apam a moayɛ no nti, wɔbɛfrɛ mo Kristo mma, ne mma marimma ne ne mma mmaa na hwɛ, da yi wawo wo honhom mu; ɛfirisɛ moka sɛ mo akoma nam gyedie so sesa wɔ ne din so;enti, woawo mo wo ne mu na woabɛyɛ ne mmabarima ne ne mmamaa.”

Sɛ asuafoɔ no, sɛ yɛyɛ na yɛdi apam kronkron so a, wɔhyira yɛn honhom mu tumi. Yɛne Kristo ne Agya Nyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko mu na yɛbɛtumi anya Wɔn dɔ ne anigyeɛ mu suahunu wɔ ɔkwan bi so a wɔakora ama wɔn a wɔayɛ apam na wɔadi soɔ no. Tumi a yɛwɔ sɛ yɛbɛte Onyankopɔn dɔ ase yie, anaasɛ yɛbɛtoa so wɔ Ne dɔ mu no gyina yɛn akɔnnɔ ne nneyɛɛ a ɛtene no so.

Yohane ti 15, nkyekyɛmu 9, yɛkenkan sɛ, “Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, saa na madɔ mo.” Na afei wɔato nsa afrɛ yɛn, “montoa so wɔ me dɔ mu.”

nkyekyɛmu a edi hɔ no, Wɔama yɛn kwan a yɛbɛfa so akɔ so wɔ Ne dɔ mu: “Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’agya ahyɛdeɛ so no mpo, na matena ne dɔ mu.”

Afei yɛhunu botaeɛ a ɛnti yɛdi mmara nsɛm no so wɔ nkyekyɛmu nkyekyɛmu 11 no mu no: “Nneɛma yi ho na makasa akyerɛ mo, sɛ ɛbɛyɛ a m’anigyeɛ bɛkɔ so atena mo mu, na mo anigyeɛ ayɛ ma.”

Ɛnam nokorɛ apam asuafoyɛ so, yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ ate Onyankopɔn su ne anigyeɛ suahunu a Ɔpɛ sɛ Ne mma nyinaa nya no ase yie. Yɛbɛtumi nso ahyɛ aseɛ ate nnyinasoɔ bi a anka kanee no ɛkyere adwene ase. Sɛ ebia, Onyankopɔn bɛyɛ dɛn anya anigyeɛ mua berɛ a Ne mma rehunu amaneɛ kɛse saa? Mmuaeɛ no wɔ Onyankopɔn nhumu a ɛwie pɛyɛ ne Ne nhyehyɛeɛ a ɛwie pɛyɛ mu. Ohunu yɛn firi mfiaseɛ kosi yɛn daakye animuonyam so. Wakyerɛ kwan a, ɛnam Ne Ba Yesu Kristo so, de ma yɛn Ne mma nyinaa , sɛ yɛde bɛdi yea, amanehunu, bɔne ahodoɔ, fɔbuo, ne yɛn honam mu ankonamyɛ so. Onyankopɔn de ɔkwan ne deɛ yɛpaw no ama yɛn.

Wɔn a wɔnam asuafoɔyɛ so anya anigyeɛ ho nhwɛsoɔ no bɛtumi aboa yɛn ma yɛate saa adwene yi ase yie. Ebia woate kasasin sɛ yɛn aniagyeɛ te sɛ yɛn ba a onni anigyeɛ biara no ara pɛ. Mahunu sɛ ɛho nhia sɛ ɛba no saa. Me maame a wadi mfeɛ 94 no wɔ asefoɔ boro 200 a wɔte ase. Wɔ berɛ biara mu no, anyɛ yie koraa no, 200 no mu baako renya anigyeɛ. Sɛ saa asɛm yi yɛ nokorɛ a, me maame bɛtumi akɔ tebea a ɔnni anigyeɛ mu, a ɛnte saa. Wɔn a wɔnim no no nim anigyeɛ a ɔwɔ mu.

Seesei mepɛ sɛ mekyɛ suahunu foforɔ. Wɔ Ɔpɛpɔn 2019 mu, wɔtoo nsa frɛɛ mene me yere Debbie wɔ Titenani Nelson dwumadibea. Wɔde akonnwa sii hɔ bɛnee yɛn a, yɛtenaa ase no na yɛn nkotodwe sisi animu. Ɔde yɛn dwumadie hyɛɛ yɛn nsa wieeɛ no, Titenani Nelson danee ne ho hwee Debbie na ɔhwɛɛ no dinn. Na ɔwɔ ayamyɛ, ɔdɔ, ɔdwoɔ, na n’ani agye kɛse, te sɛ agya anaasɛ nanabarima a ɔwie pɛyɛ. Ɔsɔɔ Debbie nsa na ɔbɔɔ so, a ɔrehyɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ yie na wɔbɛhyira yɛn abusua no. Ɛyɛɛ yɛn sɛ saa berɛ no deɛ yɛn na na yɛyɛ nnipa a yɛn ho hia no kɛse, na ɔwɔ mmerɛ a ɛwɔ wiase nyinaa de ma yɛn. Yefirii ne ɔfise hɔ saa Fiada awia no wɔ awerɛhyɛm, ɔdɔ ne, anigyeɛ mu.

Dwoada no yɛhunuu nsɛm no. Saa da no a Titenani Nelson ne yɛn tenaeɛ no, na ne mmamaa no mu baako nam kokoram so awu. Yɛn ho dwirii yɛn. Yɛn werɛ hoeɛ berɛ a yɛsu maa ɔne n‘abusua no. Yɛn akoma nso yɛɛ ma wɔ aseda mu fa ne Kristosu atenka a ɔnya maa yɛn berɛ a ɔresu ne babaa a na ɔrehunu amane.

Berɛ a yɛredwennwene saa suahunu yi ho no, yɛbisaa yɛn ho sɛ, “Ɛyɛ dɛn na ɔtumi yɛ yamyɛfoɔ, ɔdɔfoɔ, na mpo ɔwɔ anigyeɛ wɔ berɛ a ɛmu yɛ den saa mu?” Mmuaeɛ ne sɛ ɛfiri sɛ ɔnim. Ɔnim sɛ Kristo adi nkonim. Ɔnim sɛ ɔne ne babaa no bɛhyiam bio na ɔne no bɛdi berɛ a ɛnni awieeɛ abom. Anigyeɛ ne daa nhumu nam sɛ wɔbɛkyekyere yɛn abɔ Agyenkwa no mu berɛ a yɛyɛ na yɛdi apam so na ɛnam Kristosu asomafoɔyɛ so.

Titenani Nelson akyerɛ sɛ “Sɛnea Agyenkwa no de asomdwoeɛ a ‘ɛboro nteaseɛ nyinaa so’ [Filipifoɔ 4:7], ma no, Ɔsan nso ma anigyeɛ a emu yɛ den, emu dɔ, na ɛtrɛ ma ɛboro nnipa nteaseɛ anaa owuo nteaseɛ so. Sɛ nhwɛsoɔ no, ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yie sɛ wo ba no hu amane wɔ yareɛ bi a wontumi nsa ho anaa berɛ a w’adwuma afiri wo nsa anaa berɛ a wo hokafo yi wo ma no. Nanso ɛno ne anigyeɛ pɔtee a Agyenkwa no de ma no pɛpɛɛpɛ.”

Berɛ a yɛyɛ apam na yɛdi so no, yɛbɛdane akɔ akyi wɔ awosuo mu na yɛanya ɔpɛ de aboa afoforɔ ma wɔate anigyeɛ ne ɔdɔ a yɛte nka wɔ yɛn apam abusuabɔ mu no ase. Yɛbɛtumi ayɛ dwumadie kɛseɛ a ɛrekɔ so wɔ asase so nnɛ mmerɛ yi mu—Israel anoboaboa no. Yɛbɛtumi aboa de Onyankopɔn mma abrɛ Kristo Sɛdeɛ nkɔmhyɛni Yakob kyerɛeɛ no, “Na nhyira ne mo ɛfiri sɛ mo ne me ayɛ adwumaden wɔ me bobeturo mu, na moadi me mmara nsɛm so, na moasan de abɔdeɛ mu aba, … no abrɛ me bio, mobɛnya anigyeɛ wɔ me ho ɛnam me bobeturo no aba nti.”

Berɛ a yɛka yɛn ho bom sɛ yɛbɛyɛ apam asuafoɔ no, wɔ yɛn tumi gyinabea biara mu no, yɛne Agya no ne Ɔba no ntam abusuabɔ yɛ kɛse, yɛn anigyeɛ no yɛ kɛse, na yɛn daa adwene mu trɛ. Afei wɔde tumi ama yɛn na yɛtumi te anigyeɛ nka wɔ ɔkwan bi so a wɔakora ama Onyankopɔn Apam asuafoɔ nokwafoɔ. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:21.

  2. Hwɛ Mateo 1:21; 2 Nephi 2:6.

  3. Yohane 3:16.

  4. Mosiah 5:7.

  5. Hwɛ Russell M. Nelson, “Daa daa Apam,” Liahona, Oct. 2022, 4–11.

  6. Hwɛ Dale G. Renlund, “Nya Onyankopɔn Dɔ mu Suahunu” (Brigham Young University devotional, Dec. 3, 2019), speeches.byu.edu.

  7. Yohane 15:9–11.

  8. Hwɛ Alma 7:11–13

  9. Russell M. Nelson, “Ɛdɛ ne Honhom mu Yiedie,” Liahona, Nov. 2016, 82.

  10. Hwɛ Russell M. Nelson, “Isreal Anidasoɔ” (worldwide youth devotional, June 3, 2018), Asɛmpa Akoraeɛ.

  11. Yakob 5:75.

  12. Hwɛ “Hesed, Onyankopɔn Apam Dɔ, Ɛno Nti na Yɛsi Tɛmpol na Yɛyɛ Ayɛyɛdeɛ ahodoɔ: Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Titenani Russell M. Nelson,” Amansan akannifoɔ Nhyiamu, Oct. 2024, Asɛmpa Akoraeɛ.