Amansan Nhyiamu
W’ankasa Ahosiesie a Wode Bɛhyia Agyenkwa no
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


14:9

W’ankasa Ahosiesie a Wode Bɛhyia Agyenkwa no

Di Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ so. Ne nkyerɛkyerɛ nyɛ nwanwa ɛna ɛnyɛ den. Sɛ yɛdi so a, ɛnhia sɛ yɛsuro anaa yɛn yam hyehye yɛn.

Me nuanom mmarima ne mmaa, Ahinime bosome a ɛtwaam no, Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Seesei ne berɛ ma me ne wo sɛ yɛbɛsiesie yɛn ho ama yɛn Awurade ne Agyenkwa, Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no” Sɛ Titenani Nelson kasa fa Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no ho a, berɛ biara ɔde anidasoɔ ho anigyeɛ. Nanso, abaayewa bi a ɔwɔ primary ka kyerɛɛ me nnansa yi sɛ berɛ biara a wɔbɛka mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ho asɛm no na ne yam hyehye no. Ɔkaa sɛ, “Mesuro ɛfiri sɛ nneɛma bɔne bɛsisi ansa na Yesu aba bio.”

Ɛnyɛ nkwadaa nko ara na ebia wɔwɔ saa atenka yi. Afotuo a ɛyɛ pa ara ma no, ma wo, ɛne me ne sɛ yɛbɛdi Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ so. N’akwankyerɛ ahodoɔ no nyɛ nwanwa ɛna ɛnyɛ den. Sɛ yɛdi so a, ɛnhia sɛ yɛsuro anaa yɛn yam hyehye yɛn.

Ɛrekɔ N’asase so som adwuma awieeɛ no, wɔbisaa Yesu Kristo berɛ a ɔbɛba bio. Ɔrebua no, Ɔkyerɛkyerɛɛ abɛbunsɛm mmiɛnsa, a wɔatwerɛ wɔ Mateo 25, fa sɛdeɛ yɛbɛsiesie yɛn ho ahyia No—sɛ ɛyɛ Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no anaa berɛ biara a yɛfiri asase yi so ho. Saa nkyerɛkyerɛ yinom ho hia yie ɛfiri sɛ w’ankasa ahosiesie a wode bɛhyia No yɛ ade titire wɔ abrabɔ botaeɛ mu.

Agyenkwa no dii kan kaa mmaabunu du ho abɛbusɛm no. Wɔ saa abɛbusɛm yi mu no, mmaabunu du kɔɔ ayefohyia apontoɔ bi. Baanum hunuu nyansa faa ngo kaa wɔn nkanea ho, ɛna baanum yɛɛ nkwaseafoɔ a wɔamfa bi. Berɛ a wɔkaa sɛ ayefokunu no reba no, mmaabunu nkwaseafoɔ no kɔɔ sɛ wɔrekɔtɔ ngo. Berɛ a wɔsan baeɛ no, na aka akyi; na wɔato apontoɔ no pono mu.

Yesu kyerɛɛ abɛbusɛm no afa mmiɛnsa a ɛbɛboa yɛn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Na da no, berɛ a mɛba m’animuonyam mu no, na abɛbusɛm a meka faa mmaabunu du no ho no bɛba mu.

“Ɛfirisɛ wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ na wɔagye nokorɛ no, na wɔafa Honhom Kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ, na wɔannaadaa wɔn no—nokorɛ mese mo sɛ, wɔn na wɔbɛtena da no.”

Nsɛm foforɔ mu no, na ɛnhia sɛ wɔsuro anaa wɔn yam hyehye wɔn ɛfiri sɛ na wɔbɛtena ase na wɔadi yie. Na wɔbɛdi nkonim.

Sɛ yɛyɛ anyansafoɔ a, yɛgye nokorɛ no berɛ a yɛnam asɔfodie ayɛyɛdeɛ ne apam ahodoɔ so gye Yesu Kristo asɛmpa no tom. Deɛ ɛdi hɔ, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so afata sɛ Honhom Kronkron no bɛka yɛn ho mmerɛ nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛnya saa tumi yi mmaako mmaako ma yɛn ankasa ho, nkakrankakra. Yɛn ankasa kokoam ahofama nneyɛɛ a ɛkɔ so daa no frɛ Honhom Kronkron no ma ɔkyerɛ yɛn kwan.

Adeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa a Yesu sii so dua ne sɛ yɛbɛkwati nnaadaa. Agyenkwa no bɔɔ kɔkɔ sɛ:

“Monhwɛ na obi annaadaa mo.

“Ɛfiri sɛ bebree de me din bɛba abɛka sɛ, Mene Kristo no, na wɔadaadaa bebree.”

Na Agyenkwa no nim sɛ wɔn a wɔpatu sɛ wɔyɛ no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn ankasa no na wɔbɛdaadaa asuafoɔ bebree. Ɛnni sɛ yɛgye wɔn a wɔdi atorɔ ka sɛ ɔsoro ama wɔn tumi no di anaa yɛkɔ mmea a hwee nni hɔ anaa kokoam adan mu sɛ atorofoɔ nkyerɛkyerɛ yɛn.

Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi akyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda adaadaafoɔ ne asuafoɔ ntam. Asuafoɔ bɔ Onyankopɔn mu gyedie, Ne som ne papayɛ ho dawuro mmerɛ nyinaa. Wɔrennaadaa yɛn berɛ a yɛhwehwɛ na yɛgye afotuo firi ankorankoro a wɔgye wɔn di a wɔn ankasa yɛ Agyenkwa no asuafoɔ anokwafoɔ hɔ.

Yɛbɛtumi nso akwati nnaadaa berɛ a yɛtaa som wɔ tɛmpol. Yei boa yɛn ma yɛkɔ so dwene daa nkwa ho na ɛbɔ yɛn ho ban firi nkɛntɛnsoɔ ahodoɔ a ɛbɛtumi atwe yɛn adwene anaa ayi yɛn afiri apam kwan no so.

Adesua a ɛho hia wɔ mmaabunu du abɛbusɛm yi mu ne sɛ yɛyɛ anyansafoɔ berɛ a yɛgye asɛmpa no tom, yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛnya Honhom Kronkron no aka yɛn ho, na yɛkwati nnaadaa. Mmaabunu anyansafoɔ baanum no antumi ammoa wɔn a na wɔnni ngo no; obiara ntumi nnye asɛmpa no ntom, mfa Honhom Kronkron no sɛ ɔkwankyerɛfoɔ, na ɔnkwati nnaadaa mma yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yei ma yɛn ankasa ho.

Afei Agyenkwa no kaa adomakyɛdeɛ ho abɛbusɛm no. Wɔ saa abɛbusɛm yi mu no, ɔbarima bi de sika dodoɔ a ɛnyɛ pɛ, a wɔfrɛ no adomakyɛdeɛ, maa ne nkoa baasa. Ɔmaa akoa baako adomakyɛdeɛ num, ɔmaa ɔfoforɔ mmienu, ɛna ɔmaa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no baako. Berɛ bi akyi, nkoa baanu a wɔdi kan no bɔɔ deɛ wɔnyaeɛ no ho mmienu. Nanso deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de ne adomakyɛdeɛ baako no siee fam. Nkoa baanu a wɔbɔɔ wɔn adomakyɛdeɛ no ho mmienu no, ɔbarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo, akoa pa ne nokwafoɔ: woadi kakra yi ho nokorɛ, mɛyɛ wo sodifoɔ wɔ nneɛma pii so: kɔ wo wura anigyeɛ mu.”

Ɔbarima no kaa akoa a ɔde ne adomakyɛdeɛ no siee fam no anim sɛ ɔyɛ “ɔbɔnefoɔ ne onihafoɔ.” Wɔgyee saa akoa yi adomakyɛdeɛ no, na wɔpamoo no. Nanso, sɛ saa akoa yi bɔɔ ne adomakyɛdeɛ no ho mmienu a, anka ɔbɛnya nkamfoɔ ne akatua korɔ no ara te sɛ nkoa nkaeɛ no.

Abasɛm yi mu nkrasɛm baako ne sɛ Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛma tumi a wɔde ama yɛn no ayɛ kɛseɛ, nanso ɔmpɛ sɛ yɛde yɛn tumi bɛtoto afoforɔ deɛ ho. Dwene saa nhumu a afeha a ɛtɔ so 18 Hasidni nwomanimfoɔ Zusya a ɔfiri Anipol de maeɛ yi ho. Na Zusya yɛ ɔkyerɛkyerɛni a wagye din, a berɛ a ɔrebɛn owuo no, ɔhyɛɛ aseɛ suroeɛ. N’asuafoɔ bisaa no sɛ, “Owura, adɛn nti na wo ho popo? Woabɔ bra pa; akyinnyeɛ nni ho sɛ Onyankopɔn bɛma wo akatua kɛseɛ.”

Zusya kaa sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ka kyerɛ me sɛ, ‘Zusya a, adɛn nti na woanyɛ Mose foforɔ?’ a Mɛka sɛ, ‘Ɛfiri sɛ woamma me akoma kɛseɛ a wode maa Mose no.’ Na sɛ megyina Onyankopɔn anim na Ɔka sɛ, ‘Zusya, adɛn nti na woanyɛ Salomo foforɔ? Mɛka sɛ, ‘Ɛfiri sɛ woamma me Salomo nyansa no.’ Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ megyina me Yɛfoɔ no anim na Ɔka sɛ, ‘Zusya, adɛn nti na woanyɛ Zusya? Adɛn nti na woanyɛ ɔbarima a memaa wo tumi sɛ wobɛyɛ? Ao, ɛno nti na me ho popo.”

Nokorɛ mu, sɛ yɛamfa yɛn ho anto Agyenkwa no mfasodeɛ, mmɔborɔhunu ne adom so amma Onyankopɔn tumi a yɛwɔ no anyɛ kɛse a, Onyankopɔn werɛ bɛ ho. Ɔnam Ne dɔ mmoa so hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ papa pa ara sɛdeɛ yɛbɛtumi biara. Sɛ ebia yɛbɛhyɛ aseɛ wɔ tumi a ɛnyɛ pɛ so ho nhia No. Na ɛwɔ sɛ ɛho hia ma yɛn.

Awieeɛ koraa no, Agyenkwa no kaa nnwan ne mmirekyie ho abɛbusɛm no. Ɔsan ba wɔ N’anuonyam mu a, “ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano wɔ n’anim: na ɔbɛtete wɔn mu, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ tete ne nnwan mu firi mmirekyie ho no: na ɔde nnwan no bɛgyina ne nsa nifa, na mmirekyie no akɔ benkum”

Wɔn a wɔwɔ ne nifa so no bɛyɛɛ adedifoɔ wɔ N’ahennie mu, na wɔn a wɔwɔ Ne benkum so no annya agyapadeɛ biara. Su a na ɛyɛ sononko ne sɛ, sɛ wɔmaa no aduane berɛ a ɛkɔm dee no, wɔmaa no nsuo berɛ a sukɔm dee no, wɔde no kɔɔ fie berɛ a ɔyɛɛ ɔhɔhoɔ, wɔfiraa no ntoma berɛ a ɔdaa adagya, na wɔkɔsraa no berɛ a ɔyaree anaa ɔdaa afiase no.

Obiara yɛɛ basaa, wɔn a wɔwɔ nifa ne wɔn a wɔwɔ benkum no nyinaa. Wɔbisaa No berɛ a wɔmaa No, anaa wɔamma No aduane, nsuo, ne ntoma anaa wɔboaa No berɛ a na Ɔyɛ mmrɛ. Ɔrebua no, Agyenkwa no kaa sɛ, “Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako no, moayɛ ama me.”

Abɛbusɛm no nkrasɛm no yɛ pefee: sɛ yɛsom afoforɔ a, yɛsom Onyankopɔn; sɛ yɛanyɛ a, yɛdi No hwammɔ. Ɔhwɛ kwan sɛ yɛde yɛn adom akyɛdeɛ, talɛnte, ne yɛn tumi bɛhyira Ɔsoro Agya mma abrabɔ. Wɔayɛ ɔsoro nkanyan a wɔde som afoforɔ ho nhwɛsoɔ wɔ anwonsɛm bi a Finland kasadwumfoɔ Johan Ludvig Runeberg twerɛeɛ wɔ afeha a ɛtɔ so 19 mu no mu. Me ne me nuanom tee anwonsɛm “Farmer Paavo” mpɛn pii wɔ yɛn mmɔfraberɛ mu nyinaa. Anwonsɛm no mu no, na Paavo yɛ okuafoɔ ohiani a ɔne ne yere ne ne mma te baabi a nsutadeɛ wɔ wɔ Finland mfimfini. Mfeɛ pii a ɛtoatoa so mu, ne nnɔbaeɛ dodoɔ no ara sɛee, sɛ ɛfiri nsunsuan a ɛfiri fifiberɛ mu sukyerɛmma a ɛnane mu, ahuhuroberɛ mu asukɔtweaa, anaa awɔberɛ mfitiaseɛ asukɔtweaa. Berɛ biara a otwaberɛ ketewaa no bɛba no, na okuafoɔ no yere su sɛ, “Paavo, paavo, akwakoraa a wo ti nyɛ, Onyankopɔn apo yɛn.” Paavo nso de aboterɛ ka sɛ, “Fa abona fra rye esiam no yɛ paanoo sɛdeɛ nkwadaa no renna kɔm. Mɛbɔ mmɔden ati atɛkyɛ no. Onyankopɔn resɔ yɛn ahwɛ, nanso ɔde bɛma.”

Berɛ biara a nnɔbaeɛ no sɛee no, na Paavo ma ne yere ma abona a na ɔde fra esiam no mu de si ɛkɔm ano no yɛ mmɔho mmienu. Ɔsan yɛɛ adwumaden, yiyii mmɔnka sɛdeɛ nsuo no bɛkɔ na ate ne mfuo a na fifiberɛ mu nsunsuan ne awɔberɛ mfitiaseɛ asukɔtweaa sɛe no ntɛm no so.

Ahokyere mfeɛ pii akyi no, afei Paavo twaa nnɔbaeɛ pa bebree. Ne yere dii ahurisie sɛ, “Paavo, Paavo, yeinom yɛ anigyeɛ mmerɛ! Berɛ aso sɛ yɛto abona no gu, na yɛto paanoo a yɛde rye nko ara ayɛ.” Nanso Paavo de anibereɛ sɔɔ ne yere nsa kaa sɛ, “Fa esiam no fa fra abona, ɛfiri sɛ yɛn fipamfoɔ no mfuo ayɛ asukɔtweaa.” Paavo de ɔne n’abusua akatua no bɔɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɛboa ne fipamfoɔ hiani a ne werɛ aho no.

Adesua a ɛwɔ Agyenkwa no nnwan ne mmirekyie ho abɛbusɛm no mu ne sɛ ɛwɔ sɛ yɛde akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde ama yɛn—berɛ, adomakyɛdeɛ, ne nhyira—no som Ɔsoro Agya mma, titire wɔn a wɔyɛ mmrɛ na wɔhia mmoa kɛse.

Meto nsa frɛ Primary akwadaa no a ne yam hyehye no a medii kan kaeɛ no, ne mo mu biara, sɛ di Yesu Kristo akyi na fa wo ho to Honhom Kronkron no so sɛdeɛ wobɛyɛ adamfoɔ a wopɛ n’asɛm no. Fa wo ho to wɔn a wɔdɔ wo na wɔdɔ Agyenkwa no so. Hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ma tumi sononko a wowɔ no nnyini, na boa afoforɔ, berɛ mpo a ɛyɛ den. Wobɛyɛ krado sɛ wobɛhyia Agyenkwa no, na wobɛtumi aka Titenani Nelson ho wɔ anidasoɔ ho anigyeɛ mu. Berɛ a woyɛ saa no, woboa siesie wiase ma Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no, na wɔde anidasoɔ a ɛsɔ ani bɛhyira wo na woakɔ Awurade ahomegyeɛ ne anigyeɛ mu, seesei ne daakye.

Sɛdeɛ yɛto no wɔ yɛn nnwom afoforɔ no mu baako mu no:

Di dɛ! Na siesie wo ho ma da no!

Obiara nnim da ne dɔnhwere a Ɔbɛba bio no,

Nanso Ɔbɛsan aba sɛdeɛ twerɛnsɛm no ka no; ɛbɛyɛ anigyeɛ da

Berɛ a yɛn Agyenkwa dɔfoɔ no ba bio no.

Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Awurade Yesu Kristo Bɛba Bio,” Liahona, Nov. 2024, 121.

  2. Ɛnni sɛ yɛn yam hyehye yɛn, ɛfiri sɛ Yesu Kristo bɛsakyera yɛn ma yɛayɛ krado sɛ yɛbɛhyia No. Berɛ a yɛdi yɛn apam so daa na yɛdi mmaransɛm no so no, yɛde nkakrankakra, nam N’adom ne nhyira so, bɛyɛ te sɛ Agyenkwa no yie kɛse. Na sɛ yɛyɛ a, yɛbɛsiesie yɛn ho ama ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Sɛdeɛ wɔaka wɔ 1 John 3:2–3no:

    “Adɔfoɔ, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma mmarima, na deɛ ɔpue a yɛbɛyɛ nnya nnaa adi; nanso yɛnim sɛ sɛ ɔba a yɛbɛ te sɛ ɔno; efirisɛ yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ no ara.

    “Na onipa biara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ ne mu no te n’ankasa ho, mpo sɛdeɛ ne ho teɛ no.”

  3. Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no bɛba wɔ mfenhyia apem berɛ no mfitiaseɛ, berɛ a Ɔbɛsan aba wɔ animuonyam mu, na obiara bɛgye atom sɛ na Ɔyɛ na Ɔne Mesaia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no (hwɛ Yesaia 45:23; Sakaria 12:10; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:104).

  4. Hwɛ Russell M. Nelson, “Mmueano Nkrasɛm,” Liahona, Kɔtɔnima 2020, 6.

  5. Hwɛ Joseph Smith Nkyerɛaseɛ, Mateo 25:1 (wɔ Mateo 25:1, aseɛ atwerɛ a); Mateo 25:1–4, 6–13.

  6. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:56–57.

  7. Hwɛ David A. Bednar, “Converted unto the Lord,” Liahona, Obubuo 2012, 109.

  8. Hwɛ 2 Nephi 32:5.

  9. Mateo 24:4–5.

  10. Hwɛ Joseph Smith—Mateo 1:5–6, 8–9, 21–22, 25–26.

  11. Hwɛ Moroni 7:13, 15–17. Nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu ne Twerɛ Kronkron nkyerɛkyerɛ ka bom “ma atorɔ nkyerɛkyerɛ ho da hɔ” pefee (2 Nephi 3:12). Ebia yei yɛ Titenani Russell M. Nelson nkyerɛkyerɛ sɛ “Mormon Nwoma no yɛ Onyankopɔn adwinnadeɛ a ɔde bɛsiesie wiase ama Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no fa bi (hwɛ “Mormon Nwoma no, Israel Anoboaboa, ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no,” Liahona, Kutawonsa 2014, 27).

  12. Hwɛ Russell M. Nelson, “Think Celestial!,” Liahona, Obubuo 2023, 119. Titenani Nelson san kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Mfa mmarima ne mmaa a wɔnnye nnie nyansapɛ [nsɛe w’adanseɛ]” (“Di Wiase so Nkonim na Nya Ahomegyeɛ,” Liahona, Obubuo 2022, 97). “Fa wo nsɛmmisa kɔ Awurade hɔ ne mmea afoforɔ a ɛyɛ nokorɛ. Gyae sɛ woma w’adwenem naayɛ yɛ kɛse ɛnam annye anniefoɔ afoforɔ a wo ne wɔn bobɔ so” (“Kristo Asɔre; Ne mu Gyedie Bɛtutu Mmepɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2021, 103). Sɛdeɛ Mormon Nwoma no nkɔnhyɛni Alma tuu fo no, “Monnnye obiara nni sɛ mo kyerɛkyerɛfoɔ anaa mo somfoɔ, gye sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa, a ɔnante n’akwan mu na ɔdi ne mmaransɛm so” (Mosiah 23:14). Wɔ saa mmerɛ yi mu no, Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ yɛmfa yɛn ho nto wɔn a “wɔn honhom abotoɔ, a wɔn kasa yɛ ɔdwoɔ na ɛhyɛ nkuran [a] wɔn ho popo wɔ me tumi ase na wɔso ayɛyie ne nyansa aba, sɛdeɛ adiyisɛm ne nokorɛ a mede ama mo no teɛ” (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 52:14–19).

  13. Hwɛ Russell M. Nelson, “Awurade Yesu Kristo Bɛba Bio,” 121.

  14. Sɛ wɔyɛ nnyinahɔma ayɛyɛdeɛ wɔ nananom a wɔawuwuo ananmu a, saa nananom no ankasa na wɔsi gyinaeɛ sɛ wɔbɛgye asɛmpa no atom na wɔakɔ so ayɛ anokwafoɔ anaa wɔnnye. Wɔ saa tebea ahodoɔ no mu mpo, obiara nsi gyinaeɛ mma ɔfoforɔ.

  15. Hwɛ Mateo 25:14–30.

  16. Hwɛ Guide to the Scriptures, “Talent.” Na adomakyɛdeɛ yɛ tete adeɛ a wɔde kari biribi mu duro ne sika dodoɔ wɔ Helafo ne Romafo berɛ so. Wɔbu no sɛ na adomakyɛdeɛ baako bo bɛyɛ denarii bɛyɛ 6,000, na esiane sɛ na denarius yɛ da koro akatua ma odwumayɛni bi nti, na adomakyɛdeɛ baako bɛyɛ sɛ mfeɛ 20 a wɔde tua adwumayɛni ka.

  17. Mateo 25:21; san hwɛ nkyekyɛmu 23.

  18. Hwɛ Mateo 25:24–26.

  19. Ɔretrɛ abɛbusɛm no mu, wɔ daapem nhyehyɛeɛ mu no, sɛ akoa biara kɔ ne wura anigyeɛ mu na ɔbɛyɛ deɛ owura no wɔ nyinaa ɔdedifoɔ a, nsonsonoeɛ nketenkete a na akoa biara wɔ a na ɛda adi wɔ mfitiaseɛ no ho nhia bio.

  20. Bio nso, Awurade de talɛnte a wɔaka ho asɛm wɔ abɛbusɛm yi mu no toto abrabɔ ne asɛmpa no afa pii ho, a nimdeɛ ne adansedie ka ho (hwɛ Ether 12:35; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 60:2, 13) ne agyapadeɛ ne hwɛsofoɔ adwuma nso (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 82:18).

  21. Hwɛ Harold S. Kushner, Overcoming Life’s Disappointments (2006), 26.

  22. Sɛdeɛ wɔaka wɔ Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023), 48 no, “Deɛ ɛntene wɔ abrabɔ mu nyinaa wɔbɛtumi afa Yesu Kristo mpata no so ayɛ no yie.”

  23. Hwɛ Mateo 25:31–46.

  24. Mateo 25:32–33.

  25. Hwɛ Mateo 25:37–39, 44.

  26. Mateo 25:40; san hwɛ nkyekyɛmu 45.

  27. Hwɛ Mosiah 2:17. Yɛde yɛn ho hyɛ Agyenkwa no adwuma mu berɛ a yɛkyɛ N’asɛmpa no, boa sa wɔn a wɔn akoma abubuo yareɛ (hwɛ Yesaia 61:1–3; Luka 4:16–21), yɛboa wɔn a wɔyɛ mmrɛ, pagya nsa a ɛyɛ mmrɛ, na yɛhyɛ nkotodwe a ɛyɛ mmrɛ den (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 81:5).

  28. Setaakye ne deɛ ɛma aduane yam wɔ birch dua abona no mu. Wobɛtumi adi berɛ a aduane biara nni hɔ.

  29. Hwɛ Johan Ludvig Runeberg, “Högt Bland Saarijärvis Moar,” Idyll och epigram Dikter (1830), nummer 25; Suomen kansalliskirjallisuus (Helsinki, 1941), 9:50–52; sv.wikisource.org/wiki/Högt_bland_Saarijärvis_moar. Nkyerɛaseɛ a ɛfiri Sweden kasa mu no yɛ me dea.

  30. Yei gyina hɔ ma deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ tete Israelfoɔ no sɛ wɔnyɛ: “Ɛfiri sɛ ahiafoɔ rempa asase no so da, enti mehyɛ wo, sɛ, Bue wo nsam ma wo nua, ahiafoɔ ne wɔn a wɔhia mmoa”. (Deuteronomium 15:11).

  31. Hwɛ Dallin H. Oaks, “Ahosiesie ma Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no,” Liahona, Kɔtɔnima 2004, 7–10, de ma nkɔmmɔ sononko a ɛfa Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no ho ne akwan a yɛbɛfa so asiesie yɛn ho ama.

  32. Hwɛ Russell M. Nelson, “Di Wiase so Nkonim na Nya Ahomegyeɛ,” 95–98. Titenani Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Adeɛ baako a ɛhia pa ara wɔ saa nhyiamu yi ase ne sɛ yɛresiesie nnipa a wɔbɛtumi, wɔayɛ krado, na wɔfata sɛ wɔgye Awurade berɛ a Ɔbɛba bio, nnipa a wɔayi Yesu Kristo dada agya wiase a ahweaseɛ no, nnipa a wɔdi ahurisie wɔ wɔn pɛ mu sɛ wɔbɛdi Yesu Kristo mmara kunini, kronkron no so.” (“Di Wiase so Nkonim na Nya Ahomegyeɛ,” 98).

  33. Hwɛ Moroni 7:3. Titenani Joseph F. Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ahomegyeɛ a wɔreka no nyɛ honam mu ahomegyeɛ. [Ɛyɛ] honhom mu ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ a ɛfiri nokorɛ a ɛnhinhim mu. Enti yɛbɛtumi akɔ Awurade ahomegyeɛ mu ɛnnɛ, berɛ a yɛbɛte asɛmpa no nokorɛ ase. [Wɔn a wɔakɔ saa ahomegyeɛ yi mu no yɛ wɔn a] wɔanya anigyeɛ ne asomdwoeɛ, na wɔde wɔn ani asi wɔn frɛ a ɛkorɔn no botaeɛ so ne ahofama a ɛnhinhim wɔ wɔn akoma sɛ wɔbɛgyina nokorɛ no mu pintinn, na wɔde ahobrɛaseɛ ne tenenee nante kwan a wɔayi ama Yesu Kristo akyidifoɔ no so. Nanso bebree wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔnnuruu saa ahofama a ɛnhinhim yi ho nti, nkyerɛkyerɛ mframa biara bɔ wɔn, ma enti wɔn ho ntɔ wɔn, wɔntumi ntena faako, wɔnni ahotɔ. Yeinom yɛ wɔn a wɔn aba mu bu wɔ nsɛm a ɛsisi wɔ Asɔre no mu, ne ɔman no mu, ne nnipa basabasayɛ mu ho. Wɔde nsusuiɛ bɔne, basabasayɛ, adwenem naayɛ hyɛ wɔn mu. Wɔn nsusuiɛ asɛe, na wɔn ani gye wɔ nsakraeɛ ketewa biara ho, te sɛ obi a wayera ne kwan wɔ ɛpo so” (Gospel Doctrine, 5th ed. [1939], 126).

  34. “When the Savior Comes Again,” Hymns—For Home and Church, Gospel Library.