Amansan Nhyiamu
Nhyɛananmu Nhyira
Oforisuo 2025 amansan nhyiamu


11:18

Nhyɛananmu Nhyira

Abrabɔ mu tebea pii bɛtumi aboro yɛn so deɛ, nanso yɛn mu biara nni hɔ a ɔtra Awurade nhyira a ɛnni ano no.

Meresom sɛ Bishop a Ɔdi Anim no mu na manya akwanya ahyia Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ wɔ wiase nyinaa wɔ mmeaeɛ ne amammerɛ ahodoɔ mu. Mo gyedie a ɛtim hɔ daa ne ahofama a mowɔ ma Awurade Yesu Kristo no kanyan me daa. Nanso tebea ahodoɔ a ɛtaa yɛ den a mo mu pii hyia no nso aka m’akoma—ɔhaw ahodoɔ te sɛ yareɛ, dɛmdie, akadeɛ a ɛsua, awareɛ anaa nwomasua ho akwanya a ɛnnɔɔso, afoforɔ a wɔteetee wɔn, ne sintɔ anaa ɔhyɛ afoforɔ. Ɛtɔ da a, sɔhwɛ ahodoɔ yi bɛtumi ayɛ sɛ deɛ ɛsi wo nkɔsoɔ kwan na ɛtia mmɔden ankasa a wobɔ sɛ wobɛbɔ Asɛmpa no bra yie no, na ɛma ɛyɛ den kɛse sɛ wobɛsom, asɔre, na woayɛ nnwuma kronkron.

Me nnamfonom adɔfoɔ, sɛ mote nka sɛ mowɔ sintɔ anaa nneɛma nkɔ yie ɛnam mo abrabɔ mu tebea nti a, mepɛ sɛ mohunu yei: Awurade dɔ wo ankasa. Ɔnim wo tebea ahodoɔ, na ne nhyira pono no da so ara abue ama wo ɛmfa ho ne ɔhaw ahodoɔ a wohyia no.

Menam m’ankasa suahunu so ahunu nokorɛ yei sɛ, ɛwom sɛ ayɛ sɛ ɛho nhia deɛ, nanso anyaa nkɛntɛnsoɔ a ɛte hɔ daa wɔ me so. Medii mfeɛ 22, berɛ a na meresom wɔ French Air Force mu wɔ Paris no, m’ani gyee sɛ mehunuu sɛ Elder Neal A. Maxwell a ɔyɛ Awurade Somafoɔ, bɛkasa wɔ nhyiamu bi ase wɔ Champs-Élysées. Nanso, aka kakrabi na dwumadie no aduru so no, wɔhyɛɛ me sɛ memfa ɔsraani panin bi nkɔ wiemhyɛn gyinabea wɔ berɛ pɔtee a wɔahyɛ sɛ nhyiamu no bɛkɔ so no.

M’ani annye ho. Nanso esiane sɛ na mayɛ m’adwene sɛ mɛkɔ nti, mesii ɔsraani panin no na meyɛɛ ntɛm kɔɔ nhyiamu no ase. Menyaa baabi de kaa no si wieeɛ no, mede mmirika sianee Champs-Elysées no kɔɔ baabi a wɔreyɛ nhyiamu no a na meretee so, a na aka simma num pɛ ma nhyiamu no aba awieeɛ. Mewuraa mu ara pɛ na metee sɛ Elder Maxwell reka sɛ, “Afei mɛma mo asomafoɔ nhyira.” Saa berɛ no ara mu, minyaa honhom fam suahunu kama bi a me werɛ remfiri da. Honhom no hyɛɛ me so, na ayɛ sɛ nhyira no mu nsɛm no wuraa me kra mu baabiara, te sɛ deɛ me ara nti na ɛbaeɛ.

Deɛ mehunuu no saa da no yɛ ade ketewa bi a tumi wom a ɛda Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma ne mma no ho awerɛkyekye fa bi adi: Sɛ tebea ahodoɔ a ɛboro yɛn so mma yɛntumi nyɛ yɛn akoma apɛdeɛ a ɛtene a, Awurade bɛhyɛ ananmu wɔ akwan a ɛbɛma yɛanya nhyira a Wahyɛ ho bɔ no so.

Saa nokorɛ a ɛma awerɛhyɛmu yi gyina nnyinasonsɛm atitire mmiɛnsa a ɛwɔ Yesu Kristo asɛmpa a wɔasan de aba no mu so:

  1. Onyankopɔn dɔ yɛn mu biara pɛpɛɛpɛ. “Ɔfrɛ [yɛn] nyinaa sɛ yɛmmra ne nkyɛn mmɛnya kyɛfa wɔ ne papayɛ mu.” Ne gyeɛ nhyehyɛeɛ no hwɛ sɛ obiara, wɔnyi bi mfiri mu, bɛnya hokwan a ɛfata sɛ da bi ɔbɛnya nkwagyeɛ ne mmasoɔ nhyira.

  2. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ teneneeni ne mmɔborɔhunufoɔ na Ne nhyehyɛeɛ wie pɛyɛ nti, Ɔremma yɛmmu nneɛma a ɛboro yɛn so ho akonta. Elder Neal A. Maxwell kyerɛɛ mu sɛ “Onyankopɔn mfa mmɔborɔhunu nhwɛ yɛn apɛdeɛ ne yɛn adwumayɛ nko ara, na mmom sɛdeɛ yɛn tebea ahodoɔ ma ɛyɛ den ma yɛn no nso.”

  3. Ɛnam Yesu Kristo ne Ne Mpata no so, yɛbɛtumi anya ahoɔden a yɛde bɛgyina na awieeɛ koraa no yɛadi abrabɔ mu ɔhaw nyinaa so. Sɛdeɛ Alma kyerɛkyerɛeɛ no, ɛnyɛ wɔn a wɔasakra no bɔne nko ara na Agyenkwa no fa too Ne ho so, na mmom “ne nkorɔfoɔ yea ne nyarewa ahodoɔ” ne “wɔn mmerɛyɛ nso.” Enti, wagye yɛn afiri yɛn mfomsoɔ mu akyi no, Awurade mmɔborɔhunu ne adom boa yɛn wɔ ntɛnkyea, sintɔ, ne akwansideɛ ahodoɔ a yɛn asetena mu suahunu de to yɛn so no mu.

Worenya saa nhyɛananmu nhyira yinom wɔ nhyehyɛeɛ. Awurade ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ “deɛ yɛbɛtumi biara” na “yɛmfa [yɛn] akra nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ mma No.” Yei hwehwɛ ɔpɛ a ɛmu dɔ, nokorɛdie akoma, ne yɛn nsiyɛ a ɛso pa ara wɔ Ne mmaransɛm sodie ne yɛn pɛ a yɛma ɛne Ne deɛ hyia mu.

Sɛ yɛn mmɔdemmɔ a ɛmu yɛ den annuru yɛn apɛdeɛ ho esiane tebea ahodoɔ a ɛboro yɛn so nti a, Awurade kɔso gye yɛn akoma mu apɛdeɛ tom sɛ afɔrebɔ a ɛfata. Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Wɔbɛhyira yɛn wɔ yɛn akoma mu apɛdeɛ a ɛtene ho mpo berɛ a abɔnten tebea bi ama yɛantumi amfa saa ɔpɛ no anyɛ adwuma.”

Berɛ a na ɛha nkɔmhyɛni Joseph Smith sɛ ne nua Alvin wuiɛ wɔ berɛ a wannya asɛmpa no ayɛyɛdeɛ ahodoɔ a ɛho hia no, ɔnyaa saa adiyisɛm a ɛkyekye werɛ yi: “Wɔn a wɔbɛwu firi saa berɛ yi a wɔnni [asɛmpa no] ho nimdeɛ, a anka wɔde wɔn akoma nyinaa bɛgye no, bɛyɛ adedifoɔ wɔ [Onyankopɔn sɛlɛtia ahemman] mu.” Afei Awurade de kaa ho sɛ, “Ɛfiri sɛ me, Awurade, mɛbu nnipa nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, sɛdeɛ wɔn akoma apɛdeɛ teɛ.”

Deɛ ɛho hia Awurade no nyɛ kɛkɛ sɛ yɛbɛtumi na mmom sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara de adi N’akyi sɛ yɛn Agyenkwa.

Berɛ bi adamfoɔ bi kyekyee asɛmpatrɛni kumaa bi a na ɔredi awerɛhoɔ sɛ wɔagyae no ntɛm esiane apɔmuden nti, ɛmfa ho sɛ ɔfirii akoma mu bɔ mpaeɛ na ɔwɔ ɔpɛ pa sɛ ɔbɛsom no, werɛ. Adamfoɔ yi kyɛɛ twerɛsɛm bi a Awurade kaa sɛ berɛ a Ne mma “de wɔn ahoɔden nyinaa kɔ” na “wɔannyae wɔn nsiyɛ” sɛ wɔbɛdi Ne mmaransɛm so, “na wɔn atamfo [a ɛbɛtumi ayɛ tebea ahodoɔ a ɛnyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu] si wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no a, hwɛ, ɛyɛ me pɛ sɛ merenhwehwɛ saa adwuma no mfiri saa [nnipa] no nsam bio, na mmom mɛgye wɔn afɔreɛ atom.”

M’adamfo no dii adanseɛ kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ Onyankopɔn nim sɛ wayɛ adeɛ pa ara wɔ ɔfrɛ a ɔgyeeɛ sɛ ɔbɛsom no mu. Ɔmaa no awerɛhyɛmu sɛ Awurade agye n’afɔrebɔ no atom na nhyira a wɔhyɛɛ ho bɔ maa asɛmpatrɛfoɔ anokwafoɔ nyinaa no wɔrentwe nsan.

Awurade nhyɛananmu nhyira no taa nam afoforɔ a wɔboa yɛn ma yɛyɛ deɛ yɛn ankasa ntumi nyɛ no ayamye ne ɔsom so na ɛba. Mekae berɛ bi a na yɛne yɛn mma mmaa no mu baako a na ɔwɔ France ntam twe, na yɛntumi mmoa no wɔ awoɔ akyi a na ɛyɛ den. Saa nnawɔtwe no ara mu, yɛn ward a ɛwɔ Utah hwehwɛɛ mmoa maa maame bi a na wawo ntafoɔ foforɔ. Me yere Valérie kaa sɛ ɔbɛbrɛ no aduane, bɔɔ mpaeɛ wɔ n’akoma mu maa ɛna foforɔ yi ne yɛn babaa a na wɔhia mmoa no nyinaa. Berɛ tiawa bi akyi, yɛtee sɛ anuanom mmaa a wɔwɔ yɛn babaa no ward a ɛwɔ France ayɛ nhyehyɛeɛ de aduane akɔma n’abusua. Yɛn fam no, na Onyankopɔn abua yɛn mpaebɔ, asoma N’abɔfoɔ de awerɛkyekyeɛ aba berɛ a na yɛrentumi.

Sɛ yɛhyia akwansideɛ ne ɔhaw ahodoɔ a, yɛnhunu yɛn ankasa nhyira—yɛn akyɛdeɛ, akadeɛ, ne berɛ—na yɛmfa nsom wɔn a wɔhia mmoa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrenhyira afoforɔ nko ara na mmom yɛde ayaresa ne nhyɛananmu ba yɛn ankasa abrabɔ mu.

Akwan papa a yɛbɛtumi afa so aboa Onyankopɔn nhyɛananmu nhyira no mu baako ne ananmusie ayɛyɛdeɛ a yɛyɛ ma yɛn nananom wɔ Awurade fie no. Berɛ a yɛgyina wɔn ananmu yɛ ayɛyɛdeɛ no, yɛde yɛn ho hyɛ Awurade nkwagyeɛ adwuma kɛseɛ no mu yie, de yɛn akyɛdeɛ ne nimdeɛ hyira wɔn a wɔannya hokwan annye wɔ wɔn asetena mu no.

Ɔdɔ som a yɛde ma wɔ tɛmpol kronkron ahodoɔ mu no kae yɛn sɛ Agyenkwa no adom no tra saa asetena yi. Wɔ asetena a ɛbɛba no mu , wɔbɛtumi ama yɛn akwanya foforɔ de ayɛ deɛ yɛantumi anyɛ wɔ saa asetena yi mu no. Ɔrekasa akyerɛ anuanom mmaa a na wɔnnya nnyaa daa nkwa ahokafoɔ no, Titenani Lorenzo Snow de ɔdɔ kaa sɛ: “Nna a ɛdi Akyire Ɔhoteni biara nni hɔ a ɔwu berɛ a wabɔ nokorɛdie bra a ɔbɛhwere biribiara esiane sɛ wantumi anyɛ nneɛma bi wɔ berɛ a wɔamma no akwanya ahodoɔ bi nti. Wɔbɛnya nhyira, mmasoɔ, ne animuonyam nyinaa a ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔnyaa saa akwanya yi bɛnya.”

Saa anidasoɔ ne awerɛkyekyerɛ nkrasɛm yi kɔ ma yɛn, Onyankopɔn mma nyinaa. Yɛn mu biara ntumi nkwati ɔhaw ne akwansideɛ ahodoɔ a ɛwɔ asetena mu no. Ne nyinaa akyi no no, wɔwoo yɛn nyinaa sɛ yɛrentumi nnye yɛn ho nkwa. Nanso, yɛwɔ Agyenkwa dɔfoɔ, na “yɛnim sɛ ɛnam [N’adom] so na wɔgye yɛn nkwa, wɔ deɛ yɛbɛtumi ayɛ nyinaa akyi.”

Medi adanseɛ sɛ asetena mu tebea pii bɛtumi aboro yɛn so deɛ, nanso yɛn mu biara nni hɔ a ɔtra Awurade nhyira a ɛnni ano no so. Ɛnam ne mpata afɔrebɔ no so, Agyenkwa no bɛhyɛ biribiara a yɛntumi nyɛ ne ntɛnkyea biara ananmu berɛ a yɛde yɛn akra nyinaa ma No. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.