Wo Ne Kristo no
(Mateo 16:16)
Yɛpɛ sɛ yɛn mma gye Yesu Kristo di, nam apam so bɛyɛ Yesu Kristo ne N’asɔre dea, na wɔbɔ mmɔden bɛyɛ te sɛ Yesu Kristo.
Berɛ a na yɛn babarima Eli wɔ gyinapɛn nnan no, n’adesuakuo hyehyɛɛ amammuo ho nhwɛsoɔ a n’atipɛnfoɔ no yii no sɛ ɔnyɛ kuo no temmaufoɔ. Da bi, ɔtemmuafoɔ bi a ɔguso yɛ adwuma wɔ Second District kɔsraa wɔn, de n’adwuma ataadeɛ hyɛɛ Eli, na afei ɔkaa ntam maa wɔn adesuakuo no. Yei de anigyeɛ kɛseɛ hyɛɛ ne mu wɔ ne mmɔfraberɛ mu sɛ ɔbɛsua mmara, ne Mmaramafoɔ, Yesu Kristo No ankasa.
Mfeɛ bebree akyi wɔ Eli mmɔdemmɔ ho no, wɔtoo nsa frɛɛ no wɔ mmaranim sukuu baako a na ɛda nakoma so no ho nsɛmmisa. Ɔkaa sɛ, “Mama, wɔbisaa me nsɛm 10. Asɛmmisa a na ɛtwa toɔ no yɛ, ‘Ɛhe na wonya w’abrabɔ pa nteteɛ firi?’ Mekaa sɛ wɔ abakɔsɛm mu nyinaa nnipa anya abrabɔ pa ho nhyehyɛeɛ berɛ a wɔasuasua tetefoɔ su ahodoɔ wɔ wɔn abrabɔ mu. Abrabɔ pa ho nhwɛsoɔ a mebɔ mmɔden sɛ mɛsuasua wɔ m’abrabɔ mu yɛ Yesu Kristo deɛ no. Mekaa sɛ sɛ nnipa nyinaa dii Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bepɔ so Asɛnka no mu so a, anka wiase bɛyɛ beaeɛ pa a asomdwoeɛ bebree wɔ.” Afei nsɛmmisa no baa awieeɛ, na ɔkaa no ne tirim sɛ, “Me mmɔfraberɛ mu daeɛso no kɔ. Nwomasuabea a ɛnyɛ asɔre bi dea biara nni hɔ ɔpɛ sɛ ɔte Yesu Kristo ho asɛm.”
Nnawɔtwe mmienu akyi no, wɔgyee Eli, kaa sɛ wɔbɛfa ne sukuu ho ka. Ansa na yɛresi gyinaeɛ no, yɛkɔɔ sukuupɔn no mu. Na mmara sukuu no te sɛ abankɛseɛ bi ɛna na wɔasi no wɔ bepɔ bi so a ɛhwɛ tadeɛ fɛfɛ bi. Anwanwasɛm ne sɛ, berɛ a na yɛnam nwomakorabea kamakama ne abranaa a ɛyɛ fɛ no so no, yɛhunuu Bepɔ so Asɛnka no su ahodoɔ a wɔatwerɛ ma aka wɔ frankaa ahodoɔ so.
Bepɔ so Asɛnka no yɛ kasa a yɛbɛtumi aka sɛ ɛda nso pa ara a wɔaka pɛn, ɛyɛ deɛ ɛdi kan wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Asɛnka foforɔ biara nni hɔ a ɛbɛtumi aboa yɛn ama yɛate Yesu Kristo suban, Ne soro su, ase yie ne yɛn botaeɛ titire sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno.
Yesu Kristo asuafoɔyɛ wɔ nkwa nna nyinaa mu no hyɛ aseɛ wɔ yɛn afie mu—ɛna ntɛm pa ara bɛyɛ abosome 18 mu wɔ Primary. Yɛpɛ sɛ yɛn nkwadaa nya gyedie wɔ Yesu Kristo mu, nam apam so bɛyɛ Yesu Kristo ne N’asɔre dea, na wɔbɔ mmɔden bɛyɛ te sɛ Yesu Kristo.
Gye Yesu Kristo di
Ɛdi kan, gye Yesu Kristo di.
Nkwa Burodo asɛnka no akyi no, ɛyɛɛ den maa “[Awurade] asuafoɔ no mu bebree” sɛ wɔbɛgye ne nkyerɛkyerɛ no atom, na “wɔsann wɔn akyi, na wɔne no annante bio. Afei Yesu hwɛɛ dummienu no na ɔbisaa asɛm bi a ɛyɛ awerɛho sɛ: “Mo nso mobɛkɔ anaa?”
Petro buaa sɛ:
“Awurade, hwan hɔ na yɛnkɔ? wo na wowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ nsɛm.
“Yɛgye di yie sɛ wo ne Kristo, Onyankopɔn teasefoɔ no Ba no.”
Sɛdeɛ Petro daa no adi no, gyedie ne sɛ “wobɛnya obi mu ahotosoɔ anaa wobɛgye biribi atom sɛ ɛyɛ nokorɛ.” Na sɛ yɛn gyedie de yɛn bɛkɔ nkwagyeɛ mu a, ɛsɛ sɛ ɛgyina Awurade Yesu Kristo so. “Yɛkyerɛ gyedie wɔ [Yesu] Kristo mu berɛ a yɛwɔ ahotosoɔ sɛ Ɔwɔ hɔ, yɛwɔ [nteaseɛ] wɔ Ne [nokorɛ] suban ne ne [su] ho, ne nimdeɛ sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛtena ase sɛdeɛ N’apɛdeɛ teɛ.
Yɛn Nkɔnhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson, paee mu kaa sɛ, “Yesu Kristo mu gyedie ne gyedie nyinaa fapem ne ɔsoro tumi kwan.”
Sɛn na yɛbɛtumi aboa nkwadaa ma wɔahyɛ gyedie a wɔwɔ wɔ Yesu Kristo mu no den na wɔanya Ne soro tumi no ho kwan? Ɛnhia sɛ yɛhwɛ baabiara sɛ yɛn Agyenkwa no Ankasa.
“[Awurade] kasa kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ:
“Hwɛ, Mene Yesu Kristo.
“Sɔre na bra.
“Nkorɔfokuo no kɔɔe, na wɔde wɔn nsa kekaa ne mfe, na wɔhunu nnadewa no anan mu wɔ ne nsam ne ne nan mu; na wɔyɛɛ saa, kɔɔ no mmaako mmaako na wɔde wɔn ani hunuui na wɔde wɔn nsa kekaeɛ na wɔhunuu sɛ ɛyɛ ampa na wɔdii adanseɛ, sɛ ɛyɛ ɔno.”
Mehyɛ wo nkuran sɛ dwennwene sɛdeɛ yei bɛtumi ayɛ wɔ mmɔfra nkumaa abrabɔ mu ho. So wɔte Yesu Kristo ne N’asɛmpa no ho adansedie? So wɔhunu Ne som adwuma ne ne Nyankopɔnyɛ ho obuo, nidie mfonin? So wɔte nka na wɔhunu Honhom Kronkron no sɛ ɛdi adanseɛ sɛ Ɔwɔ hɔ na ɔyɛ kronkron? So wɔnim Ne nkrasɛm ne N’adwuma?
Ka Yesu Kristo ne N’Asɔre ho
Ɛtɔ so mmienu, ka Yesu Kristo ne N’Asɔre ho.
Ɔhene Benjamin nkorɔfoɔ nyaa nsakraeɛ kɛseɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔnam apam so tuu wɔn ho sii hɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Esiane apam a wɔne Onyankopɔn ne Yesu Kristo yɛeɛ nti, na “wɔfrɛɛ wɔn Kristo mma, ne mma mmarima, ne ne mma mmaa.” Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma no, yɛwɔ apam asɛdeɛ sɛ yɛbɛkyekyere N’ahennie na yɛasiesie yɛn ho ama Ne mmaeɛ bio.
Sɛn na yɛbɛtumi aboa mmɔfra ma wɔayɛ apam kronkron na wɔadi so? Wɔ Bra, Di M’akyi akwankyerɛ nwoma no mu, wɔ nkekaho A ne B no, yɛhunu nsɛm a wɔde hyɛ nkɔmmɔdie ase ne adesua ahodoɔ a ɛbɛma mmusua tumi na aboa akyerɛkyerɛfoɔ ne akannifoɔ wɔ wɔn nhwɛsoɔ adwuma kronkron sɛ wɔbɛsiesie mmɔfra ama nkwa nna nyinaa wɔ Onyankopɔn apam kwan so no.
Bɛyɛ te sɛ Yesu Kristo
Ɛtɔ so mmiɛnsa, bɛyɛ te sɛ Yesu Kristo.
Mormon Nwoma no mu no, Agyenkwa no tuu n’asuafoɔ a wafrɛ wɔn foforɔ no fo sɛ wɔnsua No yie sedeɛ wɔbɛtumi: “Nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ? Nokorɛ mese mo sɛ, mpo sɛdeɛ meteɛ no ara.”
Sɛn na yɛbɛtumi aboa mmɔfra a wɔabɔ wɔn asu na wɔahyɛ wɔn den no ma wɔadi wɔn apam asɛdeɛ sɛ wɔbɛboaboa wɔn ho ne afoforɔ ano ama Yesu Kristo no so? Nkwa nna nyinaa asuafoɔyɛ hwehwɛ sɛ “yɛyɛ asɛm no yɛfoɔ, na ɛnyɛ atiefoɔ nko ara.”
Sɛ worefrɛ Awurade asuafoɔ nkumaa koraa no a, yɛsrɛ sɛ fa akwanya biara so di wɔn anim, kyerɛ wɔn kwan, ne wɔn nnante, na boa wɔn ma wɔnhunu Kwan no. Tu mmɔfra nkumaa a wɔsom bo yi fo berɛ a wɔresiesie wɔn ho akyerɛkyerɛ adi adanseɛ, abɔ mpaeɛ, anaa asom na wɔanya akokoɔduro ne anigyeɛ de ayɛ wɔn asɛdeɛ ahodoɔ. Hwehwɛ nkanyan akwan a ɛbɛboa wɔn ma wɔahunu sɛ yei ne wɔn Asɔre na wɔwɔ adwuma titire bi yɛ wɔ ahosiesie mu ma Agyenkwa no mmaeɛ bio.
Sɛ Yesu Kristo bɛyɛ yɛn abrabɔ botaeɛ a, deɛ yɛpɛ, ne sɛdeɛ yɛpɛ no, renyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ bio. Adwensakyera sesa biribiara! Ɛsesa yɛn bɔberɛ “sɛ yɛnni adwene bi sɛ yɛbɛyɛ bɔne, mmom yɛbɛkɔ so ayɛ papa.” Ɛsesa sɛdeɛ yɛde yɛn berɛ, deɛ yɛwɔ; deɛ yɛkenkan, hwɛ, tie, na yɛkyɛ di dwuma. Mpo ɛsesa sɛdeɛ yɛma mmuaeɛ wɔ nwomasua nsɛmmisa sononko a ɛbɛtumi ama yɛahwere adwuma bi mu.
Ɛsɛ sɛ yɛma Yesu Kristo hann no hyerɛn wɔ yɛn abrabɔ fa biara mu. Sɛ yɛnni adanseɛ wɔ Ne Nyameyɛ ansa na Ɔreba wiase, Ne soro adwuma, ne Ne Wusɔreɛ nkonimdie wɔ owuo so nokorɛ a ɛyɛ ho wɔ yɛn afie mu ne Asɔre yi nhyiamu biara mu a, ɛnneɛ na yɛn nkransɛm a ɛfa ɔdɔ, ɔsom, nokorɛdie, ahobrɛaseɛ, aseda, ne ayamhyehyeɛ ho no yɛ abrabɔ mu nsusuiɛ ho anigyeɛ nkuranhyɛ kasa kɛkɛ. Sɛ Yesu Kristo nni hɔ a, tumi biara nni hɔ a ɛbɛsakyera, botaeɛ biara nni hɔ a yɛbɛhwehwɛ, na nsiesie biara nni hɔ ma abrabɔ mu ɔhaw ahodoɔ. Sɛ yɛn ani ammere wɔ yɛn Yesu Kristo asuafoyɛ mu a, ɛbɛtumi ayɛ ɔsɛeɛ kɛseɛ ama yɛn mma.
Sɛ yɛka kyerɛ yɛn mma sɛ yɛdɔ wɔn a, so yɛsan ka kyerɛ wɔn sɛ wɔn Agya a ɔwɔ Soro ne Agyenkwa Yesu Kristo dɔ wɔn? Yɛn dɔ bɛtumi ama awerɛkyekyerɛ na akanyan, nanso Wɔn dɔ bɛtumi ate ho, apagya, na asa yareɛ.
Ɛnni sɛ Yesu yi yɛ anansesɛm Yesu, anaa Yesu ketewa bi, anaa Yesu a ɔnni honam, anaa Yesu biara kɛkɛ, anaa Yesu a wɔnnim no, na mmom Onyankopɔn Ba a Wɔwoo no Koro a wɔahyɛ no animuonyam, ɔyɛ otumfoɔ, wasɔre, wɔapagya no, wɔsom no, ɔwɔ tumi Onyankopɔn Ba a Ɔwoo No koro a, ɔyɛ kɛseɛ sɛ ɔgye nkwa. Na sɛdeɛ abɔfra ketewa bi a ɔwɔ Philippines dii adanseɛ a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ me da koro bi no, “Yɛfata sɛ wɔgye yɛn!” Wɔ deɛ Ne din kronkron a “Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ ɔbɛyɛ mpata [kɛseɛ],” Yesu Kristo mu, Amen.