Yɛbɛdi Nokorɛ Ama Gyedie A Yɛn Awofoɔ Ani Gyee Ho
Yɛsrɛ sɛ sua na nya ahoɔden firi wɔn a wɔdii w’anim baeɛ no gyedie ne adanseɛ ahodoɔ mu.
Berɛ a na merekɔ Nashville Tennessee Tɛmpol sɛ merekɔyɛ tɛmpol nhwehwɛmu no, menyaa akwanya nante-faa mu sɛ dwumadie yi fa bi, na mesan yɛɛ Awurade fie fɛɛfɛ yi ho nhwehwɛmu. M’ani gyee Mary Wanlass mfonin a wɔfrɛ no Kɔso Ara wɔ fasuo no ho wɔ matron tenabea hɔ.
Yei ne abasɛm a ɛwɔ mfonin no akyi:
“Wɔ Missouri wɔ1862 mu no, Mary Wanlass a na wadi mfeɛ 14 no hyɛɛ ne maame a ɔregye nna awuo bɔ sɛ ɔbɛhwɛ sɛ ne papa a wadi dɛm ne ne nuanom baanan a wɔyɛ mmeranteɛ ne mmabaawa nyinaa bɛkɔ Great Salt Lake Bɔnhwa no mu. … Mary na ɔkaa anantwie ne anantwibedeɛ a wɔma nufusuo a wɔtwii teaseɛnam a na ne papa da mpa so no, na ɔhwɛɛ ne … nuanom. Wɔ da biara akwantuo no akyi no, ɔhwehwɛɛ afifideɛ, nhwiren, ne nnuaba a wɔtumi die de maa abusua no aduane. Ne kyerɛkyerɛkwan baako pɛ ne akwankyerɛ a ɔnyaa sɛ ɔbɛkɔ so atu kwan akɔ atɔeɛ fam kɔsi sɛ mununkum no bɛyɛ mmepɔ.’
“Wɔduruu Utah [no] Bɔnhwa mu wɔ Ɛbɔ bosome mu, a na wɔatu kwan wɔ fifiberɛ ne ahuhuro berɛ nyinaa mu. Ne papa wuui berɛ a abusua no kɔtenaa Utah Mantam mu akyi berɛ tiawa bi, faako a akyire yi Mary waree na ɔtetee [n’ankasa] abusua.”
Yei yɛ ababaawa bi a wadi mfeɛ 14 a ɔbɛtumi aboa yɛn mu biara nnɛ no gyedie ne n’ahoɔden ho abasɛm a ɛyɛ nwanwa.”
“Wo deɛ Kɔso Ara”—anaa wɔkyerɛɛ aseɛ tiawa wɔ me kurom Dutch kasa mu, Gewoon Doorgaan—nso yɛ me maame ne me papa nkwa nna nyinaa mmrane.
M’awofoɔ ne me nsewnom ne adikanfoɔ a wɔwɔ yɛn abusua mu. Wɔatwa wɔn ankasa “nsaase tɛtrɛɛ” te sɛ wɔn a wɔreba Asɔre no mu nyinaa, Awurade nwankuo no, da biara. Wɔn abasɛm ahodoɔ no ne anantwie ne nteaseɛnam nni hwee yɛ nanso ɛwɔ nkɛntɛnsoɔ korɔ no ara wɔ awoɔ ntoatoaso a ɛbɛba no so.
Wɔgyee asɛmpa no too mu na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ wɔn mpanin mfeɛ so. M’awofoɔ baanu nyinaa nyaa mmɔfraberɛ a ɛmu yɛ den. Me papa nyinii wɔ Java supɔ so wɔ Indonesia. Wɔ Wiase Ko II mu no, wɔde ahoɔden tee no firii n’abusua ho na wɔsiee no wɔ nneduaban bi mu, faako a ɔhyiaa ahokyere a wɔntumi nka ho asɛm wɔ ne mmɔfrase.
Wɔtetee me maame wɔ abusua a na ɛmu ateteɛ mu na ɔbrɛɛ wɔ ɛkɔm ne Wiase Ko II mu ahokyerɛ mu. Ɛtɔ mmerɛ bi mpo a na tulip bulb na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to so di. Esiane n’agya nneyɛɛ, ne ne maame a ɔgyaee no kaa ho nti, ɛtɔ mmerɛ bi a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛhunu Ɔsoro Agya sɛ Agya dɔfoɔ.
M’awofoɔ hyiaa wɔ Asɔre dwumadie bi ase na ɛno akyi berɛ tiawa bi no wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛware na wɔsɔɔ wɔn ano wɔ Bern Switzerland Tɛmpol mu. Berɛ a wɔretwɛn wɔ keteke gyinabea hɔ no, esiane sɛ wɔde wɔn sika kakra a na wɔasie no mu deɛ aka na ɛkɔɔ tɛmpol no nti, wɔdwenee sɛdeɛ wɔbɛtumi atena ho nanso na wɔwɔ gyedie sɛ ɛbɛyɛ yie. Na ɛbaa mu!
Wɔhyɛɛ aseɛ tetee wɔn abusua firii dankora-ketewa bi a ɛwɔ efie bi soro wɔ Amsterdam mfimfini. Berɛ a wɔde mfeɛ pii de wɔn nsa sii wɔn ntadeɛ akyi no, afei deɛ na wɔasie sika a ɛdɔɔso sɛ wɔbɛtɔ afidie a wɔde si nneɛma. Ansa na wɔrebɛtɔ no, bishop no kɔsraa wɔn, srɛɛ ntoboa bi a wɔde bɛsi nhyiamu dan no wɔ Amsterdam. Wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔde deɛ wɔasie ama afidie a wɔde bɛsi nneɛma no nyinaa bɛma na wɔkɔɔ so de wɔn nsa sii nneɛma.
Sɛ abusua no yɛfaa ahokyerɛ bi mu te sɛ abusua foforɔ biara. Yeinom ama yɛayɛ den kɛse na yɛama yɛn gyedie a yɛwɔ wɔ Awurade Yesu Kristo mu no mu akɔ anim, te sɛ berɛ a na Alma ne ne babarima Helaman reka n’asɛm no, faako a ɔka kyerɛɛ no sɛ “wɔaboa no wɔ sɔhwɛ ne ɔhaw ahodoɔ biara ase” ɛfirisɛ ɔde ne ho too Awurade Yesu Kristo so.
Sɛn na nnipa baanu a wɔhyiaa sɔhwɛ pii saa wɔ wɔn mmɔfraase no bɛyɛɛ awofoɔ a wɔyɛ papa kyɛn biribiara a mɛtumi apɛ? Mmuaeɛ no yɛ tiawa: wɔgyee asɛmpa no too mu koraa na wɔdii wɔn apam so de bɛsi nnɛ!
Me maame a na ɔwɔ Alzheimer yareɛ no, wuu wɔ Ɔgyefuo bosome mu bɛboro mfeɛ 65 awareɛ akyi. Me papa a na wadi mfeɛ 92 na ɔda so ara te fie no kɔsraa no mpɛn pii sɛnea ɔbɛtumi kɔsii sɛ owuiiɛ. Berɛ bi a atwam no ɔka kyerɛɛ me nuanom nkumaa sɛ suahunu ahodoɔ a ɛyɛ hu a wɔnyaeɛ wɔ nsraban no mu wɔ Indonesia wɔ Wiase Ko II mu no asiesie no ama ɔde boasetɔ ahwɛ ne yere mfeɛ pii berɛ a ɔyareeɛ na ne so teeɛ ɛnam yareɛ a ɛyɛ hu yi nti, ne saa da no a na ɛsɛ sɛ ɔde ne hwɛ titire no hyɛ afoforɔ nsa na wantumi anwɔ ne nkyɛn bio no nso. Wɔn mmrane no ayɛ na ɛda so ara yɛ “Wo deɛ Kɔso Ara,” a wɔwɔ anidasoɔ a ɛdi mu wɔ Kristo mu sɛ wɔbɛma wɔn so da a ɛtwa toɔ no na wɔne No atena animuonyam mu daa.
Wɔn gyedie ne wɔn adansedie yɛ ahoɔden ma awoɔ ntoatoasoɔ a wɔadi wɔn akyi no.
Wɔ akuraa a me yere nyinii wɔ mu no, n’awofoɔ a na wɔyɛ nnipa pa a na wɔkɔ asɔre no gyee asɛmpa a wɔasan de aba no too mu sɛ awarefoɔ nkumaa a na me yere yɛ wɔn babaa a wadi mfeɛ mmienu a na ɔno nko ara ne wɔn ba saa berɛ no. Wɔn agyinasie sɛ wɔbɛyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma no nyaa wɔn abrabɔ so nkɛntɛnsoɔ kɛseɛ berɛ a nkurasefoɔ no ne wɔn abusua poo wɔn. Ɛgyee mfeɛ pii, ɔdɔ nsɛm a wɔtwerɛ kɔmaa abusuafoɔ, ne ɔsom a wɔde maa ɔmanfoɔ ansa na afei deɛ wɔregye wɔn atom.
Berɛ bi a na me yere papa resom sɛ bishop no, wɔdii atorɔ bɔɔ no soboɔ sɛ wayɛ biribi ma wɔyii no firii saa dibea no ntɛm ara. Na m’ase ɔbaa a na ɛha no no bisaa ne kunu sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kɔ asɔre anaa. Ɔbuaa sɛ nokorɛ mu no wɔbɛkɔ so akɔ asɔre ɛfiri sɛ yei nyɛ nnipa asɔre, na mmom yei yɛ Yesu Kristo Asɔre.
Ɛgyee berɛ kakra ansa na nokorɛ no reda adi na wɔpaa kyɛw. Deɛ na anka ɛbɛtumi abubu wɔn no maa wɔn ahoɔden na wɔn gyedie no yɛɛ kɛse.
Adɛn nti na yɛn mu binom mmu yɛn awofoɔ a wɔ wɔn ahokyerɛ nyinaa mu no, wɔakɔ so adi nokorɛ wɔ gyedie ne wɔn adanseɛ mu? Ydwene sɛ wɔnni nneɛma ho nteaseɛ a mu da hɔ anaa? Wɔannaadaa na wɔnnaadaa wɔn! Wɔanya suahunu pii wɔ Honhom no ho ara ma wɔbɛtumi ne Nkɔmhyɛni Joseph aka sɛ, “Na menim, na merenntumi mpa yei akyi.”
Wonnɔ nnwom a ɛfa Helaman asraafoɔ ho, a ɛwɔ Mmɔfra Mmɔfra Nnwom nwomamu no?
Berɛ a ebia yei nte saa mpo, sɛdeɛ me maame nyaa mu suahunu sɛ abɔfra no, wobɛtumi abɛyɛ saa “awofoɔ a wɔyɛ papa a wɔdɔ Awurade” no mu baako na wode nhwɛsoɔ a ɛtene ama afoforɔ.
Yɛte nka sɛ yei yɛ nokorɛ turodoo berɛ a yɛto no anaa? So wote nka sɛ woyɛ “sɛ Helaman asraafo” na “wobɛyɛ Awurade asɛmpatrɛfoɔ de ne nokorɛ aba wiase”? Mate nka wɔ mmerɛ pii mu berɛ a mereto nnwom yi wɔ FSY tebea ahodoɔ pii ne mmeranteɛ ne mmabaa nhyiamu afoforɔ mu.
Anaa atenka bɛn na yɛnya berɛ a yɛto nnwom “True to the Faith”?
Mo a mowɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛresɔre no mu no, baabiara a wowɔ ne tebea biara a ebia wobɛhunu wo ho no, yɛsrɛ sɛ sua na nya ahoɔden firi wɔn a wɔdii w’anim no gyedie ne adanseɛ ahodoɔ mu. Ɛbɛboa wo ama woate aseɛ sɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛnya adansedie anaa wobɛnyini no, ɛho bɛhia sɛ wɔbɔ afɔreɛ na “afɔrebɔ de ɔsoro nhyira ba.”
Sɛ woredwene afɔrebɔ a ɛbɛhyira w’abrabɔ ampa ho a, yɛsrɛ wo dwene na bɔ mpaeɛ fa yɛn kɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Russell M. Nelson, frɛ no ho, berɛ a ɔkaa sɛ “aberanteɛ biara a ɔfata, nsiesie ne ho mma na ɔnkɔyɛ asɛmpatrɛ adwuma. Wɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mmeranteɛ fam no, asɛmpatrɛ adwuma yɛ asɔfodie asɛdeɛ. …
“Anuanom mmaa a mobɛtumi no fam no, asɛmpatrɛ adwuma nso yɛ adeɛ a tumi wom nanso ɛnyɛ ɔhyɛmmom akwanya.”
Wɔbɛtumi afrɛ wo sɛ ɔsom anaa ɔkyerɛkyerɛ asɛmpatrɛni. Asɛmpatrɛfoɔ ahodoɔ mmienu no nyinaa boa botaeɛ korɔ no ara sɛ wɔde akra bɛba Kristo nkyɛn, na wɔn mu biara wɔ wɔn ankasa kwan soronko ne tumi.
Wɔ ɛsom ahodoɔ mmienu no nyinaa mu no, wobɛkyerɛ Awurade sɛ wodɔ No na wopɛ sɛ wohunu No yie. Kae sɛ, “Na sɛn na onipa bɛhunu ne wura berɛ a ɔnsomm no, na ɔyɛ ɔhɔhoɔ ma no, na ɔne n’akoma mu nsusuiiɛ ne n’adwene ntam kwan ware no?”
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, sɛ yɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi kan wɔ asɛmpa no mu anaa deɛ ɛtɔ so num no, bisa yɛn ho sɛ gyedie, ahoɔden, ne ɔsoro ahofama abasɛm bɛn na mede bɛma awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ no?
Momma yɛn nyinaa nkɔ so wɔ yɛn mmɔdenmɔ mu sɛ yɛbɛhunu yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, yie na yɛayɛ No yɛn asetena mu ade titire. Ɔno ne ɔbotan a ɛsɛ sɛ yɛkyekyere wɔ so sɛdeɛ sɛ mmerɛ no yɛ den a, yɛbɛtumi agyina pintinn.
Momma yɛnyɛ “anokwafoɔ mma gyedie a yɛn awofoɔ adɔ no, anokwafoɔ mma gyedie a agyidifoɔ ahwere wɔn nkwa wɔ ho, mma Onyankopɔn ahyɛdeɛ, ɔkra, akoma, ne nsa, nokwasɛm ne nokorɛ mu na yɛbɛgyina daa.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.