Yɛbi fa Siesie ma Kristo Mmaeɛ
Ɔfrɛ adwuma ne akwan afoforɔ a yɛfa so yɛ Onyankopɔn adwuma siesie yɛn sononko sɛdeɛ yɛbɛhyia Agyenkwa no.
Abosome kakra bi a atwam, na megyina dan kɛseɛ bi mu berɛ a Elder Neil L. Andersen bɛtwaa mu. Na afei yi ara na wɔafrɛ me foforɔ sɛ Amansan Sodifoɔ. Bɛyɛ sɛ ɔhunuu m’atenka sɛ mensoeɛ, ɔnwenwenee na ɔkaa sɛ, “Wiɛ, ayɛ sɛ ɔbarima bi wɔ ha a ɔnnim deɛ ɔreyɛ ho biribiara.”
Na medwenee sɛ, “Nokorɛ nkɔnhyɛni ne ɔdehununi wɔ hɔ.”
Afei, Elder Andersen kaa no brɛoo, “Mma no nha wo, Elder Shumway. Ɛyɛ yie—mfeɛ num anaa nsia mu.”
Woadwene ho da deɛ nti a wɔbisa yɛn ma yɛyɛ nneɛma a ɛboro yɛn so wɔ Onyankopɔn ahemman mu? Abrabɔ mu ahiadeɛ mu yi, woabisa wo ho mpo deɛ nti a yɛhia ɔfrɛ adwuma wɔ Asɔre no mu? Hwɛ, mayɛ.
Na menyaa mmuaeɛ wɔ amansan nhyiamu no a Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ, “Seesei ne berɛ ma wo ne me sɛ yɛbɛyɛ ahosiesie ama yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo, Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no.” Berɛ a Titenani Nelson kaa yei no, Honhom no kyerɛkyerɛɛ me sɛ berɛ a yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn adwuma mu no, yɛsiesie yɛn ho ne afoforɔ ma Kristo mmaeɛ no. Awurade bɔhyɛ no rehyɛ saa ɔfrɛ, ɔsom, tɛmpol som, yɛredi nkanyan akyi, ne akwan afoforɔ a yɛfa so yɛ Onyankopɔn adwuma no so, na ɛresiesie yɛn sononko sɛ yɛbɛhyia Agyenkwa no.
Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn adwuma mu a, ɛsɔ N’ani
Wɔ “saa animuonyam berɛ yi mu,” a Onyankopɔn ahemman retrɛ na tɛmpol retwa asase so ahyia yi, akra a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Onyankopɔn adwuma mu ho hia bebree. Wode anigyeɛ resom yɛ Kristosu asuafoyɛ aba ankasa. Nanso ɔsom ntaa nyɛ mmrɛ. Yei nti na m’ani gye mo apam korafoɔ asuafoɔ a, yɛn asɛmpatrɛfoɔ pa no ka ho a mode mo pɛ ne nsɛm denden ato nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn afa Ne mma so. Onyankopɔn “anisɔ sɛ ɔhyɛ animuonyam [mo a moresom No] wɔ tenenee mu.” Ɔhyɛ bɔ sɛ, “Kɛseɛ na [mo] akatua bɛyɛ na [mo] animuonyam ayɛ deɛ ɛnni awieeɛ.” Sɛ yɛka aane ma ɔsom a, na yɛreka aane akyerɛ Yesu Kristo. Na sɛ yɛka aane kyerɛ Kristo a, na yɛreka aane ama nkwa a ɛdɔɔso pa ara a ɛbɛtumi.
Mesuaa saa adesua yi berɛ a na mereyɛ adwuma na meresua nnuroyɛ ho nimdeɛ wɔ kɔlɛgyi. Wɔsrɛɛ me sɛ menyɛ dwumadie nhyehyɛeɛfoɔ mma asigyafoɔ ward bi. Yei yɛɛ me daeɛso huuhuu frɛ. Mpo no, megyeeɛ, na ahyɛaseɛ no na ɛyɛ aniha adwuma. Nanso wɔ dwumadie baako bi mu, abaayewa fɛɛfɛ bi anigyee wɔ sɛdeɛ na merekyɛ ice cream ho. Ɔsane baa mprɛnsa, hwɛɛ anim sɛ mɛhunu no. Yɛnyaa ɔdɔ maa yɛn ho, na nnawɔtwe mmienu pɛ akyiri no ɔkaa awareɛ ho asɛm. Aaa, ebia na ɛnyɛ ntɛm so saa, na me na mekaa awareɛ ho asɛm, mmom nokorɛ a ɛwom ne yei: sɛ medwene sɛ mekaa daabi maa saa ɔfrɛ adwuma no a anka manhyia Heidi a, na awɔse agu me.
Yɛn ho a yɛde Hyɛ mu yɛ Ahosiesie ma Kristo Mmaeɛ
Yɛyɛ Onyankopɔn adwuma ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn hia yɛn mmom yɛn na yɛhia Onyankopɔn ne Ne nhyira kɛseɛ. Ɔhyɛ bɔ sɛ, “Na, hwɛ, mede nhyira kɛseɛ bɛhyira obiara a ɔyɛ adwuma wɔ me bobeturo no mu.” Ma me nkyɛ nnyinasosɛm mmiɛnsa a ɛkyerɛkyerɛ sɛdeɛ yɛn ho a yɛde hyɛ Onyankopɔn adwuma mu hyira na ɛboa yɛn ahosiesie sɛ yɛbɛhyia Agyenkwa no.
Ɛdi kan, sɛ yɛde yɛn ho hyɛ mu a, yɛkɔ yɛn anim kɔ “[yɛn] abɔdeɛ botaeɛ ho”
Yɛsua saa nhwɛsodeɛ yi wɔ Abɔdeɛ amanebɔ mu. Da biara dwumadie akyiri no, na Onyankopɔn gye nkɔsoɔ a aba no tom berɛ a ɔka sɛ, “Na ɛyɛ.” Na ɔnnka sɛ adwuma no awie anaa ɛwie pɛyɛ. Mmom deɛ Ɔkaae ne sɛ nkɔsoɔ aba, na Onyankopɔn ani so no, na ɛyɛ papa!
Ɔfrɛ adwuma ɛnkyerɛ anaa ɛnnye ntom sɛ obi fata anaa ɔsom boɔ. Mmom, berɛ a yɛka Onyankopɔn ho yɛ adwuma wɔ kwan biara a Ɔka so no, yɛnyini kɔ yɛn ankasa abɔdeɛ botaeɛ ho.
Onyankopɔn ani gye yɛn kan kɔ ho, na saa ara na ɛwɔ sɛ yɛn nso yɛyɛ, mpo berɛ a yɛda so ara wɔ adwuma yɛ. Ɛtɔ da a yɛnni ahoɔden anaa akadeɛ no a yɛde bɛsom wɔ ɔfrɛ adwuma bi mu. Mpo no, yɛbɛtumi de yɛn ho ahyɛ adwuma no mu afa akwan a ɛhohia so te sɛ mpaebɔ ne twerɛsɛm no sua abɔ yɛn adansedie ho ban. Yɛn Soro Agya dɔfoɔ no mmu yɛn fɔ sɛ yɛwɔ ɔpɛ no nanso yɛnntumi nsom.
Ɛtɔ so mmienu, yɛresom pagya yɛn afie ne asɔre kɔ mmeammea kronkron, baabi a yɛbɛtumi abɔ apam bra.
Sɛ ebia, apam a yɛyɛ sɛ yɛbɛkae Kristo berɛ biara no yɛ ankorankoro, nanso yɛde saa apam yi bɔ bra berɛ a yɛsom afoforɔ no. Ɔfrɛ adwuma de akwanya atwa yɛn ho ahyia sɛ yɛbɛ “soa yɛn ho yɛn ho nnesoa, na enti yɛahyɛ Kristo mmara no ma.” Sɛ yɛsom ɛnam sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛpɛ sɛ yɛdi yɛn apam so a, ɔsom a na ɛyɛ asodie ne ɔberɛ no ba bɛyɛ anigyeɛ na ɛde nsakraeɛ ba.
Ayɛyɛdeɛ nnye yɛn nkwa, ɛfiri sɛ wɔhyɛ ɔsoro adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma. Mmom, sɛ yɛde apam a ɛfam saa ayɛyɛdeɛ yi ho no bɔ bra a, yɛbɛyɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Onyankopɔn anim. Saa nteaseɛ yi bunkam ntwentwɛnsoɔ sɛ wobɛsom anaa ɔpɛ sɛ worensom so. Yɛn ahosiesie sɛ yɛbɛhyia Yesu Kristo kɔ ntɛmntɛm berɛ a yɛgyae sɛ yɛbisa deɛ Onyankopɔn bɛma ho kwan na yɛhyɛ aseɛ bisa deɛ Onyankopɔn bɛpɛ.
Ɛtɔ so mmiɛnsa, yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn adwuma mu boa ma yɛnya Onyankopɔn adom akyɛdeɛ na yɛte Ne dɔ kɛseɛ no nka.
Yɛnnya sika akatua mma som a yɛsom no. Mmom, twerɛsɛm kyerɛkyerɛ sɛ ɛma yɛn “nnwuma no [yɛn] nsa bɛka Onyankopɔn adom, ama [yɛn] atumi ayɛ den wɔ Honhom mu, [anya] Onyankopɔn ho nimdeɛ, [na] yɛde Onyankopɔn tumi ne tumidie akyerɛkyerɛ.” Yei yɛ adwuma papa pa ara!
Ɛnam Onyankopɔn adom nti, deɛ yɛtumi anaa yɛntumi nnyɛ nnyinasoɔ titire mma sɛ wɔrema anaa wɔregye ɔfrɛ adwuma. Onyankopɔn nhwehwɛ adeyɛ a ɛwie pɛyɛ anaa adomakyɛdeɛ sononko ansa na woayɛ N’adwuma. Ɛte saa a, anka Ɔhemaa Esther antumi annye ne man, Petro antumi anni kane Asɔre no anim, na Joseph Smith antumi annyɛ Mmaeɛ bio no Nkɔnhyɛni.
Berɛ a yɛde gyedie yɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so no, yɛn mmerɛyɛ da adi. Yei nyɛ ahomeka da, nanso ɛho hia sɛ wobɛ “hunu sɛ ɛnam [Onyankopɔn] adom so … na yɛnya tumi de yɛ saa nneɛma yi.”
Sɛ yɛreyɛ Onyankopɔn adwuma a, yɛbɛhwe ase mpɛn pii. Nanso yɛn mmɔdemmɔ mu, Yesu Kristo sɔ yɛn mu. Nkakrankakra Ɔpagya yɛn sɛ yɛbɛfa nkwagyeɛ suahunu mu afiri nkoguo ne osuro mu ne atenka bi te sɛ yɛrennɔɔso da. Sɛ yɛte yɛn mmɔdemmɔ nketewa a ɛyɛ papa pa ara ho a, Onyankopɔn yɛ no kɛseɛ. Sɛ yɛbɔ afɔdeɛ ma Yesu Kristo a, Ɔte yɛn ho. Yei ne Onyankopɔn adom nsesaeɛ tumi no. Berɛ a yɛsom no, yɛnyini wɔ adom mu kɔsi sɛ yɛbɛyɛ krado sɛ “Agya no bɛpagya yɛn, ama yɛagyina [Yesu Kristo] anim.”
Boa Afoforɔ ma Wɔnnye na Wɔnnya Anigyeɛ wɔ Ɔfrɛ Akyɛdeɛ no mu
Sɛ megyina Agyenkwa no anim a, mennim deɛ Ɔbɛbisa me nyinaa, mmom ebia asɛmmisa baako bɛyɛ “Hwan na wode no kaa wo ho baae?” Ɔfrɛ yɛ akyɛdeɛ kronkron a ɛfri Ɔsoro Agya dɔfoɔ hɔ, sɛ ɛbɛboa de afoforɔ aka yɛn ho aba Yesu Kristo nkyɛn. Enti meto nsa frɛ akannifoɔ ne yɛn mu biara sɛ yɛbɛhyɛ da kɛse ahwehwɛ wɔn a wɔnni ɔfrɛ adwuma. Hyɛ wɔn nkuran na boa wɔn ma wɔnyɛ Onyankopɔn adwuma sɛ ɛbɛboa asiesie wɔn ama Kristo mmaeɛ.
Na John ntaa mma Asɔre berɛ a ne bishop kɔsraa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ Awurade wɔ adwuma ma no sɛ ɔbɛyɛ. Ɔsrɛɛ John sɛ ɔnnyae tawa nom. Ɛwom sɛ na John abɔ mmɔden bebree sɛ ɔbɛgyae, nanso saa berɛ yi deɛ ɔtee nka sɛ tumi bi a wonhunu reboa no.
Nnanwɔtwe mmiɛnsa akyiri pɛ, stake titenani no kɔsraa John. Ɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛsom wɔ bishopric no mu. John ho dwirii no. Ɔka kyerɛɛ stake titenani no sɛ afei ara na wagyae tawa nom. Sɛ yei kyerɛ sɛ ɔbɛgyae ne bɔɔlbɔ agorɔ a ɔtaa kɔhwɛ wɔ Kwasiada no a, ɛnneɛ, na ɛyɛ deɛ ɛdɔɔso pa ara a wɔrebisa. Na stake titenani no nkanyan mmuaeɛ yɛ tiawa: “John, ɛnyɛ me na merebisa wo; ɛyɛ Awurade.”
Ɛno ho John buaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ saa na asɛm no teɛ deɛ a, mɛsom.”
John ka kyerɛɛ me sɛ, saa ɔsom afɔrebɔ yi yɛɛ honhom mu nnaneho ano maa ɔne n’abusua.
Medwene ho sɛ yɛnhunu no yie, yɛmma ankorankoro a, yɛn honam mu adwene mu no, yɛhunu wɔn sɛ wɔnsɛ anaa wɔmfata ɔsom adwuma. Anaa ebia yɛdwene deɛ ɔbɛtumi ayɛ adwuma ho kɛse kyɛne kan kɔ nkyerɛkyerɛ, gya sɛ yɛhunu sɛdeɛ Agyenkwa no ma deɛ ɔnsɛ ne deɛ ɔnkyerɛɛ sɛ ɔbɛtumi ahoɔden kɛse berɛ a ɔma wɔn akwanya sɛ wɔnsom.
Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛ twerɛsɛm ho tumi a wɔde ama ho hia a ɛhia sɛ “ma obiara [ɔbaa ne] ɔbarima nsua [wɔn] asɛdeɛ, na wɔnyɛ.” Yɛyɛ yei anaa? Sɛ akannifoɔ ne awofoɔ ma afoforɔ sua na wɔyɛ ma wɔn ankasa ho a, wɔtu mpɔn na wɔdi yie. Berɛ a kwan a ɛyɛ mmerɛ ne sɛ yɛbɛma asafomma nokwafoɔ ɔfrɛ adwuma ɛtɔ so mmienu no, deɛ ɛyɛ ɔkwan papa yie ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn a wɔnsɛ sɛ wɔbɛsom na ama wɔn asua na wɔanyini.
Sɛ Kristo wɔ ha honam mu a, Ɔbɛkɔ akɔsra ayarefoɔ, akyerɛkyerɛ Kwasiada Sukuu gyinapɛn, atena abaayewa a ɔredi akoma mu yea nkyɛn, na wahyira nkwadaa. Ɔbɛtumi ayɛ n’ankasa adwuma. Nanso Ɔdi saa nyinasosɛm yi so sɛ ɔbɛma yɛayɛ na yɛasua, enti Ɔsoma yɛn wɔ N’ananmu.
Yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn adwuma mu no yɛnya “akwanya, adom, ne asodie de gyina hɔ ma Awurade [Yesu Kristo].” Sɛ yɛsom ma Kristo kɛseyɛ na ɛnyɛ yɛn ankasa a, yɛn som no ba bɛyɛ anigyesɛm. Sɛ afoforɔ firi yɛn gyinapɛn mu, nhyiamu ase, ɔsom nsra, anaa dwumadie ase na wɔkae Kristo kɛse kyɛn sɛ wɔkae yɛn a, adwuma no hyɛ nkuran.
Yɛde nsiyɛ rehwehwɛ sɛ yɛbɛgyina hɔ ama Agyenkwa no, yɛba bɛsɛ No yie. Ɛno ne ahosiesie papa ma berɛ kronkron a yɛn mu biara bɛbu nkotodwe apae mu aka sɛ Yesu ne Kristo no, a medi ho adanseɛ sɛ Ɔyɛ na Titenani Russell M. Nelson yɛ Ne “nne ma asase ano nyinaa” sɛ ɛbɛboa yɛn “asiesie ama deɛ ɛrebɛba.” Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.