Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ Amannebɔ, 2024
Ɔde ma Titenafoɔ a Wɔdi Kan wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ
Anuanom Adɔfoɔ: Ɛnam adiyie so, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ɔfa 120 wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, Agyinatukuo a wɔhwɛ Ntotosoɔ du du Tebea so—a ɛyɛ Titenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dummienu Kuo no, ne Hwɛsofoɔ Titenafoɔ—na wɔma kwan wɔ Asɔre no sikayie ho. Asɔre no kuo ahodoɔ sikayie gyina sikasɛm-nsusuiɛ a wɔagye ato mu, ne nhyehyɛeɛ, ne n’akwan so.
Asɔre Akontabuo, a ɛkura animdefoɔ a wɔagye wɔn ato mu, na ɛde ne ho firi Asɔre no asoɛeɛ ne akuo afoforɔ nyinaa ho no, wɔ asodie sɛ ɛyɛ nhwehwɛmu sɛdeɛ wɔbɛma ahotosoɔ a ɛfata fa ntoboa a wɔnyaaeɛ, deɛ wɔyiiɛ, ne Asɔre agyapadeɛ ho banbɔ ho.
Esiane nhwehwɛmu a akɔ so nti, Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ wɔ gyedie sɛ, wɔ nneɛma nyinaa mu, ntoboa ahodoɔ a wɔnyaeɛ, sika a wɔyiiɛ, ne Asɔre no agyapadeɛ wɔ afe 2024 mu no, wɔatwerɛ ato hɔ na wɔayɛ no sɛdeɛ sikasɛm-nsusuiɛ a Asɔre gye to mu, nhyehyɛeɛ ne sikasɛm ntotoeɛ teɛ. Asɔre no di nhyehyɛeɛ a wɔkyerɛ asɔremma no so, a ɛne sɛ wɔnni mmoro deɛ wɔnya, wɔkwati ɛka, na wɔsie bi ma da hia da.
Wɔde ma anidie mu,
Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ
Jared B. Larson
Kwankyerɛfoɔ Panin