“San Bra Me Nkyɛn … Na Mɛsa Wo Yareɛ”
Anigyeɛ wɔ soro wɔ wɔn a wɔsan ba no ho. Ɛnka akyi ma wo sɛ wobɛsan aba.
Berɛ bi na yɛte efie bi a nnua akɛseɛ atwa ho ahyia mu. Na willow dua fɛɛfɛ bi wɔ fie pono no nkyɛn. Anadwo bi a na ɛyɛ awerɛhoɔ no, ahum kɛseɛ bi tuii, na willow dua no bubuii. Na ɛda fam a ne nhini atwe na ɛyɛ adeɛ a ɛyɛ awerɛho.
Na masiesie me ho sɛ mede chain saw bɛtwitwa dua no so anya egya mmabaa wom berɛ a yɛn fipamni no tuu mmirika firii adi sɛ ɔrebɛsi me kwan. Ɔkaa m’anim sɛ m’abam abu ama dua no na ɔsii so dua sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyi dua no firi hɔ. Afei ɔde ne nsa kyerɛɛ nhini baako a ɛda so ara wɔ fam no so na ɔkaa sɛ sɛ yɛde dua no si soro, twa ne nkorabata, na yɛma no aduane a, nhini no bɛfa ne ho bio.
Na m’adwene mu yɛ me naa sɛnea dua bi, a ɛda adi sɛ ahwe aseɛ na ɔhaw bi wɔ hɔ no bɛtumi atena ase na asan aba nkwa mu. Mesusuii sɛ sɛ ɛfiri aseɛ renyini bio mpo a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ ɛrennya nkwa wɔ ahum a ɛdi hɔ no mu. Nanso nim a yɛnim sɛ yɛn yɔnko no gye di sɛ dua no da so ara wɔ daakye bi no, yɛkɔɔ nhyehyɛeɛ no mu.
Nea ɛfiri mu baeɛ? Berɛ bi akyi no, yɛhunuu nkwa ho sɛnkyerɛnne berɛ a dua no firii aseɛ gyee nhini no. Afei, mfeɛ 12 akyi no, dua no bɛyɛɛ frɔmfrɔm na nkwa hyɛɛ mu ma a nhini a ɛyɛ den ahyɛ mu ma na ɛsan boa ma asase no yɛ fɛ.
Berɛ a mehyia Ahotefoɔ wɔ wiase nyinaa no, akae me saa willow dua yi ne sɛnea anidasoɔ wɔ hɔ berɛ mpo a ɛte sɛ nea ne nyinaa ayera no. Berɛ bi na ebinom wɔ asɛmpa no ho adansedie a ɛyɛ den na ɛyɛ hye te sɛ willow. Afei, esiane ankorankoro nteaseɛ sononko nti, saa adanseɛ ahodoɔ no yɛɛ mmerɛ, na ɛmaa gyedie yeraee. Afoforɔ nso sɛne nhini a ɛyɛ mmerɛ kyɛn biribiara a ɛrebɔ asɛmpa no asase no so.
Nanso mpɛn pii no, nnipa pii a wɔafa sɛ wɔbɛyɛ wɔn asuafoyɛ foforɔ na wɔasan aba wɔn Asɔre fie no ho nsɛm na ɛkanyan me. Sɛɛ anka wɔbɛto wɔn gyedie ne wɔn amaneɛ agu te sɛ nnua a mfasoɔ nni so no, mmom wɔayɛ honhom mu nkanyan ne nsa a wɔato afrɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra bio no ho mmuaeɛ.
Mekɔɔ stake nhyiamu bi ase wɔ Korea a asɔreba bi a ɔresan aba kaa ho asɛm sɛ: “Meda anuanom no ase wɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛgye me gyedie a menni ne me mmerɛyɛ atom, sɛ wɔadu me nkyɛn, ne asɔremma a wɔyɛ me ayamɛe saa berɛ nyinaa no ho. Meda so ara wɔ nnamfoɔ pii a wɔatwa me ho ahyia a wɔnyɛ nnam pii. Ɛyɛ sere, nanso wɔka kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ wɔnsan nkɔ asɔre no mu nkɔgye wɔn gyedie bio. Mesusu sɛ ebia wɔn nyinaa ho pere wɔn sɛ wɔbɛnya gyedie.”
Ɛkɔ ma wɔn a wɔn ani gye gyedie ho nyinaa fam no, yɛto nsa frɛ wo sɛ san bra. Mehyɛ bɔ sɛ wobɛtumi ahyɛ wo gyedie mu den berɛ a wo ne Ahotefoɔ resom bio no.
Asɛmpatrɛni dada bi a ɔfiri Africa twerɛɛ krataa kɔmaa Asɔre kandifoɔ panin bi a ɔrepa kyɛw de ahwehwɛ bɔnefafire sɛ ne nkyerɛkyerɛ hyɛɛ no abufuo maa no gyaee Asɔre no. Ɔde ahobrɛase daa no adi sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ me bo fuii mfeɛ 15 a atwam ni no ama matua so ka a emu yɛ duru kɛse. Mehweree adeɛ kɛse—ɛboro so koraa kyɛn sɛnea mesusuiiɛ. M’ani awu kɛse wɔ ɔhaw a ebia mede baeɛ wɔ kwan no so no ho, nanso nea ɛkyɛn ne nyinaa no, m’ani gye sɛ mahu ɔkwan a mɛfa so asan aba.”
Wɔn a wɔhu nea woahwere no nyinaa, yɛto nsa frɛ wo sɛ san bra sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtumi aka asɛmpa no aba a ɛyɛ anigyeɛ no ahwɛ bio.
Onuabaa bi a ɔwɔ United States no afiri Asɔre no mu mfeɛ pii. Nea ɛka n’asɛm a ɛfa ne sanba ho no ne asuadeɛ ahodoɔ a tumi wom ma awofoɔ ne abusuafoɔ a wɔn ho yera wɔn wɔ adɔfoɔ a wɔtwe wɔn ho fi wɔn ho no ho. Ɔtwerɛɛ sɛ:
“Na mɛtumi abobɔ nteaseɛ ahodoɔ a ɛnni ano a enti mefirii Asɔre no, asɛmpa no, ne ɔkwan bi so no, m’abusua. Nanso ɛmfa ho saa. Mansi gyinaeɛ kɛse baako sɛ mɛfiri Asɔre no mu—ebia na mefaa ɔpɛ ahodoɔ apem. Nanso adeɛ baako a menim berɛ nyinaa ne sɛ m’awofoɔ sii gyinaeɛ kɛseɛ baako ampa, na wɔbataa ho. Wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔbɛdɔ me.
“Na mantumi anhu nisuo dodoɔ a wɔahwie aguo, anadwo dodoɔ a wontumi nna, anaasɛ mpaebɔ ho nsɛm a ɛfiri akoma mu pii a wɔaka wɔ me din mu. Wɔamfrɛ me wɔ me bɔne ho; mmom no, wɔfrɛɛ wɔ me bɔne mu. Wɔamma me ante nka sɛ wɔmpɛ me fie ne abusua nhyiamu ase; na saa atenka no mu biara yɛ nea m’ankasa meyɛ. Mmom no, wɔkɔɔ so maa me akwaaba. Ɛbɛyɛ sɛ wɔhunuu sɛ me hann no redum berɛ a berɛ kɔɔ so no. Nanso na wɔnim sɛ onipa a na mewɔ hɔ saa berɛ no yɛ onipa ko a mennya nyɛɛ no sunsum ara kwa.
“Sɛnea na me kwan a mefa so firii Asɔre no ho no yɛ nea emu yɛ den no, saa ara na na me kwan a mɛfa so asan aba no nso. Nanso adeɛ baako a na ɛnyɛ den sɛ mɛsan aba bio ne atenka a ɛne sɛ masan aba fie wɔ baabi a mefiri.”
Me nkrasɛm nnɛ titiriw ma wɔn a berɛ bi na wɔte honhom no nka nanso wɔgye akyinnyeɛ sɛ ebia ɔkwan bi wɔ hɔ a wobɛfa so asan akɔ anaa baabi a ɛwɔ hɔ ma wo wɔ Yesu Kristo Asɔre a wɔasan de asi hɔ no mu. Ɛyɛ ma obiara a ɛkame ayɛ sɛ ɔsensɛn hɔ anaasɛ ɔsɔ wɔn hwɛ sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri ho nso.
Saa nkrasɛm yi nyɛ asɛmdenden, na ɛnyɛ afɔbuo nso. Ɛyɛ nskratoɔ a, a wɔde ɔdɔ atrɛ mu ne ɔpɛ a ɛfiri akomam sɛ mɛma wo akwaaba asan aba wo honhom mu fie.
Mabɔ mpaeɛ sɛ wobɛte Honhom Kronkron no adanseɛ nka sɛdeɛ seesei woate saa ɔdɔ nsatoɔ ne bɔhyɛ a ɛyɛ nwanwa yi afiri yɛn Agyenkwa Yesu Kristo hɔ:
“Monnsan mma me nkyɛn, na mo nsakra mfiri mo bɔne ho, na moasakra, na masa wo yareɛ?”
Nnawɔtwe biara nnipa pii rebua Agyenkwa no nsatoɔ no ɛnam asuafoyɛ ne Asɔre dwumadie a wɔsan kɔ so, komm na wɔde ahobrɛaseɛ hwehwɛ ayaresa a Yesu hyɛ ho bɔ no. Na nea ɛne asɛm a ɛtɔ mmerɛ bi a ɛkyinkyini bɔ abira no, yɛn mmeranteɛ ne mmabaawa dodoɔ a wɔatwerɛ ato hɔ no refa sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ den na wɔama wɔn gyedie akɔ anim wɔ Yesu Kristo mu.
Berɛ a Yesu akyidifoɔ binom a wɔwɔ Capernaum no hunuu ne nkyerɛkyerɛ no dendeenden na ɔfaa sɛ ɔbɛfiri hɔ no, Ɔdanee ne ho kyerɛɛ N’asomafoɔ no sɛ, “So mo nso mobɛkɔ?”
Yei ne asɛmmisa a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bua berɛ a yɛhyia yɛn ankorankoro mmerɛ a yɛde sɔ hwɛ no. Petro buaa sɛ’ Yesu: hwan hɔ na yɛnkɔ? wo na wowɔ nkwa a ɛnni awieɛ nsɛm.”
Enti berɛ a woresusu Agyenkwa no nsatoɔ a ɛne sɛ moresan aba Ne nkyɛn no, deɛn na mobɛsua afiri willow dua no ho asɛm mu?
-
Mpɛn pii no, akwantuo a ɛkɔ akyi no nyɛ mmerɛ anaa sɛ ɛyɛ ahotɔ, nanso ɛfata. Berɛ a wɔsan gyinaa yɛn willow dua no, wɔtwaa ne nkorabata nyinaa. Ná ɛnyɛ fɛ. Ebia yɛn nso yɛte nka sɛ yɛyɛ mmerɛ berɛ a yɛto akwan dada gu na yɛyi ahantan firi yɛn so no. Sɛ wode wo gyedie si Yesu Kristo ne N’asɛmpa no so—dua no mu ne nhini no—bɛma woanya anidasoɔ ne akokoɔduru a wode bɛsan akɔ saa anammɔn a edi kan no so.
-
Ɛgyee mfeɛ pii ansa na yɛn willow dua no resan anya ne kanee ahoɔden ne n’ahoɔfɛ. Afei deɛ ɛyɛ den mpo na ɛyɛ fɛ sene kane no. Nya abotrɛ berɛ a wo gyedie ne wo adansedie nso nyini no. Nea ɛka yei ho ne sɛ wo nnya abufuo wɔ nsɛm a wɔnnnwene ho te sɛ “ɛhe na wohyɛ mfeɛ atwam yi nyinaa mu?”
-
Anka willow dua no rennya nkwa da sɛ ɛnyɛ ɔhwɛ ne aduane a wɔde ma berɛ nyinaa a. Wobɛma wo gyedie ne w’adansedie ayɛ yie berɛ a woredi afahyɛ wɔ sakrament pono so nnawɔtwe biara ne sɛdeɛ wosom wɔ Awurade fie.
-
Sɛnea na willow no hia awia hann ma ne mman ne ne nhaban no ma ɛnyini bio no, saa ara na w’adanseɛ no bɛnyini berɛ a woda so ara yɛ wo atenka ne Honhom no ho adanseɛ no. Sua firi Amulek hɔ, a ɔkaa ne berɛ a ɔde yɛ adwuma no ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔmannifoɔ a ɔnyɛ adwuma pii no nkyɛn ka sɛ, “Wɔfrɛɛ me mpɛn pii na me nnte.”
-
Na me fipamni no nim nea willow dua no bɛtumi abɛyɛ bio. Saa ara nso na Awurade nim wo soro tumi ne nea wo gyedie ne wo adansedie bɛtumi abɛyɛ. Ɔrennyae wo da. Ɛnam Yesu Kristo Mpata no so no, nea abubuo nyinaa bɛnya ayaresa.
Medi adanseɛ sɛ anigyeɛ wɔ soro wɔ wɔn a wɔsan ba no ho. Wo ho hia, na wɔdɔ wo. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa na ɔhyira wɔn a wɔde asomdwoeɛ kɛseɛ ne anigyeɛ kɛseɛ san ba Ne nkyɛn. Ne mmɔborɔhunu nsa no mmobɔɔyɛ na mmom ɛbue na ɛtrɛ ma wo. Ɛnka akyi dodo sɛ wobɛsan aba. Wɔ ɔdɔ a ɛwɔ yɛn akoma mu no, yɛmma mo akwaaba ba fie. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.