Nkwa Ho Anisɔ
Nkwa yɛ adeɛ a ɛsom bo pa ara wɔ yɛn Agya nhyehyɛeɛ a ɛwie pɛyɛ no mu, na ɛnam N’ahyɛdeɛ so yɛn ani sɔ nkwa na yɛkora nkwa.
Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.”
Bishop bi a ɔwɔ Utah ne me kasaa nansa yi faa ɔdɔ a ne ward de kyerɛɛ abaayewa bi ne n’abusuafoɔ ho. Ɛnam dwumadie ahodoɔ fɛɛfɛ so, awofoɔ no sii gyinaeɛ sɛ wɔbɛsan aba Agyenkwa no ne N’Asɔre mu bio. Berɛ a na wɔatwe wɔn ho afiri Asɔre no mu no, na wɔn babaa no ne aberanteɛ bi hyehyɛ hɔ. Ɔresan aba no, abaayewa a ɔsom bo yi tee ne Soro Agya dɔ nka wɔ Young Women adansedie nhyiamu bi ase na ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛdi mmarasɛm no so yie. Ɔsii agyina sɛ ɔbɛdi mmarasɛm no so yie. Ɔtwerɛɛ sɛ, “me ne me bishop hyɛɛ nnuhoo nhyehyɛɛ ase.”
Ankyɛ na ɔyareeɛ. Ɔno ankasa kaa sɛ: “nhwehwɛ mu daa no adi sɛ menyem. Mehyɛɛ aseɛ suui. Me papa yɛɛ me atuu na ɔmaa me awerɛhyem sɛ biribiara [bɛyɛ] yie. … Me mpena no ka kyerɛɛ me sɛ menyi nyinsɛn no ngu. Mampene.”
Yɛrehwɛ wɔn a wɔnni bie
Ɔtoaa so sɛ: “Manya ɔdɔ kɛseɛ ne mmoa afiri yɛn ward abusua no hɔ. Aboro so. [Me] bishop ne Young Women titenani ayɛ deɛ ɛkyɛn na ɛboro so de akyerɛ wɔn dɔ ne mmoa. … Mahunu Awurade nsa sɛ ɛrekyerɛ me ne m’abusua kwan. Ward te sɛ me deɛ no na abusua obiara hia, titire [ma] abaayewa a ɔwɔ me tebea yi mu.”
Ɔno ne n’abusua, ne ne ward abusua no de ɔdɔ hyiaa ne babarima no wɔ Ɔgyefuo bosome mu.
Titenani Russell M. Nelson aka sɛ, “Awurade nokorɛ Asɔre a ɛte ase ahyɛnsodeɛ bɛyɛ mmɔdemmɔ a wɔahyehyɛ sɛ wɔdebɛsom Onyankopɔn mma ankorankoro [yɛresom ɔdɔ-ayemyɛ mu] ama ɔbaako sɛdeɛ Ɔyɛeɛ pɛpɛɛpɛ.”
Reboa Apaw Nneɛma Papa
Sɛ ɔbaa a ɔnni hokafoɔ hunu sɛ ɔnyem berɛ a n’ani nna a, apɔmuden mu haw, honhom mu basaayɛ, aniwuo, sikasɛm mu dadwene, nwomasua ho nsɛmmisa, awareɛ mu adwene mu naayɛ, ne awerɛhoɔ a ɛwɔ daeso a asɛe mu bɛtumi, wɔ berɛ tiawa bi a ɛyɛ yea ne ahodwiri mu no, ama ɔbaa a ɔdwene nneɛma ho atu anammɔn a ɛde yea kɛseɛ ne nnuho bɛba.
Obiara a ɔretie a wafa yea kɛseɛ yi mu na wanu ne ho afiri nyensɛntuguo mu anaasɛ woaboa bi no, mesrɛ kae sɛ: Ɛwom sɛ yɛntumi nsesa deɛ atwam no, Onyankopɔ bɛtumi asa deɛ atwam no yareɛ. Bɔnefakyɛ bɛtumi afa Ne mpata adom no sɛnkyerɛnneɛ so aba berɛ a wode nnuho ne ahobrɛaseɛ akoma kɔ Ne nkyɛn.
Nsɛm mmienu na wɔtaa de bata honam mu awoɔ kronkronyɛ ho: nkwa ne ɔpɛ. Nkwa yɛ adeɛ a ɛsom bo pa ara wɔ yɛn Agya nhyehyɛeɛ a ɛwie pɛyɛ no mu, na ɛnam N’ahyɛdeɛ so yɛn ani sɔ nkwa; yɛkora nkwa; yɛbɔ nkwa ho ban; na yɛyi nkwa ntoasoɔ berɛ a yɛanyinsɛn. Yɛn anisɔ ɔpɛ a yɛwɔ wɔ abrabɔ pa mu, na yɛboa hyɛ apɛdeɛ a ɛyɛ papa a ɛde ɛnniawieɛ anigyeɛ ba a Onyankopɔn apene so mu den.
Sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi hyia gyinaɛsie a ɛho hia saa a, momma yɛmfiri ayamyɛ mu nsom mmɔ mu—honhom mu, atenka mu, ne sika mu—mmɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛte Agyenkwa no dɔ nka na ɛboa bue wɔn honhom mu aniwa, sɛdeɛ Titenani Henry B. Eyring aka no, afiri “deɛ wɔdwene sɛ wɔhunu” kɔsi “deɛ wɔnnya ntumi nhunuuɛ.”
Nkyerɛkyerɛ fa Asasa so Asetena mu
Titenani Dallin H. Oaks aka sɛ: “Yɛn suban fa nyinsɛntuguo ho nnyina nimdeɛ a ɛkyerɛ berɛ a asase so asetena hyɛɛ aseɛ so. Ɛgyina yɛn nimdeɛ sɛ … ɛsɛ sɛ Onyankopɔn honhom mu mma nyinaa ba asase so ma animuonyam botaeɛ bi, na onipa biara ahyɛnsodeɛ su hyɛɛ aseɛ berɛ tenten mpo ansa na wɔrenyinsɛn na na ɛbɛtoa so wɔ ɛnniawieeɛ a ɛbɛba nyinaa mu.”
Awurade asɛm a ɛfa wɔn a wɔnwoo wɔn ho, a Ɔde fa Titenafoɔ a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dummienu Kuo no so nsesaa da na ɛsi nsɛm a nkɔnhyɛfoɔ aka no berɛ tenten so dua, na ɛma nkyerɛmu pefee wɔ deɛ Awurade pɛ sɛ yɛyɛ ho.
Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ gye di sɛ nnipa nkwa yɛ kronkron. Ɛno nti Asɔre no tia nyinsɛnyiguo a ɛma yɛn asetena mu ahotɔ, na ɛtu ne mma fo sɛ mma wɔmpene so, nyɛ, nhyɛ nkuran, ntua ho ka anaa nyɛ nhyehyɛeɛ mma nyinsɛnyiguo yeinom.
“[Awurade] ma ho kwan soronko ma ne mma berɛ a:
-
“Nyinsɛn no afiri ɔhyɛ anaa mogyafra mu, anaa
-
Dɔkotani nimdini akyerɛ sɛ maame no apomuden ne ne nkwa ayɛ hu, anaa
-
Dɔkotani nimdeni akyerɛ sɛ abɔdoma no ho ato kyema a ɛrentumi mma abɔfra no nnyɛ yie wɔ nawoɔ akyiri no.”
Titenafoɔ a Wɔdi Kan no toa so sɛ: “Nyinsɛnyiguo yɛ asɛm kɛseɛ pa ara. [Mpo wɔ tebea a ɛntaa si yi mu no] sɛ wɔbɛyɛ a gye sɛ wɔn a ɛyɛ wɔn asɛdeɛ no anya nsisodua wɔ mpaeɛbɔ mu” na wɔne afoforɔ adwene ho ansa.
Mfeɛ aduasa a atwam, Awurade nkɔhyɛfoɔ de dawurubɔ bi maa wiase. Na nsɛm yeinom ka ho:
“Yεkɔ so pae mu ka sε Onyankopɔn ahyε sε tumi kronkron a wɔde woɔ no, εsε sε εyε adwuma wɔ ɔbarima ne ɔbaa a wɔaware wɔ mmara kwan so sε ɔkunu ne ɔyere nko ara ntam.
“Yεpae mu ka sε kwan a wɔfa so yɛ asase so nnipa no firi soro. Yεsi abrabɔ kronkron ne hia a εhia wɔ Onyankopɔn nhyehyεeε a εnni awieeε mu so dua.”
Yɛrehwɛ nkwa a ɛhyɛ yafunu mu so yie na yɛmmɔ ho ban nyɛ amannyɔsɛm gyinaeɛsie. Ɛyɛ abrabɔ pa mmara a Awurade nam Ne nkɔnhyɛfoɔ so asi so dua.
Rekasa Ada Adi
Asɛm bi a Titenani J. Reuben Cark Jr., a ɔsom wɔ Atitenafoɔ a Wɔdikan mu no kasa fɛfɛɛfɛ fa ɛnnɛ mmabunu ho: “Honhom mu nneɛma ho kɔm de Asɔre no mu mmabunu; wɔwɔ ahokeka sɛ wobɛsua asɛmpa no, na wɔpɛ no korɔgyee, a wɔmfraa mu. Wɔpɛsɛ wɔhunu yɛn gyedie ahodoɔ; wɔpɛsɛ wɔnya adanseɛ fa nokorɛ [no] ho. Wɔyɛ … nhwehwɛmufoɔ, wɔhwehwɛ nokorɛ.” Momma yɛmfa ayamhyehyeɛ ne nteaseɛ nkasa mpɛn pii wɔ yɛn mmusua mu, yɛn afie mu, yɛne yɛn mmabunu, ne yɛn Relief Society ne elders quorum nhyiamu mu mfa Awurade mmara a ɛfa ahohyɛsoɔ, nkwa kronkronyɛ ne mmɔfra a wɔnwoo wɔn ne wɔn nanom hwɛ ho.
Onuabaa dɔfoɔ bi twerɛɛ me mfeɛ bi a atwam fa ne suahunu ho: “Sɛ ntoasoɔ sukuuni a madi mfeɛ 17 no, mehunuu sɛ manyinsɛn a na mmoa kakraa bi na menya firi me mpena no hɔ. M’ani wuiɛ na metee nka sɛ mayɛ ankonam [nanso] mannwene [nyinsɛntuguo] ho da. … Na [mewɔ] m’abusua ne me bishop adɔfoɔ, a na metaa hyia wɔn gye afotuo. Mekɔɔ Onyankopɔn hɔ. Mesuaa twerɛnsɛm no na mebɔɔ mpaeɛ [na] menam m’Agyenkwa no ne nnuho nhyehyɛeɛ no so nyaa ahoɔden. Menyaa mmuaeɛ maa [me mpaeɛ] a na mentumi nnye ho akyinnyeɛ. Na ɛyɛ awerɛhosɛm, nanso na menim sɛ mede me ba no bɛma abayɛn. Mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya akokoɔduro [na] metee Agyenkwa no dɔ nka pefee nam nnuho mu, menim sɛ Onyankopɔn bua mpaebɔ na ɔhyɛ yɛn den.”
Awarefoɔ bi anigyee sɛ wɔwoo abɔfra no, gyee no abayɛn, na wɔkyerɛɛ no asɛmpa no. Sesei waware anya n’ankasa abusua fɛɛfɛ bi.
Ɛtɔ da a, akyinnyegyeɛ a ɛmu yɛ den na ɛyɛ yea paa bɛtumi aka nkwa ho bammɔ ho.
Ɛnkyɛɛ na awarefoɔ nkumaa bi a me ne Kathy dɔ twerɛɛ me fa abofra sononko bi a na wɔrehwɛ anim ho.
Agya no twerɛɛ sɛ: “[Berɛ a na me yere] nyem nnawɔtwe 10 no yɛhunuu sɛ yɛn anwanwa ba no wɔ trisomy 21, yareɛ bi a ɛma mmɔfra nyini tɔ sini. Ayarehwɛfoɔ no hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnwene ho sɛ yɛbɛyi agu. Nnawɔtwe kakra akyi no yɛhunuu sɛ yɛn ba a yɛnwoo no no bɛhia akoma mu opirehyɛn wɔ afe a ɛdi kan wɔ n’awoɔ mu. Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi mu yɛde gyedie bɔɔ mpaeɛ pɛɛ ɔsoro mmoa, na yɛate nka sɛ Honhom no ma yɛ awerɛkyekyeɛ. Yɛnyaa adiyisɛm ne nteaseɛ sɛ yɛn babaa no yɛ Ɔsoro Agya no ba sononko na ɔwɔ ɔpɛ kɛseɛ sɛ ɔbɛba yɛn abusua mu ne asase so.”
Abɔfra yi maame twerɛɛ sɛ: “Asɛm no bɔɔ [yɛn] so, maa yɛn ho dwirii yɛn na yɛyɛɛ basaa. Berɛ a me nyinsɛn nnawɔtwe 14 no, yɛhunuu sɛ yɛn ba no wɔ akomayare ahodoɔ pii a sɛ yɛwo no a, ɛbɛtumi akum no. Yɛhunuu adɔkotafoɔ ne ayarehwɛ mu abenfoɔ pii firi nnawɔtwe 10-18 mu no. Wɔ nhyiamu biara mu no, na wɔbisa yɛn sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛyi nyinsɛn no anaa yɛbɛwo. Agyenkwa no saa m’akoma yareɛ na Ɔmaa me asomdwoeɛ ne anigyeɛ fa yɛn babaa no ho. [Ɔsoro Agya] akyerɛ me mpɛn pii sɛ Ɔwɔ nhyehyɛeɛ a ɛdi mu ma me [na] megye No di.”
Wɔde anigyeɛ maa wɔn babaa no kwaaba dapɛn sɛ nɛ pɛpɛɛpɛ. Ɔyɛ wɔn deɛ na wɔn nso yɛ ne deɛ afebɔɔ.
Gyedie a ɛsipi ne akokoɔduro kɛseɛ yɛ Yesu Kristo Asuafoɔ ahyɛnsodeɛ.
Gyedie ho Nhwɛsoɔ Kɛseɛ
Berɛ no mu no, manya akwanya ne mmarima ne mmaa a wɔde ahobrɛaseɛ ahwehwɛ sɛ wɔbɛsan aba apam kwan no so ne wɔn asɔfodie ne temple nhyira mu, mfeɛ pii akyi a wɔahwere wɔn asɔremmayɛ no ahyia.
Berɛ bi, na ɛsɛ sɛ megyina Titenafoɔ a Wɔdi Kan no anammu bisabisa ɔbarima bi nsɛm ma wɔsan de n’asɔfodie ne ne tɛmpol nhyira ma no.
N’awareɛ wɔ tɛmpol, ne mmɔfra nwanwasoɔ baasa awoɔ akyi no, papa no faa ne yere akyi na ɔbuu apam kronkron no so. Ɔsigyani baa nyinsɛnee na ɔpɛɛ sɛ ɔyi guo.
Ɔbarima no yere nyamesuroni no srɛɛ obaa no sɛ ɔnwo na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛgye abɔfra no aka n’ankasa mma ho atete no.
Ɔsigyani baa no dwenee ho penee so sɛ ɔnyi nyinsɛn no ngu.
Na mfeɛ du abɛtwam. Onuabaa ɔhoberɛaseni a ɔte m’anim no dɔɔ babarima no sɛ n’ankasa ba na ɔkaa ne kunu mmɔdemmɔ sɛ ɔbɛyɛ nneɛma yie, adɔ no na wahwɛ n’abusua kyerɛɛ me. Agya no suui berɛ a na ɔbaa no rekasa no.
Sɛn na Onyankopɔn babaa onimuonyamfoɔ yi bɛtumi afa abɔfra a ɔbɛtumi ayɛ daa nkaeɛ wɔ ne kunu hwammɔdie ho ayɛ ba? Sɛn? Ɛfiri sɛ ɔnyaa ahoɔden wɔ Yesu Kristo mu na na ɔwɔ gyedie wɔ nkwa kronkronyɛ mu. Na ɔnim sɛ abɔfra a wɔnwoo no no yɛ Onyankopɔn ba, a ɔnnim hwee na ne ho teɛ.
Me nuanom adɔfoɔ, ɔdɔ ma mmɔfra a wɔnwoo wɔn a ɛrekɔ fam wɔ wiase nyinaa no yɛ adeɛ a ɛha adwene kɛseɛ. Onyankopɔn ani ku nkwa ho. Ɛyɛ N’adwuma ne N’animuonyam sɛ Ɔde ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ bɛba ama Ne mma. Sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi, yɛn ani ku nkwa ho. “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.” Momma yɛnkyɛ yɛn dɔ dodoɔ mpo nkyerɛ wɔn a wɔhia yɛn denneennen no. Meda medɔ ma mo ne yɛn Soro Agya dɔ ma Ne mma a wɔreba asase so adi kyerɛ mo. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.