W’adwensakyera Nha Yesu Kristo; Ɛma N’anigyeɛ Yɛ Kɛse
Ɔfrɛ sɛ yɛnsakyera no yɛ ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi. Yɛrepene saa ɔfrɛ no so kyerɛ yɛn deɛ.
Mfeɛ pii bi a atwam a na merekɔ Florida, na merekenkann nwoma bi. Na ne tiasɛm no kyerɛ sɛ ɛwom sɛ yɛnwie pɛyɛ seesei, nanso yɛbɛtumi akɔ ɔsoro ahemman mu. Ɔbaa bi a ɔretwam bisaa sɛ, “Wodwene sɛ ɛbɛtumi ayɛ yie?”
Memaa m’ani so, na mente aseɛ, ɛna mehunuu sɛ ɔreka nwoma a merekenkan no ho asɛm. Mekaa biribi a ɛyɛ sere te sɛ, “Aa, menkɔɔ akyiri wɔ mu, nanso mɛma woahunu sɛdeɛ ɛbɛwie.”
Ou, mɛnya a, anka berɛ san kɔ n’akyi! Anka mɛka akyerɛ no sɛ, “Aane, ɛbɛtumi ayɛ yie! Ɛfiri sɛ ɔsoro nni hɔ mma nnipa a wɔayɛ pɛ; ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn, a wɔyi Kristo mpɛn pii.”
Ɛnnɛ mepɛ sɛ mekasa kyerɛ yɛn a ɛtɔ da a ɛyɛ yɛn sɛ, “Ayɛ sɛ deɛ adwensakyera ne bɔnefakyɛ yɛ adwuma ma obiara gye sɛ me.” Wɔn a wɔdwene wɔ kokoam sɛ, “Esiane sɛ mekɔ so yɛ mfomsoɔ korɔ no ara nti, ebia sei ara na meteɛ.” Wɔn a, te sɛ me, wɔwɔ nna a apam kwan no siane dodo, a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ apam soro kɔ.
Asɛmpatrɛni nwanwasoɔ bi a ɔwɔ Australia, Elder QaQa a ɔfiri Fiji, kyɛɛ atenka a ɛte saa ara wɔ n’adansedie mu berɛ a na ɔrekɔ sɛ: “Menim sɛ Onyankopɔn dɔ me, nanso ɛtɔ da a medwene ho sɛ, enti Onyankopɔn nim sɛ medɔ No anaa? Ɛfiri sɛ menyɛ pɛ, na meda so ara yɛ mfomsoɔ.”
Wɔ saa asɛmmisa baako a ɛnyɛ den, a ɛha adwene no mu no, Elder QaQa bɔɔ deɛ mataa adwene ho no mua pɛpɛɛpɛ. Ebia wo nso woredwene sɛ, “Merebɔ mmɔden yie, nanso Onyankopɔn nim sɛ merebɔ mmɔden pa ara anaa? Sɛ mekɔ so hwe ase a, so Onyankopɔn nim sɛ meda so ara dɔ no?”
Ɛyɛ me awerɛho sɛ mɛgye yei atom, nanso na mede abusuabɔ a me ne Agyenkwa no wɔ toto sɛdeɛ na m’brabɔ yɛ pɛ ho. Na medwene sɛ setie abrabɔ kyerɛ sɛ merenhia sɛ mɛnu me ho da. Na berɛ a meyɛɛ mfomsoɔ, a na ɛyɛ da biara no, metwee me ho firii Onyankopɔn ho, a na medwene sɛ, “Bɛyɛ sɛ N’abam abu kɛse wɔ me ho.”
Ɛnte saa.
Masua sɛ sɛ wotwɛn kɔsi sɛ wo ho bɛte anaa wobɛyɛ pɛ na woatumi akɔ Agyenkwa no nkyɛn a, woayera asɛm no nyinaa.
Na sɛ yɛdwene mmaransɛm ne setie ho wɔ kwan foforɔ so nso ɛ?
Medi adanseɛ sɛ berɛ a Onyankopɔn dwene yɛn mfomsoɔ ho no, Ɔdwene deɛ ɛsi wɔ yɛn mfomsoɔ akyi no ho kɛse. Yɛbɛsan akɔ Ne nkyɛn mpɛn pii anaa? Yɛrekɔ so atena saa apam abusuabɔ yi mu anaa?
Ebia wote Awurade nsɛm “sɛ [wo] dɔ me a, di me me mmaransɛm so” na w’aba mu bu ɛfiri sɛ wonnii mmaransɛm no nyinaa so. Ma menkae wo sɛ sɛ wobɛsakyera nso yɛ mmaransɛm! Nokorɛ mu, ɛbɛtumi ayɛ mmaransɛm a wɔati mu pa ara wɔ twerɛnsɛm mu.
Alma rekasakyerɛ ne ho, “O na anka meyɛ ɔbɔfoɔ, na matumi anya [me] koma mu apɛdeɛ na maka adwensakyera” no, na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe adwene si yɛn mfomsoɔ so de hyɛ yɛn aniwuo. Na ɔpɛ sɛ ɔka adwensakyera sɛdeɛ me ne wo bɛtumi akwati amanehunu wɔ wiase. Botaeɛ baako nti a na Alma kyiri bɔne ne sɛ ɛde yɛn yea ba.
Ɛtɔ da a ɛwɔ sɛ mekae, te sɛ krataa-ketewa bi a ɛfam me moma so, sɛ mmaransɛm no ne kwan a ɛde yɛn firi yea ho. Na adwensakyera nso saa ara. Yɛn nkɔnhyɛni no kaa sɛ, “Agyenkwa no dɔ yɛn berɛ biara na titire berɛ a yɛsakyera.”
Enti berɛ a Awurade ka sɛ, “Monsakyera, Monsakyera,” no, sɛ wofa no sɛ Ɔreka sɛ, “Medɔ wo ɛ. Medɔ wo.” Fa no sɛ Ɔresrɛ wo sɛ gyae suban a ɛma wo yea no wɔ w’akyi, na Ɔrefrɛ wo sɛ firi sum mu na kɔ Ne hann no mu.
Wɔ me babaa Carly ward mu no, ɔsɔfo foforɔ bi buu nkotodwe sɛ ɔrehyira sakramente no so, na sɛ anka ɔbɛka sɛ, “Sɛ wɔbɛyɛ de akae wo Ba no mogya no,” ɔkaeɛ a wanhyɛ da sɛ, “Sɛ wɔbɛyɛ de akae wo Ba no dɔ no.” Carly ani taataa nisuo berɛ a ɔtee saa nsɛm no nokorɛ ase.
Na yɛn Agyenkwa no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhunu Ne Mpata no ho yea ɛfiri sɛ Ɔdɔ wo. Nokorɛ mu, wo ne “anigyeɛ a wɔde sii n’anim” berɛ a na Ɔrehunu amane no.
Ɔfrɛ sɛ yɛnsakyera no yɛ ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi.
Yɛrepene saa ɔfrɛ no so kyerɛ yɛn deɛ.
Fa w’ani bu Kristo mfonin a w’ani gye ho pa ara. Afei fa no sɛ Ɔde anigyeɛ sere berɛ biara a wode N’akyɛdeɛ bedi dwuma, ɛfiri sɛ Ɔno ne “anidasoɔ kɛseɛ a ɛwie pɛyɛ.”
Aane, w’adwensakyera nha Yesu Kristo; ɛma N’anigyeɛ yɛ kɛse mmom!
Momma yɛnkyerɛkyerɛ saa!
Ɛfiri sɛ adwensakyera asɛm a ɛho hia yɛn pa ara!
Yɛnnante apam kwan no so a yɛnyɛ mfomsoɔ da. Yɛnante kwan no so berɛ a yɛsakyera da biara.
Na sɛ yɛresakyera a, Onyankopɔn de kyɛ a ɔnhyɛ yɛn aniwuo, ɔmfa yɛn ntoto obi foforɔ ho, anaa ɔnka yɛn anim ɛfiri sɛ yei yɛ ade korɔ no ara a na yɛresakyera wɔ ho wɔ nnawɔtwe a ɛtwaa mu no.
N’ani gye berɛ biara a Ɔhunu yɛn wɔ yɛn nkotodwe anim. N’ani gye sɛ Ɔde bɛkyɛ yɛn ɛfiri sɛ Ne fam no yɛn ani gye!
Wonte nka sɛ ɛyɛ nokorɛ?
Ɛnneɛ adɛn nti na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛgye adi?!
Satan, anototofoɔ ne ɔdaadaafoɔ kɛseɛ no, fa aniwuo so twe yɛn firi Onyankopɔn ho. Aniwuo yɛ sum a ɛmu yɛ duru ara ma ayɛ sɛ deɛ sɛ woyi firi wo nipadua mu a, ɛbɛnya ɔhaw ankasa wɔ so.
Aniwuo ne ɛnne a ɛbɔ wo soboɔ, ka sɛ, “Deɛn na na woredwene?” “So wonya biribi yie da?”
Aniwuo nka nkyerɛ yɛn sɛ yɛyɛɛ mfomsoɔ; ɛka kyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ yɛn ara mfomsoɔ. Wobɛtumi mpo ate sɛ, “Hunta.” Ɔtamfo no yɛ deɛ ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛma ɛmu duru no aka hɔ, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɛho nsunsuansoɔ so dodo, na ɛbɛyɛ mmom sɛ ɛbɛkɔ so awɔ hɔ wɔ sum mu, de ayi anidasoɔ nyinaa afiri hɔ.
Satan yɛ anidasoɔ owifoɔ.
Na ɛwɔ sɛ wote yei, enti mɛka saa nsɛm yi den: Wonyɛ ɛnne a ɛwɔ wo tirim anaa mfomsoɔ a woayɛ no. Ɛbɛhia sɛ wo nso woka saa asɛm no den. Ka kyerɛ Satan sɛ, “Ɛnyɛ ɛnnɛ.” Gya no hɔ.
Nya saa ahoɔden no, ɔsoro ahonu a ɛde wo kɔ w’Agyenkwa no nkyɛn, na hwɛ N’adom a ɛba w’abrabɔ ne wɔn a wodɔ wɔn no abrabɔ mu. Mehyɛ bɔ sɛ sɛ yɛde akoma a abubuo ba Ne nkyɛn akokoɔduro mu a, Ɔwɔ hɔ ntɛm ara.
Sɛ wohunu sɛ nsuo refa obi a, so worentene wo nsa so na wonnyye wɔn? Wodwene sɛ w’Agyenkwa no bɛpo wo nsa a woatene no? Mefa no sɛ Ɔredɔ asukɔ wɔ asuo no mu, atra nneɛma nyinaa akɔ aseɛ apagya yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ahome! Obiara ntumi mmem ntra sɛdeɛ Kristo hann no hyerɛn.
Kristo hyerɛn kyɛn aniwuo sum no daa. Ɔrenkasa ntia sɛdeɛ wosom bo da. Enti hyɛ no nso.
-
Fa no sɛ saa nsa yi gyina hɔ ma boɔ a biribi som.
-
Saa nsa yi gyina hɔ ma setie. Ebia wosɔree anɔpa yi, bɔɔ mpaeɛ a nteaseɛ wom, na wohwehwɛɛ twerɛnsɛm no mu sɛdeɛ wobɛte Onyankopɔn nne. Woasi gyinaeɛ pa na wode Kristosu ne nnipa a wɔbɛn wo atena. Woretie amansan nhyiamu! Wo setie berɛ nie!
-
Anaa ebia nneɛma nkɔɔ yie saa. Woabɔ mmɔden nnansa yi sɛ wobɛyɛ saa nneɛma nketenkete a ɛnyɛ den no de abɛn ɔsoro. Woasi gyinaeɛ ahodoɔ bi a w’ani annye ho.
-
Boɔ a wosom wɔ he? So nsa yi asesa anaa?
Boɔ a wosom nnyina setie so. Boɔ a wosom kɔ so daa; ɛnsesa da. Onyankopɔn na ɔde maa wo, na biribiara nni hɔ a wo anaa obi foforɔ bɛtumi ayɛ de asesa no. Setie de nhyira ba; ɛyɛ nokorɛ. Nanso boɔ a wosom nka ho. Berɛ biara boɔ a wosom “yɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim,” ɛmfa ho baabi a wo gyinaeɛsie ahodoɔ de wo akɔ.
Sɛ meyɛ mfomsoɔ a, mepɛ sɛ me ne Kristo tena apam abusuabɔ mu, na mɛkyerɛ wo sɛnti.
Merenyini no mesuaa nsuom adwareɛ na mehunuu sɛ sɛ atemmufoɔ rema mma wɔ adwareɛ ho a, wɔhwɛ sɛdeɛ woyɛ no. Woretɔ mu no na wogyina ntenten pɛpɛɛpɛ, a wo nan kokuromotie kyerɛ fam na nsuo kakraabi na ɛbɔ peteeɛ anaa? Afei wɔyɛ biribi soronko. Wɔhwɛ sɛdeɛ wobrɛ.
Obiara de sɛdeɛ n’ankasa brɛ teɛ redware. Na w’Agyenkwa no nko ara na ɔnim ɔbrɛ ankasa a wode redware. Mepɛ sɛ me ne onipa baako a ɔte me aseɛ, ɔnim m’akoma mu ne sɛdeɛ merebɔ mmɔden nya abusuabɔ!
Ɔnim sɛ ɛbɔ kumɔɔ no reba yɛn akwantufoɔ nyinaa so, na yɛn akwantuo fa asubɔnten potɔɔ no mu—enti berɛ mpo a yɛkura dadepoma no mu no, nsuo bɛbɔ apete yɛn ho.
Woreba Kristo nkyɛn ne sɛ wode anidasoɔ rebisa sɛ, “Wobɛboa me?”, awerɛhyem a ɛda adi sɛ watene N’abasa ama wo berɛ biara. Megye di sɛ saa adwensakyera ho nsusuiɛ foforɔ yi kyerɛ sɛ ɛwom sɛ yɛnni setie a ɛdi mu seeseideɛ, nanso yɛbɔ mmɔden wɔ setie a ɛyɛ ɔdɔ ho seesei, yi sɛ yɛbɛtena, mpɛn pii, ɛfiri sɛ yɛdɔ No.
Wokae King Benjamin nkorɔfoɔ a na wɔnni ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ bɔne bio na mmom wɔbɛkɔ so ayɛ papa nko ara no? Wodwene sɛ wɔboaboaa wɔn ntomadan ano, kɔɔ fie, na wɔanyɛ mfomsoɔ bio da? Nokorɛ mu, daabi! Nsonsonoeɛ no ne sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ bɔne bio. Na wɔwɔ setie a ɛyɛ ɔdɔ! Wɔn akoma dane kɔɔ Onyankopɔn so berɛ a na wɔrebrɛ no!!
Berɛ bi wɔ mpoano, mehunuu anomaa bi a na ɔretu kɔ mframa mu, rebɔ ne ntaban mu denneennen, ɛkame ayɛ sɛ ntɛm so, nanso ɔwɔ baabi korɔ no ara. Afei mehunuu anomaa foforɔ, wɔ ne soro. Na wanya mframa a ɛde no rekɔ soro a ɔmmrɛ, a ɔnni ɔhaw wɔ mframa no mu. Ɛno ne nsonsonoeɛ a ɛda mmɔden a yɛn ankasa bɔ ne yɛrekɔ yɛn Agyenkwa no nkyɛn, ama Ɔde “ayaresa wɔ ne ntaban mu” ama yɛn so ntam
Sɛ asɛmpatrɛ akannifoɔ wɔ Australia no, wɔ yɛn nsrahwɛ a ɛtwa toɔ wɔ asɛmpatrɛni biara nkyɛn no, na yɛkasa fa 3 Nephi 17, ho, faako a na nkorɔfo no bɛn Agyenkwa no na wɔtumi te sɛ Ɔrebɔ mpaeɛ ama wɔn no. Yɛbisaa sɛ, “Sɛ wotumi te sɛ Agyenkwa no rebɔ mpaeɛ ama woa, wodwene sɛ deɛn na anka Ɔbɛka?”
Wɔn mmuaeɛ a meteeɛ no yɛ m’abrabɔ mu honhom mu suahunu pa ara no mu baako. Na saa asɛmpatrɛfoɔ no mu baako biara twɛn kakra, na wɔn ani taataa nisuo berɛ a yɛkae wɔn sɛ, “W’Agyenkwa no nim sɛdeɛ ɔhaw a worefa mu no teɛ. Wafa mu!”
Yei ne deɛ saa asɛmpatrɛfoɔ no de ɔdɔ kaa no bɔkɔɔ: Onuabaa baako kaa sɛ, “Yesu bɛka akyerɛ Agya no sɛ, ‘Ɔreyɛ deɛ ɔbɛtumi biara. Menim mmɔden a ɔrebɔ.’” Elder bi kaa sɛ, “Wɔ deɛ asi wɔ n’abrabɔ mu nyinaa no, m’ani gye ne ho yie.”
Momma yɛnsɔ yei nhwɛ. Anadwo yi, ansa na wobɛbɔ mpaeɛ no, fa no sɛ Yesu Kristo bɛn hɔ. Ɔyɛ wo Dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn. Bisa wo ho sɛ, “Deɛn na m’Agyenkwa no bɛka afa me ho akyerɛ Agya no?”
Na afei yɛ komm.
Tie saa nne a ɛka nneɛma pa fa wo ho no—Agyenkwa no, w’adamfo pa ara, ne w’Agya a ɔwɔ Soro, a ɔwɔ hɔ ankasa no nne. Kae sɛ, Wɔn dɔ ne boɔ a wosom yɛ kɛse berɛ biara, ɛmfa ho deɛ ɛbɛsi biara!
Megyina ha di adanseɛ sɛ Yesu Kristo de hann ma wɔn a wɔte sum mu. Enti, saa nna no a wote nka sɛ saa nne no ka kyerɛ wo sɛ hunta, ɛwɔ sɛ wo nko ara wohunta dan a ɛmu yɛ sum mu no, mehyɛ wo nkuran sɛ nya akokoɔduro na gye Kristo di! Twi fa so na sɔ Kanea no—yɛn Anidasoɔ a Ɛhyerɛn na ɛwie Pɛyɛ.
Esiane sɛ Ne hann wɔ wo ho nti, wobɛhunu nnipa a wɔatwa wo ho ahyia a wɔn nso te nka sɛ wɔyɛ ankonam, nanso seesei, berɛ a hann no wɔ hɔ no, wo ne wɔn bɛdwennwene ho sɛ, “Adɛn nti na na yɛsuro wɔ sum no mu saa? Na adɛn nti na yɛtenaa hɔ kyɛree saa?”
“Hann Awurade no nkyekyere wo werɛ wɔ N’abasa mu na ɔnkɔ so nnɔ wo daa.” Momma yɛnnɔ No na yɛnyi No mpɛn pii. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.